Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?

Wowɔ ‘Koma a Wode Behu’ Yehowa?

“Mɛma wɔanya koma a wɔde behu me sɛ mene Yehowa; wɔbɛyɛ me man.”—YER. 24:7.

1, 2. Dɛn nti na ebinom pɛ borɔdɔma?

WOADI borɔdɔma pɛn? Tete no, na Israelfo nni borɔdɔma ho agoru koraa. (Nah. 3:12; Luka 13:6-9) Ɛnnɛ wodua borɔdɔma wɔ aman pii so. Ahoɔden wom, na ebinom kyerɛ sɛ ɛboa yɛn koma mpo.

2 Bere bi Yehowa de nnipa koma totoo borɔdɔma ho. Na ɔde borɔdɔma reyɛ ntotoho kɛkɛ, na ɛnyɛ ne dɛ anaa ahoɔden a ɛwom ho asɛm na na ɔreka. Mmom na ɔrekyerɛ nea ɛwɔ nnipa komam. Asɛm a ɔkae no betumi aboa yɛne yɛn adɔfo nyinaa. Bere a yɛresusuw asɛm yi ho no, hwɛ nea Kristofo betumi asua afi mu.

3. Borɔdɔma a wɔaka ho asɛm wɔ Yeremia ti 24 no gyina hɔ ma dɛn?

3 Momma yenni kan nhwɛ asɛm bi a Onyankopɔn ka faa borɔdɔma ho wɔ Yeremia bere so. Afe 617 A.Y.B. no, na Yudafo no reyɛ nneɛma bi a Yehowa ani nnye ho. Enti ɔmaa Yeremia nyaa anisoadehu bi; ohuu nea ɛbɛba Yudafo so daakye. Onyankopɔn de wɔn totoo borɔdɔma akuw abien ho; kuw biako “ye paa” na biako ‘nye koraa.’ (Monkenkan Yeremia 24:1-3.) Ná borɔdɔma a enye no gyina hɔ ma Ɔhene Sedekia ne afoforo a Ɔhene Nebukadnesar de n’asraafo reba wɔn so no. Nanso na ebinom wɔ hɔ a yebetumi aka sɛ wɔyɛ borɔdɔma a eye paa. Wɔn mu bi ne Hesekiel, Daniel ne ne nnamfo baasa a na wɔwɔ Babilon ne Yudafo a na wɔde wɔn bɛkɔ hɔ no. Nkɔmhyɛ no daa no adi sɛ ebinom bɛsan akɔkyekye Yerusalem ne n’asɔrefie no, na ɛbaa mu saa ara.—Yer. 24:8-10; 25:11, 12; 29:10.

4. Dɛn nti na asɛm a Onyankopɔn ka faa borɔdɔma a eye ho no hyɛ nkuran paa?

4 Yehowa kaa biribi faa wɔn a wogyina hɔ ma borɔdɔma  pa no ho. Ɔkae sɛ: “Mɛma wɔanya koma a wɔde behu me sɛ mene Yehowa; wɔbɛyɛ me man.” (Yer. 24:7) Eyi ne kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so. Ɛyɛ asɛm a ɛhyɛ nkuran paa, efisɛ Onyankopɔn ankasa pɛ sɛ ɔma yɛn ‘koma a yɛde behu’ no. Ɛha yi de, “koma” no kyerɛ obi nipaban. Yɛpɛ sɛ yenya koma a yɛde behu no na yɛabɛka ne nkurɔfo ho. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya koma a ɛte saa? Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm de bɔ yɛn bra na yɛsakra yɛn adwene dan fi yɛn bɔne ho. Afei ɛsɛ sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu Agya, Ɔba ne honhom kronkron din mu. (Mat. 28:19, 20; Aso. 3:19) Woatu saa anammɔn yi dedaw? Anaa afei na woafi ase ne Yehowa Adansefo rebɔ ma enti woretu saa anammɔn no?

5. Henanom titiriw na Yeremia kyerɛw wɔn ho asɛm?

5 Sɛ afei na woafi ase retu saa anammɔn yi oo, sɛ nso woatu ne nyinaa awie oo, ehia sɛ wohwɛ wo nsusuwii ne wo nneyɛe yiye. Adɛn ntia? Yebehu nea enti a ɛte saa bere a yɛresusuw asɛm a Yeremia san ka faa koma ho no. Yeremia nhoma no fã bi ka aman a atwa Yuda ho ahyia ho asɛm, nanso nea ɛka ho asɛm titiriw ne Yuda man no. Ɔkaa saa asɛm no wɔ wɔn ahemfo baanum bi bere so. (Yer. 1:15, 16) Henanom titiriw na Yeremia kyerɛw wɔn ho asɛm? Na eyinom yɛ mmarima, mmea, ne mmofra a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa dedaw. Mose bere so tɔnn na wɔn nananom gye toom sɛ wɔde wɔn ho bɛma Yehowa. (Ex. 19:3-8) Yeremia bere so nso, ɔman no ka too so sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn. Wɔkae sɛ: “Yɛaba wo nkyɛn, efisɛ wo Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn.” (Yer. 3:22) Nanso na wɔn koma te dɛn?

NA WƆN KOMA HIA “OPREHYƐN”

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nea Onyankopɔn ka faa koma ho no ho hia yɛn?

6 Ɛnnɛ dɔkotafo de abɛɛfo mfiri hwehwɛ obi koma mu hu sɛnea ɛyɛ adwuma. Nanso Yehowa deɛ, otumi yɛ nea ɛsen saa koraa. Eyi ho nhwɛso ne nea ɔkae wɔ Yeremia bere so no. Ɔkae sɛ: “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew. Hena na obetumi ahu mu? Me, Yehowa, me na mehwehwɛ koma mu . . . , sɛ mɛma obiara sɛnea n’akwan ne ne nneyɛe te.” (Yer. 17:9, 10) Ɛnyɛ koma a ɛda yɛn mu a ɛbɔ kimkim yi na Yehowa hwehwɛ mu; asɛm yi yɛ kasakoa. “Koma” a Bible ka ho asɛm wɔ ha no kyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu: nea yɛn ani gye ho, yɛn nsusuwii, yɛn suban, nea yetumi yɛ, ne nea yɛde sisi yɛn ani so. Wowɔ saa koma no bi. Onyankopɔn hwehwɛ koma mu, na wo nso wubetumi ahwehwɛ wo koma mu.

7. Dɛn na Yeremia ka faa Yudafo dodow no ara koma ho?

7 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn koma mu a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Ná Yudafo a wɔwɔ Yeremia bere so no koma te dɛn?’ Wo de, hwɛ mmuae a Yeremia mae. Ɔkae sɛ, ‘Israel fie nyinaa yɛ komam momonotofo.’ Ná ɛnyɛ Yudafo mmarima twetiatwa ho asɛm na Yeremia reka. Yɛyɛ dɛn hu saa? Na wadi kan aka sɛ: “‘Hwɛ! Nna bi reba,’ Yehowa asɛm ni, ‘na obiara a watwa twetia nanso ɔda so wɔ ne momonoto mu no, mebu no atɛn.’” Na Yudafo mmarima atwa twetia de, nanso na wɔyɛ “komam momonotofo.” (Yer. 9:25, 26) Ɛnde, saa asɛm yi kyerɛ dɛn?

8, 9. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yudafo dodow no ara yɛ wɔn koma?

8 Onyankopɔn maa Yudafo no huu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na eyi ma yehu nea  ‘komam momonoto’ kyerɛ. Ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Muntwa mo koma twetia, mo Yuda mmarima ne Yerusalemfo, na mo nneyɛe bɔne nti m’abufuw amfi adi.” Ɛhe na wɔn nneyɛe bɔne no fi? Efi wɔn mu, wɔn komam tɔnn. (Monkenkan Marko 7:20-23.) Onyankopɔn maa Yeremia huu Yudafo nneyɛe bɔne no farebae. Asɛm no ara ne sɛ na wɔasen wɔn koma. Na wɔn nsusuwii ne wɔn suban yɛ bɔne wɔ Yehowa ani so. (Monkenkan Yeremia 5:23, 24; 7:24-26.) Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma wontwa mo twetia mma Yehowa na muntwa mo koma twetia.”—Yer. 4:4; 18:11, 12.

9 Enti sɛ yɛbɛka a, na ehia sɛ Yudafo a wɔwɔ Yeremia bere so no yɛ wɔn koma “oprehyɛn,” kyerɛ sɛ ‘wotwa wɔn koma twetia.’ Saa na Mose beresofo no yɛe. (Deut. 10:16; 30:6) Ɛnde, na Yudafo no bɛyɛ dɛn ‘atwa wɔn koma twetia’? Biribiara a na ama wɔn koma asi kyekye a ɛmma wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde no, na ɛsɛ sɛ woyi no akwa. Ebi ne wɔn nsusuwii ne wɔn suban.—Aso. 7:51.

‘KOMA A YƐDE BEHU’ NO NNƐ

10. Dɛn na Dawid yɛe a yebetumi asuasua?

10 Yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ wama yɛahu nea sɛnkyerɛnne kwan so koma no kyerɛ! Nanso ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Eyi fa Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho dɛn?’ Asafo no mufo dodow no ara de nokwaredi resom Yehowa na wɔbɔ bra pa; wɔnyɛ wɔn ade sɛ Yudafo pii a na wɔte sɛ ‘borɔdɔma a enye’ no. Nanso kae adesrɛ a ɔtreneeni Dawid de too Yehowa anim yi: “O Onyankopɔn, pɛɛpɛɛ me mu, na hu nea ɛwɔ me koma mu. Hwehwɛ me mu, na hu me mu dadwen, na hwɛ sɛ mmusu kwan bi wɔ me mu anaa.”—Dw. 17:3; 139:23, 24.

11, 12. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwehwɛ ne komam? (b) Dɛn na Onyankopɔn renyɛ?

11 Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nea ɛsɔ n’ani daa. Ɔmpɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛsɛe yɛne no ntam. Yeremia kaa treneefo ho asɛm sɛ: “O asafo Yehowa, wo na wohwehwɛ ɔtreneeni mu; wo na wuhu asaabo ne koma mu.” (Yer. 20:12) Sɛ Yehowa hwehwɛ ɔtreneeni mpo komam a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hwehwɛ yɛn koma mu hu nea ɛwom. (Monkenkan Dwom 11:5.) Sɛ yɛyɛ saa a, ebia yebehu suban anaa akɔnnɔ bi a asuma yɛn komam a ehia sɛ yɛyɛ ho biribi. Ebia yebehu nneɛma bɔne bi a ama yɛn koma asi kyekye a ebehia sɛ yɛyɛ “oprehyɛn” twitwa gu. Eyi bɛyɛ te sɛ nea yɛretwa yɛn koma twetia. Sɛ worehwehwɛ wo komam a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wogyen w’ani hwɛ? Sɛ wuhu biribi a enye a, wobɛyɛ dɛn ayɛ nsakrae?—Yer. 4:4.

12 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ Yehowa renhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nsakrae. Ɔka kyerɛɛ “borɔdɔma a eye” no sɛ ɔbɛma “wɔanya koma a wɔde behu” no; wɔanka sɛ ɔbɛhyɛ wɔn ma wɔasakra wɔn koma. Ná ɛsɛ sɛ wɔn ankasa hu sɛ wohia koma a ebetie Onyankopɔn na ahu no. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.

Sɛ yɛhwehwɛ yɛn komam yi akɔnnɔ bɔne fi mu a, Onyankopɔn behyira yɛn

13, 14. Ɛbɛyɛ dɛn na Kristoni bi koma apira no?

 13 Yesu kae sɛ: “Koma no mu na nsusuwii bɔne, awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.” (Mat. 15:19) Sɛ obi koma gyigye no ma ɔsɛe aware anaa ɔbɔ aguaman na wannu ne ho a, ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam koraa. Nanso sɛ obi anyɛ bɔne a emu yɛ duru yi bi mpo a, ebia ɔbɛsosɔ akɔnnɔ bɔne so wɔ ne komam. (Monkenkan Mateo 5:27, 28.) Eyi nti ehia sɛ daa yɛhwehwɛ yɛn koma mu. Wopɛɛpɛe wo koma mu a, wuhu sɛ wowɔ ɔbea anaa ɔbarima bi ho akɔnnɔ wɔ wo komam? Wowɔ akɔnnɔ bi a Onyankopɔn ani nnye ho anaa? Wohwɛ a, ehia sɛ woyɛ nsakrae?

14 Ebia onua bi renhyɛ da nni awu nanso obetumi anya ne nua Kristoni bi ho abufuw araa ma watan no ne komam. (Lev. 19:17) Su a ɛte saa bɛma ne koma asi kyekye, enti ehia sɛ omia n’ani yi fi ne mu.—Mat. 5:21, 22.

15, 16. (a) Dɛn na Kristoni bi yɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ‘komam momonotoni’? (b) Dɛn nti na wususuw sɛ Yehowa ani nnye “komam momonotofo” ho?

15 Anigyesɛm ne sɛ Kristofo dodow no ara nni koma bɔne a ɛte saa. Nanso Yesu kae sɛ “nsusuwii bɔne” nso wɔ koma no mu. Sɛ yɛanhwɛ yiye a nsusuwii bɔne anaa adwene a ɛmfata betumi agu yɛn ho fĩ. Ɛho nhwɛso ni: Ebia obi bɛka sɛ ɔpɛ n’abusuafo asɛm enti biribiara obegyina wɔn akyi. Mfomso nni ho sɛ Kristoni benya “tema” ama n’abusuafo. Bible ka sɛ “nna a edi akyiri” yi mu no, nnipa dodow no ara rennya tema mma afoforo. Nokware Kristofo nsua su a ɛte saa. (2 Tim. 3:1, 3) Nanso yɛanhwɛ yiye a, yɛbɛka sɛ “mogya mu yɛ duru,” enti sɛ yɛn busuani yɛ bɔne koraa a na yegyina n’akyi. Sɛ obi ne yɛn busuani nya asɛm a, wobɛhwɛ na yɛagye ama yɛn ho. Wo de, hwɛ nea saa su yi maa Dina nuabarimanom yɛe. (Gen. 34:13, 25-30) Su koro yi ara na na ɛwɔ Absalom komam a ɛma okum Amnon. (2 Sam. 13:1-30) Nokwasɛm ne sɛ “nsusuwii bɔne” betumi adi awu.

16 Nokware Kristofo de, yɛnhwɛ kwan sɛ yɛbɛtwe tuo anaa sekan akum yɛn yɔnko. Nanso sɛ yɛn nua Kristoni yɛ yɛn busuani biribi a, anhwɛ a yebenya ne ho menasepɔw. Ebetumi aba sɛ asɛm no nte saa, na mmom yɛn adwene na ɛyɛ yɛn saa. Sɛ ɛba saa na sɛ onua no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra ne fie a, ebia yɛrenkɔ. Na sɛ yɛmpɛ sɛ yɛkɔ ne fie a,  ɛnde yɛrenna nnwen ho mpo sɛ yɛbɛto nsa afrɛ no aba yɛn fie. (Heb. 13:1, 2) Sɛ obi nya ne nua Kristoni ho menasepɔw anaa ɔyɛ n’adwene sɛ ɔne no mmɔ a, ɛyɛ aniberesɛm paa, efisɛ ɛnkyerɛ ɔdɔ. Sɛ obi yɛ saa a, Yehowa a ɔhwehwɛ komam no bebu no sɛ ɔyɛ ‘komam momonotoni,’ kyerɛ sɛ ontwaa ne koma twetia. (Yer. 9:25, 26) Kae asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo no. Ɔkae sɛ: “Muntwa mo koma twetia.”—Yer. 4:4.

NYA KOMA A ‘WODE BEHU’ ONYANKOPƆN NA HWƐ SO YIYE

17. Sɛ yesuro Yehowa a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya koma a etie no?

17 Sɛ wohwehwɛ wo komam a, ebia wubehu sɛ womfa Yehowa afotu nni dwuma sɛnea ɛsɛ. Ɔkwan bi so no, ebia ‘wuntwaa wo koma twetia.’ Ebia wubehu sɛ nnipa ho suro, akɛsesɛm, atuatew, anaa ahantan wɔ wo komam. Sɛ saa a, kae sɛ ɛnyɛ wo nko ara na wote saa. (Yer. 7:24; 11:8) Yeremia kae sɛ na Yudafo a wɔwɔ ne bere so no bi wɔ “asoɔden ne atuatew koma.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔanka wɔn komam sɛ: ‘Afei de, momma yensuro Yehowa yɛn Nyankopɔn, nea ɔtɔ osu, na ɔma adonsu.’” (Yer. 5:23, 24) Enti sɛ yebu Yehowa na yesuro no a, ɛrenyɛ den sɛ ‘yebetwa yɛn koma twetia.’ Eyi bɛboa ma yɛn mu biara anya koma a etie Onyankopɔn.

18. Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu no?

18 Sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden a, Yehowa bɛma yɛn ‘koma a yɛde behu no.’ Wahyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu bɔ sɛ: “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu na makyerɛw wɔ wɔn komam. Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.” Ɔde kaa ho sɛ: “Obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio sɛ, ‘Munhu Yehowa!’ Efisɛ wɔn nyinaa behu me, efi akumaa so kosi ɔkɛse so . . . Na mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”—Yer. 31:31-34. *

19. Anidaso bɛn na nokware Kristofo wɔ?

19 Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asase so oo, yɛn nyinaa koma so ade ne sɛ yebehu Yehowa na yɛne ne nkurɔfo abom asom no. Nanso sɛ yebetumi ahu Yehowa daa a, gye sɛ ɔde yɛn bɔne firi yɛn. Ɔnam Kristo agyede no so na ɔbɛyɛ saa. Ɛnde, sɛ Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn a, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yeyi menasepɔw biara fi yɛn mu na yɛde afoforo bɔne firi wɔn? Sɛ yɛyere yɛn ho yi abufuw ne nitan biara fi yɛn komam a, ɛbɛboa yɛn koma. Eyi bɛkyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom Yehowa na yehu no yiye. Ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛn na Yehowa nam Yeremia so reka asɛm yi akyerɛ yɛn: “Mobɛhwehwɛ me, na mubehu me, efisɛ mode mo koma nyinaa na ɛbɛhwehwɛ me. Mɛma moahu me.”—Yer. 29:13, 14.

^ nky. 18 Wɔakyerɛkyerɛ apam foforo no mu wɔ Onyankopɔn Asɛm a Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn nhoma no ti 14.