Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Bere bɛn na Yesu kɔkaa asɛm no kyerɛɛ “ahonhom a wɔwɔ afiase”? (1 Pet. 3:19)

Ebia Yesu wusɔre akyi na ɔmaa ahonhommɔne no huu asotwe a ɛda hɔ retwɛn wɔn.—6/15, kratafa 23.

Sɛ wosan ware a, ɔhaw abiɛsa bɛn na ebetumi ako atia aware no?

Sɛ wode w’aware dedaw no toto foforo no ho a, ebetumi ako atia aware no. Ade foforo a ɛsɛ sɛ wohwɛ no yiye ne sɛnea wo ne wo nnamfo a wonnim wo hokafo foforo no bɛbɔ. Bio, sɛ wo hokafo dedaw no anni wo nokware a, ebia wubesuro sɛ foforo no nso bɛyɛ saa.—7/1, kratafa 9-10.

Bere bɛn na Yesu bebu nnipa atɛn sɛ nguan ne mmirekyi? (Mat. 25:32)

Ɛyɛ ahohiahia kɛse no mu, bere a wɔasɛe atoro som awie, ɛnna Yesu bɛba abebu nnipa atɛn.—7/15, kratafa 6.

Bere bɛn na mmaratofo a wɔwɔ awi ne nwura bɔne mfatoho no mu no besu atwɛre wɔn sẽ? (Mat. 13:36, 41, 42)

Wɔbɛyɛ saa wɔ ahohiahia kɛse no mu. Saa bere no wobehu sɛ wonni baabiara a wɔbɛbɔ wɔn ho aguaa.—7/15, kratafa 13.

Asɛm a Yesu ka faa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ho baam bere bɛn? (Mat. 24:45-47)

Efii ase baam 1914 akyi, na ɛnyɛ Pentekoste 33 Y.B. mu. Afe 1919 no, Yesu de akoa no sii asomfo no so. Asomfo no ne Kristofo a wɔn nsa ka honhom fam aduan no nyinaa.—7/15, kratafa 21-23.

Bere bɛn na Yesu de akoa nokwafo no besi nea ɔwɔ nyinaa so?

Ahohiahia kɛse no mu, bere a akoa nokwafo no anya wɔn soro akatua no.—7/15, kratafa 25.

Bible ka nnipa bi ho asɛm nanso ɛmmɔ wɔn din. Ɛkyerɛ sɛ wonni suban pa anaa wɔn ho nhia?

Ɛnte saa. Ebinom yɛ nnipa pa; ebinom nso nni suban pa nanso Bible mmɔ wɔn din. (Rut 4:1-3; Mat. 26:18) Sɛ yɛhwɛ abɔfo anokwafo no mpo a, wɔn mu baanu pɛ na Bible bɔ wɔn din.—8/1, kratafa 10.

Adansefo 230 tumi twaa kwan tenten fii Sachsenhausen nneduaban mu koduu baabi a wɔrekɔ a obiara ho anka. Onyankopɔn tumi akyi no, dɛn bio na ɛboaa wɔn?

Ná yare ne ɔkɔm ama anuanom ayɛ hatahata, nanso wɔrekɔ nyinaa na obiara rehyɛ ne nua nkuran sɛ ommia n’ani.—8/15, kratafa 18.

Sɛ yɛhwɛ sɛnea Israelfo twaa Yordan Asubɔnten kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so a, ɛka yɛn sɛn?

Ná nsu no ayiri asram so, nanso Yehowa ma egyinae maa ne nkurɔfo faa mu. Ɛbɛyɛ sɛ eyi hyɛɛ wɔn gyidi den ma wɔde wɔn werɛ hyɛɛ Yehowa mu denneennen. Saa asɛm yi betumi ahyɛ yɛn nkuran paa.—9/15, kratafa 16.

Sɛ yɛhwɛ sɛnea Bible ka kɔla ho asɛm a, dɛn na ɛma yehu?

Bible taa ka kɔla ho asɛm. Eyi ma yehu sɛ Onyankopɔn nim atenka a kɔla ma nnipa nya. Afei nso kɔla ma yɛkae nneɛma.—10/1, kratafa 14-15.

Ɔkwan bɛn so na nguanhwɛfo ne abirɛmpɔn a wɔn ho asɛm wɔ Mika 5:5 no renya mmamu nnɛ?

Yenim sɛ ‘nguanhwɛfo baason ne abirɛmpɔn baawɔtwe’ a Mika 5:5 ka wɔn ho asɛm no gyina hɔ ma asafo mu mpanyimfo. Wɔhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den na sɛ daakye “Asiria” tow hyɛ wɔn so a, wɔatumi agyina pintinn.—11/15, kratafa 20.

Adɛn nti na yehia Onyankopɔn?

Yehia akwankyerɛ pa. Bio, nneɛma pii kyere yɛn adwene a ɛsɛ sɛ yenya mu ntease. Ne nyinaa Onyankopɔn de ma yɛn. Ɔboa yɛn sɛnea yɛn bra besi yiye na yɛn ani agye, na ɔbɛma ne bɔhyɛ biara a ɛwɔ Bible mu abam ma yɛn ho atɔ yɛn.—12/1, kratafa 4-6.