Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Nkwakoraa ne Mmerewa Ni

Di Nkwakoraa ne Mmerewa Ni

“Di akwakoraa ni.”LEV. 19:32.

1. Tebea bɛn na adesamma wom nnɛ?

YEHOWA ammɔ nnipa sɛ wonyinyin mmobɔ nkwakoraa ne mmerewa na wonhu amane. Mmom na n’adwene ne sɛ anka nnipa benya apɔwmuden atena Paradise. Nanso seesei “abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane.” (Rom. 8:22) Sɛ Onyankopɔn hwɛ amanehunu a bɔne dɛɛfoɔ de aba nnipa so a, ɔte nka sɛn? Ɛnnɛ nkwakoraa ne mmerewa pii wɔ hɔ a obiara mfii wɔn, nanso saa bere yi na wohia nnipa wɔ wɔn nkyɛn.Dw. 39:5; 2 Tim. 3:3.

2. Adɛn nti na ɛyɛ Kristofo dɛ sɛ nkwakoraa ne mmerewa wɔ wɔn asafo mu?

2 Ɛyɛ Yehowa asomfo dɛ sɛ wɔwɔ nkwakoraa ne mmerewa wɔ asafo no mu. Yensi wɔn fam koraa, efisɛ wɔde wɔn nyansa boa yɛn na wɔde wɔn gyidi bɔ yɛn kyidɔm. Yɛn mu pii wɔ nkwakoraa ne mmerewa wɔ yɛn fie. Sɛ yɛwɔ abusuafo a wɔanyinyin oo, sɛ yenni bi oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma yɛn ani ku yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim yi ho. (Gal. 6:10; 1 Pet. 1:22) Momma yɛnhwɛ adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nkwakoraa ne mmerewa ho. Afei nso yɛnhwɛ nea ɛsɛ sɛ abusuafo ne asafo no yɛ ma yɛn nuanom adɔfo yi.

 “NTOW ME NKYENE”

3, 4. (a) Asɛm bɛn na odwontofo a ɔkyerɛw Dwom 71 no de too Yehowa anim? (b) Dɛn na nkwakoraa ne mmerewa a wɔwɔ asafo no mu betumi asrɛ Onyankopɔn?

3 Odwontofo a ɔkyerɛw Dwom 71:9 no srɛɛ Yehowa sɛ: “Ntow me nkyene me nkwakoraabere mu; bere a m’ahoɔden so ahuan no, nnyaw me.” Sɛ yɛhwɛ dwom no a, yebetumi aka sɛ ɛyɛ Dwom 70 ntoaso. Dwom 70 atifi asɛm no ka sɛ ɛyɛ “Dawid dwom.” Enti ɛbɛyɛ sɛ Dawid na ɔkyerɛw asɛm a ɛwɔ Dwom 71:9 no. Dawid som Yehowa fii ne mmeranteberem kosii ne nkwakoraaberem, na Yehowa de no yɛɛ nneɛma akɛse pii. (1 Sam. 17:33-37, 50; 1 Ahe. 2:1-3, 10) Nanso Dawid kɔɔ so ara srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no.Monkenkan Dwom 71:17, 18.

4 Ɛnnɛ nnipa pii te sɛ Dawid. Ɛwom, wɔrenyinyin na “nna bɔne” no de mmirika rehyia wɔn, nanso wɔyɛ nea wobetumi biara de yi Onyankopɔn ayɛ. (Ɔsɛnk. 12:1-7) Ebia wɔn mu bebree ntumi nyɛ nneɛma a kan na wotumi yɛ no. Asɛnka adwuma no mpo, wontumi nyɛ pii. Wobetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn na ɔnhwɛ wɔn sɛnea Dawid yɛe no. Yɛpɛ sɛ yɛn nuanom anokwafo yi nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn betie wɔn mpaebɔ. Anyɛ hwee koraa no, Yehowa na ɔde honhom kaa Dawid ma ɔkyerɛw nsɛm a yɛn nuanom yi taa bɔ ho mpae no.

5. Sɛn na Yehowa hu nkwakoraa ne mmerewa a wɔsom no no?

5 Kyerɛwnsɛm no ma yehu pefee sɛ Yehowa ani sɔ nkwakoraa ne mmerewa a wɔde animia resom no no, na ɔpɛ sɛ n’asomfo di saafo no ni. (Dw. 22:24-26; Mmeb. 16:31; 20:29) Leviticus 19:32 ka sɛ: “Sɔre wɔ dwen anim, na di akwakoraa ni, na suro wo Nyankopɔn. Mene Yehowa.” Bere a wɔkyerɛw saa asɛm no, na asafo no asɛde titiriw biako ne sɛ wobedi nkwakoraa ne mmerewa ni, na saa ara na ɛte nnɛ nso. Nanso henanom na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa?

ABUSUA NO ASƐDE

6. Ɛsa bɛn na Yesu twaa too hɔ maa yɛn?

6 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Di wo papa ne wo maame ni.” (Ex. 20:12; Efe. 6:2) Yesu ma yehu sɛ ahyɛde yi ho hia paa. Ɔkaa Farisifo ne akyerɛwfo a na wɔmpɛ sɛ wɔhwɛ wɔn awofo no anim. (Mar. 7:5, 10-13) Yesu ankasa twaa ɛsa bi too hɔ maa yɛn. Bere a ɔsɛn dua so no, ɔdaa no adi sɛ ne maame asɛm hia no paa. Saa bere no ɛbɛyɛ sɛ na ne maame yɛ okunafo, na ɔde no hyɛɛ n’adamfo ne ne suani Yohane nsa.Yoh. 19:26, 27.

7. (a) Dɛn na ɔsomafo Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ mmusua yɛ? (b) Dɛn na ɛmaa Paulo kaa saa asɛm no?

7 Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ wɔn ankasa mmusua. (Monkenkan 1 Timoteo 5:4, 8, 16.) Dɛn na ɛmaa Paulo kaa saa asɛm yi? Na ɔrekyerɛ wɔn a asafo no betumi ayi sika aboa wɔn. Ɔkae sɛ ɛyɛ mma, mmanana ne abusuafo foforo a wɔwɔ asafo no mu titiriw asɛde sɛ wɔhwɛ akunafo a wɔn mfe akɔ anim. Sɛ ɛba saa a, eyi remma wɔmmɛyɛ adesoa nto asafo no so. Ɛnnɛ nso, ɔkwan biako a Kristofo da “onyamesom pa” adi ne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn abusuafo a wohia mmoa.

8. Adɛn nti na Bible anhyɛ da ankyerɛ ɔkwan pɔtee a obi bɛfa so ahwɛ n’awofo a wɔanyinyin?

8 Sɛ yetwa no tiaa a, ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔhwɛ wɔn awofo. Ɛwom, na Paulo reka abusuafo a wɔyɛ gyidifo ho asɛm, nanso sɛ yɛn awofo nni asafo no mu mpo a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu wɔn  so. Ɛsono abusua biara ne emu asɛm; enti nea ebia asomasi bɛyɛ wɔ n’abusua mu no, ɛnyɛ saa na ɔbenten bɛyɛ wɔ n’abusua mu. Ɛsono obiara akwahosan ne n’ahiade ne ne su. Nkwakoraa ne mmerewa bi wɔ hɔ a, wɔwɔ mma pii; ebinom nso ebia biako bi. Aman bi so no, aban no boa wɔn; baabi nso wɔ hɔ a biribi saa nni hɔ. Bio, nkwakoraa ne mmerewa no mpo, ɛsono nea obiara pɛ. Enti abusua biara ne kwan a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn nkwakoraa ne wɔn mmerewa, na ɛnyɛ papa sɛ yɛkasa ho. Sɛ obi si gyinae a ɛne Bible hyia a, Yehowa behyira no. Saa na ɔyɛ maa ne nkurɔfo wɔ tete mmere no mu, fi Mose bere so tɔnn.Num. 11:23.

9-11. (a) Tebea dennen bɛn na ebia ebinom behyia? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no pere wɔn ho gyae adwuma no kɔhwɛ fie? Ma nhwɛso.

9 Sɛ mma nte mmɛn wɔn awofo a, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wɔde mmoa a ɛsɛ bɛma wɔn. Sɛ awofo no bi hwe ase pira anaa biribi si mpofirim a, ebehia sɛ wɔn mma yɛ ntɛm kɔsra wɔn. Afei bere ne bere mu no, ebia wobehia mmoa bi. Ebetumi ayɛ bere tiaa mu anaa ebegye bere tenten. *

10 Wɔn a tebea no betumi ayɛ den ama wɔn paa ne bere nyinaa asomfo a asafo no de wɔn kɔ aman foforo so anaa wɔnte mmɛn wɔn awofo no. Anuanom asɛmpatrɛwfo ne ahwɛfo akwantufo ne wɔn a wɔresom wɔ Betel no bu hokwan a wɔanya no sɛ biribi a ɛsom bo paa. Nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ nhyira a efi Yehowa hɔ. Nanso sɛ wɔn awofo yare a, ebia nea ɛbɛba wɔn tirim prɛko pɛ ne sɛ, ‘Nea ayɛ yi deɛ ɛsɛ sɛ yegyae adwuma no na yɛsan kɔ fie kɔhwɛ yɛn awofo.’ Nanso nyansa wom sɛ wɔbɔ asɛm no ho mpae na wosusuw ho hwɛ sɛ nea wɔn awofo hia paa ne sɛ wobegyae adwuma a wɔreyɛ no anaa. Ɛnsɛ sɛ obiara pere ne ho gyae adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no. Nokwasɛm ne sɛ ɛtɔ da a enhia mpo sɛ obi si saa gyinae no. Yemmisa sɛ, ‘Ɛyɛ yare a aba atenaseɛ anaa ɛyɛ bere tiaa bi? Awofo no asafo mufo betumi aboa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mma betumi akɔ so asom?’Mmeb. 21:5.

11 Wo deɛ yɛnhwɛ anuafoɔ baanu bi a wofii fie kɔsom wɔ akyirikyiri baabi. Ná obiako yɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ South America, ɛnna ɔfoforo no nso som wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York. Ná wɔn awofo anyinyin, na na ehia sɛ obi boa wɔn. Mmarima yi ne wɔn yerenom kɔsraa wɔn awofo wɔ Japan hwɛɛ nea wohia. Akyiri yi nea ɔresom wɔ South America no ne ne yere susuw ho sɛ wobegyae wɔn adwuma no akɔ fie akɔhwɛ awofo no. Nanso na mpanyimfo a wɔne awofo no wɔ asafo mu no asusuw asɛm no ho, na wɔn yam a anka asɛmpatrɛwfo no atoa wɔn adwuma no so. Enti mpanyimfo no frɛɛ onua no ne ne yere wɔ telefon so ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn ani sɔ adwuma a wɔreyɛ no, enti ɛbɛyɛ yiye a wɔntoa so na mpanyimfo no bɛyɛ nea wobetumi biara aboa wɔn awofo no. Abusuafo no nyinaa ani gyei sɛ mpanyimfo no ayi wɔn dɔ adi saa.

12. Sɛ Kristofo pɛ sɛ wohu ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn nkwakoraa ne wɔn mmerewa a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem?

12 Gyinae biara a Kristofo besi sɛ wɔbɛhwɛ wɔn awofo a wɔabɔ nkwakoraa anaa mmerewa no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ ɛbɛhyɛ Yehowa din anuonyam. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ Yesu bere so no. (Mat.  15:3-6) Yɛpɛ sɛ gyinae biara a yebesi no hyɛ Onyankopɔn anuonyam na nnipa bɔ asafo no din pa.2 Kor. 6:3.

ASAFO NO ASƐDE

13, 14. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ asafo no ani ku anuanom nkwakoraa ne mmerewa ho?

13 Ɛnyɛ obiara na obetumi aboa bere nyinaa asomfo sɛnea asafo a yɛkaa wɔn ho asɛm no yɛe no. Nanso asɛm bi a esii wɔ asomafo no bere so ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ asafo no nso hwɛ nea wobetumi ayɛ aboa yɛn nuanom anokwafo a wɔn mfe akɔ anim. Bible ka sɛ anuanom a wɔwɔ Yerusalem asafo mu no “mu biara nni hɔ a na biribi hia no.” Eyi nkyerɛ sɛ na wɔn nyinaa di yiye. Ná wɔn mu bi nni ahode pii, nanso ‘wɔkyekyɛɛ nneɛma sɛnea obiara ahiade te.’ (Aso. 4:34, 35) Akyiri yi asɛm bi sii asafo no mu. Na ‘wɔabu wɔn ani agu akunafo bi so wɔ aduan a wɔkyekyɛ no daa no mu.’ Enti asomafo no paw mmarima bi sɛ wɔnhwɛ sɛ akunafo no benya nea wohia. (Aso. 6:1-5) Wɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi de boaa wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristofo Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Saafo no pii tenaa Yerusalem kakra na ama wɔn ase atim wɔ gyidi no mu. Enti na aduan kyekyɛ no yɛ bere tiaa mu nhyehyɛe bi, nanso nea asomafo no yɛe no ma yehu sɛ asafo no betumi ayɛ nhyehyɛe de aboa anuanom a wɔakɔ ahokyere mu.

14 Sɛnea yɛaka dedaw no, Paulo kyerɛɛ Timoteo tebea a ɛbɛma akunafo anya mmoa afi asafo no hɔ. (1 Tim. 5:3-16) Honhom kaa Yakobo nso ma ɔkyerɛw sɛ ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔhwɛ nnyanka ne akunafo ne afoforo a ade ahia wɔn. (Yak. 1:27; 2:15-17) Ɔsomafo Yohane nso kae sɛ: “Obiara a ɔwɔ wiase asetenade na ohu sɛ ahia ne nua na onhu no mmɔbɔ no, Onyankopɔn dɔ te ne mu dɛn?” (1 Yoh. 3:17) Sɛ ɛyɛ anuanom ankorankoro asɛde sɛ wɔboa wɔn a ahia wɔn a, ɛnde asafo mũ no nyinaa nso ɛ? Ɛnyɛ asafo no nso asɛde sɛ wɔboa saafo no anaa?

Asiane bi si a, dɛn na asafo no bɛyɛ aboa? (Hwɛ nkyekyɛm 15, 16)

15. Dɛn na ɛbɛkyerɛ mmoa a anuanom nkwakoraa ne mmerewa behia?

15 Wokɔ aman bi so a, aban no ma nkwakoraa ne mmerewa pɛnhyen sika ne nneɛma foforo a ɛbɛboa wɔn. (Rom. 13:6) Nanso mmeae bi wɔ hɔ a, nhyehyɛe a ɛte saa nni hɔ. Enti ɛsono baabiara ne mmoa a ebehia sɛ abusuafo ne asafo no de ma anuanom nkwakoraa ne mmerewa yi. Sɛ Kristofo nte mmɛn wɔn awofo a, ɛnyɛ biribiara na ebia wobetumi ayɛ aboa awofo no. Ɛsɛ sɛ wɔne mpanyimfo a wɔwɔ wɔn  awofo asafo mu di nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu tebea a abusua no wom. Ebia nhyehyɛe bi wɔ hɔ a aban no de boa nkwakoraa ne mmerewa. Sɛ saa a, mpanyimfo no betumi awurawura mu ahu. Bio nso mpanyimfo no behu nneɛma bi a ɛho behia sɛ wɔbɔ mma no amanneɛ na wɔahu nea wɔbɛyɛ. Ebia wobehu sɛ nkrataa bi wɔ hɔ a awofo no ntew ano anaa nnuru bi wɔ hɔ a wɔnnomee. Sɛ mma no ne mpanyimfo no di nkitaho saa a, wobetumi asiw tebea bɔne bi ano na annye nsam. Sɛ nnipa bi bɛn awofo no saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea mma no “ani” biako wɔ hɔ, na eyi betumi atew abusua no adwennwene so.

16. Dɛn na anuanom bi yɛ de boa nkwakoraa ne mmerewa wɔ asafo no mu?

16 Asafo no mufo bi kyerɛ wɔn dɔ paa. Wotu wɔn ho ma boa yɛn nuanom nkwakoraa ne mmerewa sɛnea wobetumi biara. Nokwasɛm ne sɛ wɔntoto wɔn ase koraa. Baabi wɔ hɔ nso a asafo no mufo ayɛ nhyehyɛe bi a wɔde hwɛ anuanom nkwakoraa ne mmerewa: Ebinom kɔhwɛ wɔn kakra, na afoforo nso akɔhwɛ wɔn kakra. Ebia saa anuanom yi ahu sɛ wɔn tebea remma wontumi nyɛ bere nyinaa som adwuma no bi, enti wɔyɛ nea wobetumi biara de boa anuanom nkwakoraa ne mmerewa yi na ama wɔn mma atumi akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Eyi yɛ adwempa paa. Nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mma no pɛ wɔn baabi tena; ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nea wobetumi ayɛ de aboa wɔn awofo.

FA W’ANOM ASƐM HYƐ NKWAKORAA NE MMEREWA NKURAN

17, 18. Dɛn na ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama ebinom sɛ wɔbɛhwɛ nkwakoraa ne mmerewa?

17 Anuanom a wɔanyinyin ne wɔn a wɔhwɛ wɔn no nyinaa betumi ama tebea no ayɛ anika. Ɛtɔ da a onyin nti ebinom abam bebu ma wɔn adwene atu afra mpo. Ɛba saa a, bɔ mmɔden sɛ wubedi wɔn ni na woahyɛ wɔn nkuran. Morebɔ nkɔmmɔ a, momma ɛnyɛ anika. Yɛn nuanom adɔfo yi mu bebree de mfe pii asom Yehowa, enti ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn. Yehowa werɛ mfii nea wɔatumi ayɛ wɔ ne som mu. Yɛn nso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi.Monkenkan Malaki 3:16; Hebrifo 6:10.

18 Sɛ nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn a wɔhwɛ wɔn no de nsɛm bi yɛ serew a, ɛremma wɔn ani ntan. (Ɔsɛnk. 3:1, 4) Nkwakoraa ne mmerewa pii mpɛ sɛ wɔbɛyɛ adesoa ama afoforo. Wonim nokwasɛm yi: Sɛ afoforo bɛba wɔn nkyɛn oo, wɔremma oo, egyina wɔn so. Wɔn a wonya kwan kɔsra nkwakoraa ne mmerewa no taa ka sɛ, “Meyɛe sɛ merekɔhyɛ akora ne aberewa nkuran, nanso ewiee ase no wɔn mmom na wɔhyɛɛ me nkuran.”Mmeb. 15:13; 17:22.

19. Dɛn na ebetumi aboa mpanyin ne mmofra nyinaa ma wɔatintim wɔ ahohia bere mu?

19 Nea Onyankopɔn asomfo rehwɛ kwan denneennen ne sɛ bere bi bɛba ma mpanyinyɛ ne ɔhaw a sintɔ de aba nyinaa afi hɔ. Bere a yɛretwɛn saa da no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛn ani si biribi a ɛbɛtena hɔ daa so. Yɛwɔ gyidi wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ mu, na eyi ayɛ sɛ sɛkyɛ a ɛboa yɛn wɔ yɛn ahohia mu. Yɛn gyidi nti “yɛmpa abaw, na sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so no resɛe mpo a, sɛnea yɛte wɔ yɛn mu no de, ɛyɛ foforo da biara da.” (2 Kor. 4:16-18; Heb. 6:18, 19) Ɛnde, dɛn bio na ɛbɛboa ma yɛatumi ahwɛ wɔn a wɔanyinyin? Yebesusuw nyansahyɛ ahorow bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

^ nky. 9 Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu nneɛma bi a nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn mma betumi ayɛ.