Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wiase Yi Bɛba Awiei

Sɛnea Wiase Yi Bɛba Awiei

“Munni sum mu, monte sɛ akorɔmfo na saa da no abɛto mo mpofirim.”—1 TES. 5:4.

1. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn na yɛagyina sɔhwɛ ano?

NSƐM akɛse bi rebesisi nnansa yi ara. Bible mu nkɔmhyɛ a ɛrenya mmamu si eyi so dua, enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛawɛn? Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo sɛ ‘yɛmfa yɛn ani nsi nneɛma a wonhu so.’ Enti sɛ yɛbɛkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asase so oo, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si akatua no so. Saa akatua yi ne daa nkwa. Paulo kyerɛw n’asɛm no kɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ani nsi anigye a ɛda hɔ retwɛn wɔn no so. Sɛ wodi nokware kosi ase a, eyi na wobenya. Afei sɛ wɔde wɔn ani si anigye a ɛda hɔ retwɛn wɔn no so a, ɛbɛboa wɔn ma wɔagyina sɔhwɛ ne ɔtaa biara ano.—2 Kor. 4:8, 9, 16-18; 5:7.

2. (a) Sɛ yebetumi akura yɛn anidaso mu denneennen a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu?

2 Yehu asɛntitiriw bi wɔ Paulo afotu no mu. Ɛne sɛ: Sɛ yebetumi akura yɛn anidaso mu denneennen a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ tra nneɛma a yɛde yɛn ani hu seesei. Ehia sɛ yɛde yɛn ani si nneɛma a ennya nsisii so. (Heb. 11:1; 12:1, 2) Ɛnde, momma yɛnhwɛ nneɛma du a ebesisi daakye. Eyinom fa anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena ase daa no ho. *

ASƐM BƐN NA EBESI ANSA NA AWIEI NO ABA?

3. (a) Asɛm bɛn na ɛwɔ 1 Tesalonikafo 5:2, 3 a ɛnam kwan so reba? (b) Dɛn na wiase atumfoɔ bɛyɛ, na henanom na ebia wɔbɛka wɔn ho?

3 Paulo kaa nneɛma a ebesisi no mu biako ho asɛm wɔ krataa a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no mu.  (Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:2, 3.) Ɔkaa “Yehowa da” no ho asɛm. “Yehowa da” a wɔka ho asɛm wɔ ha no befi ase bere a wɔresɛe atoro som, na ɛbɛkɔ akowie Harmagedon ko no mu. Nanso ansa na Yehowa da no befi ase no, wiase atumfoɔ bɛka sɛ: “Asomdwoe ne dwoodwoo!” Ebia ade biako bi na ɛbɛma wɔapae mu aka saa anaa nsɛm horow bi na ebesisi ma wɔaka saa. Amanaman no benya adwene sɛ wɔanya wɔn haw akɛse no bi ano aduru. Nyamesom akannifo no nso ɛ? Wɔn nso ka wiase no ho, enti ebetumi aba sɛ wɔne wiase atumfoɔ no bɛyɛ nokoro aka sɛ asomdwoe aba. (Adi. 17:1, 2) Ɛba saa a, na ɔsom akannifo yi resuasua atoro adiyifo a wɔtenaa ase tete Yuda no. Yehowa kae sɛ asɛm a na adiyifo yi reka ne sɛ: “‘Asomdwoe wɔ hɔ! Asomdwoe wɔ hɔ!’ bere a asomdwoe biara nni hɔ.”—Yer. 6:14; 23:16, 17.

4. Dɛn na yenim a wiase no nnim?

4 Sɛ asomasi na ɔbɛka sɛ, “Asomdwoe ne dwoodwoo!” oo, sɛ ɔbenten na ɔbɛka oo, ɛnyɛ ɛno ne asɛm no. Mmom nea ɛte ne sɛ mpaemuka a ɛte saa bɛkyerɛ sɛ Yehowa da no rebefi ase. Ɛno nti Paulo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, munni sum mu, monte sɛ akorɔmfo na saa da no abɛto mo mpofirim.” (1 Tes. 5:4, 5) Bere a wiase no nyinaa wɔ sum mu no, yɛn de, Bible boa yɛn ma yehu nea nsɛm a ɛresisi no kyerɛ. Ɔkwan pɔtee bɛn na wɔbɛfa so apae mu aka sɛ, “Asomdwoe ne dwoodwoo!”? Ɛno de, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma edu hɔ ansa. Nea ehia ara ne sɛ ‘yɛbɛwɛn na yɛama yɛn ani ada hɔ.’—1 Tes. 5:6; Sef. 3:8.

“ƆHEMMAA” NO—ASƐM BƐFA N’ASE

5. (a) Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ “ahohiahia kɛse” no afi ase? (b) “Ɔhemmaa” bɛn na asɛm bɛfa n’ase?

5 Asɛm bɛn na edi hɔ a ebesi? Paulo kae sɛ: “Sɛ enya ba sɛ wɔreka sɛ: ‘Asomdwoe ne dwoodwoo!’ a, mpofirim ara na ɔsɛe bɛba wɔn so.” ‘Ɔsɛe a ɛbɛba mpofirim’ no fã a edi kan ne “Babilon Kɛse” no a wɔbɛsɛe no. “Babilon Kɛse” no ne wiase nyinaa atoro som ahemman a wɔsan frɛ no “aguaman no.” (Adi. 17:5, 6, 15) Wɔbɛsɛe Kristoman ne atoro som a aka nyinaa, na saa ɔsɛe no na ebefi “ahohiahia kɛse” no ase. (Mat. 24:21; 2 Tes. 2:8) Eyi bɛyɛ nnipa pii nwonwa. Dɛn ntia? Efisɛ bere a ɔsɛe yi bɛba no, na aguaman no redi ne bere sɛ ‘ɔhemmaa a ɔrenhu awerɛhow  da.’ Nanso asɛm bɛfa n’ase, na obehu sɛ n’awiei abɛn. Wɔbɛpra no afi hɔ ntɛm te sɛ biribi a esi “da koro pɛ.”—Adi. 18:7, 8.

6. Henanom na wɔbɛsɛe atoro som?

6 Onyankopɔn Asɛm Bible ka sɛ “akekaboa” bi a ɔwɔ “mmɛn du” na ɔbɛsɛe aguaman no. Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ akekaboa no ne Amanaman Nkabom no. “Mmɛn du” no gyina hɔ ma nniso a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa a egyina “akekaboa kɔkɔɔ” no akyi. * (Adi. 17:3, 5, 11, 12) Dɛn paa na wɔde bɛyɛ aguaman no? Aman a wɔka bom yɛ Amanaman Nkabom no bɛpra aguaman no ho nneɛma nyinaa, wɔbɛma n’adapaa ada adi, wɔbɛsɛe no na “wɔde ogya ahyew no pasaa.” Enti wɔbɛhyew n’ase korakora.—Monkenkan Adiyisɛm 17:16.

7. Dɛn na ebepiapia “akekaboa” no ma wasɛe aguaman no?

7 Bible nkɔmhyɛ ma yehu nea ɛbɛkɔ akɔfa ɔsɛe yi aba. Yehowa ankasa na ɔde bɛhyɛ atumfoɔ no komam sɛ “wɔmma ne nsusuwii mmra mu” na wɔnsɛe aguaman no. (Adi. 17:17) Nyamesom de akodi apaapae wiase no mu, enti amanaman no besusuw sɛ wɔsɛe aguaman no a, wɔn ho bɛtɔ wɔn. Sɛ atumfoɔ no tow hyɛ atoro som so a, wobesusuw sɛ wɔn ankasa na wɔayɛ “adwenkoro” reyɛ saa. Nanso nokwasɛm ne sɛ Onyankopɔn na ɔnam wɔn so bɛsɛe atoro som. Hwɛ anwonwasɛm: Satan nhyehyɛe no fã biako bɛsɔre atia ɔfã foforo, nanso Satan rentumi nyɛ ho hwee.—Mat. 12:25, 26.

WƆBƐTOW AHYƐ ONYANKOPƆN NKURƆFO SO

8. Henanom na “Gog a ofi Magog asase so” no bɛtow ahyɛ wɔn so?

8 Sɛ atumfoɔ no sɛe atoro som wie a, wobehu sɛ Onyankopɔn asomfo ‘te hɔ dwoodwoo a wonni ɔfasu’ biara. (Hes. 38:11, 14) Bere a Yehowa asomfo te hɔ a ayɛ sɛ nea wonni ahobammɔ biara no, dɛn na ɛbɛba wɔn so? “Aman pii” bɛtow ahyɛ wɔn so. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ “Gog a ofi Magog asase so” no na ɔbɛtow ahyɛ wɔn so. (Monkenkan Hesekiel 38:2, 15, 16.) Ɛsɛ sɛ yebu eyi dɛn?

9. (a) Dɛn na ehia Kristofo paa? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ de hyɛ yɛn gyidi den?

9 Yenim sɛ wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so, nanso eyi mmɔ yɛn hu. Ɛnyɛ nkwa a yebenya na ehia yɛn kɛse,  na mmom Yehowa din ho a ɛbɛtew ne ne tumidi a obiara behu sɛ ɛno na ɛfata. Yehowa ankasa aka bɛboro mpɛn 60 sɛ: “Mubehu sɛ mene Yehowa.” (Hes. 6:7) Enti yɛde anigye rehwɛ kwan sɛ Hesekiel asɛm yi bɛbam, na yɛwɔ ahotoso sɛ, “Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu.” (2 Pet. 2:9) Saa bere yi de, nea esi yɛn ani so ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ahyɛ yɛn gyidi den na sɛ yehyia sɔhwɛ biara a yɛatumi adi Yehowa nokware. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae, yesua Onyankopɔn Asɛm na yedwinnwen ho, na yɛka Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo. Yɛyɛ saa a, anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya daa nkwa no bɛtena yɛn adwenem fann; saa anidaso no bɛyɛ “sɛkyɛ” ama yɛn.—Heb. 6:19; Dw. 25:21.

AMANAMAN NO BEHU YEHOWA TUMI

10, 11. Dɛn na ɛbɛkɔ akɔfa Harmagedon aba? Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Harmagedon ko no mu?

10 Sɛ wɔtow hyɛ Yehowa asomfo so a, asɛnkɛse bɛn na ɛbɛkɔ akɔfa aba? Yehowa bɛko agye ne nkurɔfo. Ɔnam Yesu ne asafodɔm a wɔwɔ soro no so na ɛbɛyɛ saa. (Adi. 19:11-16) Eyi ne “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko” a wɔfrɛ no Harmagedon no.—Adi. 16:14, 16.

11 Yehowa nam Hesekiel so kaa saa ɔko no ho asɛm sɛ: “‘Mɛma nkrante aba no so wɔ me mmepɔw nyinaa so,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni. ‘Na obiara bɛtwe nkrante wɔ ne nua so.’” Ahude a ɛbɛkɔ so no bɛma Satan nkurɔfo ani so ayɛ wɔn totɔtotɔ, na wɔbɛtwe nkrante akunkum wɔn ho. Satan remfa ne ho nni; ɔno nso benya ne de. Yehowa kae sɛ ɔbɛma “ogya ne sufre atɔ agu [Gog ne] n’asraafokuw ne aman bebree a wɔka ne ho no so.” (Hes. 38:21, 22) Sɛ Yehowa de ne ho gye asɛm no mu a, dɛn na ebefi mu aba?

12. Dɛn na Yehowa bɛma amanaman no ahu?

12 Yehowa bɛma amanaman no ahu sɛ ɔno ankasa na wama wɔadi nkogu pɔtɔɔ. Ɛba saa a, ebia Satan asraafo bɛteɛm aka sɛ, ‘Yehowa reko ama wɔn’! Saa asɛm yi ara na tete Egypt asraafo a na wɔretaa Israelfo no kae wɔ Po Kɔkɔɔ no mu. (Ex. 14:25) Ampa-ne-ampa ara, Yehowa bɛma amanaman no ahu sɛ ɔno ne Yehowa. (Monkenkan Hesekiel 38:23.) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ koraa na nsɛm yi nyinaa asisi?

TUMIDI FOFORO BIARA RENSƆRE BIO

13. Dɛn na yebetumi aka afa ohoni a Daniel kaa ho asɛm no fã a ɛtɔ so anum no ho?

13 Nkɔmhyɛ bi wɔ Daniel nhoma no mu a ɛboa yɛn ma yehu sɛ awiei no abɛn. Daniel kaa ohoni bi a ɛte sɛ onipa ho asɛm, na ɔkyerɛe sɛ ɛwɔ afã horow. (Dan. 2:28, 31-33) Ohoni no gyina hɔ ma wiase tumidi a aba nnidiso nnidiso a wɔako atia Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no. Saa tumidi ahorow no ne Babilon, Medo-Persia, Hela, Roma, ne wiase tumidi a etwa to; ɛno wɔ yɛn bere so. Daniel nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ ohoni no nan ase ne ne nansoaa no gyina hɔ ma saa wiase tumidi a etwa to no. Wiase Ko I mu no, Britain ne Amerika kaa wɔn ntama bɔɔ ano yɛɛ biribi titiriw bi. Daniel honi no fã a ɛtɔ so anum no ne Britain ne Amerika Wiase Tumidi no. Ohoni no nan ase ne ne fã a etwa to, na eyi kyerɛ sɛ wiase tumidi foforo biara rensɔre bio. Ohoni no nan ase ne ne nansoaa yɛ dade ne dɔte a adi afra, na eyi kyerɛ tebea a Britain ne  Amerika Wiase Tumidi no wom: Wɔn tumidi mu agow.

14. Harmagedon bɛpae agu no, na wiase tumidi bɛn na ɛwɔ hɔ?

14 Nkɔmhyɛ koro no ara kyerɛe sɛ ɔbo bi tew fii bepɔw bi ho wɔ afe 1914 mu. Ɔbo no gyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni, ɛnna bepɔw no gyina hɔ ma Yehowa tumidi. Ɔbo no de hwii rebɛbɔ ohoni no nan ase. Harmagedon pae gu a, ohoni no nan ase ne n’afã a aka nyinaa bebubu pasaa. (Monkenkan Daniel 2:44, 45.) Enti Harmagedon bɛba no, na Britain ne Amerika Wiase Tumidi no na ɛda so ara redi tumi. Hwɛ anika ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehu sɛ nkɔmhyɛ yi abam koraa! * Na Satan nso ɛ? Dɛn na Yehowa bɛyɛ no?

NEA WƆDE BƐYƐ ONYANKOPƆN TAMFO KƐSE NO

15. Dɛn na wɔbɛyɛ Satan ne n’adaemone wɔ Harmagedon akyi?

15 Sɛ wɔrepopa Satan ahyehyɛde no afi asase so a, Satan de n’ani behu nea ɛbɛkɔ so nyinaa kosi n’awiei. Ɛno akyi no nneɛma bɛdan aba Satan ankasa so. Ɔsomafo Yohane ma yehu nea ebesi. (Monkenkan Adiyisɛm 20:1-3.) Yesu Kristo ne “ɔbɔfo . . . a okura amoa donkudonku no ano safe” no. Ɔbɛkyere Satan ne n’adaemone atow wɔn agu amoa donkudonku no mu mfe apem. (Luka 8:30, 31; 1 Yoh. 3:8) Eyi bɛkyerɛ sɛ wɔafi ase rebɔ ɔwɔ no ti. *Gen. 3:15.

16. Sɛ wɔde Satan to “amoa donkudonku” no mu a, tebea bɛn na ɔbɛkɔ mu?

16 “Amoa donkudonku” bɛn na wɔde Satan ne n’adaemone begu mu no? Hela asɛmfua a Yohane de dii dwuma ne a′bys·sos. Saa asɛmfua no kyerɛ “ebun, eku,” anaa “amoa a obi ntumi nhu ase.” Enti ɛyɛ baabi a obi biara ntumi nkɔ hɔ gye Yehowa ne ɔbɔfo a wapaw no a “okura amoa donkudonku no ano safe” no. Wɔde Satan to hɔ a ɔbɛyɛ sɛ obi a wawu a ontumi nyɛ hwee; enti ‘ɔrentumi nkɔdaadaa amanaman no bio.’ Afei de, “gyata a ɔbobom” no bɛyɛ dinn!—1 Pet. 5:8.

NSƐM A EBESISI ANSA NA ASOMDWOE ABA

17, 18. (a) Nneɛma a yennya nhui bɛn na yɛasusuw ho? (b) Eyinom nyinaa sisi wie a, dɛn na yebenya?

17 Nsɛm akɛse akɛse rebesisi. Yɛrehwɛ kwan a wɔbɛfa so aka “Asomdwoe ne dwoodwoo!” no. Afei yebehu Babilon Kɛse no sɛe, sɛnea Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so, Harmagedon ko no, ne sɛnea wɔbɛtow Satan ne n’adaemone agu amoa donkudonku no mu. Sɛ eyinom twam na woyi abɔnefosɛm nyinaa fi asase so a, yebenya asetena foforo wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no ase. Saa bere no, yebenya “asomdwoe bebree.”—Dw. 37:10, 11.

18 Nneɛma anum a yɛasusuw ho yi akyi no, nneɛma foforo wɔ hɔ a ‘yenhu’ a yɛpɛ sɛ ‘yɛde yɛn ani si so.’ Yebesusuw saa nneɛma yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ nky. 2 Yebesusuw nneɛma du yi ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu.

^ nky. 14 Daniel 2:44 ka sɛ Onyankopɔn ahenni ‘bebubu ahenni horow no nyinaa ama asã.’ “Ahenni horow no” gyina hɔ ma ahenni anaa wiase tumidi a wɔde ohoni no yɛ ho sɛnkyerɛnne no. Nanso Bible mu nkɔmhyɛ foforo ma yehu asɛm no ani so yiye. Ɛka sɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no” mu no, wɔbɛboaboa “asase nyinaa so ahene” ano na wɔne Yehowa ako. (Adi. 16:14; 19:19-21) Enti ɛnyɛ ahenni ahorow a wɔde ohoni no yɛ ho sɛnkyerɛnne nkutoo na ɛbɛsɛe wɔ Harmagedon, na mmom wiase nniso a aka nyinaa nso.

^ nky. 15 Sɛ mfirihyia apem no ba awiei na wɔde Satan ne n’adaemone no gu “ogya tare a sufre wom” no mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔapɛtɛw ɔwɔ no ti koraa.—Adi. 20:7-10; Mat. 25:41.