Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Yɛn Adamfo Paa

Yehowa Ne Yɛn Adamfo Paa

“Wɔbɛfrɛɛ [Abraham] ‘Yehowa adamfo.’”YAK. 2:23.

1. Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn ne suban so nti, dɛn na yetumi yɛ?

“ABOFRA nsɛ oni a ɔsɛ ɔse.” Eyi yɛ asɛm a yɛtaa te. Ampa mmofra pii sɛ wɔn awofo. Eyi nyɛ nwonwa efisɛ papa ne maame no ara na ɛwoo abofra no, na onya su bi fi wɔn nyinaa hɔ. Yehowa ne yɛn soro Agya, na ɔno na ɔma yɛn nkwa. (Dw. 36:9) Yɛyɛ ne mma, enti yɛsɛ no wɔ nneɛma pii mu. Esiane sɛ Yehowa bɔɔ yɛn ne suban so nti, yetumi susuw nneɛma ho si gyinae na yetumi fa adamfo.Gen. 1:26.

2. Dɛn na ɛma yetumi fa Yehowa adamfo?

2 Yebetumi ne Yehowa afa adamfo. Ɛnde, dɛn na ɛma yetumi fa Yehowa adamfo? Ade biako ne sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn, na yɛn nso yɛwɔ ɔne ne Ba no mu gyidi. Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) Yɛwɔ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ nnipa pii ne Yehowa faa adamfo denneennen. Momma yɛnhwɛ wɔn mu baanu.

“M’ADAMFO ABRAHAM”

3, 4. Sɛ yɛhwɛ Abraham ne Yehowa adamfofa na yɛde toto Israelfo ne Yehowa de ho a, nsonsonoe bɛn na ɛwɔ mu?

3 Yehowa frɛɛ Israelfo nana Abraham “m’adamfo.” (Yes. 41:8) Bio nso, 2 Beresosɛm 20:7 ka sɛ Abraham yɛ Onyankopɔn dɔfo anaa n’adamfo. Ɛyɛɛ dɛn na Abraham ne ne  Bɔfo no bɔɔ papee saa? Ɛyɛ Abraham gyidi ntia.Gen. 15:6; monkenkan Yakobo 2:21-23.

4 Ná Abraham asefo nso yɛ Yehowa nnamfo na wɔde no yɛɛ wɔn Agya. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ bere a wɔbɛyɛɛ Israel man no, wɔne Onyankopɔn ntam sɛee. Dɛn na ɛma ɛbaa saa? Nea ɛte ne sɛ eduu baabi no na wonnye nni sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ so.

5, 6. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa bɛyɛɛ w’adamfo? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

5 Bere a woresua Yehowa ho ade nyinaa na worenya ne mu gyidi kɛse, na na ɔdɔ a wowɔ ma no nso renyin. Wo deɛ bu kɔmpɔ hwɛ nneɛma a woasua afa Yehowa ho. Wusuae sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔte ase. Afei wubehui sɛ wubetumi ne no afa adamfo ma ayɛ yiye. Bio nso wuhui sɛ Adam asoɔden nti wɔwoo yɛn nyinaa bɔne mu. Afei wubehui sɛ adesamma ne Onyankopɔn ntam atew. (Kol. 1:21) Bio, wusuae sɛ yɛn soro Agya no nyɛ obi a ɔte akyirikyiri baabi a yɛn asɛm mfa ne ho. Afei yebehui sɛ Yehowa de Yesu ayɛ agyede ama yɛn, na yenyaa ne mu gyidi. Eyi nyinaa ma yefii ase ne Onyankopɔn faa adamfo.

6 Sɛ yɛhwɛ bere a yɛfaa Onyankopɔn adamfo besi saa bere yi a, ɛte sɛn? Yɛne n’adamfofa no renyin anaa atɔ ape? Yebetumi abisa nso sɛ: ‘Ade rekye a ade resa yi, ɔdɔ a mewɔ ma m’Adamfo Yehowa te sɛn? Ahotoso a mewɔ wɔ ne mu nso ɛ? Ɛrenyin anaa ɛrekɔ fam?’ Ɛnde, momma yɛnhwɛ onipa foforo a ɔbɛyɛɛ Yehowa adamfo. Ɔno ne Gideon. Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi ne hɔ.

“YEHOWA NE ASOMDWOE”

7-9. (a) Anwonwasɛm bɛn na Gideon hui, na dɛn na efii mu bae? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ yɛn adamfo?

7 Bere a ɔtemmufo Gideon resom Yehowa no, na nneɛma mu yɛ den paa. Saa bere no na Israel man no adu Bɔhyɛ Asase no so. Atemmufo ti 6 ka sɛ Yehowa bɔfo kɔɔ Gideon nkyɛn wɔ Ofra. Saa bere no na Midianfo atu wɔn ani asi Israelfo so. Atamfo yi nti, bere a Gideon reporow awi no, wanyɛ no petee mu, mmom ɔkɔyɛe wɔ nsã-kyi-amoa mu, baabi a obiara nhu no. Bere a ɔbɔfo no kɔɔ Gideon nkyɛn no, ɔfrɛɛ no “ɔkatakyi kokodurufo.” Asɛm no yɛɛ Gideon nwonwa kakra, efisɛ na Yehowa agye Israelfo no afi Egypt, nanso na n’adwene nsi no pi sɛ Yehowa begye wɔn saa bere yi. Ná ɔbɔfo no yɛ Yehowa kasamafo, na ɔmaa Gideon awerɛhyem sɛ Yehowa ka ne ho.

8 Na Gideon nhu nea ɔbɛyɛ agye “Israelfo afi Midianfo nsam.” Nanso Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Medi w’akyi, na wobɛsɛe Midianfo te sɛ onipa biako bi.” (Atem. 6:11-16) Eyi nyinaa akyi no na Gideon ntee ne ho ase nwiei; na ɔpɛ sɛ Yehowa ma no sɛnkyerɛnne bi. Hyɛ no nsow sɛ nsɛm a Gideon bisae yi nkyerɛ sɛ na n’adwene hinhim sɛ Yehowa wɔ hɔ anaa onni hɔ.

9 Afei biribi kɔɔ so maa Gideon gyidi sii pi, na ɛkaa no bɛn Onyankopɔn paa. Gideon yɛɛ aduan maa ɔbɔfo no, na ɔbɔfo no de ne poma kaa aduan no ma ɛhyewee. Afei Gideon hui sɛ sɛɛ Yehowa bɔfo na ɔne no rekasa. Enti ɔbɔɔ birim kae sɛ: “Ei, Awurade Tumfoɔ Yehowa! Yehowa bɔfo na mahu n’anim yi!” (Atem. 6:17-22) Nea ɛkɔɔ so yi sɛee Gideon ne Onyankopɔn ntam anaa? Dabida! Mmom ɛhyɛɛ wɔn adamfofa no mu den. Ohuu Yehowa yiye maa n’ani kaa ne ho. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ Gideon sii afɔremuka wɔ hɔ maa Yehowa na ɔfrɛɛ hɔ “Yehowa-Salom.” Ɛkyerɛ “Yehowa Ne Asomdwoe.” (Monkenkan Atemmufo 6:23, 24.) Sɛ yɛtena ase  komm na yɛhwɛ nea daa Yehowa yɛ ma yɛn a, yehu sɛ ɔyɛ yɛn Adamfo ampa. Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae daa a, yehu sɛ yɛwɔ asomdwoe, na ɛno nso ma yɛne n’adamfofa mu yɛ den.

HENA NA ‘ƆBƐSOƐ YEHOWA NTAMADAN MU’

10. Sɛ yɛhwɛ Dwom 15:3, 5 a, dɛn na ehia na obi atumi abɛyɛ Yehowa adamfo?

10 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Yehowa adamfo a, ehia sɛ yedi ahyɛde bi so. Sɛ yɛhwɛ Dwom 15 a, Dawid kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi ‘asoɛ Yehowa ntamadan mu’ anaa yɛatumi ayɛ Onyankopɔn adamfo. (Dw. 15:1) Momma yɛnhwɛ ahyɛde yi mu abien: Nea edi kan, ɛnsɛ sɛ yɛsɛe nkurɔfo din. Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ yedi nokware wɔ biribiara mu. Dawid kae sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔsoɛ Yehowa ntamadan mu mfa “ne tɛkrɛma nsɛe nkurɔfo din. . . . Na onnye nea ne ho nni asɛm nkyɛn adanmude.”Dw. 15:3, 5.

11. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛsɛe obiara din?

11 Dawid kaa wɔ dwom foforo mu sɛ: “Kora wo tɛkrɛma so, adebɔne ho.” (Dw. 34:13) Sɛ yɛantie afotu yi a, yɛne yɛn soro Agya no adamfofa bɛsɛe. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛka obi a ɔsɛe nkurɔfo din a, yɛrentumi nka nnyaw Satan, Yehowa tamfo kɛse no. Adeɛ yi edin “Bonsam” no kyerɛ “otwirifo”—saa na Hela asɛmfua a wonyaa din no fii mu kyerɛ. Sɛ Yehowa bɛkɔ so ara afa yɛn adamfo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ano kasa yiye na yɛansɛe nkurɔfo din. Wɔn a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛankasa antia wɔn ne asafo mu mpanyimfo.Monkenkan Hebrifo 13:17; Yuda 8.

12, 13. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi nokware biribiara mu? (b) Sɛ yedi nokware a, dɛn na efi mu ba?

12 Yehowa asomfo deɛ, nkurɔfo nim yɛn sɛ ɛba nokwaredi a, yɛnkɔ nnyaw hɔ koraa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkɔ so mmɔ mpae mma yɛn, na yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.” (Heb. 13:18) Yɛasi yɛn bo sɛ yɛde ‘nokwaredi bɛbɔ yɛn bra wɔ biribiara mu,’ enti yɛhwɛ yiye sɛ yɛrensisi yɛn nua biara. Sɛ yɛfa onua bi wɔ adwumam a, ɛsɛ sɛ yɛne no di no yiye na yetua no ka sɛnea adwuma no ho nhyehyɛe te. Kristofo di wɔn adwumayɛfo nokware; nokwasɛm ni wodi obi biara nokware. Sɛ yɛn nua Kristoni fa yɛn adwumam nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ ɔyɛ yɛn nua nti kyenkyenee a ɔmma yɛn nea yɛpɛ biara.

13 Yehowa Adansefo nokwaredi nti, ɔmanfo taa kamfo wɔn. Nhwɛso bi ni: Adwumam panyin bi hyɛɛ no nsow sɛ Yehowa Adansefo di wɔn asɛm so. Ɔkae sɛ ‘nea Adansefo no ka biara wɔyɛ.’ (Dw. 15:4) Sɛ yɛbɔ yɛn bra saa a, daa yɛne Yehowa ntam bɛyɛ kama. Bio nso ɛbɛhyɛ yɛn soro Agya no anuonyam.

BOA AFOFORO MA WƆMFA YEHOWA ADAMFO

Yɛboa nkurɔfo ma wɔfa Yehowa adamfo (Hwɛ nkyekyɛm 14, 15)

14, 15. Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛbɛyɛ dɛn aboa nkurɔfo ma wɔafa Yehowa adamfo?

14 Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yehyia nnipa bebree a wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso wonhu sɛ wobetumi afa no adamfo. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn aboa saafo no? Bere bi Yesu yii n’asuafo no mu 70 somaa wɔn baanu baanu sɛ wɔnkɔka asɛm no. Wo deɛ, tie asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn: “Baabiara a mobɛhyɛn ofie bi mu no, munni kan nka sɛ, ‘Asomdwoe mmra ofie yi so.’ Na sɛ asomdwoe nipa bi wɔ hɔ a, mo asomdwoe bɛtena no so. Nanso sɛ ebi nni hɔ a, ɛbɛsan aba mo so.” (Luka 10:5, 6) Sɛ yɛtew yɛn anim  ma nkurɔfo a, ɛbɛma wɔn kɔn adɔ sɛ wobesua nokware no. Sɛ mpo yɛkɔ obi nkyɛn na ɔde abufuw hyia yɛn na yɛtew yɛn anim ma no a, ebetumi ama ne bo adwo na da foforo watie yɛn.

15 Nnipa bi wɔ hɔ a atoro som ne emu amane adidi wɔn ti. Sɛ yɛkɔto saafo no a, yɛtew yɛn anim ma wɔn na yɛma wohu sɛ yɛyɛ asomdwoe nnipa. Yɛfrɛ obiara ba yɛn asafo nhyiam ase, ɛnkanka nkurɔfo a wiase no adi wɔn huammɔ na wɔrehwehwɛ yɛn Nyankopɔn no akyi kwan. Asɛm bi taa ba Ɔwɛn-Aban mu a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa.” Wohwɛ hɔ a wubehu eyi ho nhwɛso pii.

YƐNE YƐN ADAMFO PAA REYƐ ADWUMA

16. Yɛbɛyɛ dɛn abɛyɛ Yehowa adamfo na yɛasan ayɛ ne ‘yɔnko dwumayɛni’?

16 Sɛ wo ne obi bom yɛ adwuma a, mutumi bɔ paa. Sɛ obi hyira ne ho so ma Yehowa a, na wabɛyɛ n’adamfo nanso ɛnso hɔ ara. Mmom ɔsan bɛyɛ ne ‘yɔnko dwumayɛni.’ (Monkenkan 1 Korintofo 3:9.) Nokwasɛm ne sɛ bere a yɛreyɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no nyinaa na yɛrehu yɛn soro Agya no su ahorow yiye. Afei nso ɛma yehu paa sɛ ne honhom kronkron bɔ yɛn kyidɔm ma yɛka asɛmpa no.

17. Ɔkwan bɛn so na nea yesua wɔ nhyiam akɛse ne nketewa ase no ma yehu sɛ Yehowa yɛ yɛn Adamfo?

17 Da biara a yɛbɛkɔ asɛnka no, na Yehowa ara na yɛrebɛn no no. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma na atamfo sɔre tia yɛn a, yehu sɛnea Yehowa siw wɔn kwan. Ade foforo nso a ɛka yɛn bɛn Yehowa ne yɛn nhyiam akɛse. Wo deɛ bu kɔmpɔ hwɛ w’akyi. Wunhui sɛ Onyankopɔn na ɔrekyerɛ yɛn kwan? Sɛ yɛhwɛ honhom fam aduan a yɛn nsa ka bere nyinaa a, ɛyɛ nwonwa sɛ! Sɛ yɛhwɛ nneɛma a yesua wɔ nhyiam akɛse ne nketewa ase a, ɛkyerɛ paa sɛ yɛn soro Agya no nim yɛn haw ne yɛn ahiasɛm. Bere a abusua bi kɔɔ ɔmantam nhyiam bi wiei no, nhyiam no kaa wɔn ma wɔkyerɛwee sɛ: “Asɛm no awurawura yɛn komam, na yɛahu paa sɛ Yehowa dɔ yɛn mu biara na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye.” Awarefo bi a wofi Germany kɔɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ Ireland. Bere a wowiee nhyiam no, wɔdaa anuanom ase sɛ wogyee wɔn fɛw so na wɔhwɛɛ wɔn kama, na wɔkae sɛ: “Aseda piesie no deɛ yɛde ma Yehowa ne ne Hene Yesu Kristo. Wɔn na wɔato nsa afrɛ yɛn ma yɛabɛka ɔman bi ho, ɔman a ɔdɔ ne biakoyɛ wom ankasa. Ɛnyɛ yɛn ano kɛkɛ na yɛde reka, na mmom da biara yehu ampa sɛ yɛyɛ biako. Yɛn ani so ade a yehui wɔ Dublin nhyiam no ase deɛ, yɛn werɛ remfi da. Nokwasɛm ni,  ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛne mo nyinaa abom resom yɛn Nyankopɔn kɛse no.”

NNAMFO BƆ NKƆMMƆ

18. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea yɛne Yehowa nkɔmmɔbɔ te a, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

18 Sɛ nnipa bi fa adamfo na wogye bere bɔ nkɔmmɔ a, ɛhyɛ wɔn ayɔnkofa no mu den. Ɛnnɛ nea aba so ne Intanɛt ne telefon so nkɔmmɔbɔ. Nanso sɛ yɛde eyi toto yɛne yɛn Adamfo Yehowa nkɔmmɔbɔ ho a, ɛte sɛn? Ɔno ne “mpaebɔ Tiefo.” (Dw. 65:2) Enti yemmisa sɛ, ‘Mpɛn ahe na yegye bere ne no kasa?’

19. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebebue yɛn komam ne yɛn soro Agya no akasa a, mmoa bɛn na yɛwɔ?

19 Onyankopɔn asomfo bi wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobehwie wɔn komam asɛm agu n’anim. Nanso yɛbɔ mpae a, saa na Yehowa pɛ sɛ yɛne no kasa. (Dw. 119:145; Kwa. 3:41) Sɛ asɛm bi hyɛ yɛn so na yenhu sɛnea yɛnka ho asɛm nkyerɛ Yehowa mpo a, mmoa bi wɔ hɔ. Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Roma sɛ: “Nea ehia sɛ yɛbɔ ho mpae sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, yennim, nanso honhom no ara srɛ ma yɛn, apini a empue ho. Nanso nea ɔhwehwɛ koma mu no te honhom no ase, efisɛ ɛsrɛ ma akronkronfo sɛnea Onyankopɔn pɛ.” (Rom. 8:26, 27) Sɛ yɛkenkan nsɛm a ɛwɔ Hiob, Nnwom, ne Mmebusɛm nhoma no mu na yedwinnwen ho a, ɛbɛma yɛahu sɛnea yebebue yɛn komam akyerɛ Yehowa.

20, 21. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Paulo de ma yɛn wɔ Filipifo 4:6, 7?

20 Sɛ tebea bi a ɛyɛ den pem yɛn a, yɛnkae afotu a Paulo de maa Filipifo no. Ɔkae sɛ: “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.” Sɛ yebue yɛn komam saa ne yɛn Adamfo Yehowa kasa a, yenya awerɛkyekye na ɛma yɛn ho tɔ yɛn fɔmm. Paulo toaa so sɛ: “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filip. 4:6, 7) Momma yɛnna Onyankopɔn ase daa sɛ wama yɛn asomdwoe a ɛbɔ yɛn koma ne yɛn adwene ho ban.

Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ hyɛ yɛne Onyankopɔn adamfofa mu den? (Hwɛ nkyekyɛm 21)

21 Yɛbɔ Yehowa mpae a, ɛka yɛn fam ne ho denneennen. Enti ‘mommma yennnyae mpaebɔ da.’ (1 Tes. 5:17) Momma nea yɛasua yi nhyɛ yɛne Onyankopɔn adamfofa mu kena na yensi yɛn bo sɛ yebedi n’ahyɛde nyinaa so. Na momma yennye bere nhwɛ nhyira ara a yɛanya sɛ Yehowa ne yɛn Agya, yɛn Nyankopɔn, ne yɛn Adamfo.