Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyiam—Anigye Bere Ma Yehowa Nkurɔfo

Nhyiam—Anigye Bere Ma Yehowa Nkurɔfo

“Mommoaboa ɔman no nyinaa ano, mmarima ne mmea ne mmofra ne ahɔho.”—DEUT. 31:12.

1, 2. Dɛn na yebesua afa nhyiam a Onyankopɔn nkurɔfo yɛ ho wɔ adesua yi mu?

YEHOWA ADANSEFO hyiam wɔ amanaman ntam ne amantam nhyiam ase. Yɛayɛ saa mfe pii ni. Yɛn mu bebree akɔ nhyiam a ɛte saa pii.

2 Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase mfe mpempem a abɛsen kɔ no nso yɛɛ nhyiam kronkron. Yɛrebɛhwɛ nhyiam a Onyankopɔn nkurɔfo yɛe wɔ Bible mmere mu ne sɛnea ɛne nhyiam ahorow a yɛyɛ no nnɛ di nsɛ. Bio, yɛbɛhwɛ nea enti a mfaso wɔ so sɛ yɛkɔ nhyiam a ɛtete saa.—Dw. 44:1; Rom. 15:4.

NHYIAM TITIRIW—TETE NE NNƐ

3. (a) Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ nhyiam a edi kan a Yehowa nkurɔfo yɛe a Bible ka ho asɛm no ase? (b) Ɔkwan bɛn na na wɔfa so frɛ Israelfo ma wohyiam?

3 Nhyiam kɛse a edi kan a Onyankopɔn nkurɔfo yɛe a Bible ka ho asɛm kɔɔ so wɔ Bepɔw Sinai ase. Israelfo hyiaam wɔ hɔ maa Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ wɔn. Ná ɛyɛ ade titiriw wɔ nokware som mu. Saa bere no, Yehowa maa Israelfo huu ne tumi na ɔde ne Mmara maa wɔn. Yebetumi aka sɛ wɔn a wɔkɔɔ saa nhyiam no werɛ amfi da. (Ex. 19:2-9, 16-19; monkenkan Exodus 20:18; Deuteronomium 4:9, 10.) Efi saa da no Onyankopɔn ne Israelfo nyaa abusuabɔ soronko. Bere a wowiee saa nhyiam no, ankyɛ na Yehowa maa Mose huu ɔkwan a ɔbɛfa so afrɛ ɔman no ma wɔahyiam. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa dwetɛ nyɛ ntorobɛnto abien. Sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto abien no nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ Israel “asafo no nyinaa” nhyia wɔ “ahyiae ntamadan no ano.” (Num. 10:1-4) Wo de, hwɛ sɛnea nkurɔfo no ani gyei wɔ nhyiam a ɛte saa ase!

4, 5. Dɛn nti na nhyiam a Mose ne Yosua ne Israelfo no yɛe no ho hia?

4 Bere a Israelfo dii bɛyɛ mfe 40 wɔ sare so no,  Mose maa ɔman no nyinaa hyiae. Ná ɛyɛ bere titiriw wɔ Israel man no abakɔsɛm mu. Ná wɔabedu Bɔhyɛ Asase no aboboano pɛɛ. Enti na ɛho hia sɛ Mose kaakae ne nuanom nneɛma a Yehowa ayɛ ama wɔn ne nea ɔrebɛyɛ ama wɔn nyinaa.—Deut. 29:1-15; 30:15-20; 31:30.

5 Ɛbɛyɛ sɛ saa nhyiam no ara ase na Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wɔahyiam bere nyinaa asua Onyankopɔn ho ade. Mfe ason biara na wodi Asese Afahyɛ. Saa bere no, na ɛsɛ sɛ mmarima, mmea, mmofra, ne ahɔho nyinaa hyiam wɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ, ‘na wotie na wosua na wosuro Yehowa na wodi mmara yi mu nsɛm nyinaa so.’ (Monkenkan Deuteronomium 31:1, 10-12.) Enti na Yehowa adwene ne sɛ ne nkurɔfo hyiam daa sua n’asɛm ne n’apɛde. Akyiri yi bere a Israelfo ko faa Bɔhyɛ Asase no, Yosua maa Israelfo nyinaa hyiaam. Saa bere no na abosonsom aman atwa Israel man no ho ahyia enti na Yosua nim sɛ wohia nsɛm a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so adi Yehowa nokware. Saa da no nkurɔfo no hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn.—Yos. 23:1, 2; 24:1, 15, 21-24.

6, 7. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nhyiam a Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ no nnɛ bere mu yɛ nhyiam a yebetumi abɔ din aka asɛm?

6 Ɛnnɛ bere yi mu nso, Yehowa Adansefo ayɛ nhyiam ahorow bi a yɛbɔ din ka asɛm. Nhyiam a ɛte saa ase na wɔkyerɛɛ nsakrae bi a ahyehyɛde no ayɛ ne ntease foforo a yɛanya wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (Mmeb. 4:18) Wiase Ko I akyi wɔ afe 1919 mu no, Bible Asuafo no yɛɛ wɔn nhyiam kɛse a edi kan wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. Nnipa bɛyɛ 7,000 na wɔkɔɔ saa nhyiam no. Wɔde too gua wɔ saa nhyiam no ase sɛ Onyankopɔn nkurɔfo rebɛka asɛm no denneennen wɔ wiase afanan nyinaa. Afe 1922 mu nso wɔyɛɛ nhyiam foforo wɔ saa beae hɔ ara. Wɔde nnankron na ɛyɛɛ saa nhyiam no, na Joseph F. Rutherford maa ɔkasa bi a ɛka koma paa. Ɔhyɛɛ atiefo no nkuran sɛ wɔnkɔ so nka asɛm no wɔ tokuru biara mu kosi sɛ wɔbɛpra Babilon Kɛse no afi hɔ. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wiase no hu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn na Yesu Kristo ne ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Ɛnnɛ ne da no. Hwɛ, Ɔhene no di tumi! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ, Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.” Asɛm yi hyɛɛ anuanom a wɔwɔ nhyiam no ase ne Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa mpamden ma wɔde anigye ne ahokeka kaa asɛm no.

7 Afe 1931 nso, Bible Asuafo no yɛɛ nhyiam foforo wɔ Columbus, Ohio, na ɛhɔ na wɔkae sɛ afei de wɔbɛfrɛ Bible Asuafo no Yehowa Adansefo. Bere a wɔde too gua no, atiefo no de anigye bɔ gyee so. Afei bere a wɔyɛɛ nhyiam bi wɔ Washington, D.C., 1935 mu no, Onua Rutherford ma wohuu nea “nnipakuw kɛse” no gyina hɔ ma. Saafo no na Adiyisɛm nhoma no ka sɛ wogyinagyina “ahengua no ne Oguammaa no anim” no. (Adi. 7:9-17) Afe 1942 bere a na Wiase Ko II no gyina mu no, Onua Nathan H. Knorr maa ɔkasa bi a atiefo no ani gyee ho paa. Ná ɔkasa no asɛmti ne, “Asomdwoe—So Ɛbɛkyɛ?” Ɔkyerɛɛ nea “akekaboa kɔkɔɔ” a Adiyisɛm ti 17 ka ho asɛm no gyina hɔ ma, na ɔkae sɛ ɔko no akyi no, Adansefo no bɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu.

Amanaman ntam nhyiam wɔ New York City, 1950

8, 9. Dɛn nti na nhyiam ahorow bi ka koma paa?

8 Wɔyɛɛ nhyiam bi wɔ Cleveland, Ohio, 1946. Wɔtoo nhyiam no din, “Aman a Wɔwɔ Anigye” Teokrase Nhyiam. Onua Knorr maa ɔkasa bi wɔ ase, na na ɛfa nsɛnnennen a wɔrehyia ne adan a ɛsɛ sɛ wosisi ho. Bere a ɔrema  ɔkasa no saa anwummere no, na onua bi te n’akyi wɔ asɛnka agua no so, na akyiri yi ɔkae sɛ ɔkasa no kaa anuanom paa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Onua Knorr kaa asɛnka adwuma no ho asɛm, na ɔkyerɛe sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe de atrɛw Brooklyn Betel ne baabi a wotintim nhoma no mu. Bere a anuanom tee asɛm no, wɔbɔɔ wɔn nsam maa ɛhɔ wosowee. Sɛ wowɔ asɛnka agua no so a, wunhu sɛ asomasi ni anaa ɔbenten ni; nea wuhu ara ne sɛ obiara ani agye.” Afe 1950 mu no, wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam wɔ New York City. Woyii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Borɔfo kasa mu. Anuanom ani gyei sɛ wonyaa saa nkyerɛase no. Eyi ne Bible no fã a edi kan a woyii no adi wɔ Borɔfo kasa mu. Ná emu da hɔ, na wɔde Onyankopɔn din hyehyɛɛ baabi a ɛfata wɔ n’Asɛm mu.—Yer. 16:21.

9 Sɛ aman bi taa Yehowa Adansefo anaa wɔde wɔn nsa to wɔn asɛnka adwuma no so na akyiri yi wonya hokwan yɛ nhyiam wɔ hɔ a, ɛyɛ a ɛka koma paa. Nhwɛso bi ni: Ná Adolf Hitler adi nsew aka ntam sɛ ɔbɛtɔre Yehowa Adansefo ase afi Germany. Nanso 1955 mu no, baabi a na Hitler ne ne nkurɔfo bɔ gua wɔ Nuremberg no, ɛhɔ ara na Adansefo 107,000 yɛɛ nhyiam. Wɔn a wɔahyiam no pii ani gyei araa ma ɛdan nisu! Afe 1989 no, wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam abiɛsa wɔ Poland. Wɔtoo din sɛ “Onyamesom Pa Ahofama,” na anuanom 166,518 na wɔkɔɔ bi. Wɔn mu pii fi kan Soviet Union ne Czechoslovakia, ne Europa Atɔe aman foforo so na ɛkɔe. Ebinom wɔ hɔ a na wɔnkɔɔ nhyiam a Onyankopɔn nkurɔfo bɛboro 15 anaa 20 ahyia hɔ da; enti eyi ne bere a edi kan a wohuu dɔm a ɛte saa wɔ nhyiam ase. Afe 1993 no, wɔyɛɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Amanaman Ntam Nhyiam wɔ Kiev, Ukraine, na wɔbɔɔ nnipa 7,402 asu. Eyi ne nnipa a wɔdɔɔso sen biara a wɔabɔ wɔn asu da koro wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ase. Ná ɛyɛ anigye bere ankasa!—Yes. 60:22; Hag. 2:7.

10. Nhyiam bɛn na wokae paa? Adɛn ntia?

10 Ebia ɔmantam nhyiam anaa amanaman ntam nhyiam bi wɔ hɔ a wɔbɔ so a, na akae wo asɛm. So wokae nhyiam a edi kan a wokɔe anaa nhyiam a wɔbɔɔ wo asu wɔ ase? Eyinom yɛ Yehowa som mu ade titiriw a ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi da!—Dw. 42:4.

AHURUSIDI BERE

11. Afahyɛ bɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonni no afe biara?

11 Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonhyiam wɔ Yerusalem afe biara nni afahyɛ abiɛsa yi: Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ, Adapɛn Afahyɛ (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Pentekoste Afahyɛ), ne Asese Afahyɛ. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Afe biara ɔbarima biara bɛba abegyina Awurade Yehowa, nokware Nyankopɔn no, anim mprɛnsa.” (Ex. 23:14-17) Ná mmarima pii nim sɛ afahyɛ yi bɛboa wɔne wɔn mmusua ma wɔasom Yehowa yiye, enti na wɔne wɔn mmusua nyinaa kɔ.—1 Sam. 1:1-7; Luka 2:41, 42.

12, 13. Ná tebea bɛn na Israelfo pii fam ansa na wɔakodi afahyɛ no afe biara?

 12 Wohwɛ a na ɛnna fam sɛ Israelfo mmusua betwa saa kwan no. Sɛ nhwɛso no, na Yosef ne Maria twa kilomita 100 (kwansin 60) fi Nasaret kɔ Yerusalem. Sɛ wo ne mmofra nketewa retwa saa kwan yi a, wohwɛ a ebegye mo bere tenten ahe ansa na moadu? Bere a Yesu yɛ abarimaa no, ɔkɔɔ Yerusalem. Sɛ yɛkenkan saa akwantu no ho asɛm a yehu sɛ ɛtɔ bere bi a na abusuafo ne nnamfo bom tu saa kwan no. Wo de, hwɛ sɛ nnipa yi nyinaa abom retu kwan, wɔabom renoa aduan, na wɔrekyinkyin apɛ baabi a wɔbɛda. Ná ɛbɛyɛ anika paa. Yebetumi aka sɛ na akwantu no mu nyɛ hu pii, efisɛ na Yesu adi mfe 12 pɛ nanso n’awofo maa no kwan ma ɔtew ne ho kakra. Ɛnyɛ ade a na wɔn were befi saa afahyɛ ahorow no da, ɛnkanka mmofra no!—Luka 2:44-46.

13 Eduu bere bi no na Israelfo no abɔ ahwete, enti saa bere no, sɛ wohyiam sɛ wɔrebedi afahyɛ no a, na wofi aman horow so na ɛba. Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Yudafo ne wɔn a wɔabegye Yudasom atom twaa kwan fii Italia, Libia, Kreta, Asia Kumaa, ne Mesopotamia kɔɔ Yerusalem. Nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ na afahyɛ ahorow no som bo ma wɔn paa.—Aso. 2:5-11; 20:16.

14. Sɛ Israelfo kɔ afe afe afahyɛ no a, mfaso bɛn na na wonya?

14 Ade a na ehia Israelfo anokwafo na ɛma wɔn ani gye paa wɔ akwantu yi mu ne sɛ wɔne wɔn mfɛfo mpempem bɛbom asom Yehowa. Ná nhyiam no ka wɔn dɛn? Wo de, hwɛ nea Yehowa kae bere a ɔrekyerɛ ne nkurɔfo sɛnea wonni Asese Afahyɛ no. Ɔkae sɛ: “Edu afahyɛ bere yi a ma w’ani nnye, wo ne wo babarima ne wo babea, w’akoa ne w’afenaa, Lewini ne ɔhɔho, agyanka ne okunafo a ɔwɔ wo kurom no. Di afahyɛ no nnanson fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn anuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛpaw no, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nnɔbae ne wo nsa ano adwuma nyinaa so. Enti nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.”—Deut. 16:14, 15; monkenkan Mateo 5:3.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ NHYIAM A YƐYƐ NNƐ SOM BO MA YƐN?

15, 16. Dɛn na woyɛe ansa na woretumi akɔ nhyiam ahorow bi? Dɛn nti na w’ani gyei sɛ woyɛɛ saa?

15 Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua bibiri afi Israelfo no nhyiam ahorow mu. Efi saa bere no besi nnɛ, nneɛma pii asesa nanso nsɛdi kɛse wɔ sɛnea na wɔyɛ wɔn nhyiam ne sɛnea yɛyɛ no nnɛ mu. Bible mmere mu no, na nkurɔfo de nneɛma bɔ afɔre ansa na wɔatumi akɔ nhyiam. Saa ara na nnipa pii yɛ nnɛ. Nanso ɛnhaw yɛn sɛ yɛyɛ saa efisɛ yenya nneɛma pa pii fi nhyiam no mu. Ɛde besi nnɛ nyinaa nhyiam ahorow boa ma yɛde anigye som Yehowa. Nneɛma a yesua wɔ hɔ ne ntease a yenya no boa yɛn ma yɛne Onyankopɔn ntam yɛ papa bere nyinaa. Nhyiam no hyɛ yɛn nkuran ma yɛde nea yesua yɛ adwuma, ɛboa yɛn ma yɛkwati ɔhaw ahorow, na ɛhyɛ yɛn mpamden ma yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛma yɛn ani gye so na ɛnyɛ nea ɛde dadwen bɛba abɛto yɛn so.—Dw. 122:1-4.

South Korea

16 Bere biara a yɛbɛkɔ nhyiam no yɛn ani gye paa. Wɔyɛɛ nhyiam kɛse bi wɔ afe 1946 mu, na wɔbɔɔ ho amanneɛ sɛ: “Sɛ wohwɛ sɛnea Adansefo mpempem pii ahyia faako na obiara anim ayɛ sresrew a, na ɛyɛ fɛ kwa. Na sɛ wohwɛ sɛnea nnipadɔm yi abom de ahokeka reto Ahenni nnwom na wɔde sanku regyigye ho yi Yehowa ayɛ a, awɔsẽ begu wo.” Wɔtoaa amanneɛbɔ no so sɛ nnipa pii yii wɔn yam yɛɛ adwuma wɔ nhyiam no ase.  Anuanom yi ani gyei sɛ wɔresom wɔn nuanom. Wo nso, woakɔ ɔmantam anaa amanaman ntam nhyiam ma w’ani agye saa pɛn?—Dw. 110:3; Yes. 42:10-12.

17. Nsakrae bɛn na wɔayɛ wɔ yɛn nhyiam mu nnansa yi?

17 Ɔkwan a yɛfa so yɛ nhyiam ahorow no bi asesa. Ebia anuanom bi bɛkae bere a na wɔde nnawɔtwe yɛ nhyiam! Saa bere no na wɔyɛ nhyiam no anɔpa, awia, ne anwummere. Edu baabi a na wɔkɔ asɛnka. Ɛtɔ da bi a na wofi dwumadi no ase anɔpa nnɔnkron na wɔapɔn anadwo nnɔnkron. Ná ebinom tu wɔn ho ma yɛ nnuan ma anuanom anɔpa, awia, ne anwummere. Ná eyinom nyinaa gye adwumaden. Seesei de, yɛnyɛ nhyiam nkyɛ pii saa. Afei nso anuanom ankasa de wɔn aduan kɔ nhyiam ase, na ɛno ma obiara de n’adwene si dwumadi no so.

Mozambique

18, 19. Nneɛma bɛn na ɛkɔ so wɔ nhyiam ase a w’ani gye ho paa? Dɛn ntia?

18 Nneɛma bi wɔ hɔ a bere biara a yɛbɛkɔ ɔmantam nhyiam no, yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛba so. Yetie ɔkasa ahorow na yenya nhoma foforo a ɛboa yɛn ma yɛte Bible nkɔmhyɛ ne Bible nkyerɛkyerɛ ase. Eyinom nyinaa ma yenya “aduan bere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Yetumi de nhoma a woyi no adi no pii boa nkurɔfo ma wosua Bible mu nokware no. Bio nso, yɛkɔ nhyiam a ɛte saa a, yɛhwɛ drama a egyina Bible so ma ɛkanyan yɛn. Ɛboa mmofra ne mpanyin nyinaa ma wɔde adwempa som Yehowa, na wɔhwɛ sɛ wɔrenyɛ wɔn ade sɛ wiase bɔne no. Asubɔ kasa no nso kaakae yɛn nyinaa ma yehu nea ɛsom bo paa wɔ yɛn asetenam. Na sɛ yehu sɛnea afoforo rebɔ asu de akyerɛ sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa a, yɛn ani gye paa.

19 Nokwasɛm ni, efi tete nyinaa sɛ yɛka nokware som a, yenyi nhyiam mfi mu. Nhyiam ma yɛn ani gye, na ɛboa yɛn ma yɛsom Yehowa wɔ ahohia bere mu mpo. Yehyiam saa a, yɛka yɛn ho yɛn ho hyew honhom fam, yenya nnamfo foforo, na ɛboa yɛn ma yehu paa sɛ yɛyɛ abusua biako wɔ wiase afanan nyinaa. Nhyiam yɛ ɔkwan titiriw biako a Yehowa nam so hyira n’asomfo na ɔhwɛ wɔn. Enti momma yɛn mu biara ntoto ne nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ nhyiam biara; ɛnsɛ sɛ ne fã bi mpo pa yɛn ti so da.—Mmeb. 10:22.