ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM September 2013

Nsɛmma nhoma yi bɛma yɛahu sɛnea yebesisi gyinae pa, sɛnea yɛne Yehowa Nyankopɔn adamfofa mu bɛyɛ den, ne sɛnea yebenya Yehowa nkaesɛm so mfaso.

Ntotoho Betumi Aboa Wo

Na Yesu taa de ntotoho di dwuma. Hwɛ sɛnea wubetumi de ntotoho adi dwuma aboa afoforo ma wɔahu Bible mu nokware no.

“Yehowa Nkaesɛm Yɛ Nokware”

Yehowa de nkaesɛm kyerɛ ne nkurɔfo kwan daa. Adɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn nkaesɛm so nnɛ?

Di Yehowa Nkaesɛm Ho Ahurusi Wo Komam

Yɛn ani gye Yehowa ahyɛde ho, anaa ɛtɔ da a yebu no sɛ adesoa bi? Yɛbɛyɛ dɛn anya ne nkaesɛm mu ahotoso?

Woayɛ Wo Ho Foforo?

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ‘yɛ wɔn ho foforo’? Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ yɛn ho foforo? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ho foforo?

Si Gyinae Pa

Yɛbɛyɛ dɛn asi gyinae ma ɛne Nyankopɔn apɛde ahyia? Sɛ yesi gyinae a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea yɛaka no?

Akwampae Adwuma Ka Yɛn Bɛn Onyankopɔn

Hwɛ akwan awotwe a akwampae adwuma no betumi aka wo abɛn Yehowa. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woakɔ so ayɛ adwuma titiriw yi?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Na Yesu rebenyan Lasaro, nanso Yohane 11:35 ka sɛ Yesu sui. Adɛn nti na osui?