Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monkae Saa Da Yi”

“Monkae Saa Da Yi”

“Monkae saa da yi na munni no sɛ Yehowa afahyɛ.”EX. 12:14.

1, 2. Afahyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa ma ɛho hia wɔn, na adɛn ntia?

ƐDA bɛn paa na ehia wo? Ebia awarefo bɛka sɛ wɔn ayeforohyia da. Ebinom nso bɛka sɛ ɛda a wodi afahyɛ bi anaa ɛda a wɔn man nyaa fahodi. Nanso wunim sɛ ɔman bi ahyɛ biribi ho fã bɛboro mfe 3,500?

2 Saa ade no ne Twam afahyɛ no. Ná wɔde kae bere a Israelfo nyaa ahofadi fii Egypt nkoasom mu. Saa afahyɛ no fa wo ho, efisɛ ɛka w’asetena. Nanso ebia wobɛka sɛ, ‘Yudafo na anya wɔn Twam afahyɛ, me deɛ ɛfa me ho sɛn?’ Ɛfa wo ho paa, efisɛ Bible ka sɛ wɔde “yɛn twam guan Kristo no abɔ afɔre.” (1 Kor. 5:7) Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ ankasa? Yɛpɛ sɛ yehu mmuae no a, momma yɛnhwɛ Yudafo Twam afahyɛ no ho nsɛm pii, na yɛnhwɛ sɛnea ɛne ahyɛde bi a wɔde ama Kristofo hyia.

ADƐN NTI NA WODII TWAM AFAHYƐ NO?

3, 4. Dɛn na ɛkɔfaa Twam afahyɛ no bae?

3 Nnipa mpempem a wɔnyɛ Yudafo mpo nim nea ɛmaa Israelfo dii Twam afahyɛ a edi kan no. Ebetumi aba sɛ wɔakan ho asɛm wɔ Bible mu wɔ Exodus, anaa wɔate ho asɛm anaa wɔahwɛ ho sini mpo.

4 Israelfo kɔyɛɛ nkoa mfe pii wɔ Egypt. Eduu baabi no, Yehowa somaa Mose ne ne nua Aaron sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Farao sɛ onnyaa Israelfo no. Nanso ahantan ne dwae nti, Farao amma Israelfo no ankɔ. Eyi nti Yehowa de ɔhaw ahorow baa Egypt man no so. Ɔhaw a ɛto so du no, Onyankopɔn maa Egypt mmakan nyinaa wuwui. Eyi kaa Farao ani ma afei ogyaa Israelfo no.Ex. 1:11; 3:9, 10; 5:1, 2; 11:1, 5.

5. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Israelfo yɛ na wɔanya ahofadi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

5 Nanso na ɛsɛ sɛ Israelfo yɛ nneɛma pɔtee bi ansa na wɔanya ahofadi. Ná aka bɛyɛ mfe 1,513 ma Kristo aba, na na ɛyɛ Yudafo bosome Abib a akyiri  yi wɔbɛfrɛɛ no Nisan no. * Saa bere no na ɛyɛ osutɔbere. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ saa bosome no da a ɛto so 10 no, womfi ase nsiesie wɔn ho mma biribi a wɔbɛyɛ no Nisan da a ɛto so 14. Saa da no fii ase bere a owia akɔtɔ, efisɛ na Hebrifo kan wɔn nna fi awiatɔ-bere kosi awiatɔ-bere. Eduu Nisan 14 no, na ɛsɛ sɛ abusua biara kum oguan (anaa abirekyi) na wɔde ne mogya srasra wɔn fie apongua ne wɔn pon atifi ho. (Ex. 12:3-7, 22, 23) Na ɛsɛ sɛ abusua no toto oguan no na wɔde paanoo a mmɔkaw nnim ne ɛfan ka ho di. Ná Onyankopɔn bɔfo betwam wɔ asase no so akunkum Egypt mmakan, nanso na ɔremfa ne nsa nka Israelfo asoɔmmerɛwfo no mmakan. Afei Israelfo benya ahofadi na wɔafi Egypt.Ex. 12:8-13, 29-32.

6. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Israelfo di Twam no afe biara?

6 Ampa, Israelfo no nyaa ahofadi, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkae saa da no. Ɔkae sɛ: “Monkae saa da yi na munni no sɛ Yehowa afahyɛ, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Monhyɛ fã no na ɛnyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa.” Sɛ Israelfo di Twam afahyɛ no Nisan da ɛto so 14 wie a, na wɔde nnanson a edi hɔ bedi afahyɛ foforo bi. Nisan 14 ne Twam da no ankasa, nanso na wotumi frɛ nna awotwe no nyinaa Twam afahyɛ. (Ex. 12:14-17; Luka 22:1; Yoh. 18:28; 19:14) Ná Twam afahyɛ no yɛ afahyɛ ahorow a ɛsɛ sɛ Hebrifo di no afe biara no biako.2 Be. 8:13.

7. Afahyɛ foforo bɛn na Yesu de sii hɔ maa n’akyidifo?

7 Ná Yesu ne n’asomafo no yɛ Yudafo a wɔhyɛ Mose Mmara no ase, enti na wodi Twam afahyɛ no afe biara. (Mat. 26:17-19) Bere a etwa to a wodii Twam no, Yesu de afahyɛ foforo sii hɔ a n’akyidifo bedi no afe biara. Wɔfrɛ saa afahyɛ no Awurade Anwummeduan. Ɛnde, ɛda bɛn na na ɛsɛ sɛ wodi saa afahyɛ no?

AWURADE ANWUMMEDUAN NO YƐ DA BƐN?

8. Asɛm bɛn na ebia ebinom bebisa afa Twam afahyɛ ne Awurade Anwummeduan no ho?

8 Bere a Yesu ne n’asomafo no dii Twam afahyɛ a etwa to no wiei ara na ɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ. Enti ɛda a wodii Twam afahyɛ no ara na wodii Awurade Anwummeduan no. Nanso ɛtɔ da a ɛbere a Yudafo a wɔwɔ hɔ nnɛ di Twam afahyɛ no ne Kristo wu Nkaedi no nsi da koro. Adɛn nti na ɛte saa? Ahyɛde a Onyankopɔn de maa Israelfo no boa ma yenya mmuae no. Bere a Onyankopɔn kae sɛ “Israel asafo mũ no nyinaa nkum” oguan no Nisan 14 no, ɔkyerɛɛ wɔn bere pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa.Monkenkan Exodus 12:5, 6.

9. Exodus 12:6 ma yehu sɛ bere bɛn na na ɛsɛ sɛ wokum Twam guan no? (Hwɛ adaka a wɔato din  “Bere Bɛn?” no nso.)

9 Exodus 12:6 ka sɛ ɛsɛ sɛ wokum oguan no “anwummere.” Yudafo Tanakh ne Bible nkyerɛase foforo kyerɛ ase “bere a anim rebiribiri.” Ebi nso kyerɛ ase “anwummere a owia akɔtɔ.” Enti na ɛsɛ sɛ wokum oguan no Nisan 14 mfiase, kyerɛ sɛ bere a owia akɔtɔ a hann kakra wɔ hɔ.

10. Bere bɛn na ebinom kyerɛ sɛ wokum Twam guan no? Asɛmmisa bɛn na ɛkɔfa ba?

10 Akyiri yi Yudafo bi nyaa adwene sɛ na ebegye nnɔnhwerew dodow bi na wɔde akum nguan bebree a wɔde  bɛba asɔrefie hɔ no. Enti na wosusuw sɛ “anwummere” a Exodus 12:6 ka ho asɛm no yɛ Nisan 14 awiabere a owia rekɔtɔ kosi bere a owia no atɔ koraa. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde bere bɛn na na wobedi aduan no? Ɔbenfo bi a yɛfrɛ no Jonathan Klawans kae sɛ: “Owia kɔtɔ a, na da foforo afi ase. Enti Nisan 14 na wokum oguan no, nanso na Twam no ne adidi no fi ase Nisan 15.” Nanso ogye toom sɛ ɛnyɛ saa na Exodus nhoma no ka. Ɔsan kae sɛ ansa na wɔresɛe asɔrefie no wɔ afe 70 Y.B. mu no, na rabifo nhoma biara nni hɔ a ɛkyerɛ ɔkwan a na wɔfa so di Twam no.

11. (a) Dɛn na ɛtoo Yesu afe 33 Y.B. mu, Twam da no? (b) Ná wɔfrɛ Nisan 15 afe 33 Y.B. Homeda “kɛse.” Adɛn ntia? (Hwɛ asehɔ asɛm no.)

11 Ɛnde, Twam a wodii no afe 33 Y.B. mu no nso ɛ? Wodii no da bɛn? Ɛda a wɔde ‘twam aboa bɛbɔ afɔre’ rebɛn no, Kristo ka kyerɛɛ Petro ne Yohane Nisan 13 sɛ: “Monkɔ na munkosiesie twam no mma yemmedi.” (Luka 22:7, 8) ‘Awiei koraa no bere dui’ sɛ wodi Twam aduan no Nisan 14, bere a owia akɔtɔ. Ná ɛyɛ Yawda anwummere. Yesu ne n’asomafo no dii aduan no, na ɛno akyi no ɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ. (Luka 22:14, 15) Saa anadwo no, wokyeree Yesu dii n’asɛm. Wɔbɔɔ Yesu asɛnduam Nisan 14, ɛrekɔ awiabere; na awia mu hɔ ara na owui. (Yoh. 19:14) Enti da a wokum Twam guan no, saa da no ara na wɔde “yɛn twam guan Kristo” bɔɔ afɔre. (1 Kor. 5:7; 11:23; Mat. 26:2) Wosiee Yesu ansa na Nisan 15 refi ase. *Lev. 23:5-7; Luka 23:54.

NEA WUBETUMI ASUA AFI MU

12, 13. Yudafo redi Twam afahyɛ no a, na ɛboa wɔn mma sɛn?

12 Momma yɛnsan mfa yɛn adwene nkɔ Egypt. Mose kae sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bedi Twam no, na na ɛbɛyɛ ahyɛde a ‘wobedi so daa.’ Afe biara wodi Twam no a, mmofra bebisa wɔn awofo nea enti a wodi saa afahyɛ no. (Monkenkan Exodus 12:24-27; Deut. 6:20-23) Enti na Twam no bɛyɛ “nkaedi” a mmofra mpo betumi asua biribi afi mu.Ex. 12:14.

13 Ná agyanom bɛma nkyirimma ahu nea wobetumi asua afi Twam no mu. Emu biako ne sɛ Yehowa tumi bɔ  n’asomfo ho ban. Mmofra no behui sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ a odwen ne nkurɔfo ho, na ɔbɔ wɔn ho ban. Ɛho adanse ne nea esii Egypt no. Bere a “ɔrekunkum Egyptfo no,” ɔbɔɔ Israelfo mmakan ho ban.

14. Dɛn na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔasua afi Twam afahyɛ no mu?

14 Ɛnnɛ, wɔmfaa ahyɛde biara mmaa Kristofo sɛ afe biara wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma Twam no ho nsɛm. Nanso sɛ wowɔ mma a, woma wohu sɛ Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfo ho ban? Wo mma tumi hu paa sɛ w’ankasa wugye di sɛ Onyankopɔn da so ara bɔ ne nkurɔfo ho ban? (Dw. 27:11; Yes. 12:2) Sɛ worekyerɛkyerɛ wɔn a, wokyere wɔn tena ase woro nsɛm gu wɔn so, anaa woma ɛyɛ nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anika? Sɛ woboa w’abusua ma wohu asuade a ɛwɔ Twam afahyɛ no mu a, ɛbɛma wɔanya Yehowa mu ahotoso paa.

Sɛ wo ne wo mma resusuw Twam no ho a, dɛn na wobɛboa wɔn ma wɔasua? (Hwɛ nkyekyɛm 14)

15, 16. Dɛn na Twam afahyɛ no ne Exodus kyerɛwtohɔ no ma yehu wɔ Yehowa ho?

15 Ade foforo a yebetumi asua afi Twam afahyɛ no mu ne sɛ Yehowa mmɔ ne nkurɔfo ho ban kɛkɛ, na mmom otumi gye wɔn nso. Wo deɛ hwɛ nea ɔyɛ maa Israelfo no bere a ogyee wɔn fii Egypt no. Ɔnam omununkum dum ne ogya dum so kyerɛɛ wɔn kwan. Afei, ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu paee ma ɛfa kodii benkum na ɛfa kodii nifa, na Israelfo nantew asase kesee so. Bere a wotwaa ɛpo no wiei ara pɛ, nsu no twiw faa Egypt asraafo so. Afei Israelfo too dwom yii Yehowa ayɛ sɛ: “Mɛto dwom ama Yehowa . . . Ɔpɔnkɔ ne nea ɔte ne so nyinaa, waka wɔn ahyɛ po mu. Yah ne m’ahoɔden ne me tumi, ɔne me nkwagye.”Ex. 13:14, 21, 22; 15:1, 2; Dw. 136:11-15.

16 Wowɔ mma anaa? Ɛnde, woreboa wɔn ma wɔanya ahotoso sɛ Yehowa betumi agye ne nkurɔfo? Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Sɛ me mma tie me nkɔmmɔ na wɔhwɛ gyinae a misisi a, wohu ampa ara sɛ migye di sɛ Yehowa betumi agye ne nkurɔfo?’ Moreyɛ abusua som a, mubetumi asusuw Exodus ti 12 kosi ti 15 ho, na woama abusua no ahu sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo. Ɛtɔ da nso a mubetumi asusuw Asomafo Nnwuma 7:30-36 anaa Daniel 3:16-18, 26-28 ho. Enti momma yɛn nyinaa, mpanyin ne mmofra, nnya awerɛhyem sɛ sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo wɔ Mose bere so no, saa ara na obegye ne nkurɔfo daakye.Monkenkan 1 Tesalonikafo 1:9, 10.

ƐSƐ SƐ YƐKAE

17, 18. Sɛ yɛhwɛ nea wɔde mogya yɛe wɔ Twam a edi kan no mu a, ɛtwe yɛn adwene kɔ dɛn so?

17 Nokware Kristofo nni Twam afahyɛ no. Ná Twam afahyɛ no ka Mose Mmara no ho, nanso yɛnhyɛ Mmara no  ase. (Rom. 10:4; Kol. 2:13-16) Mmom ade foforo bi wɔ hɔ a yɛkae; ɛno ne Onyankopɔn Ba no wu. Nanso sɛ yɛhwɛ Twam afahyɛ a wofii ase wɔ Egypt tɔnn no a, nneɛma foforo pii wɔ hɔ a yebetumi asua.

18 Oguan mogya a Israelfo de srasraa wɔn apongua ne wɔn pon atifi ho no gyee wɔn nkwa. Ɛnnɛ yɛmfa mmoa mmɔ afɔre mma Onyankopɔn. Twam afahyɛ da oo, bere foforo biara oo, yɛmfa mmoa mmɔ afɔre. Nanso afɔre bi a ɛkyɛn so wɔ hɔ a egye nkwa afebɔɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “mogya a wɔpete,” kyerɛ sɛ Yesu mogya, na ama ayɛ yiye sɛ Kristofo a wɔasra wɔn bɛtena ase daa wɔ soro. Saafo no ne ‘mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro asafo mu’ no. (Heb. 12:23, 24) Kristofo a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena asase so daa no, Yesu mogya koro yi ara na egye wɔn nkwa. Enti daa ɛsɛ sɛ yɛma bɔhyɛ yi tena yɛn adwenem: “Ɛnam no so na yɛanya ogye wɔ ne mogya mu, yiw, yɛn mfomso ho fafiri sɛnea n’adom mu ahonya no te.”Efe. 1:7.

19. Yɛhwɛ ɔkwan a Yesu faa so wui a, ɔkwan bɛn so na ɛma yenya ahotoso wɔ Bible nkɔmhyɛ mu?

19 Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ oguan a wobekum no Twam da no, ɛnsɛ sɛ wobu ne dompe biara mu. (Ex. 12:46; Num. 9:11, 12) “Onyankopɔn Guammaa” Yesu a ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede no nso ɛ? (Yoh. 1:29) Bere a wɔbɔɔ no dua mu no, na abɔnefo baanu ka ne ho wɔ ne nifa ne ne benkum. Yudafo no ka kyerɛɛ Pilato sɛ ɔmma wommubu Yesu ne abɔnefo a wɔka ne ho no nnompe mu. Ná eyi bɛma wɔawu ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyiyi wɔn amu afi dua no so ansa na Nisan 15 adu. Ná Nisan 15 yɛ Homeda abien a abɛbɔ so. Asraafo no bubuu abɔnefo abien no nan mu, nanso bere a ‘woduu Yesu nkyɛn no, wɔammubu ne nan mu,’ efisɛ “wohui sɛ wawu dedaw.” (Yoh. 19:31-34) Sɛnea wɔammu Twam guan no dompe mu no, saa ara na wɔammu Yesu dompe mu. Enti yebetumi aka sɛ Twam guan no yɛ nea na ebesi Nisan 14 afe 33 Y.B. no “sunsuma.” (Heb. 10:1) Bio, yɛhwɛ asɛm no a, yehu sɛ ɛmaa Dwom 34:20 nyaa mmamu. Ɛsɛ sɛ eyi ma yenya ahotoso sɛ Bible nkɔmhyɛ biara bɛbam.

20. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Twam no ne Awurade Anwummeduan no mu?

20 Nanso nneɛma bi wɔ Twam afahyɛ no mu a ɛne Awurade Anwummeduan no nni hwee yɛ. Ɛsono sɛnea na Yudafo di Twam no ne sɛnea Kristo kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wonni Awurade Anwummeduan no. Bere a Israelfo wee Twam guan no wɔ Egypt no, wɔannom ne mogya anka ho. Nanso nea Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ no yɛ soronko koraa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn a wɔne no bedi ade wɔ “Onyankopɔn ahenni mu” no bedi paanoo no na wɔanom bobesa no. Paanoo ne bobesa no gyina hɔ ma ne nipadua ne ne mogya. Yebesua eyi ho ade pii wɔ adesua a edi hɔ no mu.Mar. 14:22-25.

21. Adɛn nti na ehia sɛ yehu Twam no ho nsɛm?

21 Nanso na Twam no yɛ ade titiriw wɔ Onyankopɔn nkurɔfo abakɔsɛm mu, na nneɛma pii wɔ hɔ a yɛn mu biara betumi asua afi mu. Ɛyɛ nokware sɛ na Twam no yɛ ‘nkaedi’ ma Yudafo na ɛnyɛ Kristofo. Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo hu ho nsɛm ne asuade a ɛwom, efisɛ “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu,” na Twam no ka ho.2 Tim. 3:16.

^ nky. 5 Ná wɔfrɛ bosome a edi kan wɔ Hebrifo kalenda so Abib, nanso bere a Israelfo fi Babilon nkoasom mu bae akyi no, ɛdan bɛyɛɛ Nisan. Adesua yi mu deɛ yɛde Nisan bedi dwuma.

^ nky. 11 Sɛ wodi Twam no wie a, ɛda a edi hɔ a ɛyɛ Nisan 15 no na wofi Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no ase. Saa da no deɛ bere biara na ɛyɛ homeda. Afe 33 Y.B. mu no, na Nisan 15 yɛ homeda (Memeneda) a wodi no nnawɔtwe biara no bi. Enti esiane sɛ saa afe no homeda abien no nyinaa hyiae nti, na wɔfrɛ saa da no Homeda “kɛse.”Monkenkan Yohane 19:31, 42.