Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akokoduru a Yɛde Begyina Amanehunu Mu

Akokoduru a Yɛde Begyina Amanehunu Mu

“Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.”​—DW. 46:1.

1, 2. Amanehunu bɛn na ato nnipa pii? Dɛn na yɛn mu biara pɛ?

YƐTE mmere a emu yɛ den mu. Atoyerɛnkyɛm abu so wɔ asase so baabiara. Asasewosow, ogya ahyehye-ahyehye, nsuyiri, ahum, ne mframa gyampantrudu ama adesamma ahu amane ankasa. Mmeae bi mpo de, wobɛte na ɛpo atwiw afa asase so. Bio nso, abusua mu nsɛnnennen ne dadwen ama nnipa pii abotow, na ehu aka wɔn. Ɛyɛ nokware paa sɛ ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan.’​—Ɔsɛnk. 9:11.

2 Onyankopɔn asomfo agyina amanehunu yi nyinaa mu de anigye resom no. Nanso bere a wiase yi rebɛn n’awiei no, nea yɛn mu biara pɛ ne sɛ obesiesie ne ho, na sɛ daakye yɛkɔ ahohia mu a yɛatumi agyina mu. Sɛ yehyia nsɛnnennen a ɛte saa a, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de anigye asom Onyankopɔn? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya akokoduru agyina amanehunu mu ɛnnɛ?

SUASUA WƆN A WONYAA AKOKODURU

3. Sɛnea Romafo 15:4 kyerɛ no, sɛ amanehunu to yɛn a, dɛn na ebetumi akyekye yɛn werɛ?

3 Ɛwom sɛ ɛnnɛ amanehunu atu atese de, nanso ɛnyɛ ade foforo, efisɛ tete nyinaa na nnipa hu amane. Onyankopɔn asomfo binom a wɔtenaa ase tete no nyaa akokoduru gyinaa amanehunu mu. Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi wɔn hɔ.​—Rom. 15:4.

4. Amanehunu bɛn na Dawid faa mu, na dɛn na ɛboaa no?

4 Yɛnhwɛ amanehunu a ɛtoo Dawid. Ná Ɔhene Saul repɛ no akum no, n’atamfo tow hyɛɛ no so faa ne yerenom kɔe, na ɔno ara ne nkurɔfo mpo yii no mae. Ɛtɔ da bi a na wayɛ hahaaha. (1 Sam. 18:8, 9; 30:1-5; 2 Sam. 17:1-3; 24:15, 17; Dw. 38:4-8) Bible ma yehu sɛnea amanehunu a ɛtoo Dawid no ma odii yaw. Nanso eyi ansɛe ne gyidi; ɔkɔɔ so ara de ne  ho too Yehowa so. Ɔkae sɛ: “Yehowa ne me nkwa abannennen. Hena na me ho bɛpopo n’anim?”​—Dw. 27:1; monkenkan Dwom 27:5, 10.

5. Bere a Abraham ne Sara hyiaa nsɛnnennen no, dɛn na ɛboaa wɔn ma wogyinaa mu?

5 Abraham ne Sara tenaa ntamadan mu wɔn nkwa nna dodow no ara. Wɔyɛɛ ahɔho wɔ ananafo asase so. Wɔamfa no ahogono. Ɔkɔm te sii asase no so na aman a atwa wɔn ho ahyia nso annyae wɔn haw. Nanso wonyaa akokoduru gyinaa mu. (Gen. 12:10; 14:14-16) Ɛyɛɛ dɛn na wotumi gyinaa mu? Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ na Abraham retwɛn “kurow a ɛwɔ fapem ankasa a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Onyankopɔn.” (Heb. 11:8-10) Abraham ne Sara amma nsɛnnennen a wohyiae no ansɛe wɔn anigye, mmom wɔde wɔn ani too nea na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn bɔ no so.

6. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Hiob?

6 Afei momma yɛnhwɛ Hiob. Amanehunu a ɛtoo no nyɛ ade ketewa. Yebetumi aka sɛ asetena fonoo no ankasa. (Hiob 3:3, 11) Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ na onnim nea enti a nneɛma rekɔ saa. Nanso wampa abaw. Mmom ɔkɔɔ so nyaa Onyankopɔn mu gyidi, na wannyae ne mudi mu. (Monkenkan Hiob 27:5.) Eyi yɛ nhwɛso pa a yebetumi asuasua.

7. Amanehunu bɛn na ɛtoo Paulo bere a ɔresom Onyankopɔn? Dɛn na ɛma onyaa akokoduru gyinaa mu?

7 Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo ɔsomafo Paulo nso. Ohyiaa asiane wɔ kurow mu, wuram, ne ɛpo so. Paulo kae sɛ ‘ɔkɔm ne sukɔm ne awɔw’ dee no, na ɔdaa “adagyaw” mpo. Ɔkae nso sɛ mmere bi mpo hyɛn a ɔte mu guu asu, na emu biako de, ‘odii bun mu anadwo ne awia.’ (2 Kor. 11:23-27) Paulo anya no ahogono wɔ ne som mu, nanso bere a ne nkwa da asiane mu mpo wampa abaw. Bere bi ɛkaa dɛ anka ɔrewu, na ɔkae sɛ: “Eyi baa saa na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ho so, na mmom yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn a onyan awufo no so. Efisɛ ogyee yɛn fii ade kɛse te sɛ owu mu, na obegye yɛn.” (2 Kor. 1:8-10) Nneɛma bɔne a ɛtotoo Paulo no, nnipa pii nhyiaa bi saa da. Nanso ɛtɔ da bi a yɛn mu bebree te nka te sɛ Paulo, enti sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔde akokoduru gyinaa mu no a, ɛkyekye yɛn werɛ.

MMA W’ABAM MMU

8. Ɔhaw a yehyia no nnɛ betumi aka yɛn dɛn? Ma nhwɛso.

8 Ɛnnɛ, wiase baabiara a wobɛkɔ no, atoyerɛnkyɛm, nsɛnnennen ne nhyɛso nko ara. Nnipa pii te nka sɛ ɔhaw amene wɔn. Kristofo binom mpo te nka saa ara. Wɔn mu biako ne onuawa bi a wɔfrɛ no Lani. * Ná ɔne ne kunu de anigye reyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ Australia. Da koro bi ohui sɛ kokoram atɔ ne nufu mu. Asɛm no bubuu no. Ɔkae sɛ: “Nnuru a wɔde saa me yare no ma meyɛɛ mmerɛw, na ɛyɛɛ me sɛ me so nni mfaso.” Nea na ɛhaw adwene koraa ne sɛ na wɔayɛ ne kunu akyi berɛmo oprehyɛn, na ɔno koro yi ara na na ɔhwɛ ne kunu. Sɛ yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, dɛn na yebetumi ayɛ?

9, 10. (a) Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma Satan kwan ma ɔyɛ? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina “ahohia bebree” a Asomafo Nnwuma 14:22 ka ho asɛm no ano?

9 Sɛ yɛkɔ ahohia mu a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nea Satan pɛ ne sɛ ɔbɛsɛe yɛn gyidi ne yɛn anigye. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma no kwan. Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.” Sɛ yesusuw Bible mu nhwɛso ahorow ho, te sɛ nea yɛaka ho asɛm dedaw no a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya akokoduru de agyina amanehunu ano.

10 Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ yɛrentumi nnyi ɔhaw a yehyia nyinaa mfi hɔ. Nokwasɛm  mpo ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia ɔhaw. (2 Tim. 3:12) Asomafo Nnwuma 14:22 ka sɛ: “Etwa sɛ yɛfa ahohia bebree mu de kɔ Onyankopɔn ahenni mu.” Ɛnsɛ sɛ woma kwan ma amanehunu mene wo, mmom bu no sɛ hokwan a wode bɛkyerɛ sɛ wowɔ gyidi sɛ Onyankopɔn bɛboa wo.

11. Dɛn na yebetumi ayɛ na amanehunu ammu yɛn abam?

11 Ɛsɛ sɛ yedwinnwen nneɛma a ɛma yɛn ani gye ho. Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Anigye koma ma onipa anim tew, na koma mu yaw ma honhom botow.” (Mmeb. 15:13) Dɔkotafo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ ade biako a ebetumi ama ɔyarefo ho atɔ no ne sɛ obegye adi sɛ ne ho bɛtɔ no. Nhwɛso bi ni: Sɛ wɔma ɔyarefo no biribi taforo-taforo ho kɛkɛ na ɔyarefo no susuw sɛ ebetumi asa no yare a, ɛboa ma ne ho tɔ no. Nanso sɛ onya adwene sɛ ade a wɔde ama no sɛ ɔntaforo ho no rentumi mmoa no a, ne yare no renkɔ. Nneɛma bi wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee, enti sɛ yɛkɔ so de haw yɛn ho a, ɛbɛma yɛabotow. Anigyesɛm ne sɛ Yehowa de, ɔmma yɛn biribi kɛkɛ sɛ “yɛntaforo” ho na yɛanya adwene sɛ yɛn haw ano aduru ne no, na mmom ɔma yɛn mmoa a yehia ankasa. Bere a atoyerɛnkyɛm mpo ato yɛn no, ɔnam n’Asɛm so kyekye yɛn werɛ, ɔma yɛn nuanom Kristofo boa yɛn, na ɔde ne honhom kronkron hyɛ yɛn den ma yegyina yɛn nan so. Sɛ yedwinnwen saa nneɛma yi ho a, ɛbɛhyɛ yɛn den. Ɛho nhia sɛ wudwinnwen amanehunu a woafa mu ho, mmom yɛ nea wubetumi biara na ɔhaw no ammunkam wo so na fa w’adwene si nneɛma a ɛma w’ani gye so.​—Mmeb. 17:22.

12, 13. (a) Dɛn na aboa Onyankopɔn asomfo ma wɔatumi agyina atoyerɛnkyɛm ano? Ma nhwɛso. (b) Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, ɛma yehu sɛ dɛn na ehia paa wɔ nnipa asetenam?

12 Nnansa yi atoyerɛnkyɛm asisi aman bi so. Anuanom pii amfa no ahogono koraa, nanso wɔatintim wɔ tebea a ɛte saa mu. Eyi ka yɛn koma paa. Afe 2010 mfiase mu hɔ no, asase wosowee wɔ Chile na ɛpo twiw faa asase so maa anuanom adan ne wɔn agyapade pii sɛee. Nokwasɛm ne sɛ ebinom ano aduan bɔɔ wɔn. Nanso anuanom amfa wɔn som anni agoru. Onua bi a wɔfrɛ no Samuel fie sɛee koraa na ɔkae sɛ: “Atoyerɛnkyɛm yi nyinaa akyi no, me ne me yere annyae asafo nhyiam ne asɛnka kɔ da. Migye di sɛ eyi nti na yɛn ani so antan yɛn no.” Wɔne anuanom afoforo pii hwɛe sɛ wɔremma atoyerɛnkyɛm no mmu wɔn abam, mmom wɔkɔɔ so de ahokeka som Yehowa.

13 September 2009 mu no, osubran bi tɔe wɔ Philippines ma eyiri faa Manila kurow no fa kɛse no ara. Osikani bi a ne nneɛma pii sɛee kae sɛ: “Nsuyiri no maa asikafo ne ahiafo nyinaa yɛɛ pɛ. Ɔdefo oo, ohiani oo, obiara huu amane.” Eyi ma yɛkae afotu a Yesu de mae yi: “Monhyehyɛ mo ademude ɔsoro, baabi a nwewee anaa nkannare nsɛe no, na akorɔmfo mmubu nkowia.” (Mat. 6:20) Ahonyade tumi fi yɛn nsa prɛko pɛ, enti sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ mu a, yɛn nsa besi fam. Nea ɛyɛ papa ne sɛ yɛbɛma abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ ho ahia yɛn asen biribiara. Sɛ yɛfa Yehowa adamfo a, amanehunu biara a ɛbɛto yɛn no, saa adamfofa no rensɛe da.​—Monkenkan Hebrifo 13:5, 6.

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ YENYA AKOKODURU

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya akokoduru?

14 Yesu maa n’asuafo no hui sɛ ne mmae mu no ɔhaw bɛdɔɔso, nanso ɔkae sɛ: “Mommmɔ hu.” (Luka 21:9) Sɛ yɛn hene Yesu ka yɛn ho na amansan Bɔfo no taa yɛn akyi a, ɛnsɛ sɛ yesuro  biribiara. Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom tumi ne ɔdɔ ne adwenemtew de.”​—2 Tim. 1:7.

15. Dɛn na Onyankopɔn asomfo bi kae a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ne mu ahotoso? Yɛbɛyɛ dɛn anya saa ahotoso no bi?

15 Yɛnhwɛ nea Onyankopɔn asomfo bi kae a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ahotoso sɛ ɔbɛboa wɔn. Dawid kae sɛ: “Yehowa ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Ɔno na mede me koma to no so; waboa me, enti me koma di ahurusi.” (Dw. 28:7) Paulo nso kae sɛ: “Eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim korakora.” (Rom. 8:37) Bere a Yesu hui sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛkyere no akum no no, ɔkaa biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn rennyaw no. Ɔkae sɛ: “Ɛnkaa me nkutoo, efisɛ Agya no ka me ho.” (Yoh. 16:32) Dɛn na nsɛm a Onyankopɔn asomfo yi kae no ma yehu? Ɛma yehu sɛ wɔn mu biara de ne ho too Yehowa so korakora. Sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso saa ara a, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina amanehunu biara ano.​—Monkenkan Dwom 46:1-3.

YƐWƆ NNEƐMA A ƐMA YENYA AKOKODURU—FA DI DWUMA

16. Dɛn nti na ehia sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm?

16 Ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden na ɛma yenya akokoduru. Mmom sɛ yebenya akokoduru a, ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn yiye na yɛde yɛn ho to no so. Sɛ yesua Bible daa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa. Onuawa bi a wanya adwenemhaw kaa nea aboa no. Ɔkae sɛ: “Sɛ mihu asɛm bi wɔ Bible mu a ebetumi akyekye me werɛ a, mekenkan no mpɛn pii.” So yɛyɛ abusua som dapɛn biara sɛnea akoa nokwafo no akyerɛ no? Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya adwene a odwontofo no nyae no bi. Ɔkae sɛ: “Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.”​—Dw. 119:97.

17. (a) Dɛn na yɛwɔ a ɛboa yɛn ma yenya akokoduru? (b) Asetenam nsɛm bɛn na woakenkan wɔ yɛn nhoma mu a aboa wo?

17 Afei nso, yɛwɔ asafo nhoma a ɛhyɛ yɛn mpamden ma yɛde yɛn ho to Yehowa so. Asetenam nsɛm a ɛwɔ yɛn nsɛmma nhoma mu no aboa anuanom bebree. Onuawa bi a ɔwɔ Asia a wanya adwenemhaw kenkan onua bi a na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo asetenam nsɛm. Ná onua no nso wɔ saa yare no ara bi, na bere a onuawa no huu sɛnea ogyinaa ano no, ɛhyɛɛ no den. Onuawa no kyerɛwee sɛ: “Ɛboaa me ma mihuu tebea a mewom no yiye na ɛma minyaa anidaso.”

Amanehunu to wo a, fa mmoa a Yehowa de ama yɛn no di dwuma

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa?

18 Mpaebɔ nso betumi aboa yɛn akwannuasa nyinaa mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ mfaso wɔ mpaebɔ so. Ɔkae  sɛ: “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filip. 4:6, 7) Sɛ amanehunu to yɛn a, so yɛtaa bɔ mpae sɛnea yebenya akokoduru agyina mu? Onua bi wɔ Britain a wɔfrɛ no Alex. Adwenemhaw ateetee onua yi mfe pii ni. Ɔkae sɛ: “Mede m’asɛm to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, na mekenkan n’Asɛm tie nea ɔno nso wɔ ka. Eyi na akurakura me ara besi nnɛ.”

19. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam?

19 Ade foforo a ɛboa yɛn ne asafo nhyiam. Odwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Me kra ani agyina Yehowa fie adiwo, na abotow.” (Dw. 84:2) Saa ara na yɛn nso yehu no anaa? Onuawa Lani a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kae sɛ ohui sɛ ɛho hia paa sɛ ɔkɔ asafo nhyiam; ɛnyɛ ade a ɔpɛ a na ɔkɔ. Ɔkae sɛ: “Minim sɛ, sɛ Yehowa bɛboa me a, ɛsɛ sɛ mekɔ asafo nhyiam.”

20. Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no a, ɛboa yɛn dɛn?

20 Sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka Ahenni no ho asɛm a, ɛno nso boa yɛn ma yenya akokoduru. (1 Tim. 4:16) Onuawa bi a ɔwɔ Australia a ɔhaw amene no kae sɛ: “Na asɛnka adwuma no atew m’ani so koraa, nanso asafo mu panyin bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne me bɛkɔ asɛnka. Enti me ne no kɔe. Ɛyɛ me sɛ eyi ne kwan a na Yehowa nam so reboa me, efisɛ bere biara a mɛkɔ asɛnka no, m’ani gye paa.” (Mmeb. 16:20) Nnipa pii ahu sɛ bere a wɔreboa nkurɔfo ma wɔanya Yehowa mu gyidi no na wɔn ankasa gyidi reyɛ den. Wɔyɛ saa a, ɛma woyi wɔn adwene fi wɔn haw so na wɔde wɔn adwene si nneɛma a ehia paa so.​—Filip. 1:10, 11.

21. Sɛ yehyia ɔhaw a, ahotoso bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

21 Yehowa ama yɛn nneɛma bebree a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina yɛn haw ahorow ano. Sɛ yɛde akwankyerɛ yi di dwuma a, amanehunu biara a yebehyia no, yebetumi agyina yɛn nan so. Bio, sɛ yedwinnwen Onyankopɔn asomfo a wɔde akokoduru gyinaa amanehunu mu ho a, ɛbɛboa yɛn paa. Bere a wiase yi rebɛn awiei no, ebia afei na yɛrebehyia ɔhaw akɛse, nanso yebetumi anya adwene a Paulo nyae no bi. Ɔkae sɛ: ‘Wɔtow yɛn kyene, nanso wɔnsɛee yɛn. Yɛmpa abaw.’ (2 Kor. 4:9, 16) Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛde akokoduru agyina amanehunu a ɛto yɛn nnɛ no ano.​—Monkenkan 2 Korintofo 4:17, 18.

^ nky. 8 Wɔasesa edin ahorow no bi.