Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Fafiri Ka Wo Dɛn?

Yehowa Fafiri Ka Wo Dɛn?

‘Yehowa yɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo a ne bo kyɛ fuw, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne firi.’—EX. 34:6, 7.

1, 2. (a) Onyankopɔn ne Israel man no dii no dɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

NEHEMIA bere so no, Lewifo bi gyinaa Israel man no anim bɔɔ mpae, na wogye toom sɛ wɔn nananom yɛɛ Yehowa so asoɔden na “wɔantie” n’ahyɛde. Daa na Yehowa de wɔn bɔne kyɛ wɔn. Ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ ‘Nyankopɔn a ɔde bɔne firi, ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo a ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso.’ Yehowa kɔɔ so ara daa n’adom adi kyerɛɛ Israelfo no.—Neh. 9:16, 17.

2 Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na Yehowa fafiri boa me?’ Momma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn de Ɔhene Dawid ne Ɔhene Manase bɔne firii wɔn. Eyi bɛboa yɛn ma yɛanya asɛmmisa no ho mmuae.

DAWID YƐƐ BƆNE A EMU YƐ DURU

3-5. Bɔne a emu yɛ duru bɛn na Dawid yɛe?

3 Ná Dawid yɛ ɔbarima a osuro Onyankopɔn, nanso ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru. Bɔne no mu abien fa Bat-Seba ne ne kunu Uria ho. Bɔne no nsunsuansu kaa nnipa baasa no nyinaa yayaayaw. Nanso ɔkwan a Onyankopɔn faa so teɛɛ Dawid so no ma yehu Yehowa fafiri yiye. Momma yɛnhwɛ nea esii.

4 Bere bi Dawid somaa Israel asraafo sɛ wɔnkɔko mfa Ammonfo ahenkurow Raba. Ná kurow no wɔ Yordan Asubɔnten no agya. Sɛ wufi Yerusalem de w’ani hwɛ apuei fam a, na wubetwa kilomita 80 (akwansin 50) ansa na woadu Raba. Bere a asraafo no gyina akono no, da bi Dawid kogyinaa Yerusalem ahemfie no atifi na ohui sɛ Bat-Seba reguare. Ná ɔbea no kunu ka asraafo a wɔwɔ akono no ho. Dawid hwɛɛ Bat-Seba maa ne ho akɔnnɔ dɛw  wɔ ne mu. Enti ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ no baa ahemfie hɔ na ɔne no sɛee aware.—2 Sam. 11:1-4.

5 Bere a Dawid hui sɛ Bat-Seba anyinsɛn no, ɔtoo ne sahene nkra sɛ ɔmma Bat-Seba kunu Uria mmra Yerusalem. Ná Dawid adwene nyinaa ne sɛ Uria ba a ɔne ne yere bɛkɔ akɔda. Nanso nea Dawid yɛe nyinaa akyi no, Uria antu ne nan ansi ne fie. Enti Dawid faa Uria akyi kyerɛw krataa kɔmaa ɔsahene no sɛ ɔmma Uria “nkogyina faako a ɔko no mu yɛ den paa” na asraafo no nyinaa ntwe wɔn ho mfi ne ho. Ɛbaa saa no ɔkwan bɛdaa Uria ho, na ankyɛ na n’atamfo kum no. Afei de, na Dawid nsa aka nea ɔrepɛ. (2 Sam. 11:12-17) Enti bere a Dawid sɛee aware no, wamma anso hɔ ara, na mmom ɔsan maa wokum onipa a ne ho nni asɛm.

DAWID ADWENSAKRA

6. Bere a Dawid yɛɛ bɔne no, dɛn na Onyankopɔn yɛe wɔ ho? Dɛn na eyi ma yehu wɔ Yehowa ho?

6 Yehowa huu nea ɛkɔɔ so nyinaa; biribiara ansuma no. (Mmeb. 15:3) Akyiri yi Ɔhene Dawid waree Bat-Seba nanso nea ‘ɔyɛe no ansɔ Yehowa ani.’ (2 Sam. 11:27) Dɛn na Onyankopɔn yɛe wɔ Dawid bɔne kɛse no ho? Ɔsomaa odiyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔde bɔne firi, enti na ɔpɛ sɛ ohu Dawid mmɔbɔ. Nanso na ɔpɛ sɛ ɔfa kwan bi so hwɛ sɛ Dawid anu ne ho ampa a. Nea Yehowa yɛe no ka koma paa. Wanhyɛ Dawid sɛ ɔnka ne bɔne, mmom ɔmaa Natan yɛɛ mfatoho maa Dawid huu aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu. (Monkenkan 2 Samuel 12:1-4.) Ná asɛm a ɛte saa ka yɛ ka na, enti yɛhwɛ ɔkwan Yehowa faa so dii ho dwuma a, yebetumi aka sɛ etu mpɔn paa!

7. Bere a Dawid tee Natan mfatoho no, dɛn na ɔyɛe?

7 Mfatoho a Natan yɛe no maa Ɔhene Dawid hui sɛ asisi wɔ asɛm no mu. Ɔdefo no asɛm hyɛɛ Dawid abufuw, enti ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no fata owu!” Dawid san kae sɛ ɛsɛ sɛ ɔdefo no pata ohiani no. Afei Natan de asɛm no sii hɔ. Ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo ara wone ɔbarima no!” Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ nea wayɛ nti “nkrante” rempa ne fie na esum beduru n’abusua, na animguase bɛka no. Dawid hui sɛ nea wayɛ no yɛ aniberesɛm paa, enti ɛyɛɛ ne yaw ma ɔkae sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”—2 Sam. 12:5-14.

DAWID BƆƆ MPAE NA ONYANKOPƆN DE KYƐƐ NO

8, 9. Dawid komam asɛm bɛn na Dwom 51 ma yehu? Dɛn na Dwom 51 ma yehu fa Yehowa ho?

8 Akyiri yi Ɔhene Dawid hyehyɛɛ Dwom 51. Dwom no mu nsɛm ma yehu sɛ na wanu ne ho paa, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Wannye antom kɛkɛ sɛ wayɛ bɔne, na mmom onuu ne ho ankasa. Ade a na ɛda Dawid koma so ne sɛ ɔne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa. Enti ɔkae sɛ: “Wo nko ara na mayɛ wo bɔne.” Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na fa honhom foforo a ase atim hyɛ me mu. . . . Ma mensan nni wo nkwagye ho ahurusi, na ma minnya koma a ebetie wo.” (Dw. 51:1-4, 7-12) Sɛ wudi mfomso bi na woreka ho asɛm akyerɛ Yehowa a, ɛyɛ a wubue wo komam nyinaa sɛnea Dawid yɛe no?

9 Dawid nkwa nna a aka nyinaa, otwaa ne bɔne no so aba yayaayaw; Yehowa anyi amfi ne so. Nanso na Dawid ‘koma abubu apɛtɛw,’ kyerɛ sɛ na wanu ne ho, enti Yehowa de firii no. (Monkenkan  Dwom 32:5; Dw. 51:17) Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, na onim nea ɛka obi ma ɔyɛ bɔne ne adwene a onipa no kura. Onyankopɔn amma kwan amma nnipa ammu Dawid kumfɔ sɛnea na ɛwɔ Mose Mmara no mu no, mmom ɔno ankasa de ne ho gyee asɛm no mu na ohuu Dawid ne Bat-Seba mmɔbɔ. (Lev. 20:10) Onyankopɔn maa wɔn ba Solomon mpo bɛyɛɛ Israel hene.—1 Be. 22:9, 10.

10. (a) Ade foforo bɛn na ebia ɛmaa Yehowa de Dawid bɔne firii no? (b) Dɛn na ɛma Yehowa de obi bɔne firi no?

10 Ebia ade foforo a ɛmaa Yehowa de Dawid bɔne firii no ne sɛ na ɔno ankasa yɛ mmɔborɔhunufo—ohuu Saul mmɔbɔ. (1 Sam. 24:4-7) Yesu kyerɛe sɛ sɛnea yɛne afoforo di no, saa ara na Yehowa ne yɛn bedi. Ɔkae sɛ: “Munnyae atɛn a mubu nkurɔfo no na wɔammu mo atɛn; atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo; susukora a mode susuw ma nkurɔfo no, wɔde besusuw ama mo.” (Mat. 7:1, 2) Ɛyɛ awerɛkyekye paa sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne befiri yɛn—bɔne a emu yɛ duru te sɛ awaresɛe ne awudi mpo! Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Yehowa na yɛsakra yɛn adwene na yɛde afoforo bɔne firi wɔn a, ɔno nso de yɛn bɔne befiri yɛn. Sɛ obi yɛ bɔne na ɔda no adi sɛ wanu ne ho ampa a, Yehowa bɛboa no ma wanya “ahosan mmere.”—Monkenkan Asomafo Nnwuma 3:19.

NA MANASE BƆNE SÕ NANSO ONUU NE HO

11. Nneɛma bɔne bɛn na Ɔhene Manase yɛe wɔ Onyankopɔn ani so?

11 Bɔne bi wɔ hɔ a ani sõsõ paa, nanso Yehowa tumi de bɔne a ɛte saa mpo firi. Asɛm bi wɔ Bible mu a ɛma yehu saa. Bere a Dawid bɛtenaa agua so no, bɛyɛ mfe 360 akyi na Manase bɛyɛɛ Yuda hene. Mfe 55 a Manase de dii hene nyinaa, ɔde bɔne huraa n’ahenni ho. Ɔyɛɛ akyide pii de hyɛɛ Yehowa abufuw. Bible ka sɛ Manase sisii afɔremuka maa Baal ahoni, ɔsom “ɔsoro asafo nyinaa,” ɔmaa ne mma faa ogya mu, na ɔmaa ahonhonsɛmdi gyee ntini. Nokwasɛm ne sɛ Manase yɛɛ “Yehowa ani so bɔne kɔɔ akyiri paa.”—2 Be. 33:1-6.

12. Ɔkwan bɛn so na Manase san baa Yehowa nkyɛn?

12 Ewiee ase no, wɔkyeree Manase kɔɔ Babilon kɔtoo afiase. Ebia ɔwɔ hɔ no, ɔkaee asɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo yi: “Sɛ nsɛm yi nyinaa to wo daakye na wo ho kyere wo a, wobɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn abetie no.” (Deut. 4:30) Manase san baa Yehowa  nkyɛn. Ɔkwan bɛn so? ‘Ɔbrɛɛ ne ho ase pii na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae daa’ (sɛnea mfonini a ɛwɔ kratafa 21 kyerɛ no). (2 Be. 33:12, 13) Bible nka asɛm pɔtee a Manase kae wɔ ne mpaebɔ mu, nanso ebia ɔkaa biribi te sɛ nea Ɔhene Dawid kae wɔ Dwom 51 no. Sɛ ɔkaa biribi saa oo, wanka saa oo, yebetumi aka sɛ Manase sesaa ne su koraa.

13. Dɛn nti na Yehowa de Manase bɔne firii no?

13 Bere a Manase bɔɔ mpae no, dɛn na Yehowa yɛe? “Otiee ne nkotɔsrɛ yɛɛ no adom.” Manase gye toom sɛ ne bɔne sõ, na onuu ne ho sɛnea Dawid yɛe no. Eyi nti Onyankopɔn de Manase bɔne firii no, na ɔsan de no kɔtenaa n’ahengua so wɔ Yerusalem. Afei “Manase behui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.” (2 Be. 33:13) Manase asɛm yi nso ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo na sɛ obi nu ne ho ampa a, ɔde ne bɔne firi no. Eyi yɛ asɛm a ɛka koma paa!

Yehowa de Manase bɔne firii no, enti ɔsan bɛtenaa n’ahengua so wɔ Yerusalem

YEHOWA DE BƆNE BIARA FIRI KƐKƐ?

14. Dɛn na Yehowa gyina so de obi bɔne firi no?

14 Ɛntaa nsi sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ bɔne akɛse akɛse te sɛ nea Dawid ne Manase yɛe no. Nanso sɛnea Yehowa de ahemfo baanu yi bɔne firi wɔn no ma yehu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na onu ne ho ampa a, Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔde befiri no.

15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa mfa bɔne biara mfiri kɛkɛ?

15 Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ Yehowa de nnipa nyinaa bɔne firi wɔn kɛkɛ. Momma yɛnhwɛ sɛnea Dawid ne Manase yɛɛ wɔn ade na yɛmfa ntoto Israelfo ne Yudafo asobrakyefo no ho. Bere a Dawid yɛɛ bɔne no, Yehowa somaa Natan ma okoyii no ntɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsakra n’adwene. Dawid kyerɛe sɛ n’ani sɔ hokwan a ɛte saa, na onuu ne ho. Manase nso, bere a ne ho kyeree no no, onuu ne ho. Nanso Israelfo ne Yudafo  yɛɛ bɔne mpɛn pii ma Yehowa somaa n’adiyifo kɔkasa kyerɛɛ wɔn nanso wɔsen wɔn kɔn, wɔannu wɔn ho. Eyi nti Yehowa amfa amfiri wɔn. (Monkenkan Nehemia 9:30.) Bere a Israelfo fi Babilon baa Yuda mpo, Yehowa kɔɔ so ara somaa ne nkoa anokwafo te sɛ ɔsɔfo Esra ne odiyifo Malaki kɔɔ wɔn nkyɛn. Sɛ ɔman no yɛ nea Yehowa pɛ a, na wɔn ani gye paa.—Neh. 12:43-47.

16. (a) Esiane sɛ Israel man no annu wɔn ho nti, dɛn na ɛtoo wɔn? (b) Hokwan bɛn na ankorankoro a wɔn ase fi honam fam Israel no betumi anya?

16 Bere a Yehowa somaa Yesu baa asase so no, ɔbɔɔ afɔre a ɛyɛ pɛ prɛko de tuaa agyede no. Ɛno akyi no, Yehowa annye mmoa afɔre a na Israelfo bɔ no antom bio. (1 Yoh. 4:9, 10) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkaa asɛm bi faa Yerusalem ho a ɛma yehu adwene a na n’Agya wɔ wɔ kurow no ho. Ɔkae sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo no na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo—hwɛ mpɛn dodow ara a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase! Nanso moampɛ.” Enti Yesu kae sɛ: “Hwɛ! Wɔagyaw mo fie ama mo.” (Mat. 23:37, 38) Eyi nti Yehowa de honhom fam Israel besii Israel man asobrakyefo a wɔannu wɔn ho no ananmu. (Mat. 21:43; Gal. 6:16) Ɛnde, ankorankoro a wɔn ase fi honam fam Israel no nso ɛ? Yehowa betumi de wɔn bɔne afiri wɔn anaa? Yiw, sɛ wonya Onyankopɔn mu gyidi na wogye Yesu Kristofo afɔrebɔ no tom a, Yehowa behu wɔn mmɔbɔ de wɔn bɔne afiri wɔn. Bere so sɛ wɔrenyan awufo aba asase so a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde nnipa a wɔannya hokwan annu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho ansa na wɔrewu no bɔne befiri wɔn.—Yoh. 5:28, 29; Aso. 24:15.

YEHOWA FAFIRI BOA YƐN

17, 18. Dɛn na yɛbɛyɛ na Yehowa de yɛn bɔne afiri yɛn?

17 Esiane sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Dawid ne Manase. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛyɛ abɔnefo, yɛsakra fi yɛn bɔne ho na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn, na yɛka kyerɛ no sɛ ɔmmɔ koma a emu tew mma yɛn. (Dw. 51:10) Na sɛ yɛayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ mpanyimfo no nso na wɔboa yɛn. (Yak. 5:14, 15) Sɛ yɛn bɔne sõ sɛ dɛn koraa a, asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose yi betumi akyekye yɛn werɛ: “Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso. Oyi n’adɔe adi kyerɛ nnipa mpempem, na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne firi.” Yehowa nsesae.—Ex. 34:6, 7.

18 Yehowa hyɛɛ Israelfo a na wanu wɔn ho no bɔ sɛ ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn koraa. Ɔkae sɛ, sɛ wɔn bɔne te sɛ “koogyan” mpo a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ “sukyerɛmma.” (Monkenkan Yesaia 1:18.) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn anya Yehowa fafiri? Sɛ yɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ ne fafiri na yenu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho a, ɔno nso de yɛn bɔne ne yɛn mfomso befiri yɛn korakora.

19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Sɛ Yehowa de yɛn bɔne firi yɛn saa a, ɛnde yɛbɛyɛ dɛn asuasua no na yɛde afoforo bɔne afiri wɔn? Sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na sɛ onu ne ho korakora a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛde afiri no? Adesua a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn komam na yɛayɛ yɛn ade sɛ yɛn Agya Yehowa, efisɛ ‘oye, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne befiri.’—Dw. 86:5.