Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Yehowa Nkaesɛm Ho Ahurusi Wo Komam

Di Yehowa Nkaesɛm Ho Ahurusi Wo Komam

“Mafa wo nkaesɛm sɛ m’agyapade daa daa.”DW. 119:111.

1. (a) Nkurɔfo yɛ wɔn ade sɛn wɔ akwankyerɛ ho? Adɛn ntia? (b) Sɛ obi yɛ ahomaso a, ɔyɛ n’ade sɛn wɔ afotu ho?

SƐ WOMA nnipa akwankyerɛ a, ɛsono nea obiara bɛyɛ wɔ ho. Sɛ onipa titiriw bi ma yɛn akwankyerɛ a, ebia yebegye atom ntɛm. Nanso sɛ ɔyɛ obi a yɛne no bɔ tipɛn anaa ɔhyɛ yɛn ase a, ebia yɛrenhwɛ n’anim mpo na yɛatie. Sɛ wutu ebinom fo a, ebetumi ahyɛ wɔn awerɛhow anaa aniwu anaa ebi mpo a, wɔbɛyɛ basaa. Ebinom nso wɔ hɔ a ebia afotu bepusuw wɔn ma wɔayere wɔn ho anya nkɔso. Adɛn nti na wutu ebinom fo a wotie na ebinom po? Ade biako ne ahomaso. Sɛ obi yɛ ahomaso a, ɛyɛ no sɛ watra afotu, enti ontie mpo na kampɛsɛ ɔde ayɛ adwuma ma aboa no.Mmeb. 16:18.

2. Adɛn nti na nokware Kristofo nni Bible mu afotu ho agorɔ koraa?

2 Nanso nokware Kristofo mpo afotu pa; na sɛ efi Onyankopɔn Asɛm mu a, ɛnde wonni ho agorɔ koraa. Yehowa nkaesɛm ma yenya nhumu na ebue yɛn ani ma yehu nneɛma a ebetumi de yɛn ato asiane mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛboa ma yɛkwati nna mu ɔbrasɛe, nnubɔne, ne asanom ntraso. Afei ɛma yehu sɛ asiane wom sɛ yɛbɛfom wiase ahonyade. (Mmeb. 20:1; 2 Kor. 7:1; 1 Tes. 4:3-5; 1 Tim. 6:6-11) Bio nso sɛ yetie Onyankopɔn nkaesɛm a, yenya “koma pa” ma yedi ahurusi.Yes. 65:14.

3. Dɛn na odwontofo no yɛe a yebetumi asuasua?

3 Adamfofa a yɛne yɛn soro Agya, Yehowa wɔ no som bo paa. Sɛ yɛmpɛ sɛ biribiara sɛe yɛne no ntam a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde n’akwankyerɛ yɛ adwuma wɔ yɛn asetenam daa. Ɛsɛ sɛ yesuasua odwontofo no. Ɔkae sɛ: “Mafa wo nkaesɛm sɛ m’agyapade daa daa, efisɛ ɛno ne me komam ahurusidi.” (Dw. 119:111) Yɛn nso ɛ? Yɛn ani gye Yehowa ahyɛde ho,  anaa ɛtɔ da a yebu no sɛ adesoa bi? Sɛ ɛyɛ den mpo sɛ yebegye afotu bi atom a, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw. Nea ehia ara ne sɛ yebenya ahotoso sɛ Onyankopɔn nyansa korɔn na sɛ yedi n’ahyɛde so a ebesi yɛn yiye. Momma yɛnhwɛ akwan abiɛsa a yɛbɛfa so ayɛ saa.

MPAEBƆ MA YENYA YEHOWA MU AHOTOSO

4. Ade biako bɛn na ansesa wɔ Dawid asetenam da?

4 Yɛbɛka a, na Ɔhene Dawid asetena di aforosiane—ɛtɔ da a, eye paa, ɛtɔ da nso a, ɛnkɔ yiye koraa. Nanso ade biako bi deɛ ansesa da. Ɛne sɛ nea Dawid faa mu nyinaa ɔkɔɔ so ara de ne ho too Ɔbɔadeɛ no so denneennen. Ɔkae sɛ: “O Yehowa, wo na mema me kra so kyerɛ wo. O me Nyankopɔn, wo na mede me ho to wo so.” (Dw. 25:1, 2) Dɛn na ɛboaa Dawid ma ɔde ne ho too ne soro Agya no so saa?

5, 6. Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ na Dawid ne Yehowa ntam te sɛn?

5 Nnipa bi wɔ hɔ a gye sɛ asɛm to wɔn ansa na wɔabɔ Onyankopɔn mpae. Fa no sɛ wowɔ adamfo anaa busuani bi, na da biara a wubehu n’anim no, sɛ ɛnyɛ sika na ɔrepɛ a na ɔrepɛ mmoa foforo bi. Wubebu onipa a ɔte saa sɛn? Ebia wobɛka sɛ ɔyɛ kokotako; nea obenya afi wo hɔ nti na ɔba wo nkyɛn. Nanso na Dawid nte saa. Ne nkwa nna nyinaa, anigye mu oo, ahohia mu oo, na ɔbɔ Onyankopɔn mpae. Eyi kyerɛ sɛ na Dawid dɔ Yehowa na na ɔwɔ ne mu gyidi.Dw. 40:8.

6 Dawid yii Yehowa ayɛ na ɔtontonoo no sɛ: “O Yehowa, wo din yɛ kɛse dɛn ara wɔ asase nyinaa so, wo a wɔka w’anuonyam ho asɛm ma ɛtra ɔsoro!” (Dw. 8:1) Sɛ wohwɛ Dawid nsɛm yi a, wunnye ntom sɛ na ɔne ne soro Agya no adamfofa mu yɛ den? Yehowa kɛseyɛ ne n’anuonyam kaa Dawid ma ɔtontonoo no daa.Dw. 35:28.

7. Sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae daa a, mfaso bɛn na efi mu ba?

7 Ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa di nkitaho daa na yenya ne mu ahotoso sɛnea Dawid yɛe no. Bible ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8) Sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae a, ɛma yɛbɛn no, na ɛno nso yɛ ɔkwan titiriw biako a yɛfa so nya honhom kronkron.Monkenkan 1 Yohane 3:22.

8. Adɛn nti na yɛrebɔ mpae a ɛnsɛ sɛ yetĩ asɛnkoro no ara mu?

8 Sɛ wobɔ mpae a, asɛnkoro no ara na daa woka? Sɛ saa a, ɛnde gye bere kakra dwen nea wopɛ sɛ woka ho ansa na woabɔ mpae. Wo deɛ fa no sɛ da biara a wo ne w’adamfo anaa wo busuani bi bɛkasa no, asɛnkoro no ara na woka. Wohwɛ a, ɛbɛyɛ no dɛ? Ebia ɔremfa w’asɛm nyɛ asɛm anaa ɔremfii wo mpo. Nokwasɛm ni, sɛ Yehowa somfo nokwafo bi fi ne komam bɔ mpae a, ɔrensisi n’aso da. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yebetĩ asɛnkoro no ara mu wɔ yɛn mpaebɔ mu.

9, 10. (a) Dɛn na yebetumi abɔ ho mpae? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛn mpaebɔ atu mpɔn?

9 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn paa a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ bi ne bi. Sɛ yehwie yɛn komam asɛm gu Yehowa anim a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ne mu awerɛhyem, na eyi nso bɛka yɛn afam ne ho denneennen. Ɛnde nneɛma bɛn saa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae? Ɛho mmuae wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Filipifo 4:6 ka sɛ: “Momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.” Nokwasɛm ne sɛ, biribiara a ɛfa yɛn ho anaa ɛbɛboa ma yɛne Onyankopɔn ntam ayɛ papa biara, yebetumi abɔ ho mpae.

10 Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yebehu anokwafo a wɔtenaa ase tete no bi mpaebɔ, na yebetumi asua biribi afi mu. (1 Sam. 1:10, 11; Aso. 4:24-31) Sɛ yɛhwɛ Nnwom nhoma no mu a, yehu sɛ mpae a ɛka  koma ne Yehowa ayeyi nnwom ahyɛ mu ma. Mpae ne nnwom yi mu nsɛm bi yɛ awerɛhow, ebi nso yɛ anigye ne ahurusidi. Yesusuw mpae a ɛte saa ho a, yɛn nso yɛn mpae betu mpɔn na aka koma.

DWINNWEN ONYANKOPƆN NKAESƐM HO

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye bere susuw Onyankopɔn afotu ho?

11 Dawid kae sɛ: “Yehowa nkaesɛm yɛ nokware, ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.” (Dw. 19:7) Enti sɛ yenni nimdeɛ mpo na yetie Onyankopɔn ahyɛde a, yɛbɛyɛ anyansafo. Nanso Kyerɛwnsɛm mu afotu bi wɔ hɔ a, ehia sɛ yegye bere dwinnwen ho ansa na yɛahu so mfaso yiye. Fa no sɛ wowɔ sukuu anaa adwumam, na biribi retwetwe wo kɔ bɔne ho. Nea ɛbɛboa ma woayɛ nea ɛteɛ ne sɛ wubedwinnwen Bible mu nsɛm ho. Bio nso sɛ yedwinnwen Bible mu afotu ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatwe yɛn ho afi mogya ho na yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie nso ayɛ papa. Afei nso ɛremma yɛmfa yɛn ho nnyigye wiase nsɛm mu. Bio, sɛ yedwinnwen Onyankopɔn afotu ho a, ebetumi asiesie yɛn na sɛ daakye yehyia tebea a ɛte saa a, yɛahu nea yɛbɛyɛ. Eyi bɛma yɛakwati yaw ne amanehunu pii.Mmeb. 15:28.

12. Dɛn na yedwinnwen ho a ɛbɛma yɛafa Onyankopɔn ‘nkaesɛm sɛ yɛn agyapade’?

12 Ɛnde, bere a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam yi, yɛma yɛn abrabɔ da no adi sɛ yɛde Onyankopɔn som di kan wɔ biribiara mu? Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, yegye di paa sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bɛsɛe Babilon Kɛse no? Bere a yedii kan suaa nokware no, yehui sɛ bere bi bɛba ma yɛatena ase daa wɔ paradise asase so. Yɛda so ara gye saa asɛm no di anaa? Yɛde nsi ne ahokeka reyɛ ɔsom adwuma no, anaa yɛama anigyede ne akɔnnɔde retwitware yɛn ananmu? Owusɔre ne Yehowa din a ɔbɛtew ho no nso ɛ? Ne tumidi a ɔbɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata no nso ɛ? Eyinom da so ara da yɛn koma so? Sɛ yedwinnwen nsɛmmisa yi ho a, ɛbɛma yɛafa Onyankopɔn ‘nkaesɛm sɛ yɛn agyapade daa daa.’Dw. 119:111.

13. Adɛn nti na na ɛyɛ den sɛ tete Kristofo no bɛte nneɛma bi ase? Ma ho nhwɛso.

13 Nsɛm bi wɔ Bible mu a, seesei yɛnte ase yiye efisɛ Yehowa bere nsoe sɛ obebue so akyerɛ yɛn. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no mpɛn pii sɛ etwa sɛ ohu amane na wokum no. (Monkenkan Mateo 12:40; 16:21.) Nanso asomafo no ante nea na ɔreka no ase. Yesu wusɔre akyi ansa na asomafo no rete n’asɛm no ase. Saa bere no oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no, na “obuee wɔn adwene mu yiye ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.” (Luka 24:44-46; Aso. 1:3) Bio, na Kristo akyidifo no nnim sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi tumi wɔ soro kosii sɛ wohwiee honhom kronkron guu wɔn so wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu.Aso. 1:6-8.

14. Na anuanom pii nte nneɛma bi ase wɔ nna a edi akyiri no mfiase, nanso ɛsa bɛn na wotwa too hɔ a yebetumi adi akyiri?

14 Yɛn bere yi so nso, na nokware Kristofo hwɛ kwan sɛ nneɛma bi besi wɔ “nna a edi akyiri” no mu nanso amma saa. (2 Tim. 3:1) Nhwɛso bi ni: Afe 1914 no, na ebinom susuw sɛ wɔrebɛfa wɔn akɔ soro ara ne sa, nanso amma so. Ɛbaa saa no, wɔsan tweetwee Kyerɛwnsɛm no mu na wohui sɛ adwumasono bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ. Eyi ne asɛnka adwuma no. (Mar. 13:10) Afe 1922 no, wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. Saa bere no J. F. Rutherford na na odi asɛnka adwuma no anim. Ɔka kyerɛɛ anuanom a na wɔahyiam no sɛ: “Hwɛ, Ɔhene no di tumi! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ, Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.” Efi saa bere no reba no, ‘ahenni ho asɛmpaka’ adwuma no abɛyɛ  Yehowa asomfo ahyɛnsode titiriw.Mat. 4:23; 24:14.

15. Sɛ yegye bere dwinnwen sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo di ho a, ɛboa yɛn sɛn?

15 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no dii ne sɛnea ɔne n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ di na yedwinnwen ho a, ɛma yenya ahotoso paa sɛ n’apɛde bɛyɛ hɔ, na nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ daakye biara bɛbam. Bio, yedwinnwen Onyankopɔn nkaesɛm ho a, ɛboa yɛn ma ne nkɔmhyɛ tena yɛn adwene ne yɛn koma mu fann. Yɛhwɛ kwan denneennen sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam; ɛtɔ sikyi oo, ɛtɔ mfuate oo, ɛbɛbam.

FA AHOKEKA SOM NA W’AHOTOSO MU NYƐ DEN

16. Sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ ɔsom adwuma no a, nhyira bɛn na yenya?

16 Yɛn Nyankopɔn Yehowa nyɛ ɔkwadwofo; ɔyɛ Onyankopɔn a ɔkeka ne ho. Odwontofo no bisae sɛ: “Hena na ɔwɔ ahoɔden sɛ wo, O Yah?” Afei ɔtoaa so sɛ: “Wo nsa yɛ den, na wo nsa nifa wɔ soro.” (Dw. 89:8, 13) Esiane sɛ Yehowa ankasa keka ne ho nti, sɛ yemia yɛn ho boa Ahenni adwuma no a, ne koma tɔ ne yam na ohyira yɛn. Yehowa hwɛ n’asomfo a, ohu sɛ mmofra oo, mpanyin oo, obiara nni “anihaw aduan,” kyerɛ sɛ wɔmmobɔ wɔn nsa ntena faako. (Mmeb. 31:27) Yesuasua yɛn Bɔfo no, enti yɛde nsi ne ahokeka yɛ ɔsom adwuma no. Sɛ yɛde yɛn koma nyinaa som Onyankopɔn a, yenya abotɔyam, na ɛma Yehowa ani gye na ohyira yɛn som adwuma so.Monkenkan Dwom 62:12.

17, 18. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ yetie Yehowa afotu a, ɛhyɛ yɛn den ma yɛde yɛn ho to no so? Ma nhwɛso.

17 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ yɛn gyidi den? Wo deɛ hwɛ nea esii bere a Israelfo rebɛhyɛn  Bɔhyɛ Asase no so no. Ná Yehowa aka akyerɛ asɔfo a wosõ apam adaka no sɛ wɔnkɔ ara nkosi sɛ wɔde wɔn nan besi Yordan Asubɔnten no mu. Nanso bere a nkurɔfo no rebɛn nsu no, na osu atɔ ma nsu no ayiri asram so, na na ɛrebu fa so denneennen. Dɛn na Israelfo no bɛyɛ? Wohwɛ a, wɔbɛsoɛ asukɔn no so na wɔatena hɔ kosi sɛ nsu no bɛtwe? Dabi, wɔanyɛ saa. Mmom wɔde wɔn ho too Yehowa so korakora, na wotiee akwankyerɛ a ɔde maa wɔn no. Dɛn na efii mu bae? Bible ka sɛ: “[Bere a] asɔfo a wɔso adaka no de wɔn nan sii nsu no mu ara pɛ, nsu a efi atifi reba no nyinaa begyinaa faako. . . . Na asɔfo a wɔsõ Yehowa apam adaka no gyinae wɔ asase kesee so wɔ Yordan mfinimfini kyerebenn kosii sɛ Israel man no nyinaa faa asase kesee no so twaa Yordan wiei.” (Yos. 3:12-17) Wo deɛ twa ho mfonini: Hwɛ sɛ asubɔnten a ayiri rebu fa so agyina prɛko pɛ! Hwɛ sɛnea Israelfo bɛbɔ agye so adi ahurusi! Ampa, bere a Israelfo de wɔn ho too Yehowa so tiee n’akwankyerɛ no, ɛhyɛɛ wɔn gyidi den.

Wubetumi anya Yehowa mu ahotoso sɛnea Israelfo no nyae wɔ Yosua bere so no? (Hwɛ nkyekyɛm 17, 18)

18 Ɛnnɛ, Yehowa nyɛ anwonwade saa mma ne nkurɔfo, nanso sɛ yɛde yɛn ho to no so de n’akwankyerɛ yɛ adwuma a, obehyira yɛn. Onyankopɔn de ne honhom kronkron hyɛ yɛn mpamden ma yɛka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Kristo Yesu ne Yehowa adansefo mu okunini. Bere a onyanee no, ɔbɔɔ n’asuafo anohoba sɛ ɔbɛbɔ wɔn kyidɔm ma wɔayɛ adwumasono yi: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo . . . Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:19, 20) Adansefo bi wɔ hɔ a kan no na wɔfɛre ade paa, nanso ɛnnɛ wotumi de wɔn nsa si wɔn bo ka sɛ Onyankopɔn honhom kronkron ama wɔn akokoduru ma wotumi ka asɛm no kyerɛ nnipa a wonnim wɔn koraa.Monkenkan Dwom 119:46; 2 Korintofo 4:7.

19. Sɛ yentumi nyɛ ɔsom adwuma no sɛnea yɛpɛ mpo a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

19 Yɛn nuanom mmarima ne mmea bi wɔ hɔ a, yare ne onyin nti wontumi nyɛ ɔsom adwuma no sɛnea wɔpɛ. Nanso wobetumi anya awerɛhyem sɛ “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no nim nea nokware Kristoni biara refa mu. (2 Kor. 1:3) Nea yɛn ahoɔden ma yetumi yɛ wɔ ne som mu biara n’ani sɔ. Ade biako a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kae ne sɛ, sɛ yebenya nkwa a, ade a ehia paa ne sɛ yebenya gyidi wɔ Kristo agyede afɔre no mu. (Heb. 10:39) Yɛn de ara ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara wɔ ɔsom adwuma no mu.

20, 21. Dɛn na yɛde kyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso?

20 Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode boa ne som sɛnea yebetumi biara. Enti yɛpɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu ‘yɛ asɛmpaka adwuma no.’ (2 Tim. 4:5) Nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛreyɛ saa, efisɛ ɛboa nkurɔfo “ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:4) Sɛ yeyi Yehowa ayɛ na yɛhyɛ no anuonyam a, yenya nhyira pii wɔ ne som mu. (Mmeb. 10:22) Eyi nso ma yenya yɛn Bɔfo no mu ahotoso na yɛde yɛn ho fam ne ho papee.Rom. 8:35-39.

21 Sɛnea yɛadi kan ahu no, egye mmɔdenbɔ na yɛanya Yehowa mu awerɛhyem na yɛde yɛn ho ato n’akwankyerɛ so; ɛmma kwa. Enti yere wo ho bɔ mpae ma w’ahotoso nyɛ den Yehowa mu. Momma yennwinnwen nneɛma a Yehowa yɛe tete no ho na yɛmma nea ɔbɛyɛ daakye nkɔ so ntena yɛn adwenem. Momma yɛnkɔ so mfa ahokeka nsom Yehowa na yɛnhyɛ yɛn gyidi den. Yehowa nkaesɛm rentwam da; ɛwɔ hɔ afebɔɔ. Enti sɛ yetie de yɛ adwuma a, yɛn nso yɛbɛtena ase afebɔɔ!