Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woyɛ Ofiehwɛfo a Wo Wura Gye Wo Di!

Woyɛ Ofiehwɛfo a Wo Wura Gye Wo Di!

“Monyɛ mo ankasa dea.”—1 KOR. 6:19.

1. Sɛ wɔka sɛ obi yɛ akoa a, dɛn na ɛba nkurɔfo adwenem?

BƐYƐ mfe 2,500 a atwam no, Helani nhomakyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔbɛhyɛ da de ne ti akɔhyɛ nkoasom mu.” Ɛnnɛ, nnipa pii gye tom sɛ asɛm a ɔkyerɛwfo no kae no yɛ nokware. Sɛ wɔka sɛ obi yɛ akoa a, nea ɛba nkurɔfo adwenem ne obi a wɔhyɛ no ma ɔyɛ adwuma ma afoforo, obi a ɔbrɛ ma ne wura, anaa obi a wɔyɛ no ayayade.

2, 3. (a) Hokwan bɛn na Kristo nkoa wɔ? (b) Nsɛm bɛn na yɛrebesusuw ho afa afiehwɛfo ho?

2 Yesu kae sɛ n’asuafo bɛyɛ nkoa a wɔbrɛ wɔn ho ase. Nanso sɛ wɔka sɛ nokware Kristofo yɛ nkoa a, ɛnkyerɛ sɛ wɔde wɔn anim twitwi fam anaa wɔhyɛ wɔn so. Mmom wɔwɔ nidi ne anuonyam, na wɔn wura gye wɔn di. Ma yɛmfa “akoa” bi a Yesu kaa ne ho asɛm nyɛ nhwɛso. Aka kakra ma Kristo awu no, ɔkae sɛ ɔde adwuma bi bɛhyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi nsa.—Mat. 24:45-47.

3 Hyɛ no nsow sɛ Luka frɛɛ saa “akoa” yi “ofiehwɛfo.” (Monkenkan Luka 12:42-44.) Kristofo kakraa bi na ɛnnɛ wɔka “ofiehwɛfo nokwafo” anaa “akoa nokwafo” no ho. Nanso Bible ma yehu sɛ ɔkwan bi so no Onyankopɔn asomfo nyinaa yɛ nkoa anaa afiehwɛfo. Asɛyɛde bɛn na Onyankopɔn asomfo wɔ? Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ saa asɛyɛde no ho? Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nsɛmmisa yi ho mmuae no, momma yɛnhwɛ adwuma a tete no na afiehwɛfo yɛ.

AFIEHWƐFO ADWUMA

4, 5. Tete no adwuma bɛn na na afiehwɛfo yɛ? Ma ho nhwɛso.

4 Tete no, na ofiehwɛfo yɛ akoa a ne wura de  ne fie ne n’adwuma hyɛ ne nsa ma ɔhwɛ so, enti na ɔyɛ obi a ne wura tumi de ne ho to no so. Ɔno na na ɔhwɛ ne wura agyapade ne ne sika so, na na nkoa a aka nyinaa hyɛ n’ase. Ma yɛmfa Elieser nyɛ nhwɛso. Ɔno na na ɔhwɛ Abraham nneɛma nyinaa so. Ɛbɛyɛ sɛ Elieser na Abraham somaa no kɔɔ Mesopotamia ma ɔkɔpɛɛ ɔbea maa Abraham ba Isak waree no. Ná eyi yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru!—Gen. 13:2; 15:2; 24:2-4.

5 Ná Abraham nanankansowa Yosef nso hwɛ Potifar fie so. (Gen. 39:1, 2) Akyiri yi Yosef ankasa benyaa obi a ‘ɔhwɛ ne fie so.’ Bere a Yosef nuanom du no baa Egypt no, ne fiehwɛfo no na ogyee wɔn. Bere a Yosef yɛe sɛ ɔde dwetɛ kuruwa no bɛsɔ ne nuanom ahwɛ no, ne fiehwɛfo no na ɔma odii ho dwuma. Eyi ma yehu pefee sɛ, sɛ obi yɛ ofiehwɛfo a, na ne wura wɔ ne mu ahotoso paa.—Gen. 43:19-25; 44:1-12.

6. Nnwuma bɛn na mpanyimfo yɛ?

6 Mfe pii akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ahwɛfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu yɛ ‘Onyankopɔn afiehwɛfo.’ (Tito 1:7) Asafo mu mpanyimfo hwɛ “Onyankopɔn nguankuw” so; wodi wɔn anim ma wɔn akwankyerɛ. (1 Pet. 5:1, 2) Mpanyimfo nnwuma gu ahorow. Wɔn mu dodow no ara yɛ mpanyimfo a wɔhwɛ asafo biako so. Ebinom nso yɛ ahwɛfo akwantufo a wɔhwɛ asafo dodow bi so. Afoforo nso yɛ Baa Boayikuw mufo a wɔhwɛ asafo ahorow a ɛwɔ ɔman no mu nyinaa so. Nanso adwuma a ɛhyɛ ɔpanyin biara nsa no, wɔhwɛ kwan sɛ obeyi ne yam ayɛ no yiye. Wɔn nyinaa ‘bebu akontaa’ akyerɛ Onyankopɔn.—Heb. 13:17.

7. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Kristofo nyinaa yɛ afiehwɛfo?

7 Kristofo anokwafo pii a wɔnyɛ ahwɛfo nso ɛ? Wɔn nso yɛ afiehwɛfo anaa? Ɔsomafo Petro kyerɛw Kristofo nyinaa sɛ: “Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde a ɛyɛ adwuma akwan horow so no ahyɛ wɔn nsa.” (1 Pet. 1:1; 4:10) Onyankopɔn ayɛ yɛn adom ama yɛn nyinaa akyɛde ahorow, nimdeɛ ne nyansa a yebetumi de aboa yɛn mfɛfo gyidifo. Enti wɔn a wɔsom Onyankopɔn nyinaa yɛ afiehwɛfo. Ɛyɛ adwuma a nidi bata ho, na ɛkyerɛ nso sɛ Onyankopɔn gye yɛn di sɛ nea ɔde adom yɛn no yɛde bɛboa afoforo.

YƐYƐ ONYANKOPƆN DEA

8. Ade biako bɛn na ehia sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

8 Yɛn nyinaa yɛ afiehwɛfo, na ɛsɛ sɛ yɛma nokwasɛm abiɛsa bi tena yɛn adwenem. Nea edi kan: Yɛn nyinaa yɛ Yehowa dea, na ɔno na yebebu akontaa akyerɛ no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monyɛ mo ankasa dea, efisɛ wɔtɔɔ mo aboɔden.” Wɔde Kristo mogya na ɛtɔɔ yɛn. (1 Kor. 6:19, 20) Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa dea nti, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den. (Rom. 14:8; 1 Yoh. 5:3) Bio nso yɛyɛ Kristo nkoa. Yɛwɔ ahofadi pii te sɛ afiehwɛfo a wɔtenaa ase tete no. Nanso yɛmfa saa ahofadi no nyɛ nea yɛpɛ biara. Enti dwumadi biara a ɛhyɛ yɛn nsa no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no sɛnea ɛho akwankyerɛ te. Hokwan biara a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn nyinaa yɛ Onyankopɔn ne Kristo nkoa.

9. Dɛn na Yesu kae a ɛma yehu nea owura hwehwɛ fi n’akoa hɔ?

9 Yesu boa yɛn ma yehu nea owura hwehwɛ fi n’akoa hɔ. Bere bi ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ akoa bi kɔyɛɛ adwuma da mũ nyinaa, na owiei no ɔbaa fie.  Akoa no wura anka sɛ, “Yɛ ntɛm bra bɛtena adidipon ho.” Mmom ɔka kyerɛɛ akoa no sɛ: “Siesie biribi ma minni anwummere yi, na bɔ wo ho so som me kosi sɛ medidi anom awie, na ɛno akyi no wubetumi adidi anom.” Dɛn na na Yesu pɛ sɛ n’asuafo sua fi asɛm yi mu? Ɔkae sɛ: “Enti mo nso, sɛ moyɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa wie a, monka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn so. Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no.’”—Luka 17:7-10.

10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ani sɔ yɛn som?

10 Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa ani nsɔ yɛn som. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.” (Heb. 6:10) Yehowa nhyɛ yɛn mma yɛnyɛ nea yentumi. Mmom sɛ ɔka sɛ yɛnyɛ biribi a, yɛn ankasa na ɛboa yɛn. Nanso Yesu asɛm no ma yehu sɛ akoa nyɛ nea ɛsɔ n’ankasa ani; odi kan yɛ nea ne wura pɛ. Asɛm no nyinaa ne sɛ, sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn a, yɛde nea ɔpɛ di kan wɔ yɛn asetenam. Wunnye ntom saa?

NEA YEHOWA HWEHWƐ FI YƐN NYINAA HƆ

11, 12. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya, na su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

11 Nokwasɛm a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ yɛkae ni: Yɛn nyinaa yɛ afiehwɛfo a yedi ahyɛde koro so. Ɛwom, asɛyɛde bi wɔ hɔ a wɔde ahyɛ nnipa kakraa bi nsa wɔ Kristofo asafo no mu, nanso nneɛma pii wɔ hɔ a yɛn nyinaa yɛ bi. Ɛho nhwɛso ni: Yɛyɛ Yehowa Adansefo san yɛ Kristo asuafo, enti ɛyɛ yɛn nyinaa asɛde sɛ yɛdodɔ yɛn ho. Yesu kae sɛ ɔdɔ na ɛma nkurɔfo hu nokware Kristofo ankasa. (Yoh. 13:35) Nanso ɛnyɛ yɛn nuanom nkutoo na yɛdɔ wɔn. Mmom yɛtrɛw yɛn dɔ mu ma ɛso wɔn a wɔnyɛ Adansefo so. Eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ; ɛmmoro yɛn so.

12 Bio nso ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bu bra pa. Ɛsɛ sɛ yɛkwati nneyɛe ne abrabɔ biara a Onyankopɔn Asɛm kasa tia. Paulo kyerɛwee sɛ: “Aguamammɔfo anaa abosonsomfo anaa awaresɛefo anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaade anaa mmarima a wɔne mmarima da anaa akorɔmfo anaa adifudepɛfo anaa asabofo anaa wɔn a wɔsopa afoforo anaa apoobɔfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Kor. 6:9, 10) Nokwasɛm ni, egye animia na yɛayɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nanso sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛboa yɛn akwan pii so. Ɛbɛma yɛanya akwahosan pa, yɛne afoforo ntam bɛyɛ papa, na Onyankopɔn ani begye yɛn ho.—Monkenkan Yesaia 48:17, 18.

13, 14. Adwuma bɛn na wɔde ahyɛ Kristofo nyinaa nsa? Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma no dɛn?

13 Kae nso sɛ na ofiehwɛfo wɔ nnwuma bi a ɔyɛ. Yɛn nso saa ara. Onyankopɔn ama yɛn akyɛde titiriw bi—wama yɛahu nokware no. Ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wohu nokware no. (Mat. 28:19, 20) Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma nnipa mmu yɛn sɛ Kristo asomfo ne Onyankopɔn ahintasɛm kronkron so ahwɛfo.” (1 Kor. 4:1) Ná Paulo nim sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ “ahintasɛm kronkron” no so na ɔyere ne ho de kyerɛkyerɛ afoforo sɛnea ne wura Yesu Kristo hyɛe no.—1 Kor. 9:16.

14 Sɛ yɛde nokware no kyerɛkyerɛ afoforo a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Ɛsono nea Kristoni biara betumi ayɛ wɔ asɛnka adwuma no mu efisɛ yɛn nyinaa nsɛm nyɛ pɛ. Yehowa nim saa. Nea ehia paa ne sɛ yebeyi yɛn yam ayɛ nea yebetumi nyinaa. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa.

Biribiara a wɔde ahyɛ yɛn nsa no, momma yenyi yɛn yam nyɛ no yiye

 NEA ENTI A EHIA SƐ YEDI NOKWARE

15-17. (a) Dɛn nti na ehia sɛ ofiehwɛfo di nokware? (b) Mfatoho bɛn na Yesu yɛe a ɛma yehu nea ɛto obi a onni nokware?

15 Nokwasɛm a ɛto so abiɛsa a ehia sɛ yɛkae ni: Ɛsɛ sɛ yɛyɛ anokwafo. Ebia ofiehwɛfo bi wɔ nimdeɛ na ɔbɔ mmɔden wɔ nneɛma pii mu, nanso sɛ ontie ne wura asɛm na ɔtoto n’adwuma ase a, ne mmɔdenbɔ nyinaa yɛ kwa. Sɛ ofiehwɛfo bi pɛ sɛ n’adwuma kɔ yiye na ɔsɔ ne wura ani a, ehia sɛ ɔyɛ ɔnokwafo. Kae asɛm a Paulo kae yi: “Nea wɔhwehwɛ fi ofiehwɛfo hɔ ne sɛ wobehu sɛ odi nokware.”—1 Kor. 4:2.

16 Sɛ yedi nokware a, Onyankopɔn behyira yɛn ɔkwan biara so. Nanso yɛanni nokware a, yɛbɛhwere ade. Yesu mfatoho bi si asɛm yi so dua. Ɛfa dwetikɛse a owura bi de maa ne nkoa sɛ wɔmfa nyɛ adwuma ho. Owura no kamfoo nkoa a wodii nokware na wɔde sika no “kɔyɛɛ adwuma” no, na ɔbɔɔ wɔn aba so. Nanso akoa a wamfa sika no anyɛ adwuma no de, owura no kae sɛ ɔyɛ “akoa bɔne,” “onihafo,” obi a “mfaso nni no so.” Owura no gyee dwetikɛse a ɔde maa no no fii ne nsam pamoo no.—Monkenkan Mateo 25:14-18, 23, 26, 28-30.

17 Bere foforo nso Yesu de asɛm bi kyerɛɛ nea ɛto obi a onni nokware. Ɔkae sɛ: “Na ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiehwɛfo bi, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no sɛ ɔyɛ n’agyapade basabasa. Enti ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Dɛn na mete wɔ wo ho yi? Bebu wo fiehwɛ adwuma no ho akontaa, efisɛ wuntumi nhwɛ ofie no so bio.’” (Luka 16:1, 2) Esiane sɛ ofiehwɛfo no yɛɛ ne wura agyapade basabasa nti, oyii no adi. Eyi yɛ asuade  kɛse ma yɛn! Ɛsɛ sɛ yɛde nokwaredi yɛ biribiara a Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ.

DƐN ENTI NA ƐNYƐ PAPA SƐ YƐDE YƐN HO TOTO AFOFORO HO?

18. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo ho?

18 Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘Meyɛ ofiehwɛfo bɛn?’ Ɛnyɛ papa sɛ yɛde yɛn ho bɛtoto afoforo ho. Bible tu yɛn fo sɛ: “Obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, ɛno na obenya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.” (Gal. 6:4) Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo ho, na mmom ɛsɛ sɛ yehu nea yebetumi ayɛ na yeyi yɛn yam yɛ no yiye. Yɛyɛ saa a, ɛremma yɛnhoman na saa ara na ɛremma yenni awerɛhow. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛn tebea betumi asesa. Ebia yare, onyin, ne asɛyɛde ahorow nti yentumi nyɛ pii sɛ kan no. Ebi nso a seesei yɛn tebea bɛma yɛn kwan ma yɛayɛ pii. Sɛ yehu sɛ yebetumi ayɛ pii a, adɛn nti na yɛnyere yɛn ho nyɛ saa?

19. Sɛ yɛn nsa anka hokwan bi a yɛn ani da so a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu?

19 Ade foforo nso a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ni: Ebia na obi wɔ hokwan bi a yenni nanso yɛn ani gye ho; ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto ne ho. Fa no sɛ onuabarima bi pɛ sɛ onya hokwan som sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu anaa onya dwumadi wɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam ase. Ɛyɛ ne kwan so sɛ ɔbɛyere ne ho anya hokwan a ɛte saa. Nanso sɛ yɛn nsa anka hokwan a ɛte saa bere a yɛn ani da so a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Hokwan bi wɔ hɔ a yɛn nsa renka no nnɛ, gye sɛ daakye, nanso ebia yɛrente ase seesei. Kae sɛ bere bi na Mose bu ne ho sɛ obetumi adi Israelfo no anim afi Egypt, nanso na ehia sɛ ɔtwɛn mfe 40 ansa na wanya hokwan ayɛ saa. Bere a ɔde twɛnee no ma onyaa su a ɛbɛboa no ma wadi ne nuanom asobrakye atuatewfo no anim.—Aso. 7:22-25, 30-34.

20. Dɛn na yebetumi asua afi Yonatan asɛm no mu?

20 Ebetumi aba sɛ hokwan bi wɔ hɔ a yɛn nsa renka koraa. Saa na ɛtoo Yonatan. Ná ɔyɛ Saul babarima, enti sɛ ne papa nni hɔ a, anka ɔno na ɔbɛyɛ ɔhene wɔ Israel nyinaa. Nanso Onyankopɔn paw Dawid mmom sɛ ɔnyɛ ɔhene. Ná Dawid yɛ aberantewa koraa, nanso ɔno na ɔpaw no. Dɛn na Yonatan yɛe? Ogye toom, na ɔde ne nkwa mpo too ne nsam bɔɔ Dawid kyidɔm. Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wo na wubedi Israel so hene, na mɛyɛ w’abadiakyiri.” (1 Sam. 23:17) Yonatan amma asɛm no anhaw no, na n’ani ammere Dawid sɛnea ne papa yɛe no. Dɛn na yebetumi asua afi Yonatan asɛm no mu? Sɛ obi nsa ka hokwan bi a, ɛnsɛ sɛ yɛn ani bere, na mmom nea ɛhyɛ yɛn nsa biara ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ na yɛyɛ no yiye. Momma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛkɔ wiase foforo no mu a Yehowa bɛma ne nkoa nyinaa anya biribiara a ɛfata a wɔn koma pɛ.

21. Ɛsɛ sɛ hokwan a yɛanya sɛ afiehwɛfo no ka yɛn dɛn?

21 Momma yɛnkae sɛ yɛyɛ Onyankopɔn afiehwɛfo a ogye yɛn di. Ɔnhyɛ yɛn so nyɛ yɛn ayayade te sɛ nea ebinom yɛ wɔn nkoa no. Mmom odi yɛn ni, na wama yɛn adwuma kɛse bi sɛ yɛnka asɛmpa no wɔ awiei bere yi mu. Eyi yɛ adwuma a yɛrensan nyɛ bio. Onyankopɔn ama yɛn hokwan bi a yɛn ankasa de bɛkyerɛ sɛnea yɛbɛyɛ adwuma no. Enti momma yɛnyɛ afiehwɛfo a yedi nokware. Momma yenhu sɛ ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛresom Otumfoɔ pumpuni Yehowa.