Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Gye Yehowa Nteɛso Tom, Ma Ɔnwene Wo

Gye Yehowa Nteɛso Tom, Ma Ɔnwene Wo

“W’afotu na wode bɛkyerɛ me kwan, na awiei koraa wode me bɛkɔ anuonyam mu.”DW. 73:24.

1, 2. (a) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛne Yehowa ntam ayɛ papa? (b) Yɛhwɛ nea nnipa bi yɛe wɔ Onyankopɔn nteɛso ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

ODWONTOFO no kae sɛ: “Me de, Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me. Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me guankɔbea.” (Dw. 73:28) Asɛm a odwontofo no kae yi kyerɛ sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn mu ahotoso. Dɛn na ɛma ɔkaa saa? Ansa na odwontofo no rebɛka saa asɛm no, na osusuw sɛ abɔnefo di yiye. Eyi haw no paa enti ɔkae sɛ: “Matew me komam kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa.” (Dw. 73:2, 3, 13, 21) Nanso bere a ɔkɔɔ “Onyankopɔn kronkronbea kɛse” no mu no, ohuu nneɛma ani so yiye, na ɔkɔɔ so som Onyankopɔn. (Dw. 73:16-18) Odwontofo no suaa biribi fii mu. Ohui sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔne Yehowa ntam yɛ papa a, ɛsɛ sɛ ɔne ne nkurɔfo bɔ na otie n’afotu de bɔ ne bra.Dw. 73:24.

2 Yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛne nokware Nyankopɔn teasefo no ntam yɛ papa. Enti ehia sɛ yegye n’afotu ne ne nteɛso tom na yɛma kwan ma ɔnwene yɛn ma yɛyɛ nnipa a yɛsɔ n’ani. Tete no, Onyankopɔn teɛɛ nnipa ne aman bi so, na ɔmaa wɔn hokwan a wɔde bɛkyerɛ sɛ wobetie no anaa wɔrentie no. Wɔakyerɛw eyinom nyinaa ho asɛm wɔ Bible mu “ama yɛn nkyerɛkyerɛ” na wɔde “rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe yi awiei ato yɛn no kɔkɔ.” (Rom. 15:4; 1 Kor. 10:11) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwehwɛ saa nsɛm yi mu a, Yehowa su bɛn na yebehu? Afei nso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa nwene yɛn a, mfaso bɛn na yebenya?

 SƐNEA ƆNWEMFO NO DE NE TUMI DI DWUMA

3. Asɛm bɛn na ɛwɔ Yesaia 64:8 ne Yeremia 18:1-6 a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ tumi wɔ nnipa so? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Bible ka sɛ Yehowa te sɛ ɔnwemfo. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Yehowa wɔ tumi wɔ nnipa ne aman so. Wo de, hwɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 64:8. Ɛka sɛ: “O Yehowa, wone yɛn Agya. Yɛyɛ dɔte, na wone yɛn Nwemfo; na yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.” Ɔnwemfo betumi de dɔte anwene ade a ɔpɛ biara. Dɔte no ntumi nkyerɛ ɔnwemfo no nea ɔnyɛ. Saa ara na nnipa ntumi nkyerɛ Onyankopɔn nea ɔnyɛ. Yenni hokwan sɛ yɛbɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔnwene yɛn sɛɛ anaa sɛɛ sɛnea dɔte ntumi nka nkyerɛ ne nwemfo sɛ ɔnyɛ no sɛɛ anaa sɛɛ no.Monkenkan Yeremia 18:1-6.

4. So Yehowa de ne tumi nwene nnipa anaa aman sɛnea ɔpɛ biara? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Yehowa nwenee Israel sɛnea ɔnwemfo de dɔte nwene ade. Nanso sɛnea Yehowa nwene ade no yɛ soronko koraa. Nnipa betumi de dɔte ayɛ ade a wɔpɛ biara. Yehowa nso ɛ? Ɔhyɛ da nwene ebinom ma wɔbɛyɛ nnipa pa ɛnna ɔnwene ebinom ma wɔbɛyɛ nnipa bɔne anaa? Bible ka sɛ ɛnte saa. Yehowa de ade a ɛsom bo bi akyɛ adesamma. Ɛno ne hokwan a yɛwɔ sɛ yɛpaw nea yɛpɛ; ɔnhyɛ yɛn katee sɛ yɛnyɛ eyi anaa eyi. Mmom nnipa ankasa na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔbɛma wɔn Bɔfo Yehowa kwan ma wanwene wɔn anaa wobegye wɔn ho afi ne nsam.Monkenkan Yeremia 18:7-10.

5. Sɛ nnipa amma kwan amma Yehowa anwene wɔn a, ɔkwan bɛn so na ɔde ne tumi di dwuma?

5 Na sɛ obi sen ne kɔn na ɔka sɛ ɔremma Ɔnwemfo Kɛse no nnwene no ɛ? Ɛba saa a, Yehowa de ne tumi bɛyɛ dɛn? Wo de, yɛnhwɛ. Sɛ ɔnwemfo pɛ sɛ ɔnwene biribi na ohu sɛ dɔte no nsɔ sɛ ɔde bɛyɛ dekode no a, ebia ɔde bɛyɛ biribi foforo anaa ɔbɛtow agu. Ɛba saa a, mpɛn pii no nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔnwemfo no amfra dɔte no yiye. Nanso ɛnyɛ saa na yɛn Nwemfo Yehowa te. (Deut. 32:4) Obi amma kwan amma Yehowa anwene no a, nea ɛkyerɛ ne sɛ onii no mmom na asɛm wɔ ne ho. Sɛnea nnipa yɛ wɔn ade na ɛbɛkyerɛ sɛnea Yehowa bɛnwene wɔn. Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase tie no no, ɔde wɔn yɛ anwene a mfaso wɔ so. Kristofo a wɔasra wɔn yɛ eyi ho nhwɛso. Bible ka sɛ wɔyɛ “mmɔborɔhunu anwenne” a wɔde wɔn ayɛ ‘kuku a ɛho wɔ nyam.’ Nanso wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn so asoɔden de, wɔyɛ “abufuw anwenne a wɔasiesie ama ɔsɛe.”Rom. 9:19-23.

6, 7. Bere a Yehowa teɛɛ Ɔhene Dawid ne Ɔhene Saul so no, dɛn na wɔn mu biara yɛe wɔ ho?

 6 Ade biako a Yehowa de nwene nnipa ne afotu anaa nteɛso. Wo de, hwɛ ɔkwan a ɔfaa so ne Israel ahemfo baanu a wodi kan no dii. Saa ahemfo no ne Saul ne Dawid. Bere a Ɔhene Dawid ne Bat-Seba sɛee aware no, ne nsunsuanso kaa ɔno Dawid ankasa ne afoforo. Yehowa anka sɛ Dawid yɛ ɔhene nti ɔregyae asɛm no saa ara. Mmom ɔteɛɛ no so. Onyankopɔn somaa ne diyifo Natan ma okoyii Dawid ntɛn. (2 Sam. 12:1-12) Dɛn na Dawid yɛe wɔ ho? Asɛm no kaa no paa na onuu ne ho. Enti Onyankopɔn huu Dawid mmɔbɔ.—Monkenkan 2 Samuel 12:13.

 7 Nanso Ɔhene Saul antie afotu. Bere bi Yehowa somaa Samuel sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Saul sɛ onkum Amalekfo ne wɔn mmoa nyinaa. Nanso Saul  anni Yehowa ahyɛde yi so. Wankum wɔn hene Agag ne mmoa a wɔadɔ srade no. Adɛn ntia? Ebia na ɔpɛ anuonyam ama ne ho. (1 Sam. 15:1-3, 7-9, 12) Yehowa somaa Samuel sɛ onkoyi Saul ntɛn, nanso Saul amfa ne ti annye. Enti yɛbɛka a, wamma Ɔnwemfo Kɛse no anwene no. Mmom ɔpɛɛ biribi yii ne ho ano. Ɔkae sɛ ɔde mmoa no rebɛbɔ afɔre ama Yehowa. Eyi nti Yehowa poo Saul sɛ ɔhene, na efi saa bere no rekɔ no, Saul ne Yehowa ntam anyɛ papa bio.Monkenkan 1 Samuel 15:13-15, 20-23.

Saul poo afotu. Wamma Yehowa anwene no! (Hwɛ nkyekyɛm 7)

Dawid nuu ne ho na otiee afotu. Ɔmaa Onyankopɔn nwenee no. Wo nso ɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 6)

ONYANKOPƆN NYƐ ANIMHWƐ

8. Bere a Yehowa pɛ sɛ ɔnwene Israelfo no, dɛn na wɔyɛe wɔ ho, na dɛn na yesua fi mu?

8 Ɛnyɛ nnipa nko na Yehowa teɛ wɔn so de nwene wɔn, na mmom aman nso. Eyi ma wonya hokwan de kyerɛ sɛ wɔbɛma Yehowa anwene wɔn anaa wɔremma kwan. Bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egypt nkoasom mu wɔ afe 1513 ansa na Kristo reba no, ɔne wɔn yɛɛ apam. Yehowa faa wɔn yɛɛ ne man, enti anka ɛyɛ akwannya kɛse sɛ Ɔnwemfo Kɛse no bɛnwene wɔn. Nanso Israel man no kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne, na wɔsom amanaman no anyame mpo. Yehowa somaa n’adiyifo kɔɔ wɔn nkyɛn mpɛn pii sɛ wonkotu wɔn fo, nanso wɔsen wɔn kɔn. (Yer. 35:12-15) Israelfo asobrakye nti, Yehowa twee wɔn aso. Asiriafo sɛee Israel atifi fam ahemman no. Akyiri yi Babilonfo nso sɛee anafo fam ahemman no. Eyi yɛ asuade kɛse ma yɛn! Sɛ yɛpɛ  sɛ esi yɛn yiye a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa nwene yɛn.

9, 10. Bere a Yehowa bɔɔ Niniwefo kɔkɔ no, dɛn na wɔyɛe?

9 Bere foforo nso Yehowa bɔɔ nnipa a wɔwɔ Asiria ahenkurow Niniwe mu kɔkɔ. Na eyi yɛ hokwan a Niniwefo de bɛkyerɛ nea ɛwɔ wɔn komam. Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ: “Sɔre kɔ Niniwe kuropɔn no mu na ka kyerɛ kurom hɔfoɔ sɛ wɔn amumɔyɛ atoatoa abedu m’anim.” Ná Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe kurow no.Yona 1:1, 2; 3:1-4.

10 Nanso bere a Yona de asɛm no too wɔn anim no, “Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii, na efi akumaa so kosi ɔpanyin so, wɔn nyinaa dii mmuada furafuraa atweaatam.” Ɔhene no mpo sɔre “fii n’agua so yii n’ahentade guu hɔ furaa atweaatam, na ɔtenaa nsõ mu.” Niniwefo brɛɛ wɔn ho ase maa Yehowa nwenee wɔn, na wɔsakraa wɔn adwene. Eyi nti Yehowa ansɛe kurow no.—Yona 3:5-10.

11. Yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Israelfo ne Niniwefo dii a, ne su bɛn na yehu?

11 Yehowa anka sɛ Israel yɛ ne man nti ɔrentwe wɔn aso. Ná Niniwefo nyɛ Onyankopɔn man, kyerɛ sɛ ɔne wɔn anyɛ apam biara, nanso ɔmaa ne diyifo kɔbɔɔ wɔn kɔkɔ. Na bere a wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa Yehowa nwenee wɔn no, ohuu wɔn mmɔbɔ. Nhwɛso abien yi ma yehu sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn no ‘nyɛ animhwɛ.’Deut. 10:17.

YEHOWA WƆ NTEASE, ƆYƐ FAKAA

12, 13. (a) Sɛ nkurɔfo ma Onyankopɔn nwene wɔn a, adɛn nti na ɔsesa n’adwene wɔ wɔn ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa sesaa n’adwene wɔ Saul ho? Niniwefo nso ɛ?

12 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn nwene nnipa a, yehu sɛ ɔwɔ ntease na ɔyɛ fakaa. Sɛ Yehowa ne nnipa redi na wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn abrabɔ mu a, ɔno nso tumi sesa gyinae a wasi wɔ wɔn ho. Wo de, hwɛ nea ɔyɛe wɔ Israel hene a odi kan ho. Bible ka sɛ Yehowa ‘nuu ne ho sɛ wama Saul ayɛ ɔhene.’ (1 Sam. 15:11) Bere a Niniwefo dan wɔn ho fii wɔn kwammɔne so no, Bible ka sɛ: “Nokware Nyankopɔn sesaa n’adwene wɔ ɔhaw a ɔkae sɛ ɔde bɛba wɔn so no ho, na wanyɛ wɔn hwee.”—Yona 3:10.

13 Sɛ Bible ka sɛ Yehowa ‘anu ne ho’ a, ɛkyerɛ sɛ wasesa adwene a ɔwɔ wɔ onipa bi ho anaa watwe ne gyinaesi asan. Bere bi na Yehowa gye Saul tom, nanso bere a Saul yɛɛ asoɔden no ɔpoo no sɛ ɔhene, kyerɛ sɛ ɔsesaa adwene a ɔwɔ wɔ Saul ho. Eyi nkyerɛ sɛ Yehowa dii mfomso sɛ ɔpaw Saul ɔhene. Mmom Saul na ɔyɛɛ asoɔden. Bere a nokware Nyankopɔn ne Niniwefo redi no, ɔsesaa n’adwene wɔ wɔn ho. Eyi kyerɛ sɛ yɛn Nwemfo Yehowa wɔ ntease na ɔyɛ fakaa, ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo, na sɛ abɔnefo sesa wɔn akwan a, ɔno nso sesa adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho. Eyi yɛ awerɛkyekyesɛm ankasa!

MPO YEHOWA NTEƐSO

14. (a) Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so nwene yɛn nnɛ? (b) Sɛ Onyankopɔn nwene yɛn anaa otu yɛn fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

14 Ade titiriw a Yehowa de nwene yɛn nnɛ ne n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no. (2 Tim. 3:16, 17) Sɛ Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so tu yɛn fo anaa ɔteɛ yɛn so a, ɛsɛ sɛ yegye tom. Mfe dodow a yɛde atena asafo no mu anaa hokwan biara a yɛwɔ no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so tie Yehowa afotu. Yɛyɛ saa a, Yehowa bɛnwene yɛn ma yɛayɛ anwene a ɛho wɔ nyam.

15, 16. (a) Sɛ wɔteɛ obi so na hokwan a ɔwɔ fi ne nsa a, ebetumi aka no sɛn? Ma nhwɛso. (b) Sɛ wɔteɛ yɛn so na egyaw yɛn fɛre ne aniwu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina ano?

 15 Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so teɛ yɛn so? Ɛtɔ da bi a, ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yehu nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ anaa ɔteɛteɛ yɛn nsusuwii. Ɛtɔ da nso a, ɔteɛ yɛn so bere a yɛadi mfomso. Ɛba saa a, hokwan a yɛwɔ wɔ asafo no mu betumi afi yɛn nsa. Momma yɛmfa Dennis * asɛm yi nyɛ nhwɛso. Na ɔyɛ asafo mu panyin, nanso adwumasɛm nti ɔkɔyɛɛ biribi a ɛmfata ma wɔkaa n’anim kokoam. Eyi maa ne panyin fii ne nsa. Anadwo a wɔbɔɔ asafo no amanneɛ sɛ Dennis nyɛ ɔpanyin bio no, ɛkaa no sɛn? Ɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ nea me wiase nyinaa aba awiei. Mfe 30 ni a manya hokwan pii wɔ asafo no mu. Na meyɛ daa kwampaefo, meyɛɛ adwuma wɔ Betel, mebɛyɛɛ asafo mu somfo na akyiri yi mebɛyɛɛ ɔpanyin. Afei na na mama ɔkasa a edi kan wɔ ɔmantam nhyiam ase. Prɛko pɛ ne nyinaa kɔ. Fɛre ne aniwu deɛ yɛnka. Mihui sɛ me so nni mfaso biara wɔ ahyehyɛde no mu.”

16 Dennis sesaa ne suban, na osiesiee n’akwan. Ɛnde, fɛre ne aniwu no nso ɛ, dɛn na ɛboaa no ma ogyinaa ano? N’ano asɛm ni: “Misii me bo sɛ meremfa Bible akenkan nni agoru, na mantoto asɛnka ne adesuakɔ ase koraa. Me nuanom Kristofo nso hyɛɛ me den paa. Asafo nhoma ahorow nso boaa me. Asɛm bi puee August 15, 2009 Ɔwɛn-Aban mu a wɔato din ‘So Woanya Ɔsom Hokwan Bi Pɛn? So Wubetumi Asom Bio?’ Wobɛka sɛ wɔhyɛɛ da kyerɛw maa me. Ɛyɛɛ me sɛ Yehowa de buaa me mpaebɔ.” Dennis kae sɛ bere a ɔrekenkan saa Ɔwɛn-Aban no, asɛm bi wom a ɛkaa ne koma paa. Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Seesei a wunni asɛyɛde pii wɔ asafo no mu no, fa w’adwene si wo ne Yehowa ntam abusuabɔ a wobɛhyɛ mu den so.” Nteɛso no boaa Dennis paa, na mfe bi akyi no ɔbɛyɛɛ asafo mu somfo.

17. Wotu obi a, ebetumi aboa no sɛn? Ma nhwɛso.

17 Sɛ wotu obi fi asafo no mu a, ɛno nso ka Yehowa nteɛso ho. Ɛbɔ asafo no ho ban na nkekae biara amma mu. Afei nso ɛboa ɔbɔnefo no ma n’ani ba ne ho so ma osiesie n’akwan. (1 Kor. 5:6, 7, 11) Wotuu Robert fii asafo no mu, na edii bɛyɛ mfe 16 ansa na ɔresan aba. Bere a wotuu no no, n’awofo ne ne nuanom de Onyankopɔn Asɛm yɛɛ adwuma, enti wɔne no ammɔ; nkyia mpo, wɔankyia no. Mfe kakra ni na wogyee Robert, na ɔrebɔ ne ho mmɔden paa wɔ nokware no mu. Ɔkae sɛ gyinae a n’abusuafo sii ka ho bi na bere tenten yi nyinaa akyi no otumi san baa asafo no mu. Ɔkae sɛ, sɛ n’abusuafo ne no bɔɔ kakraa bi anaa wɔfrɛɛ no da koro mpo bisaa no sɛ ne ho te sɛn a, anka ɔrente nka sɛ wahwere biribi na kampɛsɛ ne kɔn adɔ sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa ne ne nkurɔfo akyi kwan.

18. Dɔte bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ Ɔnwemfo Kɛse no nsam?

18 Yɛn de, ebia wɔrenteɛ yɛn so saa, nanso asɛmmisa ne sɛ, yɛyɛ dɔte bɛn wɔ Ɔnwemfo Kɛse no nsam? Sɛ wɔteɛ yɛn so a, dɛn na yɛbɛyɛ? Yɛbɛyɛ sɛ Dawid anaa Saul? Yehowa, Ɔnwemfo Kɛse no ne yɛn Agya, na kae sɛ “nea Yehowa dɔ no na ɔka n’anim, sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm no.” Enti “mpo Yehowa nteɛso, na n’animka nso, nkyi.”Mmeb. 3:11, 12.

^ nky. 15 Wɔasesa din no.