Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akwankyerɛ Kuw no Muni Foforo

Akwankyerɛ Kuw no Muni Foforo

Wukuda, September 5, 2012 anɔpa no, wɔde nkaebɔ bi too Betelfo a wɔwɔ United States ne Canada anim. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔapaw onua biako abɛka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ho. Yɛfrɛ no Mark Sanderson. September 1, 2012 na onua no fii n’adwuma ase sɛ Akwankyerɛ Kuw no muni.

Onua Sanderson awofo yɛ Kristofo, na wɔtetee no wɔ San Diego, California, U.S.A. Ɔbɔɔ asu February 9, 1975. Ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo September 1, 1983 wɔ Saskatchewan, Canada. December 1990 na owiee Asomfo Ntetee Sukuu (nea seesei wɔfrɛ no Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no) wɔ United States. Na ɔka adesuakuw a ɛto so ason ho. April 1991 no, wɔde Onua Sanderson kɔɔ Newfoundland supɔw so wɔ Canada ma ɔkɔsomee sɛ ɔkwampaefo titiriw. Akyiri yi, ɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo boafo, na February 1997 no, wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Canada Betel. November 2000 na woyii no kɔɔ United States Betel. Ɔyɛɛ adwuma wɔ Ayaresabea Ho Nsɛm Dwumadibea ne Ɔsom Dwumadibea.

Wɔmaa Onua Sanderson kɔɔ Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo wɔ September 2008 mu. Owiei no, wɔde no kɔɔ Philippines kɔkaa Baa Boayikuw no ho. Afei September 2010 no, wɔsan de no kɔɔ United States ma ɔkɔkaa wɔn a wɔboa Akwankyerɛ Kuw no Ɔsom Boayikuw no ho.