Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ansa na me ne me yere rebehu nokware no, na yɛakɔ ayaresabea ma wɔayi ɔbea no mmadwoa de me ho nsu afra ma nkwa aba mu. Saa bere no, na yɛpɛ ba denneennen. Nanso ɛnyɛ mmadwoa a ɛyɛɛ mogyatɔw no nyinaa na wɔde hyɛɛ ɔbea no awotwaa mu; wɔde bi hyɛɛ frigye mu ma ɛkyenee. Asɛmmisa ne sɛ: Yɛntow nea aka no ngu anaa yɛnkora so?

Nea awarefo no yɛe no yɛ nea wɔfrɛ no IVF anaa abɛɛfo kwan a wɔfa so yi ɔbea mmadwoa de fra ɔbarima ho nsu wɔ toa mu ma nyinsɛn fi ase ansa na wɔde ahyɛ ɔbea no awotwaa mu. Sɛ awarefo bi pɛ sɛ wɔfa saa kwan no so nya ba a, nsɛnnennen a wohyia no bi na ɛwɔ atifi hɔ no; ɛyɛ asɛm a ne gyinaesi nna fam. Awarefo biara na ɛsɛ sɛ wosi asɛm yi ho gyinae na ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ wobebu ho akontaa wɔ Yehowa anim. Nanso ɛsɛ sɛ yehu abɛɛfo kwan a wɔfa so ma ɔbea nyinsɛn yi ani so na ama obiara ahu gyinae a obesi wɔ ho.

Afe 1978 ne bere a edi kan a wɔfaa saa kwan yi so maa ɔbea bi a ɔwɔ England nyinsɛn woo ba. Nnipa pii bɛfrɛɛ abofra no “toa mu ba.” Nea enti a wɔfaa saa kwan no so ne sɛ na ɔbea no ntumi nyinsɛn efisɛ na n’awode mu asiw ma enti na ɔbarima no ho nsu ntumi nkohyia ne mmadwoa no. Enti dɔkotafo faa ɔkwan bi so yii ɔbea no mmadwoa de guu toa mu. Afei wɔde ne kunu ho nsu frae maa nkwa baa mu. Ɛno akyi no wɔde nnuru frae de si hɔ kakra. Afei wɔde hyɛɛ ɔbea no awotwaa mu ma efii ase nyinii. Ne bere soe no ɔwoo ɔbabea. Saa ade yi na wɔfrɛ no IVF anaa nyinsɛn a efi ase wɔ toa mu.

Ɛwom, ɔman biara ne sɛnea wɔfa so yɛ IVF no, nanso mpɛn pii no ɔkwan a wɔfa so yɛ no ni: Wɔma ɔbea no nnuru bere tenten bi ma onya mmadwoa anaa nkesua pii. Wɔma ne kunu nso goru ne ho ma ne ho sen. Afei wɔde ɔbarima no ho nsu fra ɔbea no mmadwoa. Ɛba saa a, ɔbea no mmadwoa pii wɔ hɔ a nkwa betumi aba mu ma adan mogyatɔw. Afei da koro anaa nnanu akyi no, dɔkotafo tɔ wɔn bo ase hwɛ mmadwoa a nkwa wom yi nyinaa na woyi nea ahoɔden wom a wobetumi de ahyɛ ɔbea no awotwaa mu no gu nkyɛn. Nnansa bi akyi no, wɔde mmadwoa a nkwa wom yi bɛyɛ abien anaa abiɛsa a ɛte apɔw  hyɛ ɔbea no awotwaa mu. Wosusuw sɛ ɛnyɛ dɛn ara a biako anaa abien bi bɛma ɔbea no anyinsɛn awo.

Mmadwoa a nkwa abam—nea ɛwɔ ahoɔden ne nea enni ahoɔden—a wɔamfa anhyɛ ɔbea no awotwaa mu no nso ɛ? Wogyaw si hɔ kwa a ebewuwu. Enti nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔde aduru gu ho hyɛ frigye mu ma ɛkyen. Dɛn nti na wɔyɛ saa? Sɛ mmadwoa a wɔde hyɛɛ ɔbea no awotwaa mu no anyɛ yiye a, wotumi de mmadwoa a wɔde asie no bi san hyɛ n’awotwaa mu. Ɛba saa a ɛka no so tew. Nanso ɛha na asɛm no wɔ. Ɛyɛ a awarefo pii nhu nea wɔnyɛ mmadwoa a wɔakora so no. Eyi na ɛmaa awarefo bi bisaa asɛm a yɛresusuw ho yi. Ebia na awarefo bi mpɛ sɛ wɔwo mma pii, anaa onyin ne sikasɛm nti wɔrentumi nyɛ IVF foforo. Ebi nso a wosuro sɛ ɔbea no benyinsɛn ntafo anaa nea ɛboro saa ma akɔfa ɔhaw aba. * Sɛ awarefo no mu biako anaa baanu no nyinaa wu anaa wɔsan ware a, ɛno nso yɛ asɛm foforo. Eyi nyinaa nti, awarefo bi bɔ ka ma wɔkora mmadwoa a nkwa wom yi so mfe pii.

Afe 2008 mu no, dɔkota panyin bi kae wɔ The New York Times mu sɛ ɛyɛ a awarefo pii nhu nea wɔmfa mmadwoa a aka a nkwa wom no nyɛ. Ɔkae sɛ mmadwoa a nkwa wom bɛyɛ 400,000 na wɔakora so wɔ frigye mu wɔ ayaresabea ahorow mu wɔ ɔman no mu, na da biara wɔde bi bɛka ho. Sɛ wɔkora so yiye a, ebetumi adi mfe du ne akyiri a ɛrensɛe. Nanso sɛ woyi pue a, dodow no ara sɛe. Saa nokwasɛm yi nti, ɛsɛ sɛ Kristofo susuw asɛm no ho yiye. Dɛn ntia?

Sɛ Kristofo awarefo bi fa saa kwan yi so nyinsɛn na sɛ mmadwoa a nkwa wom no bi ka ma wɔkora so a, na abɛyɛ sɛ obi a ne dɔfo bi yare a wɔde no ahyɛ afiri mu sɛnea obetumi ahome na wɔakora ne nkwa so. Nokware Kristofo bu nkwa sɛnea  Exodus 20:13 ne Dwom 36:9 kyerɛ no, enti wɔnhyɛ da mmu wɔn ani ngu wɔn dɔfo bi so sɛ onwu. May 8, 1974 Nyan! (Borɔfo de) no kae sɛ: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde Bible bɔ wɔn bra no bu nkwa sɛnea Onyankopɔn bu no no, na wɔn ahonim ne aban mmara a wodi so nti, wɔrenhyɛ da mma wontwa obi a ɔyare nkwa so da.” Nanso sɛ ɛba sɛ afiri nkutoo na ɛkora ɔyarefo bi nkwa so a, ɛnde na ɛsɛ sɛ abusuafo si gyinae sɛ wɔbɛma wakɔ so ahyem anaa wobeyi no afi mu.

Ɛwom, sɛ obi yare na wɔde no hyɛ afiri mu a, ɛnte sɛ awarefo a wɔnam IVF so anyinsɛn na wɔakora mmadwoa a aka a nkwa wom no so wɔ frigye mu. Nanso ade biako a ebia dɔkotafo bɛka akyerɛ wɔn ne sɛ, sɛ wɔpɛ a, wobeyi mmadwoa no afi frigye mu ma anan. Sɛ woyi mmadwoa no fi frigye mu nso a, ebewuwu ntɛm ara. Enti ɛsɛ sɛ awarefo no si gyinae sɛ wɔbɛma wɔayi afi frigye mu anaa wɔremma wonyi.—Gal. 6:7.

Nea enti a awarefo yɛ IVF ne sɛ wobenyinsɛn na wɔawo ba, enti sɛ mmadwoa a nkwa wom no bi ka a, ebia awarefo bi bɛma wɔakora so na wɔatua ho ka na sɛ daakye wohia ba a wɔasan de ayɛ IVF foforo. Awarefo bi nso wɔ hɔ a, wobesi gyinae sɛ esiane sɛ frigye kɛkɛ na ekurakura mmadwoa a nkwa wom no nti, wɔrenkɔ so mmɔ ho ka mma wɔnkora so bio. Sɛ Kristofo hyia tebea a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ahonim a wɔde Bible atete no si gyinae a Onyankopɔn ani begye ho. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribi a ɛbɛhaw wɔn ahonim anaa afoforo de.—1 Tim. 1:19.

Sɛ Kristofo hyia tebea a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ahonim a wɔde Bible atete no si gyinae a Onyankopɔn ani begye ho

Obi a waben wɔ awo ho nsɛm mu ahu sɛ awarefo dodow no ara hyia nsɛm a ɛte saa a, ɛyɛ a na wɔn adwene atu afra ma wonhu nea wɔnyɛ mmadwoa a nkwa wom a wɔakora so no. Ɔkae sɛ: “Awarefo pii nhu asɛm no pomasibere.”

Enti sɛ nokware Kristoni bi nya adwene sɛ ɔbɛyɛ IVF anaa “nyinsɛn a efi ase wɔ toa mu” yi bi a, ɛsɛ sɛ ɔtɔ ne bo ase susuw asɛm no ne ne nsunsuanso ho anibere so. Bible tu fo sɛ: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw, na ogyimfo de, ɔfa mu, na onya ho asotwe.”—Mmeb. 22:3.

Ɔbarima ne ɔbea bi te hɔ a wɔnwaree nanso wɔresua Bible. Wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu nanso aban mma kwan sɛ wɔware efisɛ ɔbarima no yɛ ɔhɔho a onni tumi krataa a ɔde tena ɔman no mu. Ɛba saa a, asafo no betumi ama wɔayɛ mpaemuka de wɔn nsa ahyɛ krataa bi ase de akyerɛ sɛ wobedi wɔn ho nokware na wɔabɔ asu anaa?

Ebia saa na ebinom besusuw nanso Kyerɛwnsɛm no nkyerɛ saa. Momma yɛnhwɛ tebea a ɛma obi kwan ma ɔde ne nsa hyɛ krataa a ɛte saa ase. Wɔfrɛ krataa no “Declaration Pledging Faithfulness” (mpaemuka a ɛkyerɛ sɛ obi bedi ne hokafo nokware). Afei yɛbɛhwɛ nea enti a wɔde krataa yi yɛ adwuma ne baabi a wɔma kwan ma wɔde yɛ adwuma.

Sɛ aban bi mpene sɛ ɔbea ne ɔbarima bi ware a, wotumi de wɔn nsa hyɛ krataa no ase wɔ adansefo anim. (Yebehu nea enti a aban bi mma kwan sɛ saafo no ware.) Wɔde wɔn nsa hyɛ krataa no ase de ka ntam sɛ wobedi wɔn ho nokware na sɛ kwan bue ma wɔn a wɔde akɔhyɛ mmara ase. Wɔyɛ saa a, asafo no bebu wɔn sɛ wɔayɛ mpaemuka wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim sɛ wobedi wɔn ho nokware. Ɛba saa a, wobebu aware no te sɛ nea aban agye atom.

Dɛn nti na wɔyɛɛ saa krataa no, na bere bɛn na obi betumi de adi dwuma? Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, na obu no sɛ ade a ɛho wɔ nyam. Ne Ba Yesu kae sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa  biara nntetew mu.” (Mat. 19:5, 6; Gen. 2:22-24) Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ [nna mu ɔbrasɛe] nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.” (Mat. 19:9) Enti “aguamammɔ,” anaa nna mu ɔbrasɛe, nkutoo na Bible ka sɛ obi betumi agyina so agyae aware. Sɛ ɔbarima bi fa ne yere akyi ne obi foforo kɔda na ne yere pɛ sɛ ogyae no a, obetumi agyae no na ɔpɛ a wakɔware foforo.

Nanso aman bi so no, titiriw tete no, na asɔre no mfa nea Bible ka yi nyɛ adwuma. Mmom asɔre no kyerɛkyerɛe sɛ biribiara nni hɔ a obi betumi agyina so agyae aware. Baabi a asɔre no wɔ aban no so tumi no, na ɔman no mmara mma kwan sɛ obi gyae aware koraa. Sɛ ne hokafo bɔ aguaman sɛnea Yesu kae no mpo a, wɔmma kwan. Aman bi so de, sɛ obi pɛ sɛ ogyae aware a obetumi ayɛ saa, nanso sɛ́ ɛbɛyɛ a wobewie ho adwuma ne asɛm no. Mfe ahe koraa a na onipa no da so ara twa ho kwan. Akɔyɛ sɛ Onyankopɔn pene biribi so nanso asɔre anaa aban no ‘siw’ ho kwan.—Aso. 11:17.

Sɛ Onyankopɔn anim no, nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wɔware no wɔ hokwan sɛ wɔware na wɔayɛ nea wobetumi biara sɛ wobetwa aware dedaw no mu nanso ɔman no mmara mma wɔn kwan anaa ɛyɛ den paa sɛ wobetwam a, ɛnde wobetumi de wɔn nsa ahyɛ “Declaration Pledging Faithfulness” krataa no ase. Eyi yɛ nhyehyɛe a Kristofo asafo no ayɛ de boa wɔn a wɔwɔ aman a ɛte saa so. Nanso aman dodow no ara ma awaregyae ho kwan, enti saa nhyehyɛe yi nyɛ adwuma wɔ hɔ. Sɛ awaregyae no ho nneɛma dɔɔso anaa ebegye sika pii mpo a, nhyehyɛe a yɛreka ho asɛm yi nyɛ adwuma wɔ hɔ.

Ebinom nte saa ade yi ase, enti sɛ ɔman no ma kwan sɛ wotumi gyae aware mpo a, wɔpɛ sɛ wonya “Declaration Pledging Faithfulness” krataa no bi, efisɛ wosusuw sɛ ɛno bɛma nneɛma atwa tiaa anaa ayɛ mmerɛw ama wɔn. Nanso ɛnyɛ krataa no atirimpɔw ne no.

Afei yɛmmra asɛmmisa a ɛwɔ atifi hɔ no so. Ɔbarima ne ɔbea no te hɔ sɛ mpenafo nanso afei de wɔpɛ sɛ wɔware, na Kyerɛwnsɛm no ma wɔn kwan sɛ wotumi ware. Ɛha de, ɛnyɛ sɛ wɔn mu bi wɔ okunu anaa ɔyere a ɛsɛ sɛ ogyae no ansa na wɔaware; biribiara nkyekyere wɔn. Nanso ɔbarima no nni tumi krataa a ɔde tena ɔman no mu, enti aban no mma kwan sɛ ɔhɔho a ɔte saa bɛware wɔ mmara mu. (Aman pii so de, sɛ obi wɔ tumi krataa oo, onni bi oo, wɔma kwan ma ɔware wɔ hɔ.) Asɛm a yɛresusuw ho yi de, ɔman no ma kwan ma obi gyae aware. Enti obi ntumi mfa ne nsa nhyɛ “Declaration Pledging Faithfulness” krataa no ase. Hyɛ no nsow sɛ nnipa baanu a yɛreka wɔn ho asɛm yi, ɛnyɛ sɛ wɔrepɛ awaregyae na wonnya. Biribiara nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛware. Asɛm no ara ne sɛ, ɔbarima no nni tumi krataa a ɔde tena ɔman no mu. Ɛnde dɛn na wobetumi ayɛ? Sɛ wɔpɛ a wobetumi akɔ ɔman foforo bi so akɔware wɔ hɔ. Anaa sɛ ɔbarima no tu anammɔn sɛ obenya tumi krataa atena ɔman no mu a, ebia wɔbɛma wɔn kwan ma wɔaware wɔ ɔman no ara mu.

Enti nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wɔware yi betumi ayɛ nea Onyankopɔn ne Kaesare mmara hwehwɛ. (Mar. 12:17; Rom. 13:1) Yegye di sɛ wɔbɛtoto nneɛma yiye na wɔatumi abɔ asu.—Heb. 13:4.

^ nky. 6 Na sɛ akokoaa a ɔhyɛ yafunum no ho tɔ kyima anaa mmadwoa a wɔde hyɛɛ ɔbea no awotwaa mu pii yɛ yiye nso ɛ? Sɛ obi hyɛ da sɛe biribi a ɛte saa a, ɛkyerɛ sɛ nyinsɛn paa na watu agu. Sɛ obi fa IVF anaa abɛɛfo kwan so nyinsɛn a, ebetumi ama wanyinsɛn ntafo, ahenasa, anaa nea ɛboro saa. Ɛba saa a, mogya betumi atu ɔbea no anaa ɔbɛwo akokoaa a ne bere nsoe. Ɛba sɛ mmadwoa a wɔde ahyɛ ɔbea no awotwaa mu pii yɛ yiye a, ɛkɔfa asɛm foforo ba. Ebia dɔkotafo betu no fo sɛ ɔmma wɔnsɛe biako anaa abien bi. Nanso sɛ obi hyɛ da tu nyinsɛn gu a, ɛyɛ awudi.—Ex. 21:22, 23; Dw. 139:16.