Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Bɔɔ Wɔn Ho Ban Wɔ Bepɔw no So

Yehowa Bɔɔ Wɔn Ho Ban Wɔ Bepɔw no So

DA BI anɔpa, ɔbea bi buee n’abɔnten pon, na ohui sɛ wɔakyekyere biribi ho da ne kwan ano. Ɔmaa so, na ɔhwɛɛ benkum ne nifa, nanso na obiara nni hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ obi na obegyaw too hɔ anadwo no. Ɔfee ho hwɛe, na ntɛm ara na ɔbɔ wuraa dan mu kaa pon no toom. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔkɔhyɛɛ dan mu ntɛm saa, efisɛ na ɛyɛ yɛn nhoma a wɔabara. Afei ɔde bɔɔ ne bo, na ɔbɔɔ mpae wɔ ne tirim daa Yehowa ase sɛ wama wanya honhom fam aduan.

Nsɛm a ɛte sɛɛ sii mpɛn pii wɔ Germany wɔ Nasi bere so. Bere a Nasifo bedii tumi afe 1933 no, wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma wɔ ɔman no mu. Richard Rudolph * a seesei wadi boro mfe 100 kae sɛ: “Ná yegye di paa sɛ onipa biara nni hɔ a obetumi ahyɛ mmara ma yɛagyae Yehowa asɛm ka na yɛagyae ne din bɔ.” Ɔtoaa so sɛ: “Asafo nhoma ne ade titiriw a na yɛde yɛ asɛnka adwuma no na yɛde sua ade. Nanso esiane sɛ na wɔabara yɛn adwuma no nti na nhoma no ho ayɛ den. Enti na yenhu sɛnea yɛbɛkɔ so ayɛ asɛnka adwuma no.” Richard hui sɛ obetumi aboa ma anuanom anya nhoma a wohia. Ná ɔbɛfa mmepɔw so wɔ sum mu na ayɛ saa.Atem. 9:36.

SUM ASE AGUADIFO AKWAN

Sɛ wonam Elbe (anaa Labe) asubɔnten no so na wode w’ani kyerɛ atifi a, wobɛkɔ akopue bepɔw bi (Krkonoše) a ɛwɔ Czech Republic ne Poland hye so. Bepɔw yi tenten nyinaa yɛ mita 1,600 pɛ, nanso ɛyɛ Europa beae bi a awɔw wɔ hɔ paa. Sukyerɛmma tɔ bua bepɔw no so bɛyɛ bosome asia. Ɛbɔ a emu yɛ duru tumi si prɛko pɛ, enti sɛ obi kɔ hɔ na wanhwɛ yiye a, n’ani bɛba ne ho so na ɛbɔ amene no.

Bepɔw yi adan ahye deda aman ne amantam mu. Esiane sɛ bepɔw yi so yɛ hu nti, na ɛyɛ den ma polisifo sɛ wɔbɛpasepase hɔ. Enti bere bi a atwam no na mpɔtam hɔfo pii wia wɔn ho de nneɛma fa hɔ kɔtɔn, na woyiyii akwan too  hɔ. Afe 1933 kosi 1936 no, na bepɔw yi na ɛto Czechoslovakia ne Germany hye. Eduu baabi no na sum ase aguadifo no mfa hɔ bio, na Adansefo akokodurufo fii ase de asafo nhoma faa hɔ kɔmaa anuanom wɔ mmeaemmeae. Ná Richard ka Adansefo no ho. Saa bere no na ɔyɛ aberante.

Anuanom mmarima ne mmea hyehyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔrekɔhwehwɛ bepɔw no so; wɔkɔfa nhoma ba Germany

AKWANTU A ƐYƐ HU

Richard kae sɛ: “Edu Memeneda ne Kwasida a, mmerante bɛyɛ baason hyehyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔretwa kwan akɔhwehwɛ bepɔw no so. Sɛ yefi Germany rekɔ a, na yetwa kilomita 16.5 foro bepɔw no kodu ahomegyebea bi a ɛde Špindlerův Mlýn wɔ Czech hye so. Ná eyi nyinaa gye yɛn bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa. Saa bere no na Germanfo pii tete mpɔtam hɔ. Ná wɔn mu biako yɛ okuafo, na ɔpenee so sɛ ɔbɛboa anuanom. Na teaseɛnam na wɔde fa nnipa wɔ hɔ. Sɛ anuanom de nhoma no gu keteke mu fi Prague ba a, saa teaseɛnam yi na na okuafo no de kɔsoa. Ɔde nhoma no kosie baabi wɔ n’afuw mu. Akyiri yi na anuanom abɛfa kɔ Germany.”

Richard toaa so sɛ: “Saa bere no, na wɔahyɛ da ayɛ bag a yɛde soa nneɛma a emu yɛ duru, enti yekodu afuw no mu a, na yɛahyehyɛ nhoma no agu mu. Ná obiara soa nneɛma a emu duru bɛyɛ kilogram 50.” Wosim anwummere kodu ansa na anim atetew sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu wɔn. Na Ernst Wiesner yɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Germany saa bere no. Ɔkyerɛɛ nea wɔyɛ de bɔɔ wɔn ho ban. Ɔkae sɛ: “Ná wɔma anuanom baanu di anim bɛyɛ mita 100, na sɛ wohyia obi a na wɔasɔ wɔn kanea de akyerɛ sɛ obi reba. Sɛ anuanom a aka no hu kanea no a, na wɔakɔtɛw nwura mu atwɛn akosi sɛ anuanom baanu no bɛba abɛka akyerɛ wɔn sɛ kwan mu da hɔ. Nnawɔtwe biara na wɔwɔ asɛm a wɔka de kyerɛ sɛ kwan mu da hɔ.” Nanso na ɛnyɛ German polisifo a wɔhyɛ ntade bruu no nko ara na wɔn ho yɛ hu.

Richard kae sɛ: “Da bi meyɛɛ adwuma kyɛe, enti anuanom dii kan wɔ Czech hye no so gyaw me. Bere a misiim no, na ade asa, na na ɛbɔ asi. Merekɔ nyinaa na osu retɔ enti awɔw te sii me so ma me ho wosow kyɛkyɛkyɛkyɛ. Meyerae wɔ  nkyɛkyerɛ bi mu, na mitwaa me ho saa nnɔnhwerew pii. Ade kyee a anuanom rebɛsen na mihuu wɔn. Nnipa pii ayera wɔ bepɔw no so awuwu.”

Nnawɔtwe biara na anuanom akokodurufo yi kɔ bepɔw no so; wɔyɛɛ saa bɛyɛ mfe abiɛsa. Sɛ edu awɔwbere a, na wɔde wɔn bag bɔ wɔn akyi de biribi hyehyɛ wɔn anan fa sukyerɛmma no so. Ɛtɔ da a, anuanom bɛyɛ 20 ka wɔn ho bom kɔfa bepɔw no so awiabere. Ɛyɛ a wɔfa baabi a nkurɔfo ayiyi kwan ato no. Nea ɛbɛyɛ a nkurɔfo rennya adwene sɛ wɔyɛ nnipabɔnefo no, wɔma anuanom mmea bi ka wɔn ho. Ɛyɛ a wɔma anuanom mmea no bi di anim, na sɛ wohu sɛ asiane bi wɔ hɔ a, wɔtow wɔn kyɛw kɔ wim de bɔ wɔn kɔkɔ.

Bepɔw a sukyerɛmma abua so; ɛso fa yɛ hu

Sɛ anuanom fa sum mu kɔfa nneɛma no ba a, dɛn na wɔyɛ? Ná wɔatoto nneɛma dedaw, enti nhoma no bedui ara na wɔakɔkyekyɛ ama anuanom. Ná wɔyɛ no sɛn? Wɔhyehyɛ nhoma no te sɛ samina de kɔ keteke gyinabea wɔ Hirschberg. Afei, wɔde kɔ Germany man no mu baabiara. Ekodu baabi a ɛrekɔ a, anuanom mmarima ne mmea fa kwan bi so kyekyɛ ma anuanom. Ebi na onuawa bi nsa kae a yɛkaa ho asɛm mfiase no. Sɛ wohwɛ sɛnea na wɔayɛ nhyehyɛe de kyekyɛ nhoma no a, sɛ wonya kyere biako pɛ, anhwɛ a wɔn a aka nyinaa ho bɛka. Ampa ara, da koro biribi a wɔnhwɛ kwan sii.

Afe 1936 mu no, polisifo huu beae biako a yɛde yɛn nhoma gu wɔ Berlin kurotia baabi. Wohuu nneɛma bi a efi Hirschberg aba, na na wɔakyekyere nneɛma abiɛsa bi afra mu. Polisifo no hwehwɛɛ mu araa huu onipa a ne nkyerɛwee wɔ ho no, na wɔkyeree no. Ɛno akyi no, wɔkyeree Richard Rudolph ne onua biako nso. Anuanom a wɔkyeree wɔn no kae sɛ nea ɛrekɔ so nyinaa fi wɔn. Eyi maa anuanom a aka nyaa kwan toaa so yɛɛ adwuma no. Ná ɛyɛ ayamhyehye adwuma, nanso wɔkɔɔ so yɛe.

NEA YESUA FI MU

Asafo nhoma a na anuanom de fa bepɔw no so ba Germany no na etwitwa gyee Adansefo no. Nanso ɛnyɛ bepɔw no nkutoo so na na wɔn kwan da. Ná akwan foforo wɔ hɔ a wɔfa so kɔ Czechoslovakia kɔfa nhoma ba kosii sɛ Germany asraafo kogyee Czechoslovakia bɔɔ so afe 1939. Adansefo a wɔwɔ Germany ne wɔn a wɔwɔ France, Netherlands, ne Switzerland de wɔn nkwa too wɔn nsam de nhoma ahorow kɔmaa wɔn nuanom a wɔretaa wɔn no.

Ɛnnɛ yɛn mu dodow no ara nya asafo nhoma pii. Ebi wɔ CD so, ebi yɛ video, ɛnna ebi nso gu Intanɛt so. Sɛ yegye nhoma wɔ Ahenni Asa so oo, yɛtwe fi Intanɛt so wɔ jw.org oo, ɛwɔ hɔ ara a yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘Ɛyɛ dɛn na yɛn nsa ka?’ Ɛnnɛ deɛ ebia anuanom nsɔre dasum mfa awɔw mu nnantew bepɔw so ansa na yɛn nsa aka nhoma a yehia, nanso momma yɛnkae sɛ yɛn mfɛfo gyidifo kum wɔn ho yɛ adwumaden ansa na yɛn nsa aka.

^ nky. 3 Ná Richard wɔ Hirschberg Asafo mu wɔ Silesia. Seesei wɔfrɛ Hirschberg sɛ Jelenia Góra. Ɛwɔ Poland anafo fam.