Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Afoforo

Nea Yɛbɛyɛ De Aboa Afoforo

FRANÇOIS yɛ asafo mu panyin wɔ ɔman bi so. Ɔkae sɛ: “Bere bi wɔtow aba wɔ ɔman no mu ma ɛkɔfaa mente-me-ho-ase ne wontwiwontwi bae. Ɔman no mu yɛɛ bagyabagya, enti Yehowa Adansefo pii guan fii wɔn fie. Aduan ne nnuru kɔɔ atwee, na sɛ wunya bi mpo a, ɛbo a ɛda so nyɛ asɛm ketewa. Wɔtotoo sikakorabea mu; wuntumi nyi sika baabiara.”

Anuanom a wɔwɔ Betel tee no, wɔantena wɔn to so koraa. Wofii ase de sika ne nneɛma kɔmaa Adansefo a wɔafi wɔn fie akɔtena Ahenni Asa so wɔ ɔman no mu baabiara. Akuw a wɔreko no sisiw akwan, nanso Betel kar du hɔ a wɔma etwam efisɛ wonim sɛ Adansefo no mfa wɔn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu.

François de kaa ho sɛ: “Bere bi a yɛnam kwan so rekɔ Ahenni Asa bi so no, nkurɔfo fii ase totoo atuo baa yɛn kar no mu nanso anka yɛn. Yehui sɛ ɔsraani bi a okura tuo de mmirika reba yɛn so, enti ɛhɔ ara na yɛdan yɛn ho kaa gya guu mu kɔɔ Betel. Yehowa na yɛda no ase sɛ yɛn ho anka. Ade kyee no, anuanom 130 a wɔwɔ Ahenni Asa no so kɔpɛɛ baabi bɔɔ wɔn ho aguaa. Ebinom bepuee Betel, na yɛhwɛɛ wɔn maa wɔn nea wohia kosii sɛ ntɔkwaw no to twae.”

François kae sɛ: “Akyiri yi anuanom pii kyerɛw nkrataa baa Betel de kyerɛe sɛ wɔn ani sɔ nea asafo no ayɛ ama wɔn no. Sɛ anuanom hwɛ sɛnea wɔn nuanom a wɔwɔ mmeae foforo yɛɛ wɔn mmoa a, wohu sɛ wode wo ho to Yehowa so a, wo nsa nsi fam da.”

Sɛ atoyerɛnkyɛm anaa basabasayɛ bi ma yɛn nuanom ho ka a, ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde ka sɛ ‘wɔn ho nyɛ wɔn hyew na wɔmmee.’ (Yak. 2:15, 16) Mmom yɛyɛ nea yebetumi biara boa wɔn. Asomafo no bere so no, wɔtee sɛ ɔkɔm bi rebesi, enti “asuafo no nyinaa bɔɔ wɔn tirim sɛnea wɔn mu biara betumi, sɛ wɔde asetenade bɛkɔ akɔsom anuanom a wɔwɔ Yudea.”Aso. 11:28-30.

Sɛ obi kɔ ahokyere mu a, Yehowa asomfo yi wɔn yam boa no. Ɛtɔ da bi nso a, ehia sɛ yɛboa afoforo ma wɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. (Mat. 5:3) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmoa nkurɔfo ma wɔmmɛyɛ n’asuafo. Ná eyi bɛma nkurɔfo ani aba wɔn ho so na wɔahwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. (Mat. 28:19, 20) Yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden ne yɛn ahode yɛ saa adwuma yi. Ɛtɔ da bi a ahyehyɛde no de ntoboa a yeyi no bi boa wɔn a wɔn ho aka, nanso ade titiriw nti a yeyi ntoboa ne sɛ yɛde bɛboa ma Ahenni asɛmpaka adwuma no akɔ so. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa.Mat. 22:37-39.

Sɛ obi yi ntoboa de boa adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ wɔ wiase nyinaa no a, yɛpɛ sɛ onya awerɛhyem sɛ yɛde ne ntoboa no bedi dwuma yiye. Wubetumi aboa wo nuanom a wɔakɔ ahokyere mu anaa? Wopɛ sɛ woboa ma asɛnka adwuma no kɔ so anaa? Sɛ saa a, ɛnde “mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.”Mmeb. 3:27.