Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Oguammaa no Ayeforohyia Adu—Momma Yenni Ahurusi!

Oguammaa no Ayeforohyia Adu—Momma Yenni Ahurusi!

‘Momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye mmoro so, efisɛ Oguammaa no ayeforohyia adu.’ADI. 19:7.

1, 2. (a) Hena ayeforohyia na ɛde anigye bɛba soro? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

EGYE bere na obi aboaboa ne ho ahyia ayeforo. Ɛnde, momma yɛnhwɛ ɔhene bi ayeforohyia. Eyi yɛ ayeforohyia titiriw, efisɛ ɔhene no de bɛyɛ mfe 2,000 ayɛ ayeforohyia no ho ntotoe. Ɛrenkyɛ koraa wɔde ayeforo no bɛkɔ akɔma ne kunu. Wɔbɛbɔ dwom wɔ ahemfie hɔ, na ɔsoro abɔfo bɛma wɔn nne so aka sɛ: “Munyi Yah ayɛ, efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ no afi ase redi hene. Momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye mmoro so, na momma yɛnhyɛ no anuonyam, efisɛ Oguammaa no ayeforohyia adu na ne yere asiesie ne ho.”Adi. 19:6, 7.

2 “Oguammaa” a kyerɛwsɛm yi ka ne ho asɛm ne Yesu Kristo. (Yoh. 1:29) N’ayeforohyia no de anigye ne ahurusidi bɛba soro. Ɛnde, atade bɛn na ɔbɛhyɛ ayɛ ayeforo no? Hena ne n’ayeforo no? Sɛn na wɔasiesie ɔbea no ama ayeforohyia no? Bere bɛn na ayeforohyia no bɛba so? Yɛahu sɛ ayeforohyia yi de anigye bɛba soro. Ɛnde, yemmisa sɛ, wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so no nso ɛ? Wɔn ani begye bi anaa? Yɛn ho pere yɛn sɛ yebenya nsɛmmisa  yi ho mmuae. Enti momma yɛntoa so nsusuw Dwom 45 ho.

NNUHUAM AGYE NE NTADE MU

3, 4. (a) Dɛn na odwontofo no ka fa atade a Ayeforokunu no de behyia ayeforo no ho? Dɛn na ɛma Ɔhene no ani gye paa? (b) Henanom ne “ahene mmabea” ne “ɔhemmaa ne ne nkurɔfo” a wɔne Ayeforokunu no bom di ahurusi?

3 Monkenkan Dwom 45:8, 9. Ayeforokunu Yesu Kristo asiesie ne ho, na wuhu no a, wuhu sɛ ɔyɛ ɔdehye ampa. N’atade mu hua te sɛ kurobow ne kasia. Eyinom yɛ “nnuhuam papa” a tete no na wɔde yɛ ɔsrango kronkron wɔ Israel.Ex. 30:23-25.

4 Nea ɛma Ayeforokunu no ani gye paa ne dwom a wɔrebɔ wɔ ɔsoro ahemfie hɔ no, na ɔrehwɛ kwan denneennen sɛ ayeforohyia no bedu so. “Ɔhemmaa ne ne nkurɔfo” no gyina hɔ ma Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro. Ahyehyɛde no mufo bi ne “ahene mmabea” a wogyina hɔ ma abɔfo kronkron no. Eyinom nyinaa ne Ayeforokunu no bɛbom adi ahurusi. Ɔsoro asafo bɛma wɔn nne so aka sɛ: ‘Momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye mmoro so, efisɛ Oguammaa no ayeforohyia adu’!

WƆASIESIE AYEFORO NO AMA NE KUNU

5. Hena ne “Oguammaa no yere”?

5 Monkenkan Dwom 45:10, 11. Yɛahu Ayeforokunu no, na ayeforo no nso ɛ? Ayeforo no nyɛ ɔbea pɔtee bi, mmom ogyina hɔ ma Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn no. Yesu Kristo ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no ti. (Monkenkan Efesofo 5:23, 24.) Saafo no ne Kristo bedi ade wɔ Mesia Ahenni no mu. (Luka 12:32) “Wodi Oguammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ.” (Adi. 14:1-4) Esiane sɛ wɔyɛ “Oguammaa no yere” nti, wɔne no bɛtena baabi a ɔte wɔ soro.Adi. 21:9; Yoh. 14:2, 3.

6. Adɛn nti na wɔfrɛ Kristofo a wɔasra wɔn no “ɔhene babea”? Adɛn nti na wɔka kyerɛ wɔn sɛ ‘wɔmma wɔn werɛ mfi wɔn nkurɔfo’?

6 Wɔfrɛ ayeforo no “ɔbabea” ne “ɔhene babea.” (Dw. 45:13) Ɛnde, hena ne “ɔhene” yi? Ɔno ne Yehowa. Wagye Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ ne “mma.” (Rom. 8:15-17) Esiane sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bɛkɔ soro akohyia wɔn kunu nti, wɔka kyerɛ wɔn sɛ ‘wɔmma wɔn werɛ mfi wɔn nkurɔfo ne wɔn papa fie.’ Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si “nneɛma a ɛwɔ soro so, na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ asase so.”Kol. 3:1-4.

7. (a) Dɛn na Kristo yɛ de siesie n’ayeforo no? (b) Ayeforo no bu Ayeforokunu no sɛn?

7 Kristo de mfe pii asiesie ɔbea no ama ayeforohyia da no wɔ soro. Ɔsomafo Paulo kae sɛ Kristo “dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no, na ɔnam asɛm no so de nsu ahohoro ho atew ho, na ama ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu ama ɔno ankasa, a nkekae anaa mpomponoe anaa nea ɛte saa biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a enni dɛm biara.” (Efe. 5:25-27) Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ tete Korinto no sɛ: “Metwe mo ho ninkunu te sɛ Onyankopɔn, efisɛ mahyɛ bɔ sɛ mede mo bɛma ɔbarima biako aware na mede mo ama Kristo sɛ ɔbaabun a efĩ nkaa no.” (2 Kor. 11:2) Ɔhene Yesu Kristo ayeforo no ho yɛ no fɛ, efisɛ ne som ho tew. Ayeforo no gye tom sɛ Kristo ne ne “wura” a ɔrebɛyɛ ne kunu, enti ‘ɔkotow no.’

WƆDE AYEFORO NO “BRƐ ƆHENE”

8. Sɛ Bible ka sɛ “anuonyam nyinaa bi” wɔ ayeforo no fie a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa?

8 Monkenkan Dwom 45:13, 14a. Wɔasiesie ayeforo no fɛfɛɛfɛ ama  n’ayeforohyia no. Adiyisɛm 21:2 de ayeforo no toto kurow bi ho. Kurow no ne ɔsoro Yerusalem Foforo no, na “wɔahyehyɛ no ama ne kunu.” Saa kurow no wɔ “Onyankopɔn anuonyam,” na ɛhyerɛn “te sɛ ɔbo a ne bo yɛ den paa, ɛte sɛ ahwehwɛbo hyɛnhyɛn.” (Adi. 21:10, 11) Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ Yerusalem Foforo no yɛ fɛ papa. (Adi. 21:18-21) Odwontofo no kae a ɔmmoa sɛ ayeforo no wɔ “anuonyam nyinaa bi wɔ fie”! Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, adeɛ yi ɔsoro na wɔrehyia ayeforo no.

9. “Ɔhene” bɛn na wɔde ayeforo no rekɔma no? Atade bɛn na ayeforo no bɛhyɛ?

9 Ayeforokunu no ne Ɔhene Mesia, na ɔno na wɔde ayeforo no rekɔma no. Ɔhene no ‘nam asɛm no so de nsu atew ne ho.’ Ɔyɛ ‘kronkron na dɛm biara nni ne ho.’ (Efe. 5:26, 27) Ɛnde, atade bɛn na ayeforo no bɛhyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛhyɛ atade a ɛho wɔ nyam, na saa ara na Bible ka. Ɛka sɛ ‘wɔde sika anwene n’atade mu; ɔhyɛ ntade a wɔanwene, na wɔde no brɛ ɔhene.’ Wɔama Oguammaa no ayeforo kwan sɛ “omfura nwera pa a ɛho tew hyɛnn, efisɛ nwera pa no gyina hɔ ma akronkronfo no adetrenee.”Adi. 19:8.

‘AYEFOROHYIA NO ADU’

10. Bere bɛn na Oguammaa no ayeforohyia bɛba so?

10 Monkenkan Adiyisɛm 19:7. Bere bɛn na Oguammaa no ayeforohyia no bɛba so? Ɛwom sɛ Adiyisɛm 19:7 ka sɛ Oguammaa no “yere asiesie ne ho” ama ayeforohyia no deɛ, nanso nkyekyɛm a edidi so no nka ayeforohyia no ho asɛm biara. Mmom ɛkyerɛ nea ɛbɛkɔ so wɔ ahohiahia kɛse no fã a etwa to mu. (Adi. 19:11-21) Eyi kyerɛ sɛ ayeforohyia no bɛba so ansa na Ɔhene no awie ne nkonimdi anaa? Dabi. Wohwɛ Adiyisɛm nhoma no mu a, wuhu sɛ wɔanhyehyɛ anisoadehu no sɛnea ɛbɛba nnidiso nnidiso. Dwom 45 ma yehu sɛ Ɔhene Yesu Kristo de ‘nkrante bɛbɔ n’asen akodi n’atamfo so nkonim’ ansa na ayeforohyia no aba so.Dw. 45:3, 4.

11. Kristo nkonimdi no bedidi so sɛn?

11 Enti yebetumi aka sɛ sei na nneɛma bedidi so aba: Nea edi kan, wɔbɛsɛe “aguaman kɛse” anaa Babilon Kɛse no. Eyi ne wiase atoro som ahemman no. (Adi. 17:1, 5, 16, 17; 19:1, 2) Ɛno akyi no, Kristo bɛsɛe biribiara a aka wɔ Satan wiase bɔne no mu wɔ Harmagedon. Eyi ne “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko” no. (Adi. 16:14-16; 19:19-21) Ne korakora no, Ɔhene Kofoni no bewie ne nkonimdi bere a ɔde Satan ne n’adaemone agu amoa donkudonku no mu no. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔawuwu.Adi. 20:1-3.

12, 13. (a) Bere bɛn na Oguammaa no behyia ayeforo no? (b) Ɛhefo na wobedi Oguammaa no ayeforohyia ho ahurusi wɔ soro?

12 Nna a edi akyiri no mu no, sɛ Kristoni a wɔasra no di nokware kosi owuo mu a, wonyan no kɔ soro. Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no wie a, Yesu bɛboaboa 144,000 no mufo a wɔaka ano ma wɔakɔka ne ho wɔ soro ansa na Harmagedon apae agu. (1 Tes. 4:16, 17) Enti ansa na Harmagedon bɛpae agu no, na Kristofo a wɔasra wɔn a wɔka bom yɛ “ayeforo” no nyinaa wɔ soro dedaw. Afei Harmagedon akyi no, Oguammaa no ayeforohyia no bɛba so. Wo deɛ hwɛ sɛnea ayeforohyia no bɛyɛ anigye afa! Adiyisɛm 19:9 ka sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Oguammaa no ayeforohyia apontow ase.” Ampa, anigye deɛ ayeforo no fa no kwa. Ayeforokunu no nso ani begye paa, efisɛ ebedu saa bere no na wɔn a  wɔne no bedi ade nyinaa akɔka ne nsa. Na Ɔhene Yesu ne wɔn ‘bedidi anom ne pon so wɔ n’ahenni mu.’ (Luka 22:18, 28-30) Nanso ɛnyɛ ayeforo ne Ayeforokunu no nkutoo na wɔn ani begye Oguammaa no ayeforohyia ho.

13 Sɛnea yɛahu dedaw no, ɔsoro asafo bɛbom ato dwom sɛ: “Momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye mmoro so, na momma yɛnhyɛ [Yehowa] anuonyam, efisɛ Oguammaa no ayeforohyia adu na ne yere asiesie ne ho.” (Adi. 19:6, 7) Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so no nso ɛ? Wobedi ahurusi no bi anaa?

‘AHURUSI MU NA WƆDE WƆN BƐBA’

14. Ɛhefo na Dwom 45 frɛ wɔn ayeforo no “mfɛfo mmaabun”?

14 Monkenkan Dwom 45:12, 14b, 15. Odiyifo Sakaria hyɛɛ nkɔm sɛ nna a edi akyiri no mu no, nnipa fi aman nyinaa mu bɛba abɛka Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo no ho ne wɔn asom Yehowa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa bɛba abesuso Yudani biako atade mu aka sɛ: ‘Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.’” (Sak. 8:23) Dwom 45:12 frɛ “nnipa du” yi “Tiro babea” ne “ɔman no mu adefo.” Wɔde akyɛde brɛ wɔn a wɔasra wɔn nkaefo no de ‘dwudwo wɔn bo’ sɛnea ɛbɛyɛ a nkaefo no bɛboa wɔn ma wɔasom Yehowa. Efi 1935 reba no, nkaefo no de nnipa mpempem ‘aba trenee mu.’ (Dan. 12:3) “Nnipa du” yi de wɔn ho abɛbɔ Kristofo a wɔasra wɔn no. Wɔama wɔn abrabɔ ho atew, enti yɛbɛka a wɔyɛ honhom fam mmaabun. Wɔyɛ ayeforo no “mfɛfo mmaabun”;  wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa na wɔada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Ɔhene Yesu Kristo nkoa anokwafo.

15. Ɔkwan bɛn so na ayeforo no “mfɛfo mmaabun” ne nkaefo no bom yɛ adwuma?

15 Nkaefo a wɔasra wɔn no ani sɔ mmoa a ayeforo no “mfɛfo mmaabun” de ma wɔn no. Nea ɛyɛ nkaefo yi dɛ koraa ne nsi ne ahokeka a wɔn “mfɛfo” no de reka “ahenni ho asɛmpa yi” wɔ asase so nyinaa no. (Mat. 24:14) Ɛnyɛ “honhom no ne ayeforo no” nko ara na wɔkɔ so ka sɛ: “Bra!” Mmom wɔn a wɔte nso ka sɛ: “Bra!” (Adi. 22:17) Eyi kyerɛ sɛ “nguan foforo” no ate sɛ ayeforo no reka sɛ “Bra!” Na wɔn nso akɔka ayeforo no ho ne wɔn reka kyerɛ asase sofo nyinaa sɛ ‘wɔmmra!’Yoh. 10:16.

16. Akwannya bɛn na Yehowa de ama nguan foforo no?

16 Kristofo a wɔasra wɔn no dɔ nguan foforo no. Ɛyɛ wɔn dɛ sɛ Ayeforokunu no Agya Yehowa ama nguan foforo a wɔwɔ asase so no akwannya sɛ wɔne wɔn mmom nni Oguammaa no ayeforohyia ho ahurusi. Odwontofo no kae sɛ “ahurusi ne anigye mu” na wɔde “mfɛfo mmaabun” no bɛba. Ampa, nguan foforo no anidaso ne sɛ wɔbɛtena asase so daa, nanso wɔne ɔsorofo nyinaa bɛbom adi Oguammaa no ayeforohyia a ɛbɛkɔ so wɔ soro no ho ahurusi. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm nhoma no ka sɛ “nnipakuw kɛse” no “gyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim.” Wɔresom Yehowa wɔ honhom fam asɔrefie no adiwo wɔ asase so.Adi. 7:9, 15.

Oguammaa no ayeforohyia ma ayeforo no “mfɛfo mmaabun” di ahurusi (Hwɛ nkyekyɛm 16)

“WO MMA BESI W’AGYANOM ANANMU”

17, 18. Ɔkwan bɛn so na Oguammaa no aware de nhyira bɛba? Henanom na Kristo bɛyɛ wɔn agya wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu?

17 Monkenkan Dwom 45:16. Dɛn bio na ɛbɛma Kristo ayeforo no “mfɛfo mmaabun” ani agye paa? Ɛno ne nhyira a aware no de bɛba wiase foforo no mu no. Ɔhene Kristo bɛdan n’adwene aba asase so na wanyan ‘n’agyanom.’ Esiane sɛ Kristo benyan ‘n’agyanom’ aba nkwa mu bio nti, wɔbɛba abɛyɛ ne “mma.” (Yoh. 5:25-29; Heb. 11:35) Kristo bɛpaw eyinom bi sɛ ‘mpanyimfo wɔ asase nyinaa so.’ Yebetumi ahwɛ kwan sɛ Kristo bɛpaw asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bi nso ma wɔadi nneɛma anim wɔ wiase foforo no mu.Yes. 32:1.

18 Afoforo nso bɛba abɛyɛ Kristo mma wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu. Ɔkwan bɛn so? Asase sofo a wɔkyerɛ Yesu agyede afɔre no mu gyidi bɛtena ase daa wɔ asase so. (Yoh. 3:16) Ne saa nti Kristo bɛyɛ wɔn ‘Agya daa.’Yes. 9:6, 7.

WƆBƆ NE DIN AMAN NYINAA MU

19, 20. Adɛn nti na Dwom 45 fa nokware Kristofo nyinaa ho nnɛ?

19 Monkenkan Dwom 45:1, 17. Asɛm a ɛwɔ Dwom 45 no fa Kristofo nyinaa ho. Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asase so no kae sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛkɔ akɔka wɔn nuanom ne Ayeforokunu no ho wɔ soro a, na wɔn ani agye kwa. Sɛ nguan foforo no hwɛ hokwan a wɔanya ne nkaefo no rebɔ wɔ asase so a, ɛka wɔn ma wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn Hene nuonyamfo Kristo ase. Sɛ Kristo ne ne mfɛfo adedifo no hyia ayeforo wie a, nhyira a wobehwie agu asase sofo so deɛ, yɛrentumi nka mpo.Adi. 7:17; 21:1-4.

20 Ɛnde, bere a yɛretwɛn sɛ “asɛmpa” a ɛfa Ɔhene Mesia no ho bɛbam no, momma yɛn nyinaa mfa nsi ne ahokeka mmɔ ne din aman nyinaa mu, na ‘yɛnkamfo Ɔhene no daa daa.’