Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afei a “Moabehu Onyankopɔn” Yi—Dɛn Bio?

Afei a “Moabehu Onyankopɔn” Yi—Dɛn Bio?

“Moabehu Onyankopɔn.”—GAL. 4:9.

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ wimhyɛnkafo yɛ ansa na watu hyɛn no?

ANSA na wimhyɛn biara betu no, wimhyɛnkafo no bɛhwɛ sɛ hyɛn no ho biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔakyerɛkyerɛw nneɛma bɛboro 30 wɔ krataa so, na ɔbɛto ne bo ase ahwɛ sɛ ebiara da nea ɛda. Sɛ wanto ne bo ase anhwɛ eyinom nyinaa ansa na watu a, obetumi anya akwanhyia. Sɛ yɛbɛka a, wimhyɛnkafo a wakwadare adwuma no mu mmom na ɛsɛ sɛ ɔma n’ani kũ saa ade yi ho. Dɛn ntia? Efisɛ anhwɛ a obegye ne ho adi dodo na wabu n’ani agu nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ no so.

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ na wanhwe ase?

2 Sɛnea wimhyɛnkafo to ne bo ase hwɛ nneɛma mmiako mmiako wɔ wimhyɛn ho na akwanhyia biara ansi no, saa ara na wo nso wubetumi ayɛ nneɛma bi na wo gyidi angu asu. Sɛ nnansa yi ara na wobɔɔ asu oo, sɛ nso woasom Onyankopɔn mfe pii oo, ehia sɛ bere nyinaa wokari wo gyidi hwɛ. Eyi bɛboa wo ma wode koma mũ asom Yehowa Nyankopɔn. Sɛ yegye yɛn ho di dodo na yɛampɛɛpɛe yɛn mu bere nyinaa a, ebetumi ama yɛahwe ase. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Nea odwen sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye na wanhwe ase.”—1 Kor. 10:12.

3. Dɛn na na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Galatia no yɛ?

3 Ná ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Galatia no hu sɛ ɛyɛ akwannya kɛse sɛ wɔabɛyɛ Kristofo. Enti na ɛsɛ sɛ wɔpɛɛpɛe wɔn mu hwɛ sɛ wɔn gyidi yɛ den anaa. Ná Yesu afɔrebɔ no abue kwan bi ama wɔn a wogye no di: Saafo no behu Onyankopɔn na wɔabɛyɛ ne mma! (Gal. 4:9) Saa bere no, na ebinom rekyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo di Mose Mmara no so. Enti sɛ Galatifo no betumi abɛyɛ Onyankopɔn mma a, na ehia sɛ wɔpo saa nkyerɛkyerɛ no. Saa bere no na Mmara no nyɛ adwuma bio, na na Amanaman mufo a wɔwɔ asafo no mu nnim saa Mmara no mpo. Na ɛsɛ sɛ Yudafo  ne Amanaman mufo nyinaa yɛ den wɔ nokware no mu. Na ehia sɛ wogye tom sɛ ɛnyɛ Mose Mmara no na Onyankopɔn hwɛ bu obi treneeni.

NEA ƐMA YEBEHUU ONYANKOPƆN

4, 5. Afotu bɛn na Paulo de maa Galatifo no? Dɛn nti na ɛho hia yɛn?

4 Atirimpɔw bi nti na Yehowa maa ɔsomafo Paulo kyerɛw saa asɛm no kɔmaa Galatifo no. Na ɛbɛboa Kristofo nyinaa ma wɔakɔ so abata Bible mu nokware no ho na wɔansan ankɔ nneɛma a wɔagyaw no akyi no ho. Krataa a Paulo de kɔmaa Galatifo no betumi aboa Yehowa asomfo nyinaa ma wɔn ase atim nokware no mu.

5 Ehia sɛ yɛn mu biara kae nea ɛyɛe a ofii sum mu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo. Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa abien yi: Wokae nea woyɛe ansa na wɔrebɔ wo asu? Wokae nea ɛyɛe a wubehuu Onyankopɔn na ɔno nso huu wo ne ahofadi a wunyae?

6. Nneɛma bɛn na yebesusuw ho?

6 Sɛnea obi a ɔka wimhyɛn hwɛ nneɛma bi wɔ wimhyɛn no ho ansa na watu no, saa ara na yɛn nso yɛyɛɛ nneɛma bi ansa na yɛrebɔ asu. Yetuu anammɔn akron bi. Yehu saa nneɛma yi wɔ adaka a wɔato din  “Anammɔn a Yɛde Kɔ Asubɔ Mu, Nea Ɛma Yenyin.” Sɛ yɛkaakae saa nneɛma akron yi na yɛde hwehwɛ yɛn ho mu a, ɛbɛhyɛ yɛn den na yɛansan ankɔ wiase no mu. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ yɛn mu sɛnea wɔn a wɔka wimhyɛn yɛ no na ama yɛn gyidi ayɛ den.

WƆN A ONYANKOPƆN AHU WƆN KƆ SO YƐ DEN

7. Nhwɛsode bɛn na ɛsɛ sɛ yedi akyi, na dɛn ntia?

7 Sɛnea obi a ɔka wimhyɛn to ne bo ase hwɛ nneɛma bi wɔ wimhyɛn no ho ansa na watu no, yɛn nso nneɛma bi wɔ hɔ a yɛn asubɔ akyi mpo no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ na ama yɛn ase atim wɔ nokware no mu. Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Kɔ so kura nsɛm a eye no nhwɛsode a wote fii me nkyɛn no mu. Kura mu wɔ gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu.” (2 Tim. 1:13) “Nsɛm a eye” yi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. (1 Tim. 6:3) Sɛnea obi rebesi dan a ɔhwɛ krataa so hu sɛnea dan no bɛyɛ no, saa ara na ‘nokware no ho nhwɛsode’ te. Ɛma yehu nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ nyinaa. Afei momma yɛnhwɛ nneɛma a yɛyɛe ansa na yɛrebɔ asu na yɛmpɛɛpɛɛ yɛn mu nhwɛ sɛ yɛda so ara kura mu anaa.

8, 9. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nyin wɔ nimdeɛ ne gyidi mu? (b) Ma mfatoho fa kyerɛ nea enti a ehia sɛ Kristofo kɔ so nyin.

8 Nea edi kan, yenyaa nimdeɛ. Ɛno nso ma yenyaa gyidi. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara nyin wɔ nimdeɛ ne gyidi mu. (2 Tes. 1:3) Sɛ biribi renyin a, yehu nsakrae pii wɔ ho: Ɛyɛ tenten kɛse anaa ɛtrɛtrɛw. Enti sɛ yɛbɔ asu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara nyin wɔ gyidi mu; ɛnsɛ sɛ yɛtɔ ape.

Dua kɔ so nyin. Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ

9 Yebetumi de eyi atoto dua ho. Dua tumi nyin yɛ tenten kɛse ma ɛyɛ nwonwa, ɛnkanka bere a ne nhin abɔ kɔ fam. Nhwɛso bi ne Lebanon nkyeneduru. Ebi tumi nyin yɛ tenten te sɛ abansoro a ɛtoa so 12. Etumi yɛ kɛse araa ma ebegye ahama a ne tenten yɛ mita 12 (anammɔn 40) na atwa ho ahyia. (Nmd. 5:15) Sɛ dua renyin a, mfiase no enyin prɔmprɔm, nanso ebedu baabi no, wunhu ne nyin papa. Nanso ade rekye a ade resa nyinaa, dua no nyin; ne nhin bɔ kɔ fam na ɛtenetene. Afei dutan no trɛw nkakrankakra na dua no ase tim. Saa ara na Kristofo nso te. Obi fi ase sua Bible a, onya  nkɔso ntɛmntɛm na ɔbɔ asu. Asafo no mufo nyinaa hu sɛ ɔrenyin wɔ nokware no mu. Ebi mpo a ɔbɛba abɛyɛ ɔkwampaefo anaa obenya hokwan foforo wɔ asafo no mu. Nanso ebedu baabi no, ebia ne nyin no renyɛ prɔmprɔm a nkurɔfo behu no ntɛm, nanso na ɔrenyin ara. Enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nyin wɔ nimdeɛ ne gyidi mu bɛyɛ “ɔbarima a wanyin awie adi mũ sɛnea Kristo a ɔne susude a ɛyɛ pɛ no te.” (Efe. 4:13) Sɛ yɛbɛka a, Kristofo nkɔso anaa yɛn nyin te sɛ afifide ketewa bi a enyin bɛyɛ dua kɛse a ase atim.

10. Dɛn nti na ehia sɛ Kristoni a ne ho akokwaw mpo kɔ so nyin?

10 Sɛ yɛn ho akokwaw mpo a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛapem anaa yɛanyin awie. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nimdeɛ ne yɛn gyidi yɛ sɛ dua nhin a ɛbɔ kɔ fam na ɛtenetene wɔ asase mu. Eyi bɛma yɛatintim wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. (Mmeb. 12:3) Anuanom mmarima ne mmea pii wɔ Kristofo asafo no mu a wɔayɛ saa. Onua bi a wasom sɛ asafo mu panyin bɛboro mfe 30 kae sɛ ɔda so ara renyin. Ɔkae sɛ: “Seesei mabɛte Bible ase sen bere biara. Da biara mihu biribi foforo wɔ Bible mu a mede bɔ me bra. Afei mihu sɛ m’ani gye ara na ɛregye asɛnka ho.”

WO NE ONYANKOPƆN ADAMFOFA MU NYƐ DEN

11. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu Yehowa yiye?

11 Ade foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛrenyin ne sɛ yɛbɛbɛn Yehowa sɛnea obi bɛn n’adamfo anaa ne papa no. Yehowa pɛ sɛ yɛn ani ka ne ho na yehu sɛ ɔdɔ yɛn na ɔpɛ yɛn asɛm. Nea yɛreka yi te sɛ abofra bi a ɔbɔ ne papa kɔn ho; ohu sɛ ne papa dɔ no na ɔpɛ n’asɛm. Bio nso sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɛte sɛ nea yɛne yɛn yɔnko berɛbo nam. Ɛnyɛ da koro pɛ na obi ne Yehowa nya ayɔnkofa a emu yɛ den saa. Egye bere na yɛahu no yiye na yɛadɔ no. Enti sɛ wopɛ sɛ wuhu Yehowa yiye a, gye bere fa kan n’Asɛm Bible da biara da. Afei nso bɔ mmɔden kenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne asafo nhoma biara a ɛbɛba.

12. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa adamfofa mu yɛ den a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

12 Ade a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn adamfofa mu ayɛ den ne mpaebɔ ne fekupa. (Monkenkan Malaki 3:16.) Yehowa ‘ayɛ aso ama yɛn adesrɛ.’ (1 Pet. 3:12) Sɛ yesu frɛ no a, otie yɛn sɛnea agya bi tie ne ba no. Enti ehia sɛ ‘yekura mpaebɔ mu denneennen.’ (Rom. 12:12) Onyankopɔn na obetumi  aboa yɛn ma yɛanyin na yɛn ho akokwaw. Wiase mu haw dɔɔso, enti yɛn ankasa rentumi mfa yɛn ahoɔden nnyina ano. Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛma yɛn ahoɔden ne mmoa biara a yehia, enti sɛ yɛanyere yɛn ho ammɔ mpae bere nyinaa a, na yɛadi yɛn ho aborɔ. Sɛ worebɔ mpae a, wuhu sɛ wo ne Yehowa rekasa sɛ w’adamfo bi a wopɛ n’asɛm? Anaa wohwɛ a pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ ma wo mpaebɔ tu mpɔn?—Yer. 16:19.

13. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Onyankopɔn adamfofa mu yɛ den a, dɛn nti na ehia sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ?

13 Yehowa dɔ “wɔn a woguan toa no” nyinaa, enti sɛ yebehu Onyankopɔn a, na yenwiei; ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔn nso abehu Yehowa no bɔ. (Nah. 1:7) Wiase mu haw ne abɛbrɛsɛ dɔɔso, enti ehia sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea bɔ ma wɔhyɛ yɛn den. Asafo no mufo bɛkanyan yɛn akɔ “ɔdɔ ne nnwuma pa mu.” (Heb. 10:24, 25) Sɛ yebetumi de afotu a Paulo de maa Hebrifo no ayɛ adwuma a, ehia sɛ yɛne asafo no bɔ na yɛne yɛn nuanom bom yɛ nneɛma. Enti kɔ asafo nhyiam daa na fa wo ho hyɛ dwumadi no nyinaa mu.

14. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ adwensakra nyɛ dakoro adeyɛ?

14 Ade foforo a yɛyɛe ne sɛ yɛsakraa yɛn adwene na yɛdan yɛn ho fii yɛn bɔne ho. Eyi na ɛboaa yɛn ma yɛbɛyɛɛ Kristofo. Nanso adwensakra nyɛ dakoro adeyɛ. Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, bɔne mpa yɛn ho. Bɔne te sɛ ɔwɔ a n’ani abere repɛ yɛn aka yɛn. (Rom. 3:9, 10; 6:12-14) Enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho te sɛ nea mfomso nni yɛn ho. Anigyesɛm ne sɛ Yehowa wɔ yɛn ho abotare, enti sɛ ohu sɛ yɛreyere yɛn ho sɛ yebedi yɛn mmerɛwyɛ so ayɛ nsakrae a, n’ani gye. (Filip. 2:12; 2 Pet. 3:9) Ade a ɛbɛboa paa ne sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden bɛsom Yehowa na yɛapo nneɛma hunu. Onuawa bi kyerɛwee sɛ: “Wɔtetee me wɔ nokware no mu nanso na adwene a mewɔ wɔ Yehowa ho yɛ soronko koraa. Na misusuw sɛ ɔyɛ obi a ne ho yɛ hu enti merentumi nyɛ ade a ɛbɛsɔ n’ani da.” Eduu bere bi no, na onuawa no nsi pi wɔ asafo no mu na odii mfomso pii. Ɔkae sɛ: “Me komam de, mihu sɛ medɔ Yehowa, nanso na minnim no yiye.” Afei onuawa no bɔɔ Yehowa mpae denneennen, na ofii ase yɛɛ nsakrae. Ɔsan kae sɛ: “Mihui sɛ Yehowa aso me nsa te sɛ abofra bi a ne papa kura ne nsa. Ɔyɛɛ me brɛbrɛ ma midii me haw so nkakrankakra, na ɔma mihuu nea ehia sɛ meyɛ.”

15. Dɛn na Yesu ne n’Agya nim?

15 ‘Kɔ so ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo.’ Bere a Onyankopɔn bɔfo bi yii Petro ne asomafo bi a wɔka ne ho fii afiase no, ɔkae sɛ wɔnkɔ so nka asɛm no. (Aso. 5:19-21) Sɛ yɛde yɛn som toto wimhyɛn ho a, ade biako a ehia sɛ yɛhwɛ ne yɛn asɛnka. Ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛ dapɛn biara yɛbɛkɔ asɛnka. Yesu ne n’Agya nim yɛn gyidi ne sɛnea yɛyɛ asɛnka adwuma no. (Adi. 2:19) Sɛ yɛbɛka a, ɛsɛ sɛ yɛde asɛnka adwuma no yɛ yɛn aduan.

16. Adɛn nti na ehia sɛ yegye bere susuw yɛn ahosohyira ho?

16 Gye bere susuw w’ahosohyira ho. Sɛ yɛreka ade a ɛsom bo sen biribiara wɔ yɛn asetenam a, ɛno ne Yehowa adamfofa. Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne dea. (Monkenkan Yesaia 44:5.) Ɛyɛ a bisa wo ho sɛ wo ne Yehowa ntam te sɛn. Bɔ mpae na ɔmmoa wo na wo ne n’adamfofa mu nyɛ den. Afei nso susuw w’asubɔ ho, na mma wo werɛ mfi ɛda a wobɔɔ asu no. W’asubɔ no bɛkae  wo sɛ Yehowa na woahyira wo ho so ama no. Eyi ne gyinae a ehia paa a woasi wɔ w’asetenam.

MPA ABAW, BATA YEHOWA HO

17. Sɛ yebetumi abata Yehowa ho a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw?

17 Paulo ka kyerɛɛ Galatifo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw. (Gal. 6:9) Kristofo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso hyia sɔhwɛ, nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn sapɔw mu nsu, efisɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn. Kɔ so bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa wo. Woyɛ saa a, wubehu sɛ anigye asi awerɛhow ananmu na asomdwoe asi ahoyeraw ananmu. Afei w’asom bedwo wo fɔmm. (Mat. 7:7-11) Wo de, susuw asɛm yi ho: Sɛ nnomaa mpo Yehowa dwen wɔn ho a, ɛnde wo a wodɔ no na woahyira wo ho so ama no na ɔrennwen wo ho anaa? Ɔdɔ wo sen nnomaa bam. (Mat. 10:29-31) Sɛ wo haw sõ sɛ dɛn ara a, mpa abaw. Mfi nokware no mu nsan nkɔ wiase no mu. Ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yɛabehu Yehowa; ne nhyira bebu abɔ ho ama yɛn.

18. Afei a ‘woabehu Onyankopɔn no,’ dɛn bio na wopɛ sɛ woyɛ?

18 Ɛnde, sɛ nnansa yi ara na wubehuu Onyankopɔn bɔɔ asu a, dɛn bio na aka? Bɔ mmɔden sɛ wubehu Yehowa yiye na kɔ so ara nyin wɔ ne som mu. Sɛ wobɔɔ asu akyɛ nso ɛ? Dɛn bio na aka? Ma wo nimdeɛ mu nnɔ na wo ne Yehowa adamfofa mu nyɛ den. Ɛnsɛ sɛ yɛtoto yɛne n’adamfofa ase koraa. Mmom ɛwɔ hɔ ara ɛsɛ sɛ yedwinnwen nneɛma a yɛabobɔ so wɔ adesua yi mu no ho. Eyi bɛma yɛde yɛn ho afam Yehowa ho denneennen, na yebehu sɛ Yehowa yɛ yɛn Agya, yɛn Adamfo, ne yɛn Nyankopɔn ampa.—Monkenkan 2 Korintofo 13:5, 6.