Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wode Nneɛma Bɛbɔ Afɔre Ama Ahenni No?

Wode Nneɛma Bɛbɔ Afɔre Ama Ahenni No?

“Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”2 KOR. 9:7.

1. Nneɛma bɛn na ebinom de bɔ afɔre, na dɛn ntia?

SƐ BIRIBI hia obi a, ɔde ne ho nyinaa bɛbɔ afɔre ama dekode no. Awofo de wɔn bere, wɔn sika, ne wɔn ahoɔden boa wɔn mma. Afei, hwɛ aberante anaa ababaa bi a ɔpɛ sɛ okosi Olimpik mmirikakan. Bere a ne mfɛfo nam regye wɔn ani no, ɔno deɛ daa na ɔreteɛteɛ n’apɔw mu. Yesu nso ɛ? Okum ne ho yɛɛ nneɛma a na ɛho hia no. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔtena ase dwudwo ne ho na ɔwo mma a, anka obetumi ayɛ saa nanso wanyɛ. Mmom ɔde n’ahoɔden ne ne bere nyinaa boaa Onyankopɔn Ahenni no. (Mat. 4:17; Luka 9:58) N’akyidifo nso de nneɛma pii bɔɔ afɔre maa Ahenni no. Ɛno ne ade a na ɛda wɔn koma so paa, enti wotuu wɔn ho nyinaa sii hɔ boaa Ahenni adwuma no. (Mat. 4:18-22; 19:27) Ɛnde, momma yɛn mu biara mmisa ne ho sɛ: ‘Dɛn paa na ehia me wɔ m’asetena mu?’

2. (a) Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristoni biara kum ne ho yɛ? (b) Ɛno akyi no, dɛn na ebinom de wɔn ho abɔ afɔre reyɛ?

2 Nneɛma bi wɔ hɔ a nokware Kristofo ntumi nkɔ nnyaw hɔ koraa; enti biribiara a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ afɔre yɛ saa nneɛma no, wɔde bɛbɔ. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wɔne Yehowa ntam bɛyɛ papa a, egyina saa nneɛma no so. Ebi ne dɛn? Ebi ne sɛ yebeyi bere asi hɔ abɔ mpae, akenkan Bible, ayɛ abusua som, akɔ asafo nhyiam ne asɛnka. * (Yos. 1:8; Mat. 28:19, 20; Heb. 10:24, 25) Bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no, Yehowa nso hyira so ma nnipa sen yuu ba “Yehowa fie bepɔw” so. (Yes. 2:2) Nnipa pii de nneɛma foforo nso abɔ afɔre resom wɔ Betel, wɔboa ma wosisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa, wɔyɛ ntotoe ma nhyiam akɛse, na wotu wɔn ho si hɔ boa afoforo wɔ  atoyerɛnkyɛm bere mu. Ɛyɛ nokware sɛ yɛn nkwa nnyina saa nnwuma yi so, nanso ehia na ama Ahenni adwuma no akɔ so.

3. (a) Sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre ma Ahenni no a, mfaso bɛn na yenya? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

3 Yɛreka a, ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yekum yɛn ho boa Ahenni adwuma no. Sɛ yɛhwɛ sɛnea nnipa pii de wɔn ho abɔ afɔre resom Yehowa a, ɛyɛ fɛ kwa. (Monkenkan Dwom 54:6.) Bere a yɛretwɛn Onyankopɔn Ahenni no, sɛ yeyi yɛn yam boa Yehowa som a, yɛn ani gye paa. (Deut. 16:15; Aso. 20:35) Enti ehia sɛ obiara pɛɛpɛɛ ne mu na obisa ne ho sɛ: Nneɛma foforo wɔ hɔ a metumi ayɛ de aboa Ahenni adwuma no? Dɛn na mede me bere, me sika, m’ahoɔden, ne me nimdeɛ yɛ? Dɛn na ɛnsɛ sɛ mibu m’ani gu so? Afei momma yɛnhwɛ afɔre ahorow a wɔbɔɔ no tete no bi ne nea yebetumi asua afi mu. Eyi bɛma yɛn ani agye paa.

AFƆRE AHOROW A WƆBƆE WƆ TETE ISRAEL

4. Afɔre a Israelfo bɔe no boaa wɔn sɛn?

4 Tete no na Israelfo bɔ afɔre de hwehwɛ bɔne fafiri. Na ehia sɛ wɔbɔ afɔre na Yehowa ani asɔ wɔn. Afɔre no bi wɔ hɔ a, na Yehowa hwehwɛ sɛ wɔbɔ; ebi nso wɔ hɔ a, wɔn ara na wofi wɔn pɛ mu bɔ. (Lev. 23:37, 38) Ná afɔre a Israelfo no fi wɔn pɛ mu bɔ ma Yehowa no bi ne ɔhyew afɔre anaa ayɛyɛde. Bere a Solomon hyiraa asɔrefie no so maa Yehowa no, wɔbɔɔ afɔre a ɛte saa.2 Be. 7:4-6.

5. Dɛn na Yehowa yɛe a enti na ahiafo mpo tumi bɔ afɔre?

5 Ná Yehowa nim sɛ ɛsono obiara ne nea obetumi de abɔ afɔre. Enti na ɔnhwehwɛ nea ɛboro wɔn so. Ná Yehowa mmara hwehwɛ sɛ Israelfo de nguan anaa mmirekyi bɔ afɔre na wohwie mogya no gu. Ná afɔrebɔ a ɛte saa yɛ “nnepa” a ɛnam ne Ba Yesu so ‘bɛba no sunsuma.’ (Heb. 10:1-4) Nanso Yehowa anyere mmara no mu denneennen. Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, na Onyankopɔn ma kwan sɛ, sɛ obi ntumi mfa oguan anaa abirekyi mmɔ afɔre a, obetumi de aburuburuw abɔ afɔre. Enti na wɔn a ahia wɔn mpo tumi bɔ afɔre ma wɔn ani gye. (Lev. 1:3, 10, 14; 5:7) Ɛwom, ɛsono obiara ne aboa a ne nsa bɛso so de abɔ afɔre, nanso na Yehowa hwehwɛ nneɛma abien bi fi onii a ɔrebɔ afɔre no hɔ.

6. Sɛ obi rebɔ afɔre a, nneɛma bɛn na na Yehowa hwehwɛ fi ne hɔ? Adɛn nti na na eyi yɛ aniberesɛm?

 6 Nea edi kan, na ɛsɛ sɛ nea ɔrebɔ afɔre no de biribi a edi mũ paa bɔ. Enti sɛ ɔde aboa rebɔ afɔre a, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ aboa a ne ho twa paa. Sɛ obi de aboa a wadi dɛm bɔ afɔre ma Yehowa a, na ‘ɛrenyɛ nhyira mma no.’ (Lev. 22:18-20) Nea ɛto so abien, na ɛsɛ sɛ nea ɔrebɔ afɔre no ho tew a nkekae biara nni ne ho. Sɛ onipa no ho agu fĩ a, na ɛsɛ sɛ odi kan bɔ bɔne anaa asodi afɔre siesie ɔne Yehowa ntam ansa na sɛ ɔwɔ biribi a ɔpɛ sɛ ɔde bɔ afɔre a wayɛ saa. (Lev. 5:5, 6, 15) Na eyi yɛ aniberesɛm paa, efisɛ Yehowa hyɛe sɛ, sɛ obi a ne ho agu fĩ bɔ asomdwoe afɔre ma no na ɔwe nam no bi a, wonkum saa nipa no. (Lev. 7:20, 21) Nanso sɛ onii a ɔrebɔ afɔre no ne Yehowa ntam yɛ kama na n’afɔrebɔde no ho tew a, n’ani begye na wadi ahurusi ne komam.Monkenkan 1 Beresosɛm 29:9.

AFƆRE A YƐBƆ NNƐ

7, 8. (a) Sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre ma Ahenni no a, nhyira bɛn na yenya? (b) Dɛn na yɛwɔ a yebetumi de abɔ afɔre ama Yehowa?

7 Ɛnnɛ, yɛn nuanom pii kum wɔn ho boa Yehowa som, na Yehowa ani sɔ afɔrebɔ a ɛte saa. Ade biako a ɛma yɛn ani gye paa ne sɛ yebetu yɛn ho asi hɔ aboa yɛn nuanom. Wo deɛ yɛnhwɛ onua bi a ɔboa ma wosisi Ahenni Asa na ɔsan boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn. Ɔkae sɛ ɔboa anuanom saa a, n’ani gye araa ma onhu sɛnea ɔnkyerɛ mu mpo. Wo deɛ tie n’anom asɛm: “Sɛ yesi Ahenni Asa foforo na mihu sɛ anuanom ahyia wɔ hɔ a, mihu sɛ me brɛ anyɛ kwa. Saa nso na sɛ atoyerɛnkyɛm si na mehwɛ nea matumi ayɛ aboa a, ɛka me koma paa.”

Tete no, na wofi wɔn pɛ mu bɔ afɔre; ɛte sɛ afɔre a yɛbɔ no nnɛ (Hwɛ nkyekyɛm 7-13)

8 Nea esi Yehowa ahyehyɛde no ani so ne sɛ ɛbɛboa ma Yehowa adwuma akɔ so. Afe 1904 mu no, Onua C. T. Russell kyerɛw sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara hu sɛ ɛbere ne sika ne biribiara a ɔwɔ biara fi Awurade, na ɔde ama yɛn sɛ yɛnhwɛ so. Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho de saa nneɛma yi yɛ adwuma de hyɛ Owura no anuonyam.” Ɛnna fam sɛ yɛde biribi bɛbɔ afɔre ama Yehowa, nanso nhyira pii wom. (2 Sam. 24:21-24) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn de yɛn bere, yɛn sika, yɛn ahoɔden, ne yɛn nimdeɛ abɔ afɔre ama Yehowa?

Anuanom reyɛ adwuma wɔ Betel, Australia

9. Yɛhwɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Luka 10:2-4 no a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

9 Yɛn bere. Egye bere ne adwumaden na yɛakyerɛ asafo nhoma ase atintim.  Ɛnyɛ ɛno nko; sɛ yebesi Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa oo, yɛbɛyɛ nhyiam anaa yɛbɛboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn oo—Ahenni no ho adwuma biara a yɛbɛyɛ no—ne nyinaa gye bere. Da biara nnɔnhwerew 24 pɛ na yɛwɔ, nanso Yesu kaa biribi a ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn bere ayɛ adwuma yiye. Bere a Yesu somaa n’asuafo sɛ wɔnkɔka asɛmpa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wonnnyina nnkyia obiara wɔ kwan so.’ (Luka 10:2-4) Adɛn nti na Yesu kaa saa kyerɛɛ wɔn? Nhomanimfo bi kae sɛ: “Yesu bere so no, sɛ nkurɔfo rekyia a, na wɔmfa nsa nto nsa yam kɛkɛ, na saa ara na na wɔmmɔ wɔn mu ase kakraa bi nkɔ wɔn baabi. Mmom wɔrekyia a, wɔbembambembam wɔn ho de wɔn ho to fam mpo. Ná eyi nyinaa gye bere pii.” Yɛrentumi nka sɛ na Yesu rekyerɛ n’akyidifo no akyerɛ-bɔne. Mmom na ɔreboa wɔn ma wɔahu sɛ bere a wɔwɔ sua, enti ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ wɔde bɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa. (Efe. 5:16) Yebetumi asua biribi afi asɛm yi mu na yɛanya bere pii aboa Ahenni adwuma no.

Ahenni adawurubɔfo wɔ Ahenni Asa bi so wɔ Kenya, Afrika

10, 11. (a) Sɛ yeyi ntoboa sɛ wɔmfa mmoa wiase nyinaa adwuma no a, nneɛma bɛn saa na wɔde yɛ? (b) Yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 16:1, 2 no a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

10 Yɛn sika. Yehia sika pii de apia Ahenni adwuma no. Afe biara yɛde dɔla mpempem boa ahwɛfo akwantufo, akwampaefo titiriw, ne asɛmpatrɛwfo adwuma no. Efi afe 1999 reba no, yɛasisi Ahenni Asa bɛboro 24,500 wɔ aman a wɔn sikasɛm nyɛ papa so. Nanso yɛrekasa yi, yɛda so ara hia Ahenni Asa bɛyɛ 6,400. Bosome biara yetintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mfuamfua bɛyɛ ɔpepem 100. Ntoboa a wuyi no na yɛde yɛ eyinom nyinaa.

11 Yehowa honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkaa asɛm bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yebeyi ntoboa. (Monkenkan 1 Korintofo 16:1, 2.) Otuu ne nuanom a wɔwɔ Korinto no fo sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔtwɛn kosi nnawɔtwe awiei ansa na wɔayi ntoboa, na mmom nnawɔtwe no mfiase no ara wɔnhwɛ sika a wobetumi de ayi ntoboa. Ɛnnɛ nso anuanom gye bere susuw ho hwɛ ntoboa a wɔn tebea bɛma wɔayi, sɛnea tete Kristofo no yɛe no. (Luka 21:1-4; Aso. 4:32-35) Sɛ yeyi yɛn yam yi ntoboa saa a, Yehowa ani sɔ.

Onua bi a watu ne ho reboa adansi wɔ Tuxedo, New York, U.S.A.

12, 13. Dɛn na ɛma ebinom twetwe wɔn ho sɛ wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn nimdeɛ bɛboa Yehowa som? Ɔkwan bɛn so na Yehowa betumi aboa wɔn?

12 Yɛn ahoɔden ne yɛn nimdeɛ. Sɛ yɛde yɛn ahoɔden ne yɛn nimdeɛ boa Ahenni adwuma no a, Yehowa nso bɛbɔ yɛn kyidɔm. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ yɛbrɛ a, ɔbɛboa yɛn. (Yes. 40:29-31) Ɛyɛ a, wususuw sɛ wunni nimdeɛ anaa ahoɔden a wode bɛboa Ahenni adwuma no? Ɛyɛ wo sɛ afoforo betumi ayɛ no yiye asen wo anaa? Kae sɛ nimdeɛ kakraa bi a obi wɔ no, Yehowa betumi ato no so, sɛnea ɔyɛ maa Besalel ne Oholiab no.Ex. 31:1-6; hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.

13 Yehowa tu yɛn fo sɛ, sɛ yɛwɔ biribi a yebetumi de aboa ne som a, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase. (Mmeb. 3:27) Bere a Yudafo resan asi asɔrefie no wɔ Yerusalem no, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonsusuw adwene a wɔde reyɛ adwuma no ho yiye. (Hag. 1:2-5) Ná wɔama nneɛma pii agye wɔn adwene ma wɔde Yehowa adwuma no ato nkyɛn. Ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ sɛ nneɛma a ehia Yehowa no na ehia yɛn anaa. Yɛn mu biara betumi abisa ne ho  sɛ, ‘Sɛ mehwɛ m’asetena mu a, dɛn paa na metumi ayɛ de atrɛw Ahenni adwuma no mu wɔ awiei bere yi mu?’

HWƐ NEA WOWƆ NA BƆ AFƆRE

14, 15. (a) Sɛ yehu sɛ anuanom a wɔn nsam nni bi reboa Ahenni adwuma no a, ɛka yɛn sɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ?

14 Ɛnnɛ, nnipa pii tete mmeae a ohia ne ahokyere dokoro ɔmanfo. Yehowa ahyehyɛde no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛboa yɛn nuanom a wɔte saa aman no so. (2 Kor. 8:14) Nanso anuanom a wɔn nsam nni bi mpo ani gye ho sɛ wobeyi ntoboa. Sɛ Yehowa hwɛ anigye a saa anuanom no de yi ntoboa a, ne koma tɔ ne yam.2 Kor. 9:7.

15 Yɛnhwɛ anuanom bi a wɔte Afrika man bi so. Ɔman yi di hia paa, nanso anuanom a wɔwɔ hɔ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa Ahenni adwuma no. Nea ebinom yɛ ni: Sɛ wɔyɛ afuw a, wotwa afuw no fã bi to hɔ, na nnɔbae biara a wobetwa wɔ mu no, wɔtɔn de sika no boa ɔsom adwuma no. Bere bi na anuanom pɛ sɛ wosi Ahenni Asa wɔ saa man no so. Ná anuanom a wɔwɔ hɔ pɛ sɛ wɔboa, nanso na ɛne afuwyɛ bere ahyia. Nanso na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛboa adwuma no. Enti nea wɔyɛe ne sɛ anɔpa biara na wɔkɔboa dansi no, na edu anwummere a na wɔkɔ wɔn mfuw mu. Anokwa, wɔbɔɔ afɔre kɛse paa maa Ahenni no. Eyi kae yɛn tete Kristofo a na wɔwɔ Makedonia no. Ná wodi “hia buruburoo,” nanso wɔsrɛɛ Paulo sɛ ɔmma wɔn kwan ma wonyi sika mmoa wɔn nuanom. (2 Kor. 8:1-4) Momma yɛn mu biara ‘nhwɛ sɛnea Yehowa ahyira no ho mfa n’akyɛde mmra.’Monkenkan Deuteronomium 16:17.

16. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛn afɔrebɔ asɔ Yehowa ani?

16 Nanso ehia sɛ yɛma biribi tena yɛn adwenem. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no sɔ n’ani te sɛ tete Israelfo afɔre no. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn asɛde titiriw ne sɛ yɛbɛhwɛ yɛn abusua na yɛn ankasa nso ne Yehowa ntam ayɛ kama. Enti bere a yɛde yɛn bere ne yɛn ahode reboa afoforo no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu yɛn mmusua so. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔn na yɛma Yehowa som di akoten wɔ abusua no mu. Anyɛ saa a, na ayɛ sɛ yɛde biribi a yenni na ɛrebɔ afɔre. (Monkenkan 2 Korintofo 8:12.) Afei, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa nso hwɛ sɛ yɛne Yehowa ntam bɛyɛ papa bere nyinaa. (1 Kor. 9:26, 27) Nanso momma yennya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde Bible bɔ yɛn bra a, Yehowa ani bɛsɔ yɛn afɔrebɔ, na yɛn ankasa ani begye na yɛn koma atɔ yɛn yam.

YƐN AFƆREBƆ SOM BO

17, 18. Sɛ yehu sɛ anuanom de nneɛma rebɔ afɔre ama Ahenni no a, ɛka yɛn sɛn? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa susuw ho?

17 Yɛn nuanom mmarima ne mmea pii ‘hwie wɔn ho sɛ nsã,’ kyerɛ sɛ wokum wɔn ho boa Ahenni adwuma no. (Filip. 2:17) Sɛ anuanom de wɔn ho bɔ afɔre saa a, yɛn ani sɔ paa. Anuanom a wodi Ahenni adwuma no anim no pii wɔ yere ne mma. Yɛkamfo wɔn yerenom ne wɔn mma sɛ wɔn nso de nneɛma bɔ afɔre.

18 Nnwuma pii wɔ hɔ a ehia sɛ yɛyɛ ma Ahenni adwuma no kɔ so. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara pɛɛpɛɛ ne mu na obisa ne ho sɛ, ‘Dɛn paa na metumi ayɛ de atrɛw Ahenni adwuma no mu?’ Eyi yɛ biribi a yebetumi abɔ ho mpae. Yɛyɛ saa a, yebenya nhyiraa pii nnɛ, na sɛ ‘nhyehyɛe foforo’ no ba a, yebenya ne kɛse paa.Mar. 10:28-30.

^ nky. 2 Hwɛ asɛm a wɔato din “Fi Wo Kra Nyinaa Mu Bɔ Afɔre Ma Yehowa” wɔ January 15, 2012, Ɔwɛn-Aban no kratafa 21-25.