Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ahɔho” a Wɔde Biakoyɛ Resom

“Ahɔho” a Wɔde Biakoyɛ Resom

‘Ananafo bɛhwɛ mo mfuw ne mo bobe nturo so. Mo de, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfo.’—YES. 61:5, 6.

1. Adwene bɛn na ebinom wɔ wɔ ahɔho ho? Dɛn nti na adwene a ɛte saa mfata?

ADESUA a edi eyi anim no, yehui sɛ nkurɔfo mpɛ ahɔho anaa ananafo asɛm koraa. Sɛ obi mfi wɔn man mu a, wɔmfa no nyɛ hwee, nanso adwene a ɛte saa mfata. Nokwasɛm ne sɛ onipa biara nsen ne yɔnko nipa. Nhoma bi ka sɛ: “Nnipa nyinaa yɛ anuanom, sɛnea Bible ka no ara.” (The Races of Mankind) Nnipa a wofi yafunu koro mu mpo, ɛsono sɛnea obiara te nanso wɔn nyinaa yɛ anuanom.

2, 3. Adwene bɛn na Yehowa wɔ wɔ ahɔho ho?

2 Ahɔho anaa ananafo wɔ ɔman biara so. Saa ara na na ɛte wɔ tete Israel. Yehowa Nyankopɔn de tete Israel yɛɛ ne man, na ɔne wɔn yɛɛ Mmara apam. Ná ɛnyɛ biribiara na ahɔho wɔ hokwan sɛ wɔyɛ. Nanso na Mmara no hwehwɛ sɛ Israelfo di ahɔho ni na wɔne wɔn tena asomdwoe mu. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nnɛ. Nokware Kristofo nyɛ nyiyim anaa animhwɛ; yɛnsosɔ biribi a ɛte saa so koraa. Dɛn ntia? Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Nokwasɛm ni, mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Aso. 10:34, 35.

3 Ahɔho nyaa asetena pa wɔ tete Israel. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yehowa gyee ahɔho no toom. Ná ɔsomafo Paulo nim adwene a Yehowa wɔ wɔ ahɔho ho, enti obisae sɛ: “Ɔyɛ Yudafo nkutoo Nyankopɔn? So ɔnyɛ amanaman mufo nso de bi? Yiw, ɔyɛ amanaman mufo nso de.”—Rom. 3:29; Yoel 2:32.

4. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ obiara nyɛ ɔhɔho wɔ “Onyankopɔn Israel”?

 4 Bere a Onyankopɔn ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no yɛɛ apam foforo no, abusuabɔ titiriw a ɔne honam fam Israel wɔ no mu twae. Enti wɔfrɛ saa asafo anaa ɔman foforo no “Onyankopɔn Israel.” (Gal. 6:16) Paulo kae sɛ ɔman foforo yi yɛ “baabi a Helani anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ, ɔnanani, Skiteni, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔn nyinaa mu.” (Kol. 3:11) Enti yɛreka a, na wɔremfrɛ Kristofo asafo no muni biara “ɔnanani” anaa ɔhɔho.

5, 6. (a) Asɛm bɛn na ebia ebinom bebisa afa Yesaia 61:5, 6 ho? (b) Henanom ne “Yehowa asɔfo” ne “ananafo” a Yesaia kaa wɔn ho asɛm no? (d) Ɔkwan bɛn so na akuw abien yi bom yɛ adwuma?

5 Ebia obi bebisa sɛ: ‘Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 61 a ɛbaa mu wɔ Kristofo asafo no so no nso ɛ?’ Nkyekyɛm 6 ka sɛ ebinom bɛsom sɛ “Yehowa asɔfo.” Nanso nkyekyɛm 5 ka sɛ “ahɔho” anaa “ananafo” bɛboa saa “asɔfo” no. Dɛn nti na wɔkaa “ahɔho” ne “ananafo” ho asɛm wɔ ha?

6 “Yehowa asɔfo” no yɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wobenya “owusɔre a edi kan.” Eyinom bɛyɛ “Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi hene mfe apem.” (Adi. 20:6) Saafo no akyi no, Kristofo anokwafo pii wɔ hɔ a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so. Wɔne wɔn a wɔbɛkɔ soro no bom yɛ adwuma, nanso esiane sɛ wɔnka “Onyankopɔn Israel” no ho nti, ɔkwan bi so no, wɔte sɛ ahɔho anaa ananafo. Wɔne “Yehowa asɔfo” no bom yɛ adwuma anigye so, enti sɛ yɛbɛka a, ‘wɔhwɛ wɔn mfuw ne wɔn bobe nturo so.’ Wɔboa wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn yɛ adwuma wɔ honhom fam afuw mu de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Bere a wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no nyinaa reyɛ adwuma wɔ “afuw” no mu no, sɛ wonya nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn daa a, woyi wɔn yam boa wɔn.—Yoh. 10:16.

 WƆYƐ “AHƆHO NE AMAMFRAFO” TE SƐ ABRAHAM

7. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ te sɛ Abraham ne nnipa anokwafo foforo a wɔtenaa ase tete no?

7 Sɛnea yehui wɔ adesua a edi eyi anim mu no, nokware Kristofo te sɛ ahɔho anaa amamfrafo wɔ Satan wiase bɔne yi mu. Ɔkwan bi so no, wɔte sɛ Abraham ne nnipa anokwafo foforo a wɔtenaa ase tete no. Bible ka sɛ na “wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase no so.” (Heb. 11:13) Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asase so oo, yebetumi ne Yehowa afa adamfo sɛnea Abraham yɛe no. Yakobo kae sɛ: “‘Abraham gyee Yehowa dii, na wobuu no trenee maa no,’ na wɔbɛfrɛɛ no ‘Yehowa adamfo.’”—Yak. 2:23.

8. Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ Abraham? Abraham tee nka dɛn wɔ bɔhyɛ no ho?

8 Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔnam Abraham ne n’asefo so behyira asase so mmusua nyinaa, na ɛnyɛ ɔman biako pɛ. (Monkenkan Genesis 22:15-18.) Ɛwom sɛ na saa bɔhyɛ no bɛbam wɔ Abraham wu akyi de, nanso na ogye di sɛ ɛbɛbam ɔkwan biara so. Abraham nkwa nna dodow no ara, ɔne n’abusua dii atutena, nanso ɔne Yehowa adamfofa mu antetew da.

9, 10. (a) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Abraham? (b) Dɛn na yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔayɛ nnɛ?

9 Ɛwom sɛ na Abraham nnim bere pɔtee a bɔhyɛ no bɛbam de, nanso ɔdɔ ne ahokeka a ɔde som Yehowa no ammrɛ ase da. Ɔde n’ani sii bɔhyɛ no so, na wanyɛ n’adwene sɛ ɔbɛpɛ ɔman bi abɔ atenaseɛ wɔ hɔ. (Heb. 11:14, 15) Ɛyɛ papa sɛ yesuasua Abraham na yɛma yɛn asetena yɛ wɛ na yɛkwati akɛsesɛm. Ɛnsɛ sɛ yebiri yɛn mogya ani hwehwɛ ahonyade, edin anaa nnwuma akɛseakɛse. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho bɔ atenaseɛ na yɛdwudwo yɛn ho wɔ wiase a ɛrenni gyina yi mu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho fam biribi a ɛrentena hɔ nkyɛ ho? Abraham de n’ani too biribi pa so, na saa ara na yɛn nso yɛretwɛn adepa bi. Yɛde abotare retwɛn kosi sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam.—Monkenkan Romafo 8:25.

Worehwɛ kwan sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam te sɛ Abraham?

10 Ɛnnɛ nso Yehowa reto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu sɛ wɔmfa Abraham aseni no so nnya nhyira. “Yehowa asɔfo” a wɔasra wɔn ne nguan foforo (anaa “ananafo”) no reka asɛm yi kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ kasa bɛboro 600 mu.

HWƐ TRA WO MAN

11. Dɛn na Solomon ka faa ahɔho ho?

11 Bere a Solomon rehyira asɔrefie no so ama Yehowa bɛyɛ mfe 1026 ansa na Kristo reba no, ɔbɔɔ mpae bi a ɛma yehu sɛnea Yehowa bu ahɔho. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ, sɛ nkurɔfo a wofi aman horow so de wɔn ani kyerɛ asɔrefie no bɔ mpae a, ontie. Ná eyi bɛma wɔn nso anya ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham no so mfaso. Solomon bɔɔ mpae sɛ: “Ɔhɔho a omfi wo man Israel mu mpo, sɛ wo din nti ofi akyirikyiri asase so ba, (efisɛ wɔbɛte wo din kɛse ne wo nsa a ɛyɛ den ne wo basa a woateɛ mu no ho asɛm) na ɔde n’ani kyerɛ ofie yi bɔ mpae a, wo ara fi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie na yɛ ɔhɔho no abisade a ɔde to w’anim nyinaa ma no, na ama asase so aman nyinaa ahu wo din na wɔasuro wo sɛnea wo man Israel suro wo no.”—1 Ahe. 8:41-43.

12. Dɛn na ɛma ebinom bu Yehowa Adansefo sɛ “ananafo”?

12 Sɛ obi kɔtena obi man so anaa kurow foforo mu a, na wabɛyɛ ɔnanani  anaa ɔhɔho. Yehowa Adansefo te sɛ ananafo anaa ahɔho. Biribiara a wɔyɛ no, wɔyɛ ma Onyankopɔn soro Ahenni a Kristo di so no. Enti wɔmfa wɔn ho nnyigye amanyɔsɛm mu koraa. Ebinom mpo bu wɔn sɛ wɔyɛ te-man-mu-hunu.

Yehowa ani so no, wɔn mu biara nyɛ ɔnanani anaa ɔhɔho

13. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔkwan bi so no, yɛn adwene na ɛma yebu obi sɛ “ɔnanani”? (b) Mfiase no, na Yehowa pɛ sɛ nnipa nyinaa bu wɔn yɔnko nnipa dɛn?

13 Ɛtɔ da bi a, nea ɛma yehu sɛ obi yɛ ɔnanani anaa ɔhɔho ne kasa a ɔka, n’amammerɛ, n’anim, ne nipadua ne n’atadehyɛ. Nanso nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu di nsɛ wɔ nneɛma pii mu, na wohwɛ nneɛma a ɛma nnipa di nsɛ no a, wuhu sɛ nea ɛma yɛda nsow te sɛ kasa anaa amammerɛ no nkyerɛ hwee koraa. Enti nea yegyina so bu obi hɔho anaa ɔnanani no, sɛ yeyi no akwa a, yɛremmu obiara saa. Sɛ yɛhwɛ tra nneɛma a ɛma obi da nsow a, yehu sɛ ɔnanani nni baabiara. Sɛ aban biako na edi asase nyinaa so a, anka yɛremfrɛ obiara ɔnanani. Nokwasɛm ne sɛ, mfiase no, na Yehowa pɛ sɛ nnipa nyinaa yɛ biako wɔ nniso biako ase—Yehowa nniso ase. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnnɛ mpo ebinom bu nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu sɛ anuanom, na obiara nyɛ ɔnanani?

14, 15. Yehowa Adansefo nkutoo ne nnipakuw a wɔatumi ayɛ dɛn?

14 Ɛnnɛ nnipa pii nnwen afoforo ho na obiara susuw sɛ ne man ye sen ɔman biara. Nanso anigyesɛm ne sɛ nnipa bi wɔ hɔ a wɔhwɛ tra wɔn man. Nokwasɛm ne sɛ egye mmɔdenbɔ na yɛasesa adwene a yɛwɔ wɔ afoforo ho. Owura bi a wɔfrɛ no Ted Turner na ɔkɔfaa CNN television no bae. Ɔne animdefo a wofi aman horow so yɛɛ adwuma, na ɔkae sɛ: “Eyi buee m’adwenem paa. Mibehui sɛ nkurɔfo a wofi aman foforo so nyɛ ‘ananafo,’ na mmom me yɔnko nnipa a wɔte asase so.” Enti ɔhyɛɛ mmara bi wɔ adwumam sɛ, obiara mmfa asɛmfua “ɔnanani” nnni dwuma wɔ hɔ koraa.

15 Yehowa Adansefo nkutoo ne nnipakuw a wɔwɔ wiase a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nnipa ho. Enti wɔhwɛ tra ahye a akyekyɛ aman mu, na wɔasesa adwene a wɔwɔ wɔ afoforo ho. Wɔntan nkurɔfo a wofi aman foforo so na wonni wɔn ho adwemmɔne. Mmom wohu sɛ nnipa gu ahorow na obiara ne ne dom akyɛde, na eyi nyinaa ka bom ma asetena yɛ anika. Woagye bere  asusuw nea Adansefo no atumi ayɛ yi ho pɛn? Eyi mmaa wonsesaa adwene a wowɔ wɔ afoforo ho?

WIASE A ANANAFO NNIM

16, 17. Sɛ Adiyisɛm 16:16 ne Daniel 2:44 bam a, mfaso bɛn na w’ankasa wubenya?

16 Ɛrenkyɛ koraa wiase aman nyinaa bɛsɔre atia Onyankopɔn nniso. Yesu Kristo ne ɔsoro asafodɔm no nso bɛma wɔn homene so ne wɔn ako. Wɔfrɛ ɔko no “Hebri mu sɛ Harmagedon.” (Adi. 16:14, 16; 19:11-16) Bɛboro mfe 2,500 a atwam no, odiyifo Daniel kyerɛɛ nea ɛbɛto nnipa nniso a ɛne Onyankopɔn di asi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara. Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Dan. 2:44.

17 Sɛ saa asɛm yi bam a, mfaso bɛn na w’ankasa wubenya? Ahye a nnipa de akyekyɛ aman mu a ɛma yebu ebinom sɛ ananafo no nyinaa bɛyera afi hɔ. Ɛwom, nnipa bi bɛda nsow wɔ afoforo ho, nanso nea eyi bɛkyerɛ ara ne sɛ Onyankopɔn abɔde gu ahorow na ɛyɛ fɛ. Esiane sɛ yɛrehwɛ biribi pa a ɛte saa kwan nti, momma yɛn nyinaa nkɔ so nhyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam sɛnea yɛn ahoɔden bɛma yɛn kwan biara.

Wohwɛ kwan sɛ bere bi bɛba a ahye a nnipa de akyekyɛ aman mu befi hɔ ma obiara renyɛ “ɔnanani” bio?

18. Dɛn na akɔ so nnansa yi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo mu de, obiara nyɛ “ɔnanani”?

18 Wugye di paa sɛ bere bi bɛba ma yɛaka sɛ ɔnanani nni wiase baabiara? Ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ biribi a ɛte saa bɛba. Ɛnnɛ mpo Yehowa Adansefo de, ɔman a obi fi mu mfa wɔn ho; wobu wɔn nuanom nyinaa sɛ nnipa biako. Enti sɛ yɛbɛka a, wommu obiara “ɔnanani.” Ɛho nhwɛso bi ni: Nnansa yi wɔde baa dwumadibea nketewa bi akɔka afoforo ho wɔ aman bi so. Eyi boa ma Ahenni asɛmpaka adwuma no kɔ so wɔanowɔano. (Mat. 24:14) Bere a wɔrekeka baa dwumadibea ahorow bi abom no, wɔanhwɛ ahye a ɛkyekyɛ aman mu, gye sɛ mmara hwehwɛ sɛ wɔyɛ saa. Eyi yɛ ade foforo a ɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo a Yehowa asi no hene no repopa ahye a nnipa de akyekyɛ aman mu no. Ɛrenkyɛ “obewie ne nkonimdi koraa”!—Adi. 6:2.

19. Dɛn na nokware no aboa Yehowa nkurɔfo ma wɔatumi ayɛ?

19 Yehowa Adansefo fi aman ahorow so, na wɔka kasa pii, nanso ade biako bi aka wɔn nyinaa abom sɛ nnipa biako a biribiara ntumi ntetew wɔn ntam. Eyi ne kasa kronn anaa Bible mu nokware no. (Monkenkan Sefania 3:9.) Wɔyɛ abusua biako wɔ wiase nyinaa, nanso wɔnyɛ wiase bɔne yi fã. Ɛnnɛ mpo sɛ wɔatumi ayɛ biako a, ɛnde fa w’ani bu nea ɛbɛba wiase foforo no mu hwɛ! Saa bere no de, obiara nni hɔ a wɔbɛfrɛ no ɔnanani wɔ wiase baabiara. Obiara ani begye na yebehu sɛ asɛm a nhoma bi kae no yɛ nokware ampa sɛ: “Nnipa nyinaa yɛ anuanom, sɛnea Bible ka no ara.”—The Races of Mankind.