Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Israelfo rekum ɔbɔnefo bi a na wɔsɛn no dua so anikan anaa?

Tete no sɛ na aman pii rekum abɔnefo a, na wɔbɔ wɔn dua mu. Nea na Romafo yɛ ne sɛ wɔkyekyere ɔbɔnefo no fam dua ho anaa wɔde nnadewa bɔ no fam ho. Afei wogyaw no dua no so ma ɔteetee kosi sɛ sukɔm, ɔkɔm anaa awɔw bɛde no ma wawu. Ná Romafo bɔ abɔnefo dua mu de gu wɔn anim ase.

Tete Israel man no nso ɛ? Sɛ Israelfo rekum abɔnefo a, na wɔsɛn wɔn dua so anaa? Mose Mmara no kae sɛ: “Sɛ ɔbarima bi yɛ bɔne a ɛsɛ owu na wokum no de no sɛn dua so a, mma n’amu no nnsɛn dua so mmma ade nnkye so. Hwɛ sie no da no ara.” (Deut. 21:22, 23) Eyi kyerɛ sɛ, bere a wɔrekyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no, sɛ wobu obi kumfɔ a, wokum no wie ansa na wɔasɛn no dua so.

Enti Leviticus 20:2 ka sɛ: “Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte Israel a ɔde ne ba bɛma Molek no, wonkum no. Asase no sofo nsiw no abo nkum no.” Sɛ obi “di asumansɛm anaa ɔwɔ akɔm honhom” a, wokum no. Ɛnde, ɔkwan bɛn na na wɔfa so yɛ saa? ‘Wosiw no abo.’—Lev. 20:27.

Deuteronomium 22:23, 24 ka sɛ: “Sɛ ɔbarima bi nsa da ababaa a ɔyɛ ɔbaabun so na ɔbarima foforo hu no wɔ kurom na ɔne no da a, momfa wɔn baanu mmra kurow no pon ano na munsiw wɔn abo mma wonwu. Nea enti a ɛsɛ sɛ ababaa no wu ne sɛ ɔwɔ kurom nso wanteɛteɛm, na ɔbarima no nso abrɛ ne yɔnko yere ase. Yɛ saa fa yi bɔne fi wo mfinimfini.” Enti tete Israelfo de, sɛ wobu obi kumfɔ a, na wosiw no abo. *

Bere a wɔrekyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no, sɛ wobu obi kumfɔ a, wokum no wie ansa na wɔasɛn no dua so

Deuteronomium 21:23 ka sɛ: “Onyankopɔn nnome wɔ obiara a wɔasɛn no so.” Sɛ wɔsɛn obi a ‘Onyankopɔn adome’ no funu wɔ abɔnten a, na ɛyɛ kɔkɔbɔ ma Israelfo no.

^ nky. 6 Nhomanimfo pii gye tom sɛ, Mose Mmara no ase no, na wokum ɔbɔnefo ansa na wɔde n’amu akɔsɛn dua so. Nanso adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ eduu afeha a edi kan no na Yudafo bɔ abɔnefo bi asɛnduam anikan.