Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ntotoho Betumi Aboa Wo

Ntotoho Betumi Aboa Wo

Wunnye ntom sɛ Yesu ne Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a watena asase so pɛn? Nea ɛmaa ne nkyerɛkyerɛ tuu mpɔn no bi ne nsɛmmisa ne mfatoho a ɔde dii dwuma. Ebia woabɔ mmɔden sɛ wubesuasua no. Nanso woahyɛ no nsow sɛ, sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ a ɛtɔ da a na odi kan ka asɛm bi, afei ɔde ‘nanso’ anaa ‘mmom’ toa so na ama asɛm pɔtee a ɔpɛ sɛ osi so dua no agyina?

Nnipa pii fa saa kwan yi so kasa. Ebia w’ankasa mpo yɛ saa a wunnim. Ebia wobɛka biribi te sɛ, “Aduaba no nyinaa abere, nanso biako yi deɛ, ɛda so ara yɛ bun.” Anaa ebia wobɛka sɛ, “Kan no na abeawa yi fɛre ade, nanso seesei ɔka kɔ nnipa ho.”

Yɛreka nsɛm a ɛte saa a, yedi kan ka nokwasɛm bi na yɛde nanso anaa mmom abetwam aka asɛm foforo atoa so de apagyaw nea yɛpɛ sɛ yesi so dua no. Wokasa saa a, ɛma asɛm no mu da hɔ, na ɛnyɛ den sɛ nkurɔfo bɛte ase.

Ɛnyɛ kasa nyinaa na ɛtaa de ntotoho di dwuma, nanso ntotoho so wɔ mfaso ara. Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ na wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu. Na Yesu taa kasa saa. Kae ɛho nhwɛso yi: “Wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kɛntɛn ase, na mmom wɔde si kaneadua so.” “Mamma sɛ merebɛsɛe [Mmara] no, na mmom sɛ merebɛma aba mu.” “Motee sɛ wɔkae sɛ, ‘Nsɛe aware.’ Nanso mise mo sɛ obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea . . . ” “Motee sɛ wɔkae sɛ, ‘Aniwa nsi aniwa ananmu na ɛse nsi ɛse ananmu.’ Nanso, mise mo sɛ: Mo ne ɔbɔnefo nnni asi; mmom obiara a ɔbɛbɔ w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no.”Mat. 5:15, 17, 27, 28, 38, 39.

Yehu nsɛm a ɛte saa wɔ Bible nhoma foforo mu. Ebetumi aboa wo ma woate asɛm bi ase anaa woahu asɛm a wɔresi so dua. Sɛ woyɛ ɔwofo a, susuw nhwɛso yi ho: “Mo, agyanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efe. 6:4) Ná anka ɔsomafo Paulo betumi aka kɛkɛ sɛ agyanom (anaa ɛnanom) ntete wɔn mma Onyankopɔn nteɛso mu. Ɔkaa no saa a, anka mfomso biara nni ho efisɛ ɛyɛ nokware. Nanso bere a ɔkae sɛ ‘monnhyɛ wɔn ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nyansakyerɛ mu’ no, ɛmaa asɛm no sii pi.

Akyiri yi Paulo kae wɔ Efesofo 6:12 sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na ɛredi asi, na mmom yɛne . . . ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.” Asɛmfua “mmom” a Paulo de hyɛɛ asɛm no mu no ma yehu sɛ yegyina ɔko kɛse bi ano. Ɛnyɛ yɛne nnipa na ɛreko na mmom ahonhommɔne dɔm.

 MFASO WƆ SO

Paulo de ‘mmom’ ne ‘nanso’ dii dwuma mpɛn pii wɔ Efesofo nhoma no afã foforo. Yesusuw ho a, ɛbɛma yɛate Paulo asɛm no ase yiye na yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho.

Yɛde adaka bi aka ho, na ɛma yehu mmeae ahorow bi a wɔde ‘mmom’ ne ‘nanso’ sii nsɛm bi so dua wɔ Efesofo ti 4 ne ti 5, na yegye di sɛ w’ani begye ho, na ɛbɛboa wo ma woate asɛm no ase yiye. Sɛ worekenkan a, fa toto w’abrabɔ ho. Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mɛka nokware a, me suban te sɛn? Sɛ mekɔ tebea a ɛte sɛɛ mu a, meyɛ m’ade sɛn? Asɛm no fã bɛn na nkurɔfo bɛka sɛ ɛfa me ho—ɔfã a edi kan anaa nea ɛtɔ so abien?’ Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae bi a, yere wo ho yɛ saa. Ma ntotoho no mmoa wo.

Mubetumi de adaka no mu nsɛm ayɛ abusua som. Nea edi kan koraa, abusua no muni biara nkenkan adaka no mu nsɛm. Afei mo mu biako betumi aka ɔfã a edi kan no na mo a moaka no ahwɛ sɛ mubetumi akae ɔfã a ɛtɔ so abien a wɔasi so dua no anaa. Ɛno bɛma abusua som no ayɛ anigye, na ɛbɛma moahu sɛnea mubetumi de ɔfã a ɛtɔ so abien no ayɛ adwuma yiye. Nokwasɛm ni, sɛ mususuw nsɛm no ho saa a, ɛbɛboa mmofra ne mpanyin nyinaa ma wɔabu bra pa wɔ fie ne baabi foforo biara.

Wubetumi akae ɔfã a ɛtɔ so abien no?

Sɛ wuhu Bible mu nsɛm a ɛde ‘mmom’ anaa ‘nanso’ si nsɛm so dua a, ɛnyɛ den sɛ wobɛkae baabi a ɛwɔ wɔ Bible mu. Ntotoho nso betumi aboa wo wɔ asɛnka mu. Ɛho nhwɛso ni: Wokɔto obi wɔ asɛnka mu a, wubetumi aka akyerɛ no sɛ: “Nnipa pii ka sɛ ɔkra bi hyɛ yɛn mu a enwu da, nanso hwɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ ha.” Woreyɛ Bible adesua nso a, wubetumi abisa sɛ: “Nkurɔfo a wɔwɔ ha dodow no ara gye di sɛ Onyankopɔn ara ne Yesu; nanso dɛn na Bible ka wɔ ho? Na wo nso ɛ, w’adwene ne sɛn?”

Nokwasɛm ne sɛ Bible yɛ ntotoho pii a ɛboa yɛn ma yɛnantew Onyankopɔn kwan so. Yebetumi de eyi aboa nkurɔfo ma wɔahu Bible mu nokware no.