Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Mmofra Anom Asɛm’ Hyɛ Nkuran

‘Mmofra Anom Asɛm’ Hyɛ Nkuran

December 2009 mu no, Russia Asɛnnibea Kunini no mufo foaa so sɛ wontwa Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Taganrog, Russia no mu na wonnye wɔn Ahenni Asa mfi wɔn nsam. Wɔsan kae sɛ yɛn nhoma no mu 34 betumi asɛe nkurɔfo adwene. Yehowa Adansefo de ahometesɛm yi guu wɔn Intanɛt dwumadibea; wɔde Adansefo a asɛm yi fa wɔn ho no mfonini ne wɔn mma nso de guu hɔ bi.

Mmofra a wɔwɔ Australia

Abusua bi a wɔyɛ Adansefo wɔ Queensland, Australia, kenkan gyinae a Asɛnnibea no sii no. Asram kakra akyi no, Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Russia no nsa kaa adaka ne krataa bi fii abusua no hɔ. Krataa no mu nsɛm ni: “Anuanom Adɔfo, gyidi a anuanom a wɔwɔ Russia ada no adi ne sɔhwɛ a wɔrefa mu no aka yɛn mma a wɔfrɛ wɔn Cody ne Larissa koma paa. Enti wɔakyerɛw nkrataa, na yɛde nneɛma kakra aka ho sɛ momfa mma mmofra a wɔwɔ Taganrog no. Yɛpɛ sɛ wohu sɛ mmofra foforo wɔ wiase fã baabi a wɔne mo nyinaa resom Yehowa, na wodwen wɔn ho. Wɔdɔ wɔn nyinaa na wɔpɛ wɔn asɛm.”

Bere a mmofra a wɔwɔ Taganrog nsa kaa akyɛde no, wɔkyerɛw nkrataa kɔdaa abusua a wɔwɔ Australia no ase. Cody ne Larissa ‘anom asɛm’ hyɛɛ Ɔdansefo bi a ɔresom wɔ Russia Betel no nkuran, na ɛkaa no ma ɔkyerɛw wɔn krataa. Krataa no mu nsɛm ni: “Woyɛ abofra oo, woyɛ ɔpanyin oo, sɛ yebu asɛm gu wo so a, ɛyɛ yaw. Yɛn nuanom a wɔwɔ Taganrog nnii mfomso biara nanso wɔagye wɔn Ahenni Asa afi wɔn nsam. Eyi ahyɛ wɔn awerɛhow. Sɛ wohu sɛ obi wɔ wiase no fã foforo a odwen wɔn ho a, ɛbɛhyɛ wɔn den paa. Yɛda mo ase sɛ mudwen yɛn ho!”​—Dw. 8:2.

Mmofra a wɔwɔ Russia nyaa akyɛde fii mmofra a wɔwɔ Australia hɔ

Yɛda Kristofo abusua kɛse bi mu wɔ wiase afanan nyinaa. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho boa yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ ne nsɛnnennen ano. Bere a atemmufo wɔ asɛnnibea a wɔn ani abere resusuw ho ahwɛ sɛ Yehowa Adansefo nhoma de ɔtan ba nnipa mu no, yɛn mma de, wɔda no adi sɛ wodwen wɔn nuanom ho na wɔdɔ wɔn. Saa ɔdɔ yi nnim sɛ obi fi ɔman eyi mu anaa ɔman eyi mu. Eyi ma yehu sɛ Yesu asɛm yi yɛ nokware turodoo: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”​—Yoh. 13:35.