Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Ná Samson ahoɔden fi ne ti nhwi anaa?

Ɛnyɛ Samson ti nhwi mu na na n’ahoɔden no fi. Ná ne ti nhwi no gyina hɔ ma abusuabɔ soronko a ɔne Onyankopɔn wɔ sɛ Nasirini. Bere a Delila ma woyii Samson ti nhwi no, saa abusuabɔ no ho baa asɛm.​—4/15, kratafa 9.

Nneɛma abiɛsa bɛn na ebetumi aboa koma a ɛda yɛn mu ne sɛnkyerɛnne kwan so koma no?

(1) Aduan a ahoɔden wom. Yɛn koma hia aduan a ahoɔden wom daa. Saa ara na ɛsɛ sɛ yenya honhom fam aduan a ɛfata daa. (2) Apɔwmuteɛteɛ. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no denneennen a, ɛbɛma yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no adi mũ. (3) Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia. Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ a, ɛbɛtew yɛn haw so.​—4/15, kratafa 16.

Sɛ ɔwarefo bi hokafo fi n’akyi a, dɛn na awarefo no betumi ayɛ na wɔasan agye wɔn ho adi?

Ɛsɛ sɛ (1) wɔka nokware kyerɛ wɔn ho wɔn ho; (2)wobom di ho dwuma; (3) wɔyɛ nsakrae; na (4) woyi menasepɔw biara fi wɔn mu na wosiesie wɔn ntam.​—5/1, kratafa 12-15.

Dɛn nti na sɛ obi rema ayi ase kasa a, ɛrenyɛ papa sɛ ɔbɛka sɛ Dwom 116:15 fa nea wawu no ho?

Kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Yehowa anokwafo wu yɛ aboɔden, n’ani so.” Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn remma kwan mma wonkunkum n’anokwafo nyinaa efisɛ wɔsom bo ma no. Ɔremma wɔntɔre n’asomfo anokwafo ase sɛ kuw mfi asase so.​—5/15, kratafa 22.

Ná henanom ne colporteurfo no?

Ansa na afe 1931 reba no, na edin a wɔde frɛ wɔn a seesei yɛfrɛ wɔn akwampaefo ne “colporteurfo.”​5/15, kratafa 31.

Nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Bible nte sɛ nhoma foforo biara a nnipa akyerɛw no bi ne dɛn?

Nkɔmhyɛ pii wɔ Bible mu a ɛbaam. Ɛka nsɛm ankasa esisii, na ɛnyɛ anansesɛm. Ɛne nyansahu a edi mu hyia, na emu nsɛm hyia. Yɛde bɔ bra nnɛ.​—6/1, kratafa 4-8.

“Ahenni horow no nyinaa” a Daniel 2:44 ka ho asɛm no gyina hɔ ma dɛn?

Egyina hɔ ma ahenni anaa aban ahorow a wɔde ohoni a Daniel kyerɛɛ ase no yɛ ho sɛnkyerɛnne nkutoo.​—6/15, kratafa 17.

Bere bɛn na Britain ne Amerika Wiase Tumidi no bɛyɛɛ wiase tumidi a ɛtɔ so ason a Bible ka ho asɛm no?

Saa wiase tumidi a ɛbɔ ho abien yi bae bere a Britain ne United States kaa wɔn ntama bɔɔ ano yɛɛ biribi titiriw wɔ Wiase Ko I no mu.​—6/15, kratafa 19.

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de wɔn a wɔanu wɔn ho bɔne firi wɔn na ɔma ne werɛ fi?

Yehowa hyɛ wɔn a ɔdom wɔn no bɔ sɛ: “Wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yer. 31:34) Yehowa betumi agyina agyede no so de bɔne afiri. Sɛ Onyankopɔn de bɔne firi a, ɔnkae bio, kyerɛ sɛ, ɔmfa yɛn bɔne no nnan yɛn ka bio na ɔntwe yɛn aso wɔ ho bio.​—7/1, kratafa 18.

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ anwonwade a ɛwɔ Bible mu no yɛ nokware ampa?

Na wɔtaa yɛɛ no wɔ baguam, ɛnyɛ ahintawee mu. Na ɛnyɛ kuntann, na wɔanyɛ nneɛma akɛseakɛse bi ankyerɛ nnipa. Wɔyɛ de hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ɛnyɛ nnipa. Wɔyɛɛ anwonwade a egu ahorow pii, na atamfo a wohuu anwonwade no mpo gye toom sɛ esisii. Eyi yɛ nneɛma a ɛma yegye di sɛ anwonwade a ɛwɔ Bible mu no yɛ nokware ampa.​—8/1, kratafa 7-8.