Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommɔ Mo Bra Sɛ Ahenni No Mma!

Mommɔ Mo Bra Sɛ Ahenni No Mma!

Mommɔ Mo Bra Sɛ Ahenni No Mma!

‘Momma mo abrabɔ mfata asɛmpa no.’—FILIP. 1:27.

WUBEBUA DƐN?

Henanom na wobetumi ayɛ Ahenni no mma?

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Ahenni no kasa, n’abakɔsɛm ne ne mmara ho?

Dɛn na Ahenni no mma yɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn mmara?

1, 2. Dɛn nti na na Filipi asafo no mufo bɛte afotu a Paulo de maa wɔn no ase?

ƆSOMAFO Paulo hyɛɛ Filipi asafo no nkuran sɛ ‘wɔmma wɔn abrabɔ mfata asɛmpa no.’ (Monkenkan Filipifo 1:27.) Hela asɛm a Paulo de dii dwuma a ɛkyerɛ “abrabɔ” no, wotumi kyerɛ ase nso sɛ “mommɔ mo bra sɛ ɔman mma.” Ná Filipi asafo no mufo bɛte saa asɛm no ase yiye. Dɛn ntia? Efisɛ ɛbɛyɛ sɛ na Filipi yɛ kurow a Roma Ahemman no ama emufo abɛyɛ Roma man mma. Saa bere no na ɛyɛ akwannya kɛse sɛ obi bɛyɛ Roma man ba efisɛ na Roma mmara bɔ ne ho ban. Enti na Filipifo ne wɔn a wɔwɔ Roma Ahemman no mu nyinaa hoahoa wɔn ho sɛ wɔyɛ Roma man mma.

2 Nanso na Filipi asafo no mufo wɔ biribi a ɛkyɛn so a wobetumi de ahoahoa wɔn ho. Paulo kaee Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wɔyɛ “ɔman mma wɔ soro.” (Filip. 3:20) Ná wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no mma. Ahenni yi korɔn sen nnipa nniso biara. Enti wonyaa ahobammɔ ne nhyira a aban biara rentumi mma wonnya.—Efe. 2:19-22.

3. (a) Henanom na wowɔ hokwan sɛ wɔyɛ Ahenni no mma? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Afotu a Paulo de mae sɛ “mommɔ mo bra sɛ ɔman mma” no fa wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no ho titiriw. (Filip. 3:20) Bio nso ebetumi afa wɔn a Onyankopɔn Ahenni bedi wɔn so wɔ asase so no ho. Dɛn ntia? Efisɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa hene yɛ biako; ɔne Yehowa, na ade koro no ara na ɔhwehwɛ fi wɔn nyinaa hɔ. (Efe. 4:4-6) Ɛnnɛ sɛ ɔman bi di yiye a, nnipa pii biri wɔn mogya ani sɛ wɔbɛba abɛyɛ saa ɔman no mma. Sɛ wɔde biribi a ɛte saa hoahoa wɔn ho a, ɛnde hwɛ akwannya kɛse a yɛanya sɛ yɛyɛ Ahenni no mma! Nea ɛbɛyɛ na yɛanya anisɔ kɛse ama hokwan a ɛte saa no, momma yɛnhwɛ nneɛma bi a aban bi hwehwɛ ansa na obi abɛyɛ ɔman no ba na yɛmfa ntoto nea ɛbɛma obi abɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ba ho. Ɛno akyi no yɛbɛhwɛ nneɛma abiɛsa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakɔ so ayɛ Ahenni no mma.

NEA ƐBƐMA OBI ABƐYƐ ƆMAN BA

4. Dɛn ne kasa kronn no? Ɔkwan bɛn na yɛfa so ka saa kasa no?

4 Sua ɔman no kasa. Aman bi wɔ hɔ a aban no hwehwɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔman no ba te kasa titiriw a wɔka wɔ ɔman no mu. Ebinom wɔ hɔ a sɛ wogye wɔn tom sɛ ɔman mma mpo a, ebegye wɔn mfe pii ansa na wɔatumi aka kasa no yiye. Ebia wobehu kasa no mmara ntɛm nanso ne ka de, ebegye bere ansa na wɔatumi aka no yiye. Onyankopɔn Ahenni nso hwehwɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Ahenni no mma no sua kasa foforo bi. Bible frɛ no “kasa kronn.” (Monkenkan Sefania 3:9.) Dɛn ne saa kasa no? Ɛyɛ nokwasɛm a Bible kyerɛkyerɛ fa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho. Sɛ yɛde Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm bɔ yɛn bra a, ɛkyerɛ sɛ “yɛreka” kasa kronn no. Onyankopɔn Ahenni no mma tumi sua Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ no ntɛm ma wɔbɔ wɔn asu. Nanso bere a wɔabɔ asu awie mpo no, ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho ka kasa kronn no yiye. Ɔkwan bɛn so? Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔde nea osua fi Bible mu no bɛbɔ ne bra.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua Yehowa ahyehyɛde no ho abakɔsɛm pii?

5 Sua ɔman no abakɔsɛm. Obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔman bi ba a, ɛsɛ sɛ ohu ɔman no abakɔsɛm. Saa ara na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no mma sua Ahenni no ho ade pii. Susuw nea Kora mma no yɛe ho. Ná wɔsom wɔ tete Israel. Ná wɔde Yerusalem ne beae a wɔsom no hoahoa wɔn ho, na na wɔka kurow no abakɔsɛm kyerɛ afoforo. Ɛnyɛ kurow no fɛ nti na wɔyɛɛ saa, na mmom nea na kurow no ne beae a wɔsom no kyerɛ ntia. Ná Yerusalem yɛ “Ɔhenkɛse kurow,” kyerɛ sɛ Yehowa kurow. Eyi te saa efisɛ ɛhɔ na na wosua Yehowa Mmara na wɔsom no. Ɛyɛ wɔn a Yerusalem Hene di wɔn so no na Yehowa daa n’adɔe adi kyerɛɛ wɔn. (Monkenkan Dwom 48:1, 2, 9, 12, 13.) Wo nso, so w’ani gye ho sɛ wubesua Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no ho ade na woaka ho abakɔsɛm akyerɛ afoforo sɛnea Kora mma no yɛe no? Sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn ahyehyɛde no ho nsɛm na wuhu sɛnea Yehowa boa ne nkurɔfo a, wubehu sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ nniso a ɛwɔ hɔ ankasa. Eyi bɛhyɛ wo mpamden ma wode ahokeka aka Ahenni ho asɛmpa no.—Yer. 9:24; Luka 4:43.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu sɛ Yehowa bɛhwɛ kwan sɛ yesua Ahenni no mmara ne ne nnyinasosɛm na yedi so?

6 Hu ɔman no mmara. Aban biara hwehwɛ sɛ ne manfo hu ɔman no mmara na wodi so. Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ Yehowa bɛhwɛ kwan sɛ Ahenni no mma nyinaa besua ne mmara ne ne nnyinasosɛm na wɔadi so. (Yes. 2:3; Yoh. 15:10; 1 Yoh. 5:3) Nnipa mmara tɔ sin, na ɛtɔ bere bi mpo a na asisi aba mu. Nanso “Yehowa mmara yɛ pɛ.” (Dw. 19:7) So w’ani gye Onyankopɔn mmara ho na wokenkan n’Asɛm no da biara da? (Dw. 1:1, 2) Sɛ yebehu Onyankopɔn mmara a, gye sɛ yɛn ankasa yesua. Onipa foforo biara ntumi nsua mma yɛn.

AHENNI NO MMA ANI GYE ONYANKOPƆN MMARA HO

7. Dɛn nti na Ahenni no mma di Onyankopɔn mmara so?

7 Sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ Ahenni no mma a, ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn mmara na yɛma yɛn ani gye ho. Nnipa pii ka sɛ wogye wɔn man mmara tom, nanso sɛ wohu sɛ mmara bi kyekyere wɔn na sɛ obiara nhwɛ wɔn a, wobu saa mmara no so. Nnipa a wɔte saa di mmara so a, mpɛn pii no wɔyɛ saa de ‘sɔ nnipa ani’ kɛkɛ. (Kol. 3:22) Ahenni mma no de, wonni Onyankopɔn mmara so mfa nsɔ nnipa ani. Sɛ nnipa wɔ hɔ oo, sɛ nnipa nni hɔ oo, yefi yɛn pɛ mu di Onyankopɔn mmara so. Dɛn ntia? Efisɛ yɛdɔ yɛn Mmarahyɛfo no.—Yes. 33:22; monkenkan Luka 10:27.

8, 9. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ w’ani gye Onyankopɔn mmara ho ankasa?

8 Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ w’ani gye Onyankopɔn mmara ho ankasa? Nea ɛbɛma woahu ne sɛnea woyɛ w’ade bere a obi atu wo fo wɔ biribi a wote nka sɛ w’ankasa na ɛsɛ sɛ wusi ho gyinae ho. Ebia ɛfa wo ntadehyɛ ne w’ahosiesie ho. Ansa na worebehu nokware no, ebia na wohyehyɛ ntade basabasa anaa wohyɛ ntade a ɛbɛma nkurɔfo anya wo ho akɔnnɔ. Nanso bere a wunyaa Onyankopɔn ho dɔ kɛse no, wusuae sɛ wobɛhyɛ ntade a ɛhyɛ no anuonyam. (1 Tim. 2:9, 10; 1 Pet. 3:3, 4) Ebia w’adwene bɛyɛ wo sɛ seesei mfomso biara nni w’ahosiesie ho. Nanso sɛ ɔpanyin bi ka kyerɛ wo sɛ w’ahosiesie haw ebinom wɔ asafo no mu a, dɛn na wobɛyɛ? Wobɛpɛ biribi ayi wo ho ano, anaa wo bo befuw mpo na woapirim wo koma? Onyankopɔn Ahenni no mmara titiriw biako wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Ahenni no mma nyinaa di so. Ɛno ne sɛ wobesuasua Kristo. (1 Pet. 2:21) Ɔsomafo Paulo reka Yesu nhwɛso ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani wɔ nea eye a ɛbɛma wayɛ den mu. Na Kristo mpo ansɔ n’ankasa ani.” (Rom. 15:2, 3) Kristoni a ne ho akokwaw pɛ sɛ asomdwoe tena asafo no mu, enti ɔrenyɛ biribi a ɛbɛhaw afoforo ahonim.—Rom. 14:19-21.

9 Momma yensusuw nsɛntitiriw abien bi nso ho. Ɛno ne adwene a yɛwɔ wɔ nna ne aware ho. Ebia wɔn a wɔnyɛ Onyankopɔn Ahenni no mma bɛka sɛ mfomso biara nni ho sɛ ɔbarima ne ɔbarima bɛda anaa obi bɛhwɛ aguamansɛm ho mfonini. Ebi nso a wobesusuw sɛ awaresɛe ne awaregyae yɛ obiara ankasa asɛm. Nanso Ahenni no mma de, wɔyɛ biribi a wodwen ne nsunsuanso ho ne sɛnea ɛbɛka afoforo. Ansa na nnipa pii rebɛyɛ Kristofo no, na wɔn bra nyɛ, nanso seesei wɔabehu sɛ nna ne aware yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Wɔn ani gye Yehowa mmara ho na wonim sɛ wɔn a wɔkɔ so de wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu no mfata sɛ wɔyɛ Ahenni no mma. (1 Kor. 6:9-11) Wonim nso sɛ koma yɛ okontomponi. (Yer. 17:9) Enti sɛ wɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi nneɛma pɔtee bi ho na ama wɔakɔ so adi Onyankopɔn mmara so a, wɔn ani sɔ.

AHENNI NO MMA ANI SƆ KƆKƆBƆ

10, 11. Kɔkɔbɔ a ɛho hia bɛn na Onyankopɔn Ahenni no de ma yɛn? Wote nka dɛn wɔ kɔkɔbɔ a ɛte saa ho?

10 Ɛtɔ bere bi a aban bɔ ne manfo kɔkɔ wɔ nnuan ne nnuru bi ho. Ɛnyɛ nnuan ne nnuru nyinaa na enye. Nanso sɛ aduru anaa aduan bi betumi adi awu a, aban no bɔ ne manfo kɔkɔ wɔ ho. Sɛ aban no anyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ n’adwuma yiye. Yɛn nso, sɛ biribi wɔ hɔ a ebetumi ama yɛabu Onyankopɔn mmara so na asɛe yɛne no ntam a, Onyankopɔn Ahenni no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii de Intanɛt di nkitaho, wɔde sua ade, na wɔde gyigye wɔn ani nso. Onyankopɔn ahyehyɛde no de Intanɛt yɛ nneɛma pii a mfaso wɔ so. Nanso Intanɛt so dwumadi pii betumi asɛe yɛn abrabɔ ne yɛn som. Wɔde aguamansɛm ho mfonini agu Intanɛt dwumadibea ahorow bi, na eyi betumi adi Ahenni no mma awu. Mfe pii ni na akoa nokwafo kuw no abɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ dwumadibea a ɛtete saa ho. Yɛn ani sɔ kɔkɔbɔ a ɛte saa no paa!

11 Nnansa yi dwumadibea foforo bi aba a nnipa pii atu agu so. Ɛyɛ Intanɛt so dwumadibea a nnipa fa nnamfo wɔ hɔ. Wotumi de wɔn ho nsɛm gu hɔ ma afoforo hu. Saa dwumadibea yi ayɛ ne ho ɔdomfo-kumfo. Enti sɛ yɛde redi dwuma a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye paa, efisɛ ebetumi ama obi abɔ fekubɔne. (1 Kor. 15:33) Ɛno nti na Onyankopɔn ahyehyɛde no abɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmma yɛn ani nna hɔ bere a yɛde redi dwuma no. Woakenkan nsɛm a nnansa yi akoa nokwafo no atintim afa saa dwumadibea yi ho no nyinaa? Nyansa nnim koraa sɛ yɛbɛkɔ saa dwumadibea yi bere a yɛnkenkan ɛho nsɛm yi! * Woyɛ saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea worenom aduru bi a ano yɛ den bere a wunnii kan nkenkan nsɛm a egu toa no ho no.

12. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yebebu yɛn ani agu kɔkɔbɔ so?

12 Wɔn a wontie kɔkɔbɔ a akoa nokwafo no de ma yɛn no kɔfa ɔhaw kɛse to wɔn ho so, na ebi ka wɔn adɔfo nso. Ebinom ahwɛ aguamansɛm ma aka wɔn hɔ anaa wɔde wɔn ho ahyɛ nna mu ɔbrasɛe mu, na wɔanya adwene sɛ Yehowa nhu nea wɔreyɛ no. Nyansa nnim koraa sɛ yebenya adwene sɛ yebetumi ayɛ biribi de asie Yehowa! (Mmeb. 15:3; monkenkan Hebrifo 4:13.) Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa saafo no, enti ɔma n’ananmusifo a wɔwɔ asase so gye wɔn si yiye. (Gal. 6:1) Sɛ obi bɛyɛ ɔman bi ba na ɔto ɔman no mmara a, wotumi gye hokwan a ɔwɔ sɛ ɔman ba no fi ne nsam; saa ara na sɛ obi sen ne kɔn bu Onyankopɔn mmara so a, Yehowa remma ɔnyɛ Ahenni no ba bio. * (1 Kor. 5:11-13) Nanso Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo, enti wɔn a wonu wɔn ho na wɔsesa wɔn akwan no ne Yehowa ntam betumi asan ayɛ papa na wɔakɔ so ayɛ Ahenni no mma. (2 Kor. 2:5-8) Ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yɛbɛsom Ɔhene a ɔdɔ ne nkurɔfo saa!

AHENNI NO MMA MFA ADESUA NNI AGORU

13. Dɛn na Ahenni no mma yɛ de kyerɛ sɛ wɔmfa wɔn adesua nni agoru?

13 Aban pii yɛ adwumaden ma wɔn manfo nya nhomasua a ɛfata. Wosisi sukuu ma ɔmanfo kɔ mu kosua ade na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wonya nsaanodwuma. Ahenni no mma ani gye sukuu a ɛtete saa ho efisɛ ɛboa wɔn ma wosua akenkan ne akyerɛw, na ɛma wonya adwuma a wɔbɛyɛ ahwɛ wɔn ho. Nanso Ahenni no mma de, nhomasua a ɛsom bo ma wɔn paa ne nea Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ma wɔn no. Sɛ nhwɛso no, Yehowa nam Kristofo asafo no so boa yɛn ma yehu akenkan ne akyerɛw. Wɔhyɛ awofo nkuran sɛ wɔnkenkan ade nkyerɛ wɔn mma nkumaa. Ɔsram biara akoa nokwafo no tintim Bible mu nsɛm pii wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu. Sɛ da biara wokenkan bɛyɛ kratafa abien a, wubetumi akenkan ebiara a ɛbɛba awie. Sɛ woyɛ saa a, Yehowa nkyerɛkyerɛ yi mu biara rempa wo ti so da.

14. (a) Ntetee bɛn na yenya? (b) Nyansahyɛ a wɔde ama wɔ Abusua Som ho no, emu nea ɛwɔ he na woasɔ ahwɛ?

14 Dapɛn biara Ahenni no mma nya ntetee wɔ wɔn asafo nhyiam ase. Emu biako ne Teokrase Ɔsom Sukuu no. Bɛboro mfe 60 ni, sukuu yi aboa nnipa pii ma wotumi kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm yiye. Woakyerɛw wo din wɔ sukuu yi mu? Nnansa yi ade biako a akoa kuw no si so dua kɛse ne Abusua Som a yebeyi anwummere biako asi hɔ ayɛ no dapɛn biara. Saa nhyehyɛe yi boa ma abusua no mufo yɛ biako. Wɔde nyansahyɛ a ɛfa Abusua Som ho ama yɛn wɔ yɛn nhoma ahorow mu. * Woasɔ ahwɛ anaa?

15. Akwannya kɛse bɛn na yɛanya?

15 Sɛ nnipa bi taa amanyɔkuw bi akyi a, wɔyɛ nea wobetumi biara de frɛ dɔm ma saa amanyɔkuw no. Ebinom mpo kɔ afie afie kɔhwehwɛ nnipa. Saa ara na Ahenni no mma a wɔwɔ wiase nyinaa nso di adanse wɔ mmɔnten so ne afie afie de kyerɛ sɛ wɔtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛka Yehowa Ahenni akyerɛ. Na sɛnea yɛadi kan aka wɔ adesua a edi kan mu no, seesei ɛno ne nsɛmma nhoma a ahyeta wɔ asase so baabiara! Ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yɛreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɛnde, wode nsi ne ahokeka reyɛ asɛnka adwuma no?—Mat. 28:19, 20.

16. Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ worebɔ wo bra sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba pa?

16 Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni nkutoo ne aban a ebedi asase nyinaa so. Ahenni no bɛhwɛ nnipa asetenam biribiara so, ɛnyɛ honhom mu nneɛma nkutoo. Saa bere no, wobɛda wo ho adi sɛ Ahenni no ba pa anaa? Nea wobɛyɛ nnɛ na ɛbɛkyerɛ. Gyinae biara a wubesi da biara da no, yɛ ne nyinaa fa hyɛ Yehowa anuonyam. Woyɛ saa a, na worekyerɛ sɛ worebɔ wo bra sɛ Onyankopɔn Ahenni no ba ampa.—1 Kor. 10:31.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 11 Sɛ nhwɛso no, hwɛ Awake! July 2011, kratafa 24-27; August 2011, kratafa 10-13; ne February 2012, kratafa 3-9.

^ nky. 14 Hwɛ August 15, 2011, Ɔwɛn-Aban, kratafa 6-7 ne January 2011, Yɛn Ahenni Som, kratafa 3-6.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Wutie kɔkɔbɔ a Bible de ma yɛn wɔ Intanɛt ho no?

[Kratafa 12 mfonini]

W’ani gye ɔsom kronn ne ɛho abakɔsɛm ho te sɛ Kora mma no?

[Kratafa 15 mfonini]

Abusua Som betumi aboa wo ne w’abusuafo ma moabɛyɛ Ahenni no mma pa