Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Yiye na Woamfa Gyidihunu Ammata Bible Ho

Hwɛ Yiye na Woamfa Gyidihunu Ammata Bible Ho

“ONYANKOPƆN asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.” (Heb. 4:12) Asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi si so dua sɛ Onyankopɔn asɛm wɔ tumi a ɛka nnipa koma na ɛsesa wɔn abrabɔ.

Asomafo no wu akyi no, ɔwae a wɔhyɛɛ ho nkɔm no bae, na nkurɔfo kyerɛkyerɛe sɛ tumi a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ biribi foforo. (2 Pet. 2:1-3) Eduu bere bi no, asɔre mpanyimfo kyerɛe sɛ Bible tumi yi nkonyaa. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Harry Y. Gamble kyerɛwee sɛ nkurɔfo bu “Bible mu nsɛm sɛ eyi nkonyaa.” Ɔkae sɛ bɛyɛ mfe 200 wɔ Kristo awo akyi no, “Asɔre Agya” Origen kyerɛe sɛ, sɛ obi “te Bible mu nsɛm kɛkɛ wɔ n’asom mpo a ɛboa no ɔkwan bi so; sɛ abosonsomfo mpo nsɛm wɔ tumi a eyi nkonyaa a, ɛnde Onyankopɔn nsɛm a ɛwɔ kyerɛwnsɛm mu bɛyɛ nea ɛsen saa koraa.” Bɛyɛ mfe 400 wɔ Kristo awo akyi no, owura bi a wɔfrɛ no John Chrysostom kyerɛwee sɛ, “Ɔbonsam remmɔ ne ho mmusu sɛ ɔbɛbɛn ofie a Asɛmpa bi [anaa Bible] wom.” Ɔkae nso sɛ nkurɔfo kyerɛkyerɛw Nsɛmpa no mu nsɛm bi sensɛn wɔn kɔn mu a wɔn adwene ne sɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban sɛ bansere bi. Ɔbenfo Gamble san kae sɛ na Katolekni nyamekyerɛfo Augustine “susuw sɛ sɛ obi ti pae no a, eye sɛ ɔde Yohane Asɛmpa no hyɛ ne sumii ase na ɔda so”! Enti na nkurɔfo bu Bible sɛ nhoma a etumi yi nkonyaa. Wubu Bible sɛ ɛyɛ sɛbɛ anaa bansere bi a ɛbɔ wo ho ban fi mmusu ho anaa?

Ade foforo nso wɔ hɔ a nkurɔfo taa de Bible yɛ a ɛmfata. Nea wɔyɛ ne sɛ wɔkata wɔn ani bue Bible mu, na nkyekyɛm biara a wɔn ani bedi kan abɔ so no na wɔakenkan. Wogye di sɛ saa kyerɛwsɛm no bɛboa wɔn. Nhwɛso bi ni: Ɔbenfo Gamble kae sɛ da bi Augustine tee abofra bi nne wɔ ofie bi mu sɛ: “Fa na kenkan, fa na kenkan.” Augustine faa no sɛ Onyankopɔn na ɔreka kyerɛ no sɛ ommue Bible na ɔnkenkan kyerɛwsɛm a n’ani bedi kan abɔ so.

Ebia woate sɛ nkurɔfo reka sɛ, sɛ asɛm bi haw wɔn a, wɔbɔ Onyankopɔn mpae. Afei wobue Bible kɔ baabiara a wɔpɛ. Wogye di sɛ kyerɛwsɛm a wɔn ani bedi kan abɔ so biara bɛma wɔanya wɔn haw no ano aduru. Adwene a ɛwɔ akyi nyɛ bɔne de, nanso ɛnyɛ ɛno ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ Kristofo fa so hwehwɛ akwankyerɛ fi Kyerɛwnsɛm no mu.

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ ɔbɛsoma “ɔboafo no, honhom kronkron no,” aba wɔn nkyɛn. Ɔtoaa so sɛ: “Ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara akaakae mo nea maka akyerɛ mo nyinaa.” (Yoh. 14:26) Nanso sɛ obi gye di sɛ obetumi abue Bible mu baabiara kɛkɛ ma aboa no a, ɛnde nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ ɛho nhia sɛ ɔhyɛ da sua Kyerɛwnsɛm no. Eyi kyerɛ sɛ biribiara nni ne tirim na honhom kronkron no akaakae no.

Gyidihunu ma nnipa pii te nka sɛ tumi bi wɔ Bible mu a etumi boa wɔn wɔ ɔkwan bi so. Nanso Onyankopɔn Asɛm kasa tia asumansɛm. (Lev. 19:26; Deut. 18:9-12; Aso. 19:19) Ɛwom, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu” nanso ɛsɛ sɛ yesua na yɛatumi de adi dwuma yiye. Enti nkurɔfo sua Bible te ase yiye a, ɛno na ɛma wɔn abrabɔ yɛ papa, na mmom ɛnyɛ sɛ ɛyɛ nhoma bi a eyi nkonyaa. Nimdeɛ a ɛte saa aboa nnipa pii ma wɔbɔ bra pa, wɔagyae ahohwibra, wɔn mmusua ayɛ kama, na wɔne onii a ɔma wɔkyerɛw Bible no ntam ayɛ papa.