Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Ensi Wo Yiye

Ma Ensi Wo Yiye

“Ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.”—YOS. 1:8.

1, 2. (a) Dɛn na nnipa pii de kyerɛ sɛ asi obi yiye? (b) Wo nso ɛ, dɛn na ɛbɛma woahu adwene a wukura?

SƐ YƐKA sɛ asi obi yiye wɔ asetenam a, ɛkyerɛ dɛn? Wubisa nkurɔfo saa asɛm yi a, wubehu sɛ ɛsono mmuae a obiara bɛma. Nnipa pii susuw sɛ, sɛ obi wɔ sika pii anaa n’adwuma rekɔ yiye anaa wasua ade kɔ akyiri a, ɛkyerɛ sɛ asi no yiye. Ebinom nso susuw sɛ, sɛ wotumi ne wɔn abusua, wɔn nnamfo ne wɔn adwumayɛfo bɔ yiye a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ asi wɔn yiye. Obi a ɔsom Onyankopɔn mpo betumi anya adwene sɛ, sɛ obi wɔ hokwan wɔ asafo no mu anaa otumi yɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu a, ɛkyerɛ sɛ asi no yiye.

2 Wo nso ɛ? Dɛn na wode hu sɛ asi obi yiye? Sɛ wopɛ sɛ wuhu a, kyerɛw nnipa bi a wopɛ wɔn asɛm anaa wubu wɔn a wususuw sɛ asi wɔn yiye din. Ade biako bɛn na ɛda adi wɔ wɔn nyinaa ho? Wɔyɛ asikafo anaa wɔagye din? Anaa wɔyɛ nnipa atitiriw? Mmuae no na ɛbɛkyerɛ nea ɛwɔ wo komam. Afei ɛbɛkyerɛ gyinae a wubesi ne nea wopɛ sɛ woyɛ daakye.—Luka 6:45.

3. (a) Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yosua yɛ na asi no yiye? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Dɛn na ɛma Yehowa bu obi sɛ asi no yiye? Eyi ne ade a ɛsɛ sɛ yɛma ehia yɛn paa, efisɛ yɛn nkwa gyina so. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ onni Israelfo anim nkɔ Bɔhyɛ Asase no so no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkenkan Mose Mmara no “awia ne anadwo” na onni nea wɔakyerɛw wom no nyinaa so. Onyankopɔn maa no awerɛhyem sɛ ‘ɔyɛ saa a, ebesi no yiye na wayɛ n’ade nyansam.’ (Yos. 1:7, 8) Ampa-ne-ampa ara esii Yosua yiye. Yɛn nso ɛ? Sɛ yɛka sɛ asi obi yiye a, saa ara na Onyankopɔn nso hu no anaa? Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛahu no, momma yɛnhwɛ mmarima baanu bi a Bible ka wɔn ho asɛm.

 ESII SOLOMON YIYE ANAA?

4. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ esii Solomon yiye?

4 Yebetumi aka sɛ esii Solomon yiye wɔ akwan pii so. Dɛn ntia? Efisɛ bere tenten a na osuro Yehowa na otie no no, Yehowa nso hyiraa no paa. Kae sɛ bere a Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ ommisa no biribiara a ɔpɛ no, ɔsrɛɛ nyansa a ɔde bebu ɔman no. Onyankopɔn nso maa no nyansa ne ahonyade pii. (Monkenkan 1 Ahene 3:10-14.) Ná ne nyansa “dɔɔso sen Apuei Famfo nyinaa nyansa ne Egypt nyansa nyinaa.” Solomon din “hyetaa aman a atwa hɔ ahyia nyinaa mu.” (1 Ahe. 4:30, 31) Solomon sika de, yɛnna nka mpo. Sɛ yɛkari sika kɔkɔɔ a na onya no afe biara a, ɛbɛyɛ tɔn 25! Yɛde ba ɛnnɛ sika mu a, ɛboro Amerika dɔla ɔpepepem biako. (2 Be. 9:13) Osisii adan yɛɛ nneɛma akɛse akɛse pii. Ná ɔyɛ obi a otumi ne aman ahorow di nkitaho yiye. Afei nso na ɔwɔ nimdeɛ a otumi ne aman horow di nsawɔso wɔ aguadi mu. Yebetumi aka sɛ bere a Solomon dii Onyankopɔn nokware no, esii no yiye.—2 Be. 9:22-24.

5. Dɛn na Solomon hui sɛ ɛma obi di yiye wɔ Onyankopɔn anim?

5 Nsɛm a Solomon kyerɛw wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu ma yehu sɛ na onim nea ɛkyerɛ sɛ asi obi yiye. Na onim sɛ ɛnyɛ sika anaa anuonyam nkutoo na ɛkyerɛ sɛ asi obi yiye anaa ɔwɔ anigye. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mahu sɛ adepa biara nni hɔ mma nnipa sɛ wobegye wɔn ani na wɔahu adepa wɔn asetena mu; ne sɛ onipa biara bedidi na wanom na wahu adepa, ne brɛ nyinaa mu. Onyankopɔn akyɛde ne no.” (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Ohui sɛ, sɛ obi ne Onyankopɔn ntam yɛ papa a, ɛnde nneɛma pa a ɛte saa bɛma n’ani agye paa. Solomon kae sɛ: “Asɛm no awiei, nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro nokware Nyankopɔn no na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne onipa asɛde.”—Ɔsɛnk. 12:13.

6. Sɛ yɛhwɛ Solomon nhwɛso no a, yehu sɛ dɛn na ɛma esi obi yiye ankasa?

6 Solomon ne Onyankopɔn nantewee mfe pii, na na ɔyɛ obi a osuro Onyankopɔn. Bible ka sɛ ɔkɔɔ so “dɔɔ Yehowa, na ɔnantew ne papa Dawid ahyɛde mu.” (1 Ahe. 3:3) So ɛnyɛ eyi na ɛkyerɛ sɛ asi obi yiye? Onyankopɔn boaa Solomon ma osii asɔrefie fɛfɛɛfɛ bi a wɔbɛsom no wom, na ɔma ɔkyerɛw Bible mu nhoma abiɛsa. Yɛrentumi nka sɛ yebetumi ayɛ nea Solomon yɛe no bi, nanso yehu sɛ bere a odii Onyankopɔn nokware no esii no yiye. Eyi boa yɛn ma yehu nea ɛkyerɛ ankasa sɛ asi obi yiye, na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea yɛbɛyɛ na asi yɛn yiye. Onyankopɔn de ne honhom kaa Solomon ma ɔkyerɛw sɛ ahonyade, nyansa, edin, ne tumi nyinaa yɛ ahuhude. Nanso ɛnnɛ nnipa pii susuw sɛ eyinom na ɛkyerɛ sɛ asi obi yiye. Eyinom nyinaa yɛ “adehunu akyidi,” hwee nnim. Wɔn a wɔpɛ sika no sika mmee wɔn, na nea wɔwɔ mpo agyaw wɔn adwinnwen. Awerɛhosɛm ne sɛ daakye wɔn ahonyade nyinaa bɛkɔ akodi afoforo nsam.—Monkenkan Ɔsɛnkafo 2:8-11, 17; 5:10-12.

7, 8.  Ɛyɛɛ dɛn na Solomon man fii Yehowa ho? Na dɛn na efii mu bae?

7 Akyiri yi Solomon yɛɛ Yehowa so asoɔden. Bible ka sɛ: “Solomon nkwakoraabere mu no, ne yerenom dan ne koma kodii anyame foforo akyi; ne koma anni mũ wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn ho sɛ ne papa Dawid koma.” Enti Solomon “fii ase yɛɛ Yehowa ani so bɔne.”—1 Ahe. 11:4-6.

8 Yehowa ani annye nea Solomon yɛe no ho koraa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ woayɛ eyi na woanni m’apam ne m’ahyɛde a mehyɛɛ wo so nti, ohwim  na mehwim ahenni no afi wo nsam, na w’akoa na mede bɛma no.” (1 Ahe. 11:11) Hwɛ awerɛhosɛm! Ná asi Solomon yiye wɔ akwan pii so, nanso hwɛ sɛ afei waman afi Yehowa ho. Ade a ehia paa sɛ Solomon yɛ no wannyɛ—wankɔ so anni Onyankopɔn nokware. Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘Masi me bo sɛ mesua biribi afi nea ɛtoo Solomon no mu na aboa me ma asi me yiye anaa?’

ESII NO YIYE ANKASA

9. Wugye di sɛ wiase no ani so no, esii Paulo yiye? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Sɛ yɛhwɛ ɔsomafo Paulo asetena na yɛhwɛ Ɔhene Solomon de a, yehu sɛ ɛsono wɔn mu biara koraa. Ná Paulo nyɛ obi a ɔte ahemfie adwudwo ne ho na ɔne ahemfo didi nom te sɛ Solomon. Mmom na ɔkɔm, sukɔm, ne awɔw taa de no, na ɛtɔ bere mpo a na ɔda adagyaw. (2 Kor. 11:24-27) Bere a Paulo gyee Yesu toom sɛ Mesia no, anuonyam biara a ɔwɔ wɔ Yudasom mu bɔɔ no. Yudasom mu akannifo tuu wɔn ani sii no so. Wɔde no too afiase, wɔhwee no, wɔkaa no mpire, na wosiw no abo. Paulo kae sɛ wɔsopaa ɔne ne mfɛfo Kristofo, wɔtaa wɔn, na wɔsɛee wɔn din mpo. Ɔde kaa ho sɛ: “Yɛayɛ sɛ wiase sumina, nneɛma nyinaa mu nwura dodow de besi nnɛ.”—1 Kor. 4:11-13.

Na nnipa susuw sɛ sɛnea nneɛma rekɔ no, ebesi Saul yiye

10. Dɛn nti na ebia ebinom benya adwene sɛ Paulo sɛee hokwan kɛse a onyae?

10 Bere a ɔsomafo Paulo yɛ aberante a wɔfrɛ no Saul no, ebia nnipa ani so no na biribiara rekɔ yiye ma no. Ɛbɛyɛ sɛ wɔwoo no too abusua a agye din mu. Osuaa ade wɔ ɔkyerɛkyerɛfo kukudam Gamaliel nan ase. Akyiri yi Paulo kyerɛwee sɛ: “Midii m’atipɛnfo a wɔwɔ me man mu no mu pii kan wɔ Yudasom mu.” (Gal. 1:14) Na Paulo te Hebri ne Hela kasa paa. Afei nso na ɔyɛ Roma man ba, enti na ɔwɔ hokwan ahorow bi. Sɛ Paulo pɛ sɛ esi no yiye wɔ wiase a, anka ɔbɛyɛ onipa kɛse na wanya ne ho tam. Nanso biribi foforo na ɔde sii n’ani so wɔ n’asetenam. Ebia afoforo ne n’abusuafo mpo buu nea ɔyɛe no sɛ nkwaseasɛm. Adɛn ntia?

11. Dɛn na na ɛsom bo ma Paulo, na dɛn na na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ? Dɛn ntia?

11 Ná Paulo dɔ Yehowa, na na ɔpɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani sen sɛ obenya ahonyade ne anuonyam. Bere a Paulo suaa nokware no, nea na ɛsom bo ma no paa ne agyede no, Kristofo som adwuma no, ne ɔsoro anidaso a ɔwɔ no. Eyinom yɛ nneɛma a wiase no mmu koraa. Ná Paulo nim asɛm bi a Satan aka a ɛsɛ sɛ nokware a ɛwom da adi. Na Satan aka sɛ  obetumi ama nnipa agyae Onyankopɔn som. (Hiob 1:9-11; 2:3-5) Nanso na Paulo asi ne bo sɛ sɔhwɛ biara a obehyia no, obedi Onyankopɔn nokware na wakɔ so asom no. Nnipa a wɔpɛ sɛ wodi yiye wɔ wiase de, wommu eyinom asɛnhia biara.

Esii Paul yiye ankasa

12. Dɛn nti na wode w’ani to Onyankopɔn so?

12 Nea na esi Paulo ani so no bi na esi w’ani so anaa? Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi nokware bere nyinaa, nanso sɛ yemia yɛn ani di nokware a, Yehowa ani begye yɛn ho na wahyira yɛn. Eyi na ɛkyerɛ sɛ asi yɛn yiye ankasa. (Mmeb. 10:22) Yebenya nhyira nnɛ, na yɛhwɛ kwan sɛ daakye nso yebenya nhyira pii. (Monkenkan Marko 10:29, 30.) Enti ‘ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ani to ahonyade a enni nnyinaso so, na mmom Onyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye’ no so. Yɛyɛ saa a, na ‘yɛreto fapem pa asie yiye ama daakye, na ama yɛatumi aso nkwa ankasa no mu denneennen.’ (1 Tim. 6:17-19) Yebetumi aka no pen sɛ mfe ɔha, mfe apem, anaa nea ɛboro saa mpo twam na yebu kɔmpɔ hwɛ yɛn akyi a, yɛn mu biara bɛka sɛ, “Nea meyɛe no ama asi me yiye paa!”

BAABI A W’ADEMUDE WƆ

13. Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ ademude ho?

13 Yesu kaa ademude ho asɛm sɛ: “Munnyae ademude a mohyehyɛ wɔ asase so no, baabi a nwewee ne nkannare sɛe no, na akorɔmfo bubu kowia. Mmom no, monhyehyɛ mo ademude ɔsoro, baabi a nwewee anaa nkannare nsɛe no, na akorɔmfo mmubu nkowia. Na baabi a w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.”—Mat. 6:19-21.

14. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛbɛhyehyɛ ademude wɔ asase so?

14 Ɛnyɛ sika nkutoo ne ademude a obi betumi anya wɔ asase so. Yebetumi aka sɛ edin ne tumi ne anuonyam a Solomon kyerɛw ho asɛm no ka saa ademude yi ho. Eyi na nnipa susuw sɛ sɛ obi nya a na asi no yiye. Asɛm a Yesu kae ne nea Solomon kae wɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu yɛ adekoro. Nea na wɔrekyerɛ ne sɛ, sɛ obi hyehyɛ ademude wɔ asase so a, enni gyina. Yenim sɛ ademude a ɛte saa betumi asɛe anaasɛ ebetumi afi obi nsa prɛko pɛ. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no F. Dale Bruner kaa biribi faa ademude a Yesu kaa ho asɛm no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Obi begye din nnɛ, ɔkyena na edin no ayera. Nea nnɛra na ɔyɛ ɔmamma no, ɛnnɛ wɔnkae no bio. Obi benya sika pii nnɛ nanso afe bɛba no na hwee nni ne nsam. Yesu dɔ nnipa na ɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ anuonyam ntena hɔ daa, enti wodi akyi a wɔn nsa besi fam. Yesu mpɛ sɛ biribi a ɛte saa bɛto n’asuafo. Wiase ma obi so nnɛ, ɔkyena na ayi no ahwe fam.” Ɛwom sɛ nnipa pii ne ɔbenfo no bɛyɛ adwene, nanso wɔn mu ahe na wɔde Yesu asɛm no bɔ wɔn bra? Wo nso ɛ, wode bɛbɔ wo bra anaa?

15. Ade a ɛho hia paa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so?

 15 Nyamesom akannifo bi kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bedi yiye koraa. Nanso Yesu anka sɛ ɛyɛ mfomso koraa sɛ obi bɛma asi no yiye. Mmom na ɔrehyɛ n’asuafo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ani nsi ade a ehia paa so. Ɛno ne sɛ wɔbɛhyehyɛ wɔn “ademude ɔsoro.” Nea yɛpɛ paa ne sɛ yɛbɛma Yehowa mmom ahu sɛ asi yɛn yiye. Yesu asɛm no kae yɛn sɛ nea yɛbɛyɛ biara gyina yɛn ankasa so. Nokwasɛm ne sɛ nea ɛwɔ yɛn komam anaa ɛsom bo ma yɛn na yɛbɛpere ahwehwɛ.

16. Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

16 Ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea Yehowa pɛ a, ɔno nso bɛma yɛanya nea yɛn koma pɛ. Ɛtɔ da bi a Yehowa bɛma kwan ma ɔkɔm ne sukɔm ade yɛn sɛnea ɛtoo ɔsomafo Paulo no. (1 Kor. 4:11) Nanso ɛsɛ sɛ yetie Yesu afotu yi: “Munnnwinnwen nnka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa. Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.”—Mat. 6:31-33.

MA ENSI WO YIYE WƆ ONYANKOPƆN ANI SO

17, 18. (a) Sɛ ebesi yɛn yiye a, egyina dɛn so? (b) Dɛn na ennyina so?

17 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nokwasɛm yi nsow: Ɛnyɛ nnwuma a yɛayɛ anaa din a yɛagye wɔ wiase na ɛkyerɛ sɛ asi yɛn yiye. Bio nso sɛ obi wɔ hokwan bi wɔ asafo no mu a, ɛno ara nkyerɛ sɛ asi no yiye. Sɛ yetie Onyankopɔn na yedi no nokware a, ɛno na ɛma esi yɛn yiye. Osetie a ɛte saa na ɛma obi nya hokwan bi wɔ asafo no mu. Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea wɔhwehwɛ fi ofiehwɛfo hɔ ne sɛ wobehu sɛ odi nokware.” (1 Kor. 4:2) Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di nokware. Yesu kae sɛ: “Nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.” (Mat. 10:22) Sɛ obi di nokware kosi ase na wogye no nkwa a, ɛbɛkyerɛ sɛ asi no yiye ampa!

18 Yɛhwɛ nea yɛaka yi a, yehu sɛ ɛnyɛ edin a yɛagye, yɛn nhomasua, yɛn sika, anaa yɛn dibea na ɛma yedi Onyankopɔn nokware. Saa ara nso na ennyina yɛn nyansa, yɛn dom akyɛde, anaa yɛn nimdeɛ so. Sɛnea yɛte biara yebetumi adi Onyankopɔn nokware. Asomafo no bere so no, na Onyankopɔn asomfo bi yɛ asikafo ɛnna ebi nso yɛ ahiafo. Paulo tuu asikafo no fo sɛ “wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam, na wɔnkyɛ ade.” Yehu sɛ nyansa wɔ saa afotu yi mu. Ná adefo ne ahiafo nyinaa betumi “aso nkwa ankasa no mu denneennen.” (1 Tim. 6:17-19) Ɛnnɛ nso saa ara na ɛte. Yɛn nyinaa wɔ hokwan ne asɛyɛde koro. Ɛno ara ne sɛ yebedi nokware na yɛayɛ “adefo nnwuma pa mu.” Yɛyɛ saa a, ebesi yɛn yiye wɔ yɛn Bɔfo no ani so, na yɛn ani begye sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ n’ani.—Mmeb. 27:11.

19. Dɛn na woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ na asi wo yiye?

19 Yɛrentumi nsesa adwene a nkurɔfo wɔ wɔ yɛn ho; yɛn ankasa na ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ tebea a yɛwom anaa gyinae a yɛasi no fata. Tebea biara a wowom no, sɛ woyere wo ho di nokware a, ebesi wo yiye. Nya ahotoso sɛ Yehowa behyira wo pii—ɛnnɛ de akosi daa. Mma wo werɛ mfi asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no: “Di nokware kosi owu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.” (Adi. 2:10) Sɛ yɛka sɛ asi obi yiye paa a, nea ɛkyerɛ ni!