Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Si Gyinae Pa na Bɔ W’agyapade Ho Ban

Si Gyinae Pa na Bɔ W’agyapade Ho Ban

“Munkyi bɔne, mommata papa ho.”—ROM. 12:9.

1, 2. (a) Dɛn na ɛma wusii gyinae sɛ wobɛsom Onyankopɔn? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

NNIPA pii asi gyinae bi a nyansa wom. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn na wɔadi Yesu Kristo anammɔn akyi pɛɛ. (Mat. 16:24; 1 Pet. 2:21) Yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn na yebu eyi aniberesɛm. Ɛnyɛ kyerɛwsɛm biako anaa abien bi na ɛkaa yɛn ma yesii saa gyinae no, mmom yegyee bere suaa Onyankopɔn Asɛm yiye. Eyi hyɛɛ yɛn gyidi den, na ɛma yehuu agyapade a Yehowa ahyɛ ho bɔ no. Yehowa de agyapade yi bɛma wɔn a wɔkɔ so sua ɔne Yesu Kristo ho ade.—Yoh. 17:3; Rom. 12:2.

2 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne yɛn soro Agya no nantew a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ adesua yi mu: Dɛn ne yɛn agyapade no? Ɛsɛ sɛ yebu no dɛn? Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn nsa aka agyapade no? Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛasisi gyinae pa?

DƐN NE YƐN AGYAPADE NO?

3. Agyapade bɛn na ɛda hɔ retwɛn (a) wɔn a wɔasra wɔn no, (b) “nguan foforo” no?

3 Kristofo kakraa bi hwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka “agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe.” Eyi yɛ hokwan kɛse a wobenya ne Kristo adi ade wɔ soro. (1 Pet. 1:3, 4) Wɔn a wobenya saa agyapade no yɛ nnipa a ‘wɔasan awo’ wɔn. (Yoh. 3:1-3) Ɛnde, Yesu “nguan foforo” mpempem pii a wɔne wɔn a wɔasra wɔn no bom yɛ Onyankopɔn Ahenni asɛmpaka adwuma no nso ɛ? (Yoh. 10:16) Nguan foforo no benya agyapade a ɛbɔɔ Adam  ne Hawa no. Wɔbɛtena ase daa wɔ paradise asase so, asase a amanehunu, owu, ne awerɛhow nni so. (Adi. 21:1-4) Bere a Yesu bɔ asɛndua ho no, ɔka kyerɛɛ ɔbɔnefo a na ɔwɔ ne nkyɛn no sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”—Luka 23:43.

4. Nhyira bɛn na ɛnnɛ mpo yɛwɔ?

4 Ɛnnɛ mpo yenya yɛn agyapade no so mfaso. Esiane sɛ yɛwɔ “Kristo Yesu agyede” no mu gyidi nti, yɛn koma tɔ yɛn yam. Bio, yɛanya hokwan ne Onyankopɔn afa adamfo. (Rom. 3:23-25) Onyankopɔn Asɛm ma yehu nneɛma pa a yebenya daakye. Afei nso yɛwɔ anuanom wɔ wiase afanan nyinaa a wɔdodɔ wɔn ho. Biribi a ɛte saa ma yɛn ani gye paa. Nokwasɛm ni, ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Ampa, yɛn ani sɔ yɛn agyapade no!

5. Dɛn na Satan de asi n’ani so sɛ ɔbɛma Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ? Dɛn na ɛbɛboa ma yɛagyina pintinn ako atia Satan nnɛɛdɛe?

5 Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn agyapade no bɔ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn anammɔntutu yiye na yɛantɔ Satan afiri mu. Efi teteete na Satan de asi n’ani so sɛ ɔbɛfa akwannuasa nyinaa so ma Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ bɔne na wɔn agyapade no abɔ wɔn. (Num. 25:1-3, 9) Seesei a Satan nim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa yi de, wama ne homene so paa; ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara daadaa yɛn. (Monkenkan Adiyisɛm 12:12, 17.) Sɛ yebetumi “agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe” a, ɛsɛ sɛ daa yɛkae sɛ yɛwɔ agyapade bi a ɛsom bo paa. (Efe. 6:11) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa no, momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii Isak abakan Esau asetenam na yensua biribi mfi mu.

NSUASUA ESAU

6, 7. Hena ne Esau? Akwannya bɛn na na ɛdɔ hɔ retwɛn no?

6 Bɛyɛ mfe 4,000 ni, Rebeka woo nta. Ná wɔfrɛ biako Esau, ɛnna wɔfrɛ biako Yakob. Bere a wɔrenyin no, na ɛsono obiara su ne nea n’ani gye ho. “Ná Esau yɛ obi a onim ahayɔ a ɔpɛ wuram kɔ, na Yakob de, ɔyɛ obi a ne ho nni asɛm a ɔte ntamadan mu.” (Gen. 25:27) Nea enti a Bible ka sɛ Yakob ho nni asɛm ne sɛ na odi nokware na na okyi bɔne.

7 Bere a Esau ne Yakob dii mfe 15 no, wɔn nana Abraham wui, nanso na Yehowa kae ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham no. Akyiri yi Yehowa tĩĩ bɔhyɛ no mu kyerɛɛ Isak, na ɔkae sɛ aman nyinaa nam Abraham asefo so benya nhyira. (Monkenkan Genesis 26:3-5.) Nea na eyi kyerɛ ne sɛ ‘aseni’ a wɔaka ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no befi Abraham abusua mu. Ɔno na na ɔbɛyɛ Mesia no. Ná Esau yɛ Isak ba panyin, enti ɔno na anka bɔhyɛ no bɛfa no so abam. Eyi kyerɛ sɛ anka Mesia no bɛyɛ Esau aseni. Hwɛ akwannya kɛse a na ɛda hɔ retwɛn Esau! Nanso ɔbɛkyerɛ ho anisɔ ni?

Hwɛ na agyapade a Yehowa de ama wo no amfi wo nsa

8, 9. (a) Dɛn na Esau yɛe wɔ ne mpanyinni ho? (b) Mfe bi akyi no, dɛn na Esau hui sɛ wayɛ? Ɛbaa saa no, dɛn na ɔyɛe?

8 Da bi, Esau kɔɔ wuram na bere a ɔbae no, ohui sɛ Yakob “renoa asɛdua.” Esau ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo ma me ade kɔkɔɔ yi bi nni; yɛ ntɛm na mabrɛ!” Yakob kae sɛ: “Tɔn wo panyin ma me ansa!” Dɛn na Esau yɛe? Ɔkae sɛ: “Mpanyinni bɛyɛ me dɛn?” Hwɛ asɛm, na Esau pɛ aduan sen ne mpanyinni! Ná Yakob pɛ sɛ Esau de biribi si so de kyerɛ sɛ ampa-ne-ampa ara ɔretɔn ne panyin ama  no. Enti ɔka kyerɛɛ Esau sɛ: “Ka me ntam ansa!” Esau antwentwɛn ne nan ase koraa na ɔtɔn ne panyin no. Afei “Yakob maa no paanoo ne asɛdua no bi, na odidi nomee. Na ɔsɔre kɔe. Enti Esau ammu ne panyin no.”—Gen. 25:29-34.

9 Akyiri yi bere a Isak hui sɛ ɔrebewu no, Rebeka hwɛe sɛ Yakob nsa bɛka mpanyinni a Esau tɔn maa no no. Bere a Esau ani baa ne ho so a ohui sɛ wadi nkwaseasɛm no, ɔsrɛɛ Isak sɛ: “Papa, mesrɛ wo, hyira me nso! . . . Enti woannyaw nhyira koro bi mpo amma me?” Isak ka kyerɛɛ no sɛ wahyira Yakob awie na ɔrentumi nsesa. Esau tee saa no, ‘ɔmaa ne nne so sui denneennen.’—Gen. 27:30-38.

10. Na Yehowa bu Esau ne Yakob dɛn, na dɛn ntia?

10 Sɛ yɛhwɛ asɛm yi a, su bɛn na yehu wɔ Esau ho? Yehu sɛ nea na ehia no ne sɛ obedwudwo n’akɔnnɔ na ɛnyɛ nhyira a mpanyinni no bɛma wanya daakye. Na Esau mmu ne panyin no sɛ agyapade a ɛsom bo, na yɛreka a, na ɔnnɔ Onyankopɔn. Bio, Esau anhwɛ sɛnea ne gyinaesi no bɛka n’asefo. Nanso na Yakob nte saa. Na obu agyapade a abedi ne nsam no. Nhwɛso biako ne bere a n’awofo kyerɛɛ no baabi a ɔnkɔpɛ yere no. Otiee wɔn. (Gen. 27:46–28:3) Na eyi gye animia ne abotare, nanso ogyinaa mu, na Yehowa hyiraa no maa Mesia no puee n’asefo mu. Asɛm bɛn na Onyankopɔn kae a ɛma yehu sɛnea obu Esau ne Yakob? Yehowa nam odiyifo Malaki so kae sɛ: “Medɔɔ Yakob, na Esau de, metan no.”—Mal. 1:2, 3.

11. (a) Adɛn nti na Kristofo betumi asua biribi afi Esau asɛm no mu? (b) Adɛn nti na Paulo de aguamammɔ bataa Esau asɛm no ho?

11 Dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ betumi asua afi Esau asɛm no mu? Ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye na “obiara anyɛ oguamammɔfo anaa obi a ommu akronkronne te sɛ Esau a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduan biako pɛ no.” (Heb. 12:16) Saa kɔkɔbɔ no fa Kristofo ho nnɛ. Ɛsɛ sɛ yebu akronkronne na ɔhonam akɔnnɔ anni yɛn so amma yɛn honhom fam agyapade ammɔ yɛn. Ɛnde, adɛn nti na Paulo de aguamammɔ bataa Esau asɛm no ho? Asɛm no ara ne sɛ, sɛ yesuasua Esau na yɛma ɔhonam akɔnnɔ di yɛn so a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yebepia akronkronne ato nkyɛn na yɛde yɛn ho akɔhyɛ nneyɛe bɔne te sɛ aguamammɔ mu.

 SIESIE WO KOMA NNƐ

12. (a) Ɔkwan bɛn na Satan fa so sɔ yɛn hwɛ? (b) Sɛ biribi retwetwe yɛn kɔ bɔne mu a, Bible mu asɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn?

12 Yehowa asomfo nhuahua bɔne; yɛhwɛ yɛn anammɔn yiye wɔ ɔbrasɛe ho. Sɛ ɛba sɛ obi sɔ yɛn hwɛ mpo a, yɛbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa yɛn na yɛanyɛ bɔne. (Mat. 6:13) Nanso bere a yɛreyere yɛn ho sɛ yebedi nokware wɔ wiase bɔne yi mu no, na Satan nso rebɔ mmɔden sɛ obeyi yɛn ahwe hɔ ma yɛne Yehowa ntam asɛe. (Efe. 6:12) Ɔbonsam ne wiase bɔne yi nyame, na onim sɛ ɔhonam akɔnnɔ tumi sum nnipa afiri. Enti watow ne mfiri apansam yɛn kwan mu. (1 Kor. 10:8, 13) Fa no sɛ woahyia tebea bi a ebetumi atwetwe wo akɔ bɔne mu. Dɛn na wobɛyɛ? Wobɛyɛ w’ade sɛ Esau na woaka sɛ: ‘Yɛ ntɛm fa ma me’? Anaa wobɛdan w’akyi akyerɛ bɔne no na waguan sɛnea Yakob ba Yosef guanee Potifar yere gyigyefo no?—Monkenkan Genesis 39:10-12.

13. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnnɛ nnipa pii yɛ wɔn ade sɛ Yosef, na adɛn nti na yebetumi aka sɛ ebinom yɛ wɔn ade sɛ Esau? (b) Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛamfa Esau kwan so?

13 Yɛn nuanom mmarima ne mmea pii ahyia sɔhwɛ ahorow. Bere a ɛbaa saa no, wɔn mu pii yɛɛ wɔn ade nyansam sɛ Yosef, na ɛmaa Yehowa koma tɔɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Nanso afoforo yɛɛ wɔn ade te sɛ Esau; wɔammɔ wɔn honhom fam agyapade ho ban. Afe biara wɔka anuanom pii anim anaa wotu wɔn fi asafo no mu esiane nna mu ɔbrasɛe nti. Enti ehia paa sɛ yesiesie yɛn koma nnɛ na sɛ daakye biribi retwetwe yɛn akɔ bɔne mu a, yɛanwatiriw. (Dw. 78:8) Yɛbɛhwɛ nneɛma abien bi a ebetumi ahyɛ yɛn mpamden ma yɛako atia sɔhwɛ na yɛasi gyinae pa.

SUSUW TEBEA NO HO, HYƐ WO HO DEN

Sua Onyankopɔn Asɛm fa siesie wo ho ma sɔhwɛ

14. Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛakyi bɔne, na yɛabata papa ho’?

14 Sɛ biribi regyigye yɛn kɔ bɔne mu a, nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yesusuw nea ebefi mu aba ho. Sɛ yɛdɔ Yehowa paa a, yɛbɛyɛ biribiara de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ honhom fam agyapade a ɔde ama yɛn no. Sɛ yɛdɔ obi a, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛbɛhaw no. Mmom yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛbɛma n’ani agye. Enti sɛ ɔhonam akɔnnɔ retwetwe yɛn kɔ bɔne bi mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛnea bɔne a ɛte saa bɛka yɛne afoforo. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ midi m’akɔnnɔ akyi a, ɛbɛka me ne Yehowa adamfofa dɛn? Ɛbɛka m’abusua dɛn? Ɛbɛka me nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu dɛn? Me nneyɛe no bɛto afoforo hintidua?’ (Filip. 1:10) Bio nso yebetumi abisa sɛ: ‘Enti nyansa wom sɛ mede me ho bɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu anya anigye ketewaa bi na akyiri yi matwa so aba yayaayaw? Mepɛ sɛ meyɛ sɛ Esau na akyiri yi metew nisu waa?’ (Heb. 12:17) Sɛ yɛto yɛn bo ase susuw nsɛmmisa yi ho a, ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛakyi bɔne, na yɛabata papa ho.’ (Rom. 12:9) Sɛ yɛdɔ Yehowa ampa a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aso yɛn agyapade mu denneennen.—Dw. 73:28.

15. Dɛn na ɛbɛboa ma yɛahyɛ yɛn ho den na sɔhwɛ biara ansɛe yɛne Onyankopɔn ntam?

15 Ade a ɛtɔ so abien a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ano ne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho den. Yehowa ama yɛn nneɛma pii a ɛhyɛ yɛn den ma yɛko tia wiase yi mu sɔhwɛ ahorow na biribiara  ansɛe yɛne no ntam. Nneɛma yi mu bi ne Bible, Kristofo nhyiam, asɛnka adwuma, ne mpaebɔ. (1 Kor. 15:58) Enti bere biara a yebefi yɛn komam abɔ Yehowa mpae anaa yɛbɛyere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no, na yɛrehyɛ yɛn ho den ako atia sɔhwɛ. (Monkenkan 1 Timoteo 6:12, 19.) Sɛ yebenya ahoɔden de ako atia sɔhwɛ a, ɛfa kɛse no ara gyina yɛn so. (Gal. 6:7) Wɔasi eyi so dua wɔ Mmebusɛm ti 2.

‘YERE WO HO HWEHWƐ’

16, 17. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa?

16 Mmebusɛm ti 2 hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya nyansa ne nhumu. Eyi bɛboa ma yɛatumi akari ahu adepa ne adebɔne, na aboa ma yɛahyɛ yɛn ho so na yɛannyae yɛn ho mu amma bɔne. Nanso sɛ yebetumi ayɛ eyi nyinaa a, egyina yɛn ankasa so. Bible ka sɛ: “Me ba, wugye me nsɛm tom na wode m’ahyɛde sie, na wowɛn w’aso ma nyansa, na wokom wo koma ma nhumu; wusu frɛ ntease na woma wo nne so frɛ nhumu; woyere wo ho hwehwɛ no sɛ dwetɛ, na wopɛ n’akyi kwan sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wobɛte Yehowa suro ase, na woanya Onyankopɔn ho nimdeɛ. Efisɛ Yehowa na ɔma nyansa, na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi.”—Mmeb. 2:1-6.

17 Sɛ yebetumi asi gyinae pa a, gye sɛ yɛyɛ nea Mmebusɛm nhoma no ka no. yɛma Yehowa asɛm siesie yɛn koma, yɛkɔ so bɔ mpae ma Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan, yɛhwehwɛ Onyankopɔn ho nimdeɛ te sɛ akorade a ahintaw a, ɛno ansa na yebetumi agyina yɛn nan so ako atia sɔhwɛ.

18. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so ayɛ, na dɛn ntia?

18 Sɛ obi yere ne ho hwehwɛ nimdeɛ, ntease, nhumu, ne nyansa a, Yehowa de bɛdom no. Bere a yɛrehwehwɛ na yɛde reyɛ adwuma nyinaa na yɛne Yehowa Nyankopɔn adamfofa mu reyɛ den. Na bere a yɛne Yehowa adamfofa mu reyɛ den nyinaa na ɛrehyɛ yɛn den ma yɛako atia sɔhwɛ. Sɛ yɛbɛn Yehowa na nyamesuro wɔ yɛn mu a, ɛbɛhyɛ yɛn mpamden ma yɛatwe yɛn ho afi bɔne ho koraa. (Dw. 25:14; Yak. 4:8) Sɛ yɛfa Yehowa adamfo na yɛma no kyerɛ yɛn kwan a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so asisi gyinae pa ma Yehowa koma atɔ ne yam na yɛabɔ yɛn agyapade ho ban.