ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM February 2014

Ɔwɛn-Aban yi ma yehu nsɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ Dwom 45 mu. Ɛboa yɛn ma yehu nso sɛ Yehowa Nyankopɔn ma yɛn nea yehia, ɔbɔ yɛn ho ban, na ɔyɛ yɛn Adamfo paa.

Kamfo Kristo—Ɔhene Nuonyamfo No!

Nsɛm a ɛwɔ Dwom 45 no fa yɛn ho sɛn nnɛ?

Oguammaa no Ayeforohyia Adu—Momma Yenni Ahurusi!

Hena ne ayeforo no? Dɛn na Kristo reyɛ de asiesie no ama ayeforohyia no? Henanom ne wobedi ayeforohyia no ho ahurusi?

Sarefat Kunafo no Nyaa Ne Gyidi So Akatua

Ade biako bi wɔ hɔ a yebetumi aka sɛ ɛhyɛɛ ɔbea no gyidi den paa. Ɛno ne ne ba no a odiyifo no nyan no no. Dɛn na yebetumi asua afi n’asɛm no mu?

Yehowa—Ɔhwɛ Yɛn, Ɔbɔ Yɛn Ho Ban

Yehowa ne yɛn soro Agya; nya ɔdɔ kɛse ma no. Hwɛ nea wubetumi ayɛ na woanya ahotoso paa sɛ Yehowa bɔ yɛn ho ban na oyi ne yam de nea yehia ma yɛn.

Yehowa Ne Yɛn Adamfo Paa

Abraham ne Gideon ne Yehowa Nyankopɔn faa adamfo denneennen; kan wɔn ho asɛm. Ahyɛde bɛn na ɛsɛ sɛ yedi so na yɛabɛyɛ Yehowa adamfo?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na tete Yudafo no gyinaa so ‘hwɛɛ Mesia no kwan’?

‘Hwɛ Yehowa Papayɛ’

Israel hene Dawid ani sɔɔ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ama nokware som. Dɛn na yɛn nso bɛyɛ nnɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani gye nokware som ho?

TETE WƆ BI KA

Adi Mfe 100—Ɛhyɛɛ Gyidi Den

Mfe 100 ni a wɔyɛɛ “Photo-Drama of Creation” no. Ɛmaa nnipa nyaa gyidi sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm.