Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔwɛn-Aban a Emu Nyɛ Den​—Dɛn Nti na Wɔyɛe?

Ɔwɛn-Aban a Emu Nyɛ Den​—Dɛn Nti na Wɔyɛe?

MFE pii ni, mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase afanan nyinaa anya Bible mu nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no so mfaso na wɔakyerɛ ho anisɔ. July 2011 no, wotintim Ɔwɛn-Aban a edi kan a emu nsɛm nyɛ den (simplified edition) wɔ Borɔfo kasa mu. Saa Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Yɛbɛsɔ eyi ahwɛ afe biako na sɛ yehu sɛ ɛbɛboa nkurɔfo a, yɛbɛkɔ so atintim.”

Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛma moate sɛ yɛasi gyinae sɛ yɛbɛkɔ so atintim. Akyiri yi yɛbɛyɛ Ɔwɛn-Aban a emu nsɛm nyɛ den no bi wɔ French, Portuguese, ne Spanish kasa mu.

NEA ENTI A NKURƆFO ANI GYE HO

Bere a anuanom a wɔwɔ South Pacific nsa kaa Ɔwɛn-Aban no, wɔn mu pii kae sɛ: “Afei de, anuanom tumi te Ɔwɛn-Aban no ase yiye.” Ebinom nso kyerɛwee sɛ: “Seesei yɛnsɛe bere nhwehwɛ nsɛm bi nkyerɛase, mmom yɛde saa bere no dɔ kyerɛwsɛm a ɛwom no mu asukɔ hu sɛnea ɛfa adesua no ho.”

“Seesei yɛnsɛe bere nhwehwɛ nsɛm bi nkyerɛase, mmom yɛde saa bere no dɔ kyerɛwsɛm a ɛwom no mu asukɔ hu sɛnea ɛfa adesua no ho”

Ɔbea bi a wawie kɔlege a ɔwɔ United States kae sɛ: “Mfe 18 a atwam no, na me kasa ne nsɛm a mekyerɛw nyinaa yɛ nsɛm akɛseakɛse a wɔka wɔ sukuupɔn mu. Me nhomasua kaa me nsusuwii na daa na meka nsɛm a emu dɔ. Mihui sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ me nsusuwii ne me kasa mu.” Seesei ɔbea yi yɛ ɔsɛmpakafo a otu mpɔn, na ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔwɛn-Aban a emu nsɛm nyɛ den no aboa me paa. Nsɛm a ɛwom ba fam, enti akyerɛ me sɛnea merekasa a mede me nsɛm bɛto fam.”

 Onuawa bi a ɔwɔ England a ɔbɔɔ asu 1972 nso kaa Ɔwɛn-Aban a emu nsɛm nyɛ den no ho asɛm sɛ: “Bere a mekenkan nea edi kan no, ɛyɛɛ me sɛ nea Yehowa te me nkyɛn a ɔde ne nsa ato me kɔn mu ne me rekenkan. Ná ɛte sɛ agya bi a ɔrekenkan anansesɛm bi a ɛyɛ dɛ akyerɛ ne ba ansa na wakɔ kɛtɛ so.”

Onuawa bi a ɔwɔ United States Betel a ɔbɔɔ asu bɛyɛ mfe 40 ni kae sɛ ɛtɔ da bi a Ɔwɛn-Aban a emu nsɛm nyɛ den no ma ɔte nneɛma ase yiye. Ɛho nhwɛso ne sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ “adansefo mununkum” a ɛwɔ Hebrifo 12:1 mu wɔ adaka a wɔato din, “Some Expressions Explained” (Nsɛm Bi a Wɔakyerɛkyerɛ Mu) wɔ September 15, 2011 Ɔwɛn-Aban mu no. Ɛkyerɛɛ “adansefo mununkum” mu sɛ: “Wɔdɔɔso ara ma wɔrentumi nkan wɔn.” Onuawa no kae sɛ: “Eyi ma metee saa kyerɛwsɛm no ase yiye.” Ɔkaa Ɔwɛn-Aban adesua a yɛyɛ no dapɛn biara no nso ho asɛm sɛ: “Sɛ abofra bi kenkan mmuae no tee fi Ɔwɛn-Aban a emu nsɛm nyɛ den no mu mpo a, ɛnyɛ nsɛmfua no ara na ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a nnipa dodow no ara kura no mu. Enti anuanom ani gye abofra no mmuae ho.”

Onuawa foforo a ɔwɔ Betel nso kyerɛwee sɛ: “Me yam a anka madu asafo nhyiam ase retie mmofra no mmuae. Ɔwɛn-Aban a emu nsɛm nyɛ den no aboa wɔn ma wɔma mmuae a wonsuro. Wɔn mmuae hyɛ me nkuran.”

 Onuawa bi a ɔbɔɔ asu afe 1984 kyerɛe sɛ n’ani agye saa Ɔwɛn-Aban yi ho. Ɔkae sɛ: “Eyi de, wobɛka sɛ wɔkyerɛw maa me. Merekenkan a ɛnyɛ den sɛ mɛte ase. Seesei mewɔ ahotoso sɛ yɛreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua a, metumi ama mmuae.”

AWOFO ANI GYE HO

Maame bi a ne babarima adi mfe ason kae sɛ: “Kan no sɛ yɛresua Ɔwɛn-Aban wɔ fie a, na migye bere pii kyerɛkyerɛ nsɛm mu kyerɛ no; mewie no na me mu nsu nyinaa atwe.” Ɔwɛn-Aban a emu nsɛm nyɛ den no aboa no dɛn? Ɔkyerɛwee sɛ: “Abofra no ankasa tumi kenkan te ase ma ɛyɛ me nwonwa. Esiane sɛ emu nsɛm nyɛ den na nsɛm no yɛ ntiantiaa nti, n’ani gye ho. Seesei ɔno nkutoo tumi sua a memmoa no na yɛkɔ adesua a, n’ani si Ɔwɛn-Aban no mu saa ara kosi sɛ yebewie.”

“Abofra no ankasa tumi kenkan te ase ma ɛyɛ me nwonwa”

Maame bi a ɔwɔ babea a wadi mfe akron kyerɛwee sɛ: “Bere bi a atwam no na yɛboa yɛn babea no ansa na wama mmuae. Nanso seesei de, n’ankasa tumi ma mmuae. Yɛntaa nkyerɛkyerɛ nsɛm mu ansa na wate ase. Esiane sɛ ɔte ase nti, yɛreyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua a, onya mu kyɛfa.”

NEA MMOFRA AKA

Mmofra pii te nka sɛ wɔn nti na wɔyɛɛ Ɔwɛn-Aban a emu nsɛm nyɛ den no. Abeawa bi a wɔfrɛ no Rebecca a wadi mfe 12 srɛe sɛ: “Mesrɛ mo monkɔ so nyɛ mma yɛn!” Ɔkae sɛ: “M’ani gye ɔfã a wɔato din, ‘Some Expressions Explained’ no ho paa. Emu yɛ mmerɛw ma mmofra.”

Nicolette a wadi mfe ason nso te nka saa ara. Ɔkae sɛ: “Kan no sɛ misua Ɔwɛn-Aban a, na mente ase koraa. Nanso seesei de m’ankasa tumi ma mmuae bebree.” Abeawa bi a wadi mfe akron a wɔfrɛ no Emma nso kyerɛwee sɛ: “Aboa me ne me nuabarima a wadi mfe asia no paa. Yetumi te ase yiye! Yɛda mo ase!”

Nokwasɛm ni, Ɔwɛn-Aban foforo a emu nsɛm nyɛ den yi reboa nnipa pii. Ɛreboa paa, na yɛbɛkɔ so ara atintim aka Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ hɔ dedaw a wofii ase tintim no afe 1879 mu no ho. Ɛno nso aboa nnipa pii paa.