Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Yɛbɛyɛ dɛn adum anokurokuro gya no?

Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn koma mu. Sɛ́ anka yebenya yɛn nua ho adwemmɔne no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho nea enti a yɛkeka ne ho nsɛm. Adwene bɛn na yɛde keka ne ho nsɛm? Yɛpɛ sɛ yɛbrɛ no ase na yɛn anim ba nyam anaa? Afei ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ sɛ yɛkeka yɛn nua ho nsɛm a, ɛbɛsɛe yɛne no ntam koraa.—8/15, kratafa 21.

Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no ma yehu adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ mmea ho?

Ná Israel mmea wɔ fahodi, na na wotumi sua nneɛma pii nso. Ná wɔwɔ nidi ne obu ne ahobammɔ.—9/1, kratafa 5-7.

Nsɛm bɛn na ebesisi ansa na Yehowa da no aba?

Wɔbɛpae mu aka “Asomdwoe ne dwoodwoo!” Amanaman no bɛtow ahyɛ Babilon Kɛse no so. Afei wɔbɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Harmagedon ko no bɛba, na ɛno akyi no wɔbɛkyekyere Satan ne n’adaemone de wɔn agu amoa donkudonku mu.—9/15, kratafa 4.

Ɛda a awiei no bɛba a yennim no boa yɛn dɛn?

Da ne dɔn a awiei no bɛba a yennim no ma nea ɛwɔ yɛn komam da adi. Bio nso ɛma yenya hokwan yɛ nneɛma a ɛma Onyankopɔn koma tɔ ne yam. Ɛma yeyi yɛn yam som Onyankopɔn, na yɛboa afoforo. Afei ɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho nyinaa to Onyankopɔn so na ɛma yɛde n’Asɛm di dwuma wɔ biribiara mu. Bio, sɔhwɛ a yɛfa mu nnɛ no ma yɛn gyidi yɛ den.—9/15, kratafa 24-25.

Yɛbɛyɛ dɛn de asɛm a ɛwɔ Genesis 3:19 aboa obi a ogye di sɛ Ɔbonsam gya wɔ hɔ?

Saa kyerɛwsɛm no ka sɛ Adam wu a ɔbɛsan akɔ dɔte mu; ɛnka sɛ ɔbɛkɔ Ɔbonsam gya mu.—10/1, kratafa 13.

“Nsoromma ason” a ɛwɔ Yesu nsa nifa mu a Adiyisɛm 1:16, 20 ka ho asɛm no gyina hɔ ma hefo?

Egyina hɔ ma asafo mu ahwɛfo a wɔasra wɔn, nanso yɛreka a, ɛfa asafo mu mpanyimfo nyinaa ho.—10/15, kratafa 14.

Sɛ abusua bi ho aka dɔɔso a, wɔbɛyɛ no dɛn?

Ɛsɛ sɛ awarefo de ntoboase ka wɔn ka no ho asɛm; ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara sie. Ɛbɛyɛ papa sɛ wɔsẽsẽ ɛka a seesei wɔbɔ nyinaa. Ebia wobetumi atew ɛka a abusua no bɔ so anaa wɔbɛhwɛ kwan a wɔbɛfa so ama abusua no anya sika kakra aka nea wɔwɔ ho. Ɛsɛ sɛ wohu ɛka a wobedi kan atua. Bio nso wobetumi ne wɔn a wɔde wɔn ka no atena ase asusuw ne tua ho. Nanso sɛ nneɛma ankɔ sɛnea ɛsɛ sɛ ɛkɔ a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wɔn nwonwa; afei nso ɛnsɛ sɛ wɔma sika gye wɔn adwene. (1 Tim. 6:8)—11/1, kratafa 19-21.

Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 50:4, 5 no?

Ɛhɔ ka sɛ nea wɔama no “asuafo tɛkrɛma” no ‘rensan n’akyi.’ Yesu brɛɛ ne ho ase yɛɛ aso tiee nea n’Agya kyerɛɛ no biara. Ná ne ho pere no sɛ obesua biribi afi Yehowa nkyɛn, na bere a Onyankopɔn brɛɛ ne ho ase na ɔdaa mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ adesamma abɔnefo no, na Yesu rehwɛ.—11/15, kratafa 11.

Ɔkwan bɛn so na Estonia setampo bi daa no adi sɛ Yehowa Adansefo annyae wɔn mudi mu?

Afe 2007 no, Estonia Posɔfese mpanyimfo twaa setampo bi de kaee Estoniafo a Stalin bere so wokunkum wɔn no. Na wɔakyerɛw nɔma 382 agu setampo no so. Na ɛno kyerɛ Yehowa Adansefo ne wɔn mma dodow a wotwaa wɔn asu 1951 kɔɔ nneduaban mu wɔ Russia mfinimfini tɔnn.—12/1, kratafa 27-28.