Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monyɛ Eyi Mfa Nkae Me’

‘Monyɛ Eyi Mfa Nkae Me’

“Ɔdaa ase wiei no, obubuu [paanoo no] mu kae sɛ: ‘Eyi gyina hɔ ma me nipadua a wɔde bɛma mo. Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.’”1 KOR. 11:24.

1, 2. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na asomafo no bi redwinnwen ho ansa na wɔne Yesu resi kwan so akɔ Yerusalem?

‘EWIM atew nwann; yetumi hu ɔsramfã. Ɛbɛyɛ sɛ ɛnnɛra anadwo awɛmfo a wɔwɔ Yerusalem nso hui. Bere a Sanhedrin no tee no, wɔde too gua sɛ bosome foforo afi ase. Saa bosome foforo yi ne Nisan. Afei wɔsosɔɔ gya de bɔɔ nkurɔfo amanneɛ anaa wotuu abɔfo ma wɔpetee amanneɛbɔ yi ma ebeduu yɛn nkyɛn. Nea ɛrekeka kɔ yi deɛ Yesu rebesi kwan so akɔ Yerusalem. Ɔpɛ sɛ odu hɔ ansa na Twam no afi ase.’

2 Ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm yi na na asomafo no bi redwinnwen ho bere a wɔne Yesu wɔ Perea wɔ Yordan agya no. Saa bere no, na wɔn ani kyerɛ Yerusalem. Ná eyi ne Yesu akwantu a etwa to a ɔde rekɔ Yerusalem. (Mat. 19:1; 20:17, 29; Mar. 10:1, 32, 46) Sɛ Yudafo hu sɛ Nisan da a edi 1 ayi ne ti pɛ, na wonim sɛ aka nnafua 13 ma wɔadi Twam no Nisan 14, bere a owia akɔtɔ.

3. Adɛn nti na ɛda a wodi Twam no ho hia Kristofo?

3 Awurade Anwummeduan no besi April 14, 2014 bere a owia akɔtɔ; ɛne Twam no si da koro. Ɛbɛyɛ da titiriw ama nokware Kristofo ne wɔn a wɔn ani gye nokware no ho nyinaa. Adɛn ntia? Yehu mmuae no wɔ 1 Korintofo 11:23-25. Ɛhɔ ka sɛ: “Anadwo a wɔrebeyi Awurade Yesu ama no, ɔfaa paanoo, na ɔdaa ase wiei no, obubuu mu kae sɛ: ‘Eyi gyina hɔ ma me nipadua a wɔde bɛma mo. Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.’ Saa ara na ɔyɛɛ kuruwa no.”

4. (a) Nsɛm bɛn na wubetumi abisa afa Nkaedi no ho? (b) Yɛyɛ dɛn hu ɛda a ɛsɛ sɛ yɛyɛ Nkaedi no afe biara? (Hwɛ adaka a wɔato din  “Afe 2014 Nkaedi” no.)

4 Yegye di sɛ wobɛkɔ afahyɛ yi ase. Afahyɛ yi ne afahyɛ biako pɛ a Yesu kae sɛ n’akyidifo nni no afe biara. Ansa na ebedu hɔ no, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Ntotoe bɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ ma Nkaedi no? Nneɛma bɛn na yɛde bɛyɛ Nkaedi no? Dwumadi no bɛkɔ  so sɛn? Nkaedi no ne nneɛma a wɔde bɛhyɛ fã no fa me ho sɛn?’

PAANOO NE BOBESA NO

5. Ntotoe bɛn na Yesu maa asomafo no yɛe ansa na ɔne wɔn redi Twam a etwa to no?

5 Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo sɛ wonkosiesie baabi a wobedi Twam no, wanka sɛ wɔnkɔpɛ dan a wɔde nneɛma pii asiesie mu kɔsɔɔ. Mmom ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ dan a emu tew a wɔn nyinaa bɛkɔ mu ma wɔn ho ahare wɔn. (Monkenkan Marko 14:12-16.) Afei asomafo no bɛhwɛ sɛ wobenya nneɛma a wɔde bedi Twam no te sɛ paanoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ. Bere a wodii Twam no wiei no, Yesu kaa paanoo ne bobesa kɔkɔɔ no ho asɛm.

6. (a) Bere a Yesu ne n’asomafo no dii Twam no wiei no, asɛm bɛn na Yesu ka faa paanoo no ho? (b) Paanoo bɛn na yɛde yɛ Nkaedi no?

6 Ná ɔsomafo Mateo wɔ afahyɛ no ase, na akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Yesu faa paanoo, na ohyiraa so wiei no obubuu mu de maa asuafo no kae sɛ: ‘Munnye nni.’” (Mat. 26:26) Ná mmɔkaw nni “paanoo” no mu; nea wɔde dii Twam no ara bi na ohyiraa so maa wɔn. (Ex. 12:8; Deut. 16:3) Wɔde awisiam ne nsu na ɛfra toe; wɔamfa biribi a ɛbɛma akaw anaa nneɛma te sɛ nkyene ne atomde biara amfra mu. Esiane sɛ mmɔkaw biara nnim nti, antu. Ná ɛyɛ wosee a etumi bubu penpen. Ɛnnɛ nso ansa na Nkaedi no bedu so no, mpanyimfo no betumi ama obi atõ paanoo a ɛte saa ara. Ɔde nsu bɛfra awisiam no atõ; obetumi de anwa kakra afa kyɛnsee no mu ansa na watõ. (Sɛ moannya awisiam a, mubetumi de esiam foforo biara te sɛ aburosiam, ɔmosiam, anaa atokosiam atõ.)

7. Bobesa bɛn na Yesu de dii dwuma? Ɛnnɛ nso edu Nkaedi a nsa bɛn na yebetumi de ayɛ?

7 Mateo toaa so sɛ Yesu faa “kuruwa, na ɔdaa ase no ɔde maa wɔn kae sɛ: ‘Mo nyinaa monnom ano.’” (Mat. 26:27, 28) Ná bobesa kɔkɔɔ wɔ kuruwa no mu. (Yɛrentumi nka sɛ wɔtetew bobe aba na wokyii mu nsu wɔ hɔ ara, efisɛ saa bere no na bobe bere atwam koraa.) Bere a wodii Twam a edi kan wɔ Egypt no, na bobesa nka ho. Nanso Yesu ampo bobesa a wɔde baa Twam no ase no. Ɔde dii  dwuma mpo wɔ Awurade Anwummeduan no ase. Enti ɛnnɛ Kristofo de bobesa kɔ Nkaedi no ase. Ɛnde, nsa bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma? Ɛyɛ bobesa a biribi te sɛ brandy anaa atomde biara nnim. Asɛm no ne sɛ enhia sɛ yɛde biribiara fra Yesu mogya ansa na adi mũ. Enti bobesa kɔkɔɔ a hwee mfra mu na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ Nkaedi no. Yebetumi ayɛ nsã no bi wɔ fie anaa yebetumi atɔ bobesa te sɛ Burgundy, Cabernet Sauvignon, anaa Shiraz.

NEA PAANOO NE BOBESA NO KYERƐ

8. Adɛn nti na Kristofo pɛ sɛ wohu nea paanoo ne bobesa no kyerɛ?

8 Ɔsomafo Paulo ma yehu sɛ ɛyɛ Kristofo nyinaa asɛde sɛ wɔhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã; ɛnyɛ asomafo no nkutoo. Paulo kyerɛw ne nuanom a wɔwɔ Korinto no sɛ: “Nea minya fii Awurade hɔ no ara na me nso mede maa mo, ɛne sɛ anadwo a wɔrebeyi Awurade Yesu ama no, ɔfaa paanoo, na ɔdaa ase wiei no, obubuu mu kae sɛ: ‘Eyi gyina hɔ ma me nipadua a wɔde bɛma mo. Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.’” (1 Kor. 11:23, 24) Esiane sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ di afahyɛ titiriw yi afe biara nti, wɔpɛ sɛ wohu nea paanoo ne bobesa no kyerɛ.

9. Dɛn na ebinom ka fa paanoo a Yesu de dii dwuma no ho, nanso adɛn nti na ɛnyɛ nokware?

9 Asɔrekɔfo bi kyerɛ sɛ Yesu kae sɛ: ‘Me nipadua ni.’ Enti wogye di sɛ ɔyɛɛ anwonwade bi maa paanoo no danee ne nipadua ankasa. Nanso saa asɛm no ne nokware abɔ nsianho. * Adɛn ntia? Efisɛ saa bere no na Yesu de ne nipadua te asomafo anokwafo no anim, ɛnna paanoo a mmɔkaw nnim no nso si wɔn anim. Enti yebetumi aka sɛ Yesu asɛm no yɛ ntotoho anaa kasakoa. Ná ɔtaa fa saa kwan no so kyerɛkyerɛ.Yoh. 2:19-21; 4:13, 14; 10:7; 15:1.

10. Paanoo a yɛde hyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã no gyina hɔ ma dɛn?

 10 Paanoo a na esi asomafo no anim a wɔrebedi no gyina hɔ ma Yesu nipadua. Bere bi a atwam no, na Onyankopɔn asomfo susuw sɛ paanoo no gyina hɔ ma wɔn a Bible frɛ wɔn “Kristo nipadua,” kyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no. Nea enti a na wosusuw saa ne sɛ Yesu bubuu paanoo no mu, nanso ne dompe biako koraa mu ammu. (Efe. 4:12; Rom. 12:4, 5; 1 Kor. 10:16, 17; 12:27) Nanso akyiri yi wɔtenaa ase hwɛɛ asɛm no bio, na wɔtweetwee Kyerɛwnsɛm no mu hui sɛ paanoo no gyina hɔ ma Yesu nipadua. Yesu “huu amane ɔhonam mu,” na wɔbɔɔ no dua mu mpo. Enti paanoo a wɔde hyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã no gyina hɔ ma nipadua a Yesu de baa asase so no. Saa nipadua no na Yesu de ‘soaa yɛn bɔne.’1 Pet. 2:21-24; 4:1; Yoh. 19:33-36; Heb. 10:5-7.

11, 12. (a) Dɛn na Yesu ka faa bobesa no ho? (b) Bobesa a yɛde hyɛ Awurade Anwummeduan ho fã no gyina hɔ ma dɛn?

11 Afei a yɛahu nea paanoo no kyerɛ yi, yebetumi ahu nea na Yesu rekyerɛ bere a ɔkaa bobesa no ho asɛm no. Bible ka sɛ: “Saa ara na ɔyɛɛ kuruwa no bere a owiee anwummeduan no, na ɔkae sɛ: ‘Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo a ɛnam me mogya so no.’” (1 Kor. 11:25) Bible ahorow bi kyerɛ asɛm yi ase sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu.” Kuruwa a na Yesu kura no ara ne apam foforo no anaa? Dabi. Mmom sɛ Bible ka “kuruwa” wɔ ha a, nea ɛkyerɛ ne ade a ɛwɔ kuruwa no mu, kyerɛ sɛ bobesa no. Ɛnde, Yesu kae sɛ bobesa no gyina hɔ ma dɛn? Egyina hɔ ma ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no.

12 Sɛ yɛhwɛ Marko kyerɛwtohɔ no a, Yesu kae sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me ‘mogya a wɔde yɛ apam no’ a wobehwie agu ama nnipa bebree.” (Mar. 14:24) Enti ná wobehwie Yesu mogya agu “ama nnipa bebree bɔne fafiri.” (Mat. 26:28) Enti bobesa kɔkɔɔ no gyina hɔ ma Yesu ankasa mogya. Yesu mogya no yɛ agyede a ɛma yenya “yɛn mfomso ho fafiri.”Monkenkan Efesofo 1:7.

Asomafo no nom bobesa a egyina hɔ ma Yesu mogya a wɔde yɛɛ apam no (Hwɛ nkyekyɛm 11, 12)

SƐNEA YƐKAE KRISTO WU NO

13. Kyerɛ kwan a yɛfa so kae Kristo wu no afe biara.

13 Bere a edi kan a wo ne Yehowa Adansefo bɛkɔ Nkaedi no, dɛn na ebia wubehu? Wubehu sɛ wɔahyia wɔ baabi a ɛhɔ tew a obiara anya baabi te kama. Ebia wubehu sɛ wɔde nhwiren kakra asiesie hɔ, nanso wɔrenhyehyɛ hɔ kɔsɔɔ te sɛ baabi a wɔretow pon. Asafo mu panyin a ɔfata bɛto ne bo ase de Bible akyerɛkyerɛ Awurade Anwummeduan no mu yiye. Ɔbɛma wɔn a wɔahyia nyinaa ahu sɛ Kristo ayɛ bi ama yɛn paa. Ɔbɛma yɛahu sɛ Kristo de ne nkwa too hɔ sɛ agyede maa yɛn na yɛanya nkwa. (Monkenkan Romafo 5:8-10.) Ɔkasafo no de Bible bɛkyerɛkyerɛ mu ama yɛahu sɛ anidaso abien na ɛwɔ hɔ ma Kristofo.

14. Anidaso abien bɛn na wɔbɛka ho asɛm wɔ Nkaedi kasa no mu?

14 Kristofo bi wɔ anidaso sɛ wɔne Kristo bedi ade wɔ soro. Kristo akyidifo kakraa bi na wɔwɔ saa anidaso no. Wɔn mu bi ne asomafo anokwafo no. (Luka 12:32; 22:19, 20; Adi. 14:1) Kristofo dodow no ara a wɔresom Onyankopɔn nnɛ hwɛ biribi foforo kwan. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise asase so. Saa bere no, Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ ɔsoro. Eyi ne biribi a Kristofo abɔ ho mpae bere tenten. (Mat. 6:10) Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ wobenya nneɛma a wɔnna nsoo ho dae da wɔ asase so, na wɔde saa nneɛma no begye wɔn ani afebɔɔ.Yes. 11:6-9; 35:5, 6; 65:21-23.

15, 16. Sɛ yɛrehyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã a, dɛn na wɔyɛ paanoo no?

 15 Sɛ ɔkasafo no kyerɛkyerɛ anidaso abien no mu wie a, ɔbɛka sɛ bere aso sɛ yɛyɛ nea Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo sɛ wɔnyɛ no. Sɛnea yɛaka dedaw no, yɛde paanoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ na ɛbɛhyɛ fã no. Wɔde besi ɔkasafo no nkyɛn. Ɔkasafo no besi kyerɛwsɛm bi so dua ma atiefo no ahu nea Yesu kae ne nea ɔyɛe bere a ɔde afahyɛ yi sii hɔ no. Emu biako ne nea Mateo kyerɛw yi: “Yesu faa paanoo, na ohyiraa so wiei no obubuu mu de maa asuafo no kae sɛ: ‘Munnye nni. Eyi gyina hɔ ma me nipadua.’” (Mat. 26:26) Yesu bubuu paanoo no mu maa asomafo a wɔtete ne benkum ne ne nifa nyinaa. Sɛ wokɔ Nkaedi no ase April 14 a, wubehu sɛ wɔabubu paanoo a mmɔkaw nnim no mu dedaw agu prɛte bi so.

16 Onua bi bɛbɔ mpae tiawa ansa na wɔde prɛte no afa atiefo no anim. Wɔbɛhwɛ ahu sɛ prɛte no dɔɔso sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de afa wɔn anim awie ntɛm. Wɔde refa wɔn anim a, wɔbɛyɛ no fɛfɛɛfɛ wɔanowɔano, nanso ɛrenyɛ amanne kyenkyenee biara. Mpɛn pii no ebia onipa biako anaa baanu bi na wobedi paanoo no, anaa ebi mpo a obiara renni bi sɛnea ɛkɔɔ so wɔ asafo dodow no ara mu afe 2013 no.

17. Nkaedi no rekɔ so a, ɔkwan bɛn so na yɛde bobesa di dwuma de suasua Yesu?

17 Afei ɔkasafo no bɛkyerɛ nea Yesu de bobesa no yɛe. Mateo kyerɛwtohɔ no ka sɛ, “Ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no ɔde maa wɔn kae sɛ: ‘Mo nyinaa monnom ano; na eyi gyina hɔ ma me “mogya a wɔde yɛ apam no” a wobehwie agu ama nnipa bebree bɔne fafiri.’” (Mat. 26:27, 28) Yebedi nea Yesu yɛe no akyi. Enti onua bi bɛbɔ mpae, na ɛno akyi no wɔde bobesa kɔkɔɔ no bɛfa wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa anim.

18. Sɛ obiara nni paanoo no nnom bobesa no mpo a, adɛn nti na ehia sɛ yɛkɔ Nkaedi no ase?

18 Sɛ wɔde paanoo ne bobesa no refa atiefo no anim a, wɔn mu dodow no ara mfa bi nka wɔn ano. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu kae sɛ wɔn a wɔne no bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu nkutoo na wobedi anom bi. (Monkenkan Luka 22:28-30; 2 Tim. 4:18) Wɔn a aka nyinaa bɛyɛ komm de wɔn ani ahwɛ nea ɛrekɔ so. Nanso ɛho hia sɛ yɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase. Adɛn ntia? Yɛkɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yesu afɔrebɔ no paa. Sɛ dwumadi no rekɔ so a, yebetumi adwinnwen nhyira a Yesu agyede no de bɛbrɛ yɛn no ho. Sɛ obi anni bi mpo a, ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛka “nnipakuw kɛse” a wobetwa “ahohiahia kɛse” no ho. Wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a “wɔahoro wɔn ntade ma ayɛ fitaa Oguammaa no mogya mu.”Adi. 7:9, 14-17.

19. Dɛn na wobɛyɛ de asiesie wo ho ama Awurade Anwummeduan no na woanya so mfaso?

19 Dɛn na Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ de siesie wɔn ho ma Nkaedi no? Ansa na Nkaedi no bedu so no, yɛto nsa frɛ nnipa pii sɛ wɔmmra bi. Bio, bere a aka nna kakra ma dwumadi no adu so no, yɛkenkan kyerɛw nsɛm a ɛka nea Yesu yɛe ne nea ɛkɔɔ so bere a wɔhyɛɛ fã no Nisan 14 afe 33 Y.B. mu no. Yɛtoto nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a dwumadi no rempa yɛn ti so. Yɛbɔ mmɔden du hɔ ntɛm gye ahɔho ansa na yɛato dwom abɔ mpae afi dwumadi no ase. Eyi ma yenya dwumadi no nyinaa so mfaso. Sɛ ɔkasafo no rekenkan kyerɛwsɛm bi a, yɛne ahɔho a wɔaba nyinaa bebue yɛn Bible adi akyi na yɛatie nkyerɛkyerɛmu a ɔde bɛma no. Ne korakora, sɛ yɛkɔ Nkaedi no ase a, ɛkyerɛ sɛ ampa-ne-ampa ara yɛn ani sɔ Yesu afɔrebɔ no, na ɛkyerɛ nso sɛ yegye n’ahyɛde yi tom: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”1 Kor. 11:24.

^ nky. 9 Ɔbenfo bi a ofi Germany a yɛfrɛ no Heinrich Meyer kae sɛ asomafo no mu biara annya adwene sɛ ɔredi Yesu nipadua anom ne mogya, efisɛ saa bere no na ɔda so ara te ase; na “wommubuu Yesu nipadua mu.” Ɔbenfo no san kae sɛ bere a Yesu rekyerɛkyerɛ paanoo ne bobesa no mu no, ɔde “nsɛm a asete nyɛ den” na edii dwuma. Wanka biribiara a ɛbɛma n’asomafo no adwene atu afra.