Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

W’anom Asɛm—‘Ɛyɛ Yiw San Yɛ Dabi’?

W’anom Asɛm—‘Ɛyɛ Yiw San Yɛ Dabi’?

Wo de, yɛnhwɛ asɛm yi: Asafo mu panyin bi a ɔyɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw muni ne onua aberantewa bi hyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ asɛnka Kwasida anɔpa. Saa anɔpa no ara na onua bi frɛɛ ɔpanyin no wɔ telefon so sɛ ne yere anya kar akwanhyia ma wɔde no akɔto ayaresabea. Onua no ka kyerɛɛ ɔpanyin no sɛ ɔmmoa no mma onnya dɔkota a ɔbɛhwɛ no a ɔremma no mogya. Ná ɛyɛ owuo asɛm, enti ɔpanyin no twaa ɔne aberante no nhyehyɛe no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔboa abusua a wɔn ho aka no.

Hwɛ tebea yi nso: Ɛna bi a ɔyɛ ɔbaatankoro wɔ mmofra baanu. Awarefo bi a ɔne wɔn wɔ asafo mu too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra wɔn fie anwummere bi na wonnidi wɔn ho nkɔmmɔ. Bere a maame no bɔɔ ne mma no amanneɛ no, ɛyɛɛ wɔn dɛ papa. Enti wɔn yam a anka saa da no adu. Nanso ade rebɛkye ma wɔakɔ no, awarefo no ka kyerɛɛ maame no sɛ biribi abɛbom enti ɛremma so. Akyiri yi maame no huu nea enti a awarefo no twaa nhyehyɛe no mu. Sɛɛ bere a awarefo no too nsa frɛɛ wɔn no, awarefo no nnamfo bi nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ saa anwummere no ara wɔmmra wɔn fie.

Kristofo de, yɛka asɛm biara a ɛsɛ sɛ yedi so. Ɛnsɛ sɛ yɛka “yiw” nnɛ, ɔkyena na adan “dabi.” (2 Kor. 1:18) Nanso nhwɛso abien a yɛaka ho asɛm no ma yehu sɛ tebea biara ne n’asɛm. Ɛtɔ da a yebetumi ne obi ayɛ nhyehyɛe bi, nanso wobɛhwɛ na biribi abɛbom prɛko pɛ a woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Enti twa ara na etwa sɛ wotwam. Biribi saa too ɔsomafo Paulo.

WƆBƆƆ PAULO SOBO SƐ ONSI PI

Afe 55 Y.B. mu no, na Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa de no akopue Efeso. Ɔwɔ hɔ no, ɔyɛe sɛ obetwa Aegean Po no akɔ Korinto na wafi hɔ akɔ Makedonia. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔresan aba Yerusalem a, ɔbɛsan akɔsra Korinto asafo no. Ebia na ɔrefa hɔ akogye akyɛde akɔma anuanom wɔ Yerusalem. (1 Kor. 16:3) Yehu eyi wɔ 2 Korintofo 1:15, 16. Paulo kae wɔ hɔ sɛ: “Ahotoso yi na na mewɔ bere a mebɔɔ me tirim sɛ anka mɛba mo nkyɛn no, na moanya anigye ne mprenu so, na misi mo nkyɛn a mafa so akɔ Makedonia, na mafi Makedonia asan aba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan kakra ama makɔ Yudea.”

Ɛbɛyɛ sɛ na Paulo adi kan akyerɛw Korintofo no aka n’akwantu ho nhyehyɛe akyerɛ wɔn. (1 Kor. 5:9) Nanso bere a ɔkyerɛw  saa krataa no, ankyɛ na Kloe fiefo yii no asotiw sɛ akasakasa denneennen asɔre wɔ asafo no mu. (1 Kor. 1:10, 11) Enti Paulo yɛe sɛ ɔbɛsesa ne nhyehyɛe, na ɛno akyi no ɔkyerɛw Korintofo Nhoma a Edi Kan no. Paulo de afotu ne nteɛso maa wɔn te sɛ nea agya bi ne ne mma rekasa. Ɔsan nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ wasesa n’akwantu nhyehyɛe; obedi kan akɔ Makedonia ansa na waba Korinto.1 Kor. 16:5, 6. *

Ɛbɛyɛ sɛ bere a anuanom a wɔwɔ Korinto nsa kaa Paulo krataa no, ebinom a wɔayɛ wɔn ho “asomafo ahotefo” wɔ asafo no mu bɔɔ Paulo sobo sɛ onsi pi, ɔka asɛm a onni so. Paulo nso yii wɔn ano sɛ: “Bere a mebɔɔ me tirim saa no, so mede nsɛm dii agoru? Anaasɛ me tirim a mebɔ no, mebɔ no honam mu, na ama m’asɛm ayɛ ‘Yiw, Yiw’ ne ‘Dabi, Dabi’?”2 Kor. 1:17; 11:5.

Yɛhwɛ Paulo asɛm yi a, yebetumi aka paa sɛ na ɔde ‘nsɛm redi agoru’ anaa? Dabida! Sɛ yɛka sɛ obi de ‘asɛm di agoru’ a, nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ onsi pi, yɛmfa n’asɛm nyɛ asɛm, efisɛ ɔka asɛm a onni so. Paulo bisaa wɔn sɛ, “me tirim a mebɔ no, mebɔ no honam mu?” Anka ɛsɛ sɛ saa asɛm no ma Kristofo a wɔwɔ Korinto no hu sɛ Paulo nyɛ obi a ɔka asɛm nnɛ, ɔkyena na wasesa n’ano. Enti wansesa ne nhyehyɛe no kɛkɛ.

Paulo ma wohui sɛ sobo no nni nnyinaso biara. Ɔkyerɛw sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo ma enti yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no, yɛnka Yiw nka Dabi.” (2 Kor. 1:18) Nokwasɛm ne sɛ, anuanom a wɔwɔ Korinto no ara yiyedi nti na Paulo sesaa n’akwantu nhyehyɛe no. Paulo kae wɔ 2 Korintofo 1:23 sɛ “nea ɛbɛyɛ a mo werɛ renhow pii nti na minnya mmaa Korinto no.” Nea ɛwom ne sɛ na ɔpɛ sɛ wonya kwan toto nneɛma yiye ansa na watu ne nan asi hɔ. Bere a Paulo wɔ Makedonia no, Tito bɔɔ no amanneɛ sɛ ne krataa no kaa anuanom koma paa ma wɔanu wɔn ho ayɛ nsakrae fɛfɛɛfɛ. Eyi ara na na Paulo rehwɛ kwan, enti ɛmaa n’ani gyei paa.2 Kor. 6:11; 7:5-7.

YƐKA “AMEN” KYERƐ ONYANKOPƆN

Sɛ yɛhwɛ sobo a asomafo atorofo no bɔɔ Paulo a, nea wɔrekyerɛ ara ne sɛ ɔyɛ obi a onni n’asɛm so. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na n’asɛnka adwuma no nso nyɛ nokware. Nanso Paulo kaee Korintofo no sɛ waka Yesu Kristo ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn Ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo, kaa ne ho asɛm mo mu no ammɛyɛ Yiw ne Dabi, na mmom Yiw abɛyɛ Yiw wɔ ne fam.” (2 Kor. 1:19) Ná Yesu Kristo a Paulo di n’anammɔn akyi no asɛm nyɛ nokware anaa? Yɛrentumi nka saa. Yesu asetenam ne ne som adwuma mu nyinaa, ɔkaa nokware; wɔanhu nkontomposɛm biara wɔ n’anom. (Yoh. 14:6; 18:37) Ná Yesu nkyerɛkyerɛ yɛ nokware turodoo, na ɛno ara bi nso na Paulo kyerɛkyerɛe. Sɛ saa a, ɛnde na Paulo asɛnka no yɛ nokware.

Nokwasɛm ne sɛ Yehowa ne “nokware Nyankopɔn” no. (Dw. 31:5) Paulo foaa saa asɛm no so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn bɔhyɛ dodow nyinaa nam [Kristo] so ayɛ Yiw.” Bere a Yesu wɔ asase so no, odii nokware wɔ biribiara mu. Eyi si so dua pɔ sɛ Yehowa bɔhyɛ biara bɛbam. Paulo toaa so sɛ: “Ɛnam [Yesu] so na yɛka ‘Amen’ kyerɛ Onyankopɔn de hyɛ no anuonyam.” (2 Kor. 1:20) Yesu ne “Amen,” kyerɛ sɛ ɔno na ɔma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn bɔhyɛ biara bɛbam.

Yehowa ne Yesu ka nokware bere nyinaa, na Paulo suasuaa wɔn, enti na odi n’asɛm so. (2 Kor. 1:19) Ná ɔnyɛ obi a ɔde asɛm di agoru. Enti yɛbɛka a, na ɔnhyɛ  bɔ “honam mu.” (2 Kor. 1:17) Mmom na ‘ɔnantew honhom mu.’ (Gal. 5:16) Ɔne afoforo redi nsɛm a, na osusuw wɔn ho yiye. Anokwa, na ne Yiw yɛ Yiw!

WO YIW YƐ YIW ANAA?

Nnipa a wɔmfa Bible mmɔ wɔn bra deɛ wɔhyɛ bɔ a, nea ehia ara ne sɛ wɔanya baabi a ɛhɔ yɛ dɛ anaa asɛm ketewaa bi asi na wɔabu bɔhyɛ no so. Ɛnnɛ nkurɔfo yɛ adwuma ho nhyehyɛe a, wonni so. Wɔkyerɛw adwuma no ho nhyehyɛe to hɔ koraa a, ɛnka huu mma wɔn. Aware mpo anya ne deɛ. Nkurɔfo mmu aware sɛ nnipa baanu ntam apam a ɛsɛ sɛ wodi so afebɔɔ. Ɛnnɛ, nnipa gyae aware sɛ biribi. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ nnipa pii bu aware sɛ biribi a yɛka hwɛ kɛkɛ; sɛ ɛnyɛ wo dɛ a na woapɛ wo baabi atena.2 Tim. 3:1, 2.

Wo nso ɛ? Wo Yiw yɛ Yiw anaa? Sɛnea yɛkae mfiase no, ɛtɔ da a na yɛne obi ayɛ nhyehyɛe bi, nanso wobɛhwɛ na biribi abɛbɔ mu prɛko pɛ, enti twa ara na ɛsɛ sɛ yetwa nhyehyɛe no mu. Ɛnyɛ sɛ nhyehyɛe no nhia wo, na mmom tebea no na worentumi nyɛ ho hwee. Nanso eyi nkyerɛ sɛ, sɛ Kristoni hyɛ obi bɔ a, ɛsɛ sɛ obu no adewa. Mmom ɔbɛyɛ nea obetumi biara adi so. (Dw. 15:4; Mat. 5:37) Obi yɛ saa a, nkurɔfo bu no sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, obi a wobetumi de wɔn werɛ ahyɛ ne mu. (Efe. 4:15, 25; Yak. 5:12) Sɛ nkurɔfo hu sɛ wudi nokware wɔ nneɛma nketenkete mpo mu a, ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛyɛ aso atie wo bere a woreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ wɔn no. Ɛnde, momma yɛn nyinaa nhwɛ sɛ yɛn Yiw yɛ Yiw ampa!

^ nky. 7 Ampa-ne-ampa ara bere a Paulo kyerɛw Korintofo Nhoma a Edi Kan no, ankyɛ na ɔfaa Troa kɔɔ Makedonia. Ɛhɔ na ɔkyerɛw Korintofo Nhoma a Ɛto So Abien no. (2 Kor. 2:12; 7:5) Ɛno akyi no, ɔkɔɔ Korinto.