Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Biribiara ‘Nnsɛe W’adwene Ntɛm’!

Mma Biribiara ‘Nnsɛe W’adwene Ntɛm’!

‘Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ mommma wɔmmfa asɛm biara nnsɛe mo adwene ntɛm.’—2 TES. 2:1, 2.

1, 2. Adɛn nti na nnaadaasɛm ne nkontomposɛm abu so wɔ wiase saa? Ɛhefa na yɛte nnaadaasɛm a ɛte saa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

ƐNNƐ, baabiara a wobɛfa biara, sɛ woante nkontomposɛm a, wobɛte nnaadaasɛm. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ Bible ma yehu sɛ Satan Bonsam akwadare nkontompo mu, na ɔno na odi wiase yi so. (1 Tim. 2:14; 1 Yoh. 5:19) Bere a yɛrekeka bɛn wiase bɔne yi awiei nyinaa, na Satan abufuw redɛw efisɛ onim sɛ “ne bere a aka yɛ tiaa.” (Adi. 12:12) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo a Ɔbonsam afa wɔn nnommum bɛkɔ wɔn anim wɔ nkontompo ne nnaadaasɛm mu. Wɔn a saafo yi atu wɔn ani asi wɔn so paa ne Yehowa asomfo.

2 Sɛ nsɛnkyerɛwfo reka Yehowa asomfo anaa wɔn gyidi ho asɛm a, ɛtɔ da a na wɔasɔ asɛm no fã akyinkyim no; wobɛhwɛ na nokware biako mpo nnim. Nkurɔfo nam atesɛm nkrataa, television, ne Intanɛt so tu mfuturu gu ɔmanfo ani. Ebinom te sɛ nkurɔfo reka yɛn ho asɛm a wɔnhwehwɛ mu; wɔtee medaase aberaw ara na wɔama wɔn koraa so, enti wobɛhwɛ na wɔafa yɛn ho abufuw.

3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛabɔ nnaadaasɛm agu?

3 Yehowa adaworoma yɛwɔ Bible a yebetumi de abɔ ɔtamfo no nnaadaasɛm agu. Onyankopɔn Asɛm ‘ye ma nneɛma ateɛteɛ.’ (2 Tim. 3:16) Paulo kyerɛw asɛm bi kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no, na asɛm a ɔkae no ma yehu sɛ na wɔn mu binom resosɔ atosɛm so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmma biribiara ‘nnsɛe wɔn adwene ntɛm.’ (2 Tes. 2:1, 2) Dɛn na yebetumi asua fi Paulo afotusɛm no mu de abɔ yɛn bra?

KƆKƆBƆ BI BAA BERE ANO

4. Kɔkɔbɔ bɛn na Paulo de maa Tesalonikafo no wɔ “Yehowa da” no ho? Ɔkwan bɛn so na yɛn nso wɔrebɔ yɛn kɔkɔ?

4 Bere a Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa  Tesalonika asafo no, ɔkaee wɔn sɛ “Yehowa da” no reba. Ná ɔmpɛ sɛ ne nuanom tena sum mu ma ɛda no bɛto wɔn mpofirim. Mmom ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ “adekyee mma,” enti ‘wɔnwɛn na wɔn ani nna hɔ.’ (Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:1-6.) Ɛnnɛ nea yɛrehwɛ anim ne sɛ wɔbɛsɛe Babilon Kɛse anaa atoro som ahemman no. Eyi na ebefi Yehowa da kɛse no ase. Yehowa adom yɛn abue nneɛma so akyerɛ yɛn, enti yenim nea ɔbɛyɛ ma n’atirimpɔw abam. Afei nso, asafo no ma yɛn nkaesɛm pii a ɛboa yɛn ma yɛn ani da hɔ. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase tie kɔkɔbɔ a daa wɔde ma yɛn no a, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛde yɛn “adwene” asom Onyankopɔn.Rom. 12:1.

Paulo kyerɛw nkrataa kɔbɔɔ Kristofo kɔkɔ (Hwɛ nkyekyɛm 4, 5)

5, 6. (a) Bere a Paulo kyerɛw krataa a ɛto so abien kɔmaa Tesalonikafo no, dɛn na ɔkaa ho asɛm? (b) Dɛn na Onyankopɔn bɛma Yesu ayɛ nnansa yi ara, na asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

5 Bere a Paulo de krataa a edi kan kɔmaa Tesalonikafo no, ankyɛ na ɔkyerɛw nea ɛto so abien. Ɔkaa ahohiahia a ɛreba no ho asɛm, na ɔkyerɛe sɛ Awurade Yesu de Onyankopɔn atemmu bɛba “wɔn a wonnim Onyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no” so. (2 Tes. 1:6-8) Sɛ yɛhwɛ 2 Tesalonikafo ti 2 a, yehu sɛ asafo no mufo bi maa ‘wɔn bo tui,’ efisɛ na wosusuw sɛ Yehowa da no reba ara ni. (Monkenkan 2 Tesalonikafo 2:1, 2.) Ná Kristofo a wɔwɔ hɔ saa bere no nnim Yehowa akwan yiye. Paulo ankasa gye toom, na ɔkae sɛ: “Yɛn nimdeɛ nni mu, na nkɔm a yɛhyɛ nni mu; na sɛ nea edi mu no ba a, nea enni mu no befi hɔ.” (1 Kor. 13:9, 10) Nanso na Yehowa ama Paulo ne ɔsomafo Petro ne wɔn nuanom a wɔasra wɔn no akyerɛw afotusɛm pii ama wɔn. Ná eyi bɛhyɛ wɔn mpamden na wɔn gyidi anhinhim.

6 Onyankopɔn de ne honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw asɛm bi maa Kristofo no huu nneɛma ani so yiye. Ɔma wohui sɛ ɔwae kɛse bi ne “onipa a onni mmara so” no bɛba ansa na Yehowa da no aba. * Afei Onyankopɔn bere so a, Awurade Yesu bɛma wɔn a wɔadaadaa  wɔn no ‘ayera koraa.’ Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nea enti a atemmu reba wɔn so. Ɔkae sɛ “wɔannya nokware no ho dɔ.” (2 Tes. 2:3, 8-10) Ɛnde, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Enti metumi aka paa sɛ medɔ nokware no? Migye bere kenkan Ɔwɛn-Aban ne nhoma ahorow a wɔyɛ ma Onyankopɔn nkurɔfo ma enti metumi de me nsa asi me bo aka sɛ ntease a mewɔ ne asafo no nkyerɛkyerɛ hyia?’

HWƐ W’AYƆNKOFA YIYE

7, 8. (a) Nneɛma bɛn na na ebetumi asɛe tete Kristofo no gyidi? (b) Ɛdɛn na ebetumi asɛe Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ gyidi?

7 Ɛyɛ nokware, ɛnyɛ awaefo nkyerɛkyerɛ nko ara na na ebetumi adidi Kristofo ase. Ná nneɛma foforo wɔ hɔ. Paulo kyerɛw Timoteo sɛ “sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini.” Ɔsomafo no kae sɛ “ebinom adi akyi ma wɔayera afi gyidi no ho ma wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.” (1 Tim. 6:10) Ade foforo a na ebetumi asɛe Kristofo gyidi ne “ɔhonam nnwuma.”Gal. 5:19-21.

8 Nanso bere a Paulo kyerɛw Tesalonikafo no, ade a ɔde n’adwene sii so ne sɛ ɔbɛboa anuanom ma wɔahwɛ wɔn ho yiye paa wɔ “asomafo atorofo” ho. Ná saa mmarima yi bi ‘kyinkyim nsɛm de twe asuafo no di wɔn akyi.’ (2 Kor. 11:4, 13; Aso. 20:30) Yesu kamfoo Efeso asafo no efisɛ na wontumi ne “nnipa bɔne ntena.” Nokwasɛm ne sɛ Efesofo no ‘sɔɔ wɔn hwɛe’ hui sɛ wɔyɛ asomafo atorofo nnaadaafo. (Adi. 2:2) Bere a Paulo de krataa a ɛto so abien no rekɔma Tesalonikafo no, otuu wɔn fo sɛ: “Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnenam basabasa . . . ho.” Afei ɔkae sɛ saafo no bi ‘mpɛ adwuma.’ (2 Tes. 3:6, 10) Sɛ wɔn a wɔmpɛ adwuma mpo Paulo kae sɛ wɔnenam basabasa nti wɔntwe wɔn ho mfi wɔn ho a, ɛnde wohwɛ a dɛn na ɔbɛka afa wɔn a wɔasi ɔwae kwan so ho? Ná ɛyɛ hu paa sɛ Kristofo ne saafo no bɛbɔ; yɛbɛka a, na ɛnsɛ sɛ wɔfa baabi a wɔwɔ mpo. Ɛnnɛ nso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa wɔ awaefo ho.Mmeb. 13:20.

9. Sɛ obi de nsɛnhunu bi begyigye anuanom anaa ɔkeka asafo no ho nsɛmmɔne a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa?

9 Seesei yɛrebɔ pini ahohiahia kɛse no ne wiase bɔne yi awiei. Enti ɛnnɛ paa na ɛsɛ sɛ yetie kɔkɔbɔ a Yehowa de maa tete Kristofo no. Yɛn mu biara mpɛ sɛ ogye Yehowa adom no ‘ma n’atirimpɔw yɛ kwa.’ Yɛyɛ saa a, daa nkwa a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no bɛbɔ yɛn. (2 Kor. 6:1) Enti sɛ obi ba asafo nhyiam na ɔde nsɛnhunu bi a ennyina Bible so begyigye anuanom anaa ɔkeka mpanyimfo ne afoforo ho nsɛmmɔne a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa wɔ ne ho.2 Tes. 3:13-15.

“MUNKURA NKYERƐKYERƐ A YƐDE AGYAW MO NO MU”

10. Nkyerɛkyerɛ bɛn na na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no bata ho?

10 Paulo ka kyerɛɛ ne nuanom a wɔwɔ Tesalonika sɛ ‘wonnyina hɔ pintinn’ na wɔmmata nea wɔakyerɛkyerɛ wɔn no ho. (Monkenkan 2 Tesalonikafo 2:15.) Nkyerɛkyerɛ bɛn na na ‘wɔde agyaw wɔn’? Ɛyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ ne nea Onyankopɔn honhom maa Paulo ne afoforo kyerɛwee. Yehu nsɛm a ɛte saa pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Enti ɛnyɛ atoro som nkyerɛkyerɛ na na Paulo reka ho asɛm. Paulo kamfoo anuanom a wɔwɔ Korinto asafo mu, efisɛ na ‘wɔkae no ade nyinaa mu.’ Ɔde kaa ho sɛ: “Mukura nea mo nsa kae no mu  sɛnea mede gyaa mo no ara.” (1 Kor. 11:2) Ná saa nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn ankasa nkyɛn, enti na wobetumi de wɔn werɛ ahyem.

11. Ɔkwan bɛn so na nnaadaasɛm betumi adidi ebinom ase?

11 Bere a Paulo rekyerɛw Hebrifo no, ɔkaa nneɛma abien a ebetumi ama Kristoni gyidi ayɛ mmerɛw na wahinhim. (Monkenkan Hebrifo 2:1; 3:12.) Ɔkae sɛ obi betumi ‘atwe ne’ ho afi Yehowa ho anaa obetumi ‘awae’ afi ne ho. Sɛ hyɛmma bi si nsu ano na hweamo retwe no a, ɛkɔ nkakrankakra. Enti ahyɛase no deɛ ɛbɛyɛ den sɛ wubehu sɛ hyɛmma no rekɔ. Nanso w’ani bɛba wo ho so no na adu akyiri. Obi nso betumi ahyɛ da apia ne hyɛmma afi mpoano asi nsu no mu ma akɔ. Nhwɛso abien no nyinaa ma yehu nea ebetumi aba bere a obi agyae ne ho ama nnaadaasɛm adidi n’ase ma ne gyidi ayɛ mmerɛw.

12. Nneɛma bɛn na ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam nnɛ?

12 Ɛbɛyɛ sɛ biribi a ɛte saa na ɛtoo Tesalonikafo binom. Ɛnnɛ nso biribi a ɛte saa betumi ato yɛn anaa? Nneɛma a ɛsɛe bere nyɛ na wɔ wiase nnɛ. Wo deɛ hwɛ obi a ɔreyɛ nneɛma ahorow de agyigye n’ani, anaa obi a ɔte kɔmputa akyi anaa okura fon ne afoforo redi nkitaho (nea wɔfrɛ no social network no), anaa obi a ɔpɛ sɛ ohu agodie ho nsɛm biara. Hwɛ nnɔnhwerew dodow a eyi nyinaa begye. Nneɛma a yɛabobɔ so yi mu biara betumi atwetwe Kristoni ma ne gyidi ayɛ mmerɛw. Ɛba saa a, ne mpae bɛyɛ basaa, ɔrennya bere nsua Bible, na n’adesua ne n’asɛnkakɔ begyigya. Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ na biribiara ansɛe yɛn adwene ntɛm?

NEA YƐBƐYƐ ABƆ YƐN HO BAN

13. Dɛn na Bible aka a yehu wɔ nnipa dodow no ara ho nnɛ? Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛn gyidi ansɛe?

13 Ade biako a ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem daa ne sɛ Satan wiase yi regye nna awu. Nanso yɛreka yi ebinom nnye nni sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu, enti sɛ yɛbɔ yɛn ho mmusu ne saafo no di hwebom a, yɛn gyidi begu asu. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri no mu no, fɛwdifo bedi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi abedi fɛw aka sɛ: ‘Ne mmae a wɔahyɛ ho bɔ no wɔ he? Hwɛ, efi da a yɛn agyanom dedae no, biribiara te sɛ nea ɛte fi abɔde mfiase.’” (2 Pet. 3:3, 4) Sɛ yegye bere kenkan Bible daa dwinnwen ho a, yɛn werɛ remfi da sɛ yɛte “nna a edi akyiri no mu.” Ɔwae a Bible kaa ho asɛm no yii ne ti akyɛ, na atena hɔ ara abesi nnɛ. “Onipa a onni mmara so” no da so ara wɔ hɔ, na n’ani sa Onyankopɔn asomfo. Ɛsɛ sɛ eyinom nyinaa kae yɛn sɛ Yehowa da no abɛn paa.Sef. 1:7.

Sɛ yegye bere siesie yɛn ho kɔ asɛnka a, ɛbɛboa yɛn na biribiara ansɛe yɛn adwene (Hwɛ nkyekyɛm 14, 15)

14. Yɛde ahokeka yɛ asɛnka adwuma no a, ɛboa yɛn sɛn?

14 Sɛ yɛmpɛ sɛ biribiara sɛe yɛn adwene a, ade biako a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so koraa ne Ahenni asɛmpaka adwuma no. Eyi nti na Kristo Yesu a ɔne asafo no Ti ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ nkurɔfo a wɔwɔ aman nyinaa mu n’asuafo na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea wahyɛ wɔn nyinaa so no. Bere a wɔreyɛ saa adwuma yi nyinaa na ɛrebɔ wɔn ho ban na biribiara ansɛe wɔn adwene. (Mat. 28:19, 20) Nea yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛredi ahyɛde yi so ne sɛ yɛde nsi ne ahokeka bɛyɛ asɛnka adwuma no daa. Wohwɛ a anuanom a wɔwɔ Tesalonika no bɛyɛ asɛnka adwuma no biara-biara? Wugye di  sɛ wɔbɛyɛ adwuma yi a wɔn koma nni mu? Wo deɛ hwɛ asɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn yi: “Munnnum honhom no gya no. Mummmu nkɔmhyɛsɛm animtiaa.” (1 Tes. 5:19, 20) Hwɛ sɛ woate nkɔmhyɛ bi ase na worekyerɛkyerɛ mu akyerɛ obi; ɛyɛ anigye kwa!

15. Nneɛma bɛn saa na yebetumi asusuw ho wɔ abusua som ase?

15 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛboa yɛn mmusua ma wɔyɛ asɛnka adwuma no yiye. Enti nea anuanom bi yɛ ne sɛ, sɛ wɔreyɛ abusua som a, wosusuw asɛnka adwuma no nso ho. Mubetumi ahwɛ sɛnea abusua no besiesie wɔn ho akɔyɛ sankɔhwɛ. Mokɔ a, dɛn na mobɛka? Asɛm bɛn saa na nipa no ani begye ho? Bere bɛn na ɛfata sɛ mosan kɔ hɔ? Anuanom pii nso reyɛ abusua som a, wɔde bere no bi siesie wɔn ho ma asafo nhyiam. Eyi ma obiara hu nea yebesusuw ho wɔ adesua ase. Mo nso ɛ? Mubetumi ayɛ saa na sɛ mokɔ adesua a moatumi ama mmuae? Moyɛ saa a, ɛbɛhyɛ mo gyidi den na biribiara ansɛe mo adwene ntɛm. (Dw. 35:18) Abusua som bɛbɔ mo ho ban na obiara amfa nsɛnhunu a ennyina Bible so annidi mo ase.

16. Dɛn na ɛhyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no mpamden ma wosi pi na biribiara ansɛe wɔn adwene?

16 Yehowa abue ne nkurɔfo ani ama wɔate Bible nkɔmhyɛ ase yiye. Sɛ yɛtena ase susuw eyi ho a, yenya ahotoso sɛ biribi pa wɔ yɛn anim. Kristofo a wɔasra wɔn no hwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔka Kristo ho wɔ soro. Ɛsɛ sɛ eyi hyɛ wɔn mpamden ma wosi pi na biribiara ansɛe wɔn adwene. Yebetumi aka sɛ asɛm a Paulo kyerɛw Tesalonikafo yi fa Kristofo a wɔasra wɔn ho nnɛ: “Anuanom a Yehowa dɔ mo, mo nti, ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, efisɛ Onyankopɔn paw mo fii mfiase maa nkwagye wɔ honhom a ɔde tew mo ho ne nokware no mu gyidi a mowɔ no mu.”2 Tes. 2:13.

17. Nkuranhyɛsɛm bɛn na ɛwɔ 2 Tesalonikafo 3:1-5?

17 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no nso hwɛ yiye na biribiara ansɛe wɔn adwene. Sɛ w’anidaso ne sɛ wobɛtena ase daa wɔ asase so a, ɛnde hwɛ nkuranhyɛsɛm a Paulo de kɔmaa Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Tesalonika no, na sua biribi fi mu. (Monkenkan 2 Tesalonikafo 3:1-5.) Afotusɛm no ka koma paa, na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw ho yiye. Nkrataa a Paulo kyerɛw Tesalonikafo no boa yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi nsɛnhunu a ennyina Bible so a ebetumi asɛe yɛn gyidi ho. Seesei awiei bere no asa ara ne sa, enti ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ tie Paulo afotu no gu aso pa mu.

^ nky. 6 Yɛhwɛ Asomafo Nnwuma 20:29, 30 a, Paulo tuu Kristofo asafo no fo sɛ: “Mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” Ampa-ne-ampa ara adanse kyerɛ sɛ biribi a ɛte saa bae. Eduu bere bi no, na nsonsonoe kɛse da asɔfo a wɔama wɔn ho so agyina mpɛnpɛnso bi ne asɔremma no ntam. Bɛyɛ mfe 200 wɔ Kristo awo akyi no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ Kristoman asɔfo nyinaa na wɔbom yɛ “onipa a onni mmara so” no.—Hwɛ February 1, 1990, Ɔwɛn-Aban no kratafa 2-6. (Borɔfo de no yɛ kratafa 10-14.)