Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”?

Wobɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”?

‘Kristo Yesu de ne ho bɔɔ afɔre maa yɛn, na ɔde atew ɔman bi ho ayɛ n’ankasa ne de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.’—TITO 2:13, 14.

1, 2. Dɛn na ɛhyɛ Yehowa Adansefo anuonyam? Eyi ka wo dɛn?

SƐ NKURƆFO yɛ ade kɛse bi na wonya abasobɔde a, wohu sɛ wɔahyɛ wɔn anuonyam paa. Ebinom abiri wɔn mogya ani asiesie aman bi ntam ma asomdwoe aba. Ɛno nti wɔabɔ wɔn aba so ahyɛ wɔn anuonyam kɛse. Ɛnde, hwɛ sɛ Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn ankasa asoma wo sɛ kɔboa nkurɔfo ma wɔne ne ntam nyɛ papa; anuonyam bɛn na ɛkyɛn eyi?

2 Yehowa Adansefo nkutoo na Yehowa ahyɛ wɔn anuonyam de adwuma a ɛte saa ahyɛ wɔn nsa. Onyankopɔn ne Kristo kyerɛ yɛn kwan ma ‘yɛpata nkurɔfo ba Onyankopɔn nkyɛn.’ (2 Kor. 5:20) Yehowa nam yɛn so retwe nkurɔfo ba ne nkyɛn. Eyi nti, yɛaboa nnipa ɔpepem pii wɔ aman bɛboro 235 so ma wɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa. Saafo no wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa. (Tito 2:11) Yɛde nsi ne ahokeka ka kyerɛ obiara a ‘ɔpɛ nkwa nsu’ sɛ ommegye bi kwa. (Adi. 22:17) Saa adwuma yi da yɛn koma so na yeyi yɛn yam yɛ, enti yebetumi aka sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛbɔ “nnwuma pa ho mmɔden.” (Tito 2:14) Afei, momma yɛnhwɛ nnwuma pa a ɛtwe nkurɔfo ba Yehowa nkyɛn. Emu biako ne asɛnka adwuma no.

SUASUA YEHOWA NE YESU NNAMYƐ

3. Awerɛhyem bɛn na “Yehowa nnamyɛ” ma yenya?

3 Yesaia 9:7 ma yehu nneɛma pa a Onyankopɔn Ba no bɛyɛ wɔ n’Ahenni mu. Saa kyerɛwsɛm no ma yehu sɛ “asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ eyi” nyinaa. Eyi kyerɛ sɛ adesamma nkwagye ho hia yɛn soro Agya no paa. Sɛ Yehowa ankasa de nnamyɛ reyɛ nkwagye adwuma a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɛka biribi kyerɛ yɛn. Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yeyi yɛn komam de nsi ne nnamyɛ yɛ Ahenni asɛmpaka adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no. Sɛ yɛde nsi ne ahokeka boa nkurɔfo ma wobehu Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yehowa ankasa nnamyɛ. Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo,  enti yemmisa yɛn ho sɛ, ‘Miyi me yam ka asɛmpa no sɛnea me tebea bɛma me kwan biara?’—1 Kor. 3:9.

4. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔde nsi ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no?

4 Yesu nso yɛ obi a ɔyɛ nnam. Wantoto n’asɛnka adwuma ase koraa; ɔde nsi ne ahokeka na ɛyɛe. Yesu amfa no ahogono; nnipa pii sɔre tiaa no, nanso ogyinaa mu de nsi yɛɛ asɛnka adwuma no kosii sɛ wokum no yayaayaw wɔ asase so. (Yoh. 18:36, 37) Aka kakra ma Yesu awu de, na adagyew nnim koraa; ɔyeree ne ho denneennen sɛ ɔbɛboa nkurɔfo ma wɔabehu Yehowa.

5. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ n’ade sɛ odwumayɛni a ɔwɔ borɔdɔma ho mfatoho no mu?

5 Yesu yɛɛ mfatoho bi wɔ afe 32 Y.B. mu. Ɔkae sɛ na ɔbarima bi wɔ borɔdɔma si ne bobeturo mu, na mfe abiɛsa ansow aba. Enti ɔbarima no ka kyerɛɛ ne dwumayɛni a ɔhwɛ so no sɛ ontwa dua no nkyene, nanso odwumayɛni no srɛɛ no sɛ ɔmma no bere ma ɔmfa sumina ngu ase. (Monkenkan Luka 13:6-9.) Bere a Yesu kaa saa asɛm no, na nnipa kakraa bi na abɛyɛ n’asuafo. Nanso Yesu mfatoho yi ma yehu sɛ na ɔpɛ sɛ ɔde bere tiaa a ɔwɔ wɔ asase so ka asɛm no denneennen wɔ Yudea ne Perea. Enti ɔde bɛyɛ asram asia a aka no hyɛɛ asɛmpaka adwuma no mu gya. Aka nna kakraa bi ma Yesu awu no, osuu ne nkurɔfo efisɛ wɔanyɛ asɛm no ho hwee; ‘wɔde wɔn aso tiee kwa.’—Mat. 13:15; Luka 19:41.

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nnamyɛ yɛ asɛnka adwuma no?

6 Seesei de, awiei no adu koraa ne sa. Enti wunhu sɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛde nnamyɛ ka asɛmpa no? (Monkenkan Daniel 2:41-45.) Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo! Yɛn nkutoo ne nnipa a yɛwɔ asase so a yɛma adesamma hu wɔn haw ano aduru. Nnansa yi obi a ɔkyerɛw atesɛm krataa kae sɛ yɛrentumi nnya asɛmmisa yi ho mmuae: “Dɛn nti na nnipa papa hu amane?” Nanso yɛn Kristofo de, Bible nti yenim mmuae no, na ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu nea Bible ka. Bio nso ɛsɛ sɛ yebu no sɛ asɛyɛde a ɛnsɛ sɛ yɛtoto n’ase. Enti bere a yɛreyɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no, momma ‘yɛnyɛ hyew honhom mu.’ (Rom. 12:11) Sɛ yɛde nnamyɛ yɛ asɛnka adwuma no a, Yehowa behyira so ma nkurɔfo abehu no na wɔadɔ no.

YƐDE NNEƐMA BƆ AFƆRE A, ƐHYƐ YEHOWA ANUONYAM

7, 8. Sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre a, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ Yehowa anuonyam?

7 Paulo faa ɔhaw pii mu kaa asɛmpa no. Ɛtɔ da bi a ‘osi pɛ,’ ɛtɔ da nso a “yafumpan.” (2 Kor. 6:5) Ɛnnɛ nso, yɛn nuanom mmarima ne mmea de nneɛma bɔ afɔre ka asɛmpa no. Yɛreka yi, ebia wɔn a wɔn ho adwene ba yɛn tirim ne akwampaefo. Wɔde asɛnka adwuma no di kan wɔ biribiara mu, nanso wɔn ara na wɔyɛ adwuma hwɛ wɔn ho. Wo de, ma yɛnhwɛ asɛmpatrɛwfo nso. Wokum wɔn ho boa nkurɔfo wɔ amannɔne. Sɛ yɛbɛka a, ‘wɔrehwie wɔn ho sɛ nsã abɔ afɔre.’ (Filip. 2:17) Asafo mu mpanyimfo nso ɛ? Yehowa nguan nti, ɛtɔ da bi a wonnya bere nnidi mpo na wɔanya bere ada. Nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn a yare reteetee wɔn nso mia wɔn ani kɔ asafo nhyiam ne asɛnka. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn asomfo yi de nneɛma bɔ afɔre yɛ ɔsom adwuma no a, ɛka koma paa. Yɛrekɔ a yɛreba nyinaa, nkurɔfo ani tua, na wohu sɛ asɛnka adwuma no ho hia paa.

8 Obi a ɔnyɛ Ɔdansefo kyerɛw asɛm bi kɔɔ atesɛm krataa bi mu wɔ United Kingdom. Ɔkae sɛ: ‘Nkurɔfo ani atu nyamesom mu. Minhu nea asɔfo no te hɔ reyɛ. Wɔte faako; wɔnkɔ nkurɔfo nkyɛn sɛnea Kristo yɛe no. Ɔsom biako pɛ na mihu sɛ wodwen nkurɔfo ho. Wɔne Yehowa Adansefo; wɔkɔ nkurɔfo nkyɛn kɔkyerɛkyerɛ wɔn nokware no.’ Ɛnnɛ ɛyɛ den sɛ obi bekum ne ho ama afoforo, enti sɛ  yetu yɛn ho ka asɛmpa no a, ɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam.—Rom. 12:1.

Sɛ nkurɔfo hu wo wɔ asɛnka mu koraa kɛkɛ a, ɛno nko ara yɛ adansedi kɛse

9. Dɛn na ebepusuw yɛn ma yɛde nnamyɛ aka asɛmpa no?

9 Nanso sɛ yehu sɛ nsi ne ahokeka a kan na yɛde yɛ asɛnka adwuma no rekɔ fam a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ade biako a ɛbɛboa yɛn ne sɛ yebedwinnwen nea Yehowa nam asɛnka adwuma no so reyɛ ho. (Monkenkan Romafo 10:13-15.) Sɛ obi benya nkwa a, gye sɛ onya Yehowa mu gyidi na ɔbɔ ne din, nanso sɛ yɛanka asɛm no ankyerɛ nkurɔfo a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔayɛ saa? Ɛsɛ sɛ eyi pusuw yɛn ma yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden na yɛde nnamyɛ ka Ahenni ho asɛmpa no.

ABRABƆ PA TWE NKURƆFO BA ONYANKOPƆN NKYƐN

Nkurɔfo ani tua wo nokwaredi ne w’adwumaden

10. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ yɛbɔ bra pa a, ɛtwe nkurɔfo ba Yehowa nkyɛn?

10 Ɛnyɛ nnamyɛ a yɛde ka asɛmpa no nkutoo na ɛtwe nkurɔfo ba Onyankopɔn nkyɛn. Ade foforo a ɛboa paa ne sɛ yɛbɛbɔ bra pa. Paulo kyerɛɛ nea enti a ehia sɛ yɛbɔ bra pa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛnto hintidua biribiara mu, na wɔannya yɛn som adwuma no ho asɛm biara.” (2 Kor. 6:3) Sɛ yɛma yɛn kasa ho tew na yɛbɔ bra pa a, ɛma Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ho ba nyam, na ɛma Yehowa som yɛ nkurɔfo akɔnnɔ. (Tito 2:10) Nokwasɛm ni, sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristo a, ɛka wɔn ma wosua nokware no.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae na yesusuw ho hwɛ sɛnea yɛn abrabɔ ka afoforo?

11 Yenim sɛ, abrabɔ pa twe nkurɔfo ba nokware no mu, nanso ɔbrabɔne mma nkurɔfo ani nnye nokware no ho. Enti sɛ yɛwɔ adwumam oo, fie oo, sukuu oo, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛma nkurɔfo aka yɛn asɛnka adwuma anaa yɛn abrabɔ ho asɛmmɔne. Sɛ yɛboapa yɛ bɔne a, ɛho nsunsuanso nye koraa; ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam korakora. (Heb. 10:26, 27) Eyi nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae na yesusuw yɛn  abrabɔ ho yiye na yɛhwɛ sɛnea ɛka afoforo. Wiase no porɔw ara na ɛreporɔw, enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma nkurɔfo sɛ wobehu nsonsonoe a ɛda “nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Mal. 3:18) Nokwasɛm ni, sɛ yebetumi aka nkurɔfo aba Onyankopɔn ho a, yɛn abrabɔ pa di mu akoten paa.

12-14. Sɛ yehyia ɔsɔretia na yegyina mu a, ɛma nkurɔfo bu nokware no dɛn? Ma nhwɛso.

12 Bere a Paulo kyerɛw Korintofo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ asɛmpa no nti ɔkɔɔ ahohia ne ahokyere mu, nkurɔfo hwee no na ɔdaa afiase. (Monkenkan 2 Korintofo 6:4, 5.) Sɛ yehyia amanehunu na yegyina mu pintinn a, ebetumi aka nkurɔfo ma wɔabegye nokware no. Nhwɛso bi ni: Mfe bi a atwam no, na nkurɔfo bi a wɔwɔ Angola man no fã bi pɛ sɛ wɔtɔre Yehowa Adansefo ase wɔ mpɔtam hɔ. Da bi na Adansefo 2 a wɔabɔ asu ne anigyefo 30 nam kwan so rekɔ adesua, ɛnna atamfo yi kyeree wɔn. Atamfo yi bɔɔ gua hwee wɔn. Wɔhwee wɔn araa kosii sɛ mogya fii ase pram wɔn. Mmea ne mmofra mpo, wɔamfa wɔn ho ankyɛ wɔn. Nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ, na wɔpɛ sɛ wɔde ehu hyɛ ɔmanfo mu na obiara ammɔ ne ho mmusu antie Yehowa Adansefo. Ɔhwe yi nyinaa akyi no, kurom hɔfo pii ka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔne wɔn mmesua Bible! Eyi nti, Ahenni asɛmpaka adwuma no nyaa nkɔanim maa nnipa pii baa nokware no mu, na anuanom nyaa nhyira pii.

13 Saa asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ na yegyina pintinn tie nea Bible ka a, etumi twetwe afoforo ba nokware no mu. Bere bi Petro ne asomafo a aka no hyiaa ɔtaa na wɔde akokoduru gyinaa mu pintinn. Yebetumi aka sɛ saa a wɔyɛe no twee nkurɔfo baa Onyankopɔn nkyɛn. (Aso. 5:17-29) Yɛn nso, sɛ yehyia ɔsɔretia na yɛde yɛn nan si fam yɛ nea ɛteɛ a, ebetumi ama yɛn sukuufo, yɛn adwumamfo, anaa yɛn abusuafo abegye nokware no.

14 Da biara da yɛn nuanom binom hyia ɔtaa. Yɛrekasa yi mpo, wɔde anuanom mmarima bɛyɛ 40 agu afiase wɔ Armenia. Adɛn ntia? Wɔn bɔne ara ne sɛ wɔnkɔ sraadi. Yɛhwɛ sɛnea nneɛma rekeka kɔ a, daakye wɔde anuanom pii begu afiase. Eritrea nso, Yehowa asomfo 55 na wogu afiase; ebi adi boro mfe 60. Yɛkɔ South Korea a, Adansefo bɛyɛ 700 na wogu afiase esiane wɔn gyidi nti. Mfe 60 ni na wofii ase de anuanom guu afiase wɔ hɔ. Yɛn mpaebɔ ne sɛ yɛn nuanom a wɔretaa wɔn wɔ aman horow so no bɛkɔ so adi nokware na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam na atwetwe nkurɔfo aba nokware som mu.—Dw. 76:8-10.

15. Fa osuahu bi kyerɛ sɛnea nokwaredi tumi twe nkurɔfo ba nokware no mu.

15 Ade foforo a ebetumi atwe nkurɔfo aba nokware no mu ne yɛn nokwaredi. (Monkenkan 2 Korintofo 6:4, 7.) Wo de, momma yɛnhwɛ osuahu yi: Onuawa bi foroo bɔs, na bere a ɔyɛe sɛ ɔretwa tekiti no, ɔmannifo bi a ɔte bɔs no mu ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɛ wubesi ha yi ara enti enhia sɛ wutwa tekiti biara.’ Onuawa no ka kyerɛɛ no sɛ, ɛno koraa mpo a, ɛsɛ sɛ otwa tekiti. Ankyɛ na ɔmannifo no duu baabi a obesi. Osii no, bɔs drɔba no twaa n’ani hwɛɛ yɛn nuabea no bisaa no sɛ, “Woyɛ Yehowa Dansefo?” Yɛn nuabea no kae sɛ, “Aane meyɛ bi.” Onuawa no bisaa drɔbani no sɛ, “Adɛn nti na wubisa saa?” Obuae sɛ, “Metee sɛ moreka tekiti ho asɛm. Minim sɛ nnipa pii ntwa tekiti, nanso mo Yehowa Adansefo de, monka ho. Mudi nokware wɔ biribiara mu.” Asram kakra akyi no, onuawa yi hyiaa owura bi wɔ adesua ase. Owura no bisaa no sɛ, “Wunim me? Me na meka bɔs a me ne wo bɔɔ tekiti ho nkɔmmɔ no. Wo nokwaredi nti,  me ne Yehowa Adansefo afi ase resua Bible.” Nkurɔfo nim yɛn sɛ yedi nokware, enti wogye asɛmpa a yɛka no di.

FA WO SUBAN HYƐ ONYANKOPƆN ANUONYAM DAA

16. Sɛ yɛda abodwokyɛre, ɔdɔ, ne ayamye adi a, ɛka nkurɔfo dɛn? Dɛn na ɔsom mu akannifo bi yɛ?

16 Sɛ yɛda abodwokyɛre, ɔdɔ ne ayamye adi a, ɛno nso twetwe nkurɔfo ba Yehowa nkyɛn. Sɛ nkurɔfo hu saa su yi wɔ yɛn ho a, ɛka wɔn ma wɔhwehwɛ Yehowa akyi kwan. Afei wɔn kɔn dɔ sɛ wobehu n’apɛde ne ne nkurɔfo yiye. Nokware Kristofo suban ne wɔn abrabɔ hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nanso ɛnyɛ saa na ɔsom mu akannifo dodow no ara te. Wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔbɔ bra pa nanso ɛyɛ ani so de kwa. Wɔawerɛw wɔn asɔremma ho anya wɔn ho tam; wɔde sika no bi asisi adan akɛse atotɔ kar a ne bo yɛ den. Wɔn mu baako mpo de, wasi dan ama ne kraman de air-conditioner abɔ mu. Nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo no ntie Yesu asɛm yi: “Momfa mma kwa.” (Mat. 10:8) Mmom wɔyɛ wɔn ade sɛ tete Israel asɔfo bɔne no. Wɔkyerɛkyerɛ “gye akatua,” na asɛm no mpo ne sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ nnyina Bible so. (Mika 3:11) Nyaatwom a ɛte saa nka nkurɔfo mma Onyankopɔn ho.

17, 18. (a) Sɛ yesuasua Yehowa su a, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ no anuonyam? (b) Adɛn nti na wopɛ sɛ wobɔ nnwuma pa ho mmɔden?

17 Nanso sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛkyerɛkyerɛ nokware no na yɛyɛ nneɛma pa taa akyi a, ɛka wɔn koma ma wɔba Onyankopɔn nkyɛn. Nhwɛso bi ni: Da bi na ɔkwampaefo bi reka asɛm no wɔ afie afie, na ɔkɔbɔɔ okunafo aberewa bi pon mu. Ɔbea no pue baee no, ɔka kyerɛɛ no sɛ n’ani nnye asɛm no ho. Ɔka kyerɛɛ ɔkwampaefo no sɛ, bere a ɔbɔɔ ne pon mu no na ogyina antweri so rehyɛ bɔlb wɔ ne gyaade. Onua no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nko ara a worehyɛ bɔlb yi deɛ, anhwɛ a na woapira.” Enti onua no hyɛɛ bɔlb no maa no, na ɔtoaa so kɔɔ fie a edi hɔ kɔkaa asɛm no. Akyiri yi okunafo no babarima tee nea onua no yɛe, na ɛkaa ne koma paa. Enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ onua no ada no ase. Ewiee ase no, okunafo no ba no maa anuanom ne no suaa Bible.

18 Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden? Wunim sɛ, sɛ yɛde nnamyɛ yɛ asɛnka adwuma no na yɛbɔ bra pa a, ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam na aboa nkurɔfo ma wɔanya nkwa. (Monkenkan 1 Korintofo 10:31-33.) Sɛ yɛde nsi ne ahokeka ka asɛmpa no na yɛbɔ bra pa a, ɛkyerɛ sɛ yefi yɛn komam dɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa. (Mat. 22:37-39) Sɛ yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden a, yɛn ani begye na yɛanya akomatɔyam nnɛ. Bio, yebetumi ahwɛ kwan sɛ daakye adesamma nyinaa de nnamyɛ bɛsom yɛn Bɔfo Yehowa na wɔahyɛ no anuonyam.