Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yɛbɛyɛ De Ahwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa

Nea Yɛbɛyɛ De Ahwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa

“Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.”1 YOH. 3:18.

1, 2. (a) Nsɛnnennen bɛn na mmusua pii hyia, na nsɛm bɛn na wobetumi abisa? (b) Ɔkwan bɛn so na awofo ne wɔn mma betumi ayɛ nhyehyɛe ama nsɛnnennen a ebetumi asɔre daakye?

SƐ WOHWƐ paa sɛ w’awofo a kan na wosi pi si ta te hɔ a nnɛ wontumi nyɛ hwee a, ɛyɛ yaw paa. Ɛtɔ da a wobɛte na wo papa anaa wo maame ahwe ase ma ne nan mu abu anaa wapue abɔnten a onnim baabi a ɔnam mpo. Wobɛhwɛ mpo na yare dennen bi abɛtena ne so. Nkwakoraa ne mmerewa ankasa nso wɔ wɔn haw. Ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobegye atom sɛ nneɛma asesa enti wɔrentumi nyɛ nea kan na wɔyɛ no. (Hiob 14:1) Dɛn na yebetumi ayɛ aboa wɔn? Nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ hɔ a yebetumi afa so ahwɛ wɔn?

2 Nhoma bi a ɛkyerɛ sɛnea wɔhwɛ mpanyimfo kae sɛ: “Onyin ho asɛm yɛ asɛm a ne ka yɛ ka na, nanso sɛ abusua no di kan susuw ho na wohu nea wobetumi ayɛ a, ɛremma wɔn ani so ntan wɔn bere a tebea no mu ayɛ den.” Ehia sɛ abusuafo hyia susuw nsɛm a ɛte saa ho efisɛ yɛpɛ oo, yɛmpɛ oo, onyin ne emu nsɛnnennen deɛ, yɛrentumi nkwati. Ɛnde, momma yɛnhwɛ sɛnea abusuafo betumi abom asusuw nsɛm a ɛte saa ho.

 MUNSIESIE MO HO MMA “NNA BƆNE NO”

3. Sɛ ɛba sɛ awofo a wɔanyinyin hia mmoa a, dɛn na abusua no betumi ayɛ? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Bere bi bɛba a mpanyimfo rentumi nyɛ hwee mma wɔn ho bio. Ɛba saa a obi na ɔbɛboa wɔn. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:1-7.) Sɛ edu baabi na awofo ntumi nyɛ hwee a, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn mma susuw ho hwɛ nea wɔbɛyɛ wɔ tebea no ho. Ɛyɛ papa sɛ abusua no nyinaa hyia hwɛ mmoa a awofo yi behia ne nea obiara betumi ayɛ de aboa. Wohyia saa a, ɛsɛ sɛ obiara tumi kyerɛ n’adwene. Ehia sɛ awofo no tumi kyerɛ nea wɔpɛ. Ebia wobehu sɛ, sɛ wotumi de mmoa kakra bi ma wɔn awofo a, ɛho renhia sɛ awofo no fi fie kɔtena baabiara. * Bio, wobetumi ahwɛ nea abusua no muni biara betumi ayɛ ma awofo no anya nea wohia. (Mmeb. 24:6) Ebia mma no bi betumi atena wɔn ho ahwɛ wɔn; afoforo nso betumi de sika aboa. Ɛsɛ sɛ obiara gye tom sɛ awofo no hwɛ fa ne ho. Obiara wɔ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ, nanso ɛtɔ da a nneɛma bɛsesa ma nea obi bɛyɛ de aboa n’awofo nnɛ no, ɛnyɛ saa na ɔbɛyɛ ɔkyena.

4. Ɛhefa na abusuafo betumi anya mmoa?

4 Sɛ wuhu sɛ wo na wobɛtena w’awofo ho ahwɛ wɔn a, gye bere sua wo maame anaa wo papa yare no ho nsɛm. Sɛ yare no yɛ koankorɔ a, kenkan ho ade na hu nea ebetumi asi. (Mmeb. 1:5) Wo ne aban asoɛe a ɛhwɛ nkwakoraa ne mmerewa nni nkitaho. Hwɛ nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ mpɔtam hɔ a ebetumi aboa ma woahwɛ w’awofo. Nokwasɛm ni, sɛ wohwɛ tebea a wobɛfa mu yi nyinaa a, ebia w’adwene betu afra ma awerɛhow ne akomatu abunkam wo so. Ɛba saa a, ka ho asɛm kyerɛ w’adamfo a wugye no di. Hyɛ no nsow: Mma wo werɛ mfi da sɛ wubehwie wo komam asɛm agu Yehowa anim. Ɔbɛma woanya asomdwoe de adi tebea biara ho dwuma.Dw. 55:22; Mmeb. 24:10; Filip. 4:6, 7.

5. Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ abusuafo di kan hu ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn nkwakoraa ne wɔn mmerewa?

5 Ehia sɛ awofo ne wɔn mmusua di kan hu nneɛma bi ani so ntɛm. Ɛhe na awofo no bɛtena? Wɔne wɔn babarima na ɛbɛtena anaa wɔn babea? Anaa ebehia sɛ wɔkɔtena baabi foforo koraa? Nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ mpɔtam hɔ a ebetumi aboa? Eyi bɛboa abusua no ma wɔasiesie wɔn ho ama “ɔhaw ne amanehunu” a ɛnam kwan so reba. (Dw. 90:10) Mmusua pii nni kan nyɛ nhyehyɛe a ɛte saa, enti sɛ biribi si mpofirim a, na wɔn ani so ayɛ krakra. Ɛba saa a, wɔde ahopere besisi gyinae, nanso ɔbenfo bi kae sɛ, “ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yesisi gyinae a ɛte saa.” Sɛ abusua no si gyinae gidigidi a, nneɛma betumi agye agu ma akɔfa ɔhaw ne akameakame aba. Nanso sɛ wodi kan yɛ nhyehyɛe to hɔ a, sɛ akyiri yi ehia sɛ wɔyɛ nsakrae bi mpo a, ɛrenyɛ den.Mmeb. 20:18.

Abusua no betumi ahyia asusuw ho ahwɛ nea obiara betumi ayɛ (Hwɛ nkyekyɛm 6-8)

6. Adɛn nti na ehia sɛ awofo ne wɔn mma susuw ho hwɛ baabi a awofo no bɛtena bere a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa?

6 Ade biako a ne yɛ nna fam ne sɛ wo ne w’awofo besusuw ho ahwɛ baabi a daakye wɔbɔ akwakoraa anaa aberewa a wɔbɛtena. Nanso wɔn a wɔatumi ayɛ saa no abehu sɛ ɛyɛ ne kwan so sɛ wɔne wɔn awofo susuw ho. Adɛn ntia? Efisɛ wohyia saa a obiara de n’adwene ba ma wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Bere a nneɛma nnyee nsam no, sɛ abusua no yi wɔn yam na wɔde biakoyɛ susuw asɛm no ho a, ɛrenyɛ den sɛ wobesi gyinae bere a tebea bi asɔre. Nkwakoraa ne mmerewa  bi wɔ hɔ a, wɔpɛ sɛ wɔn ankasa hwɛ wɔn ho; wɔmpɛ sɛ wɔn mma de wɔn ho gyigye wɔn nsɛm mu seesei. Sɛ saa mpo a, daakye asɛm nti ehia sɛ wɔma wɔn mma hu kwan a wɔpɛ sɛ wɔfa so hwɛ wɔn.

7, 8. Nsɛm bɛn na abusuafo betumi asusuw ho, na adɛn ntia?

7 Awofo, sɛ mo ne abusua no hyia a, momma wonhu mo sikasɛm ne nea mopɛ sɛ wɔyɛ ma mo. Eyi ho hia efisɛ ebedu baabi no na muntumi nyɛ hwee; wɔn na wɔbɛyɛ biribiara ama mo. Sɛ mo ne mo mma susuw nsɛm a ɛte saa ho a, wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ mo apɛde ama mo na wɔama mo kwan ma moasisi gyinae a mopɛ. (Efe. 6:2-4) Ebia wopɛ sɛ wo ba bi ne n’abusua bɛfa wo kɔtena wɔn nkyɛn anaa wopɛ biribi foforo. Nanso ma nokwasɛm yi ntena w’adwenem: Ɛnyɛ obiara na ɔne wo bɛyɛ adwene wɔ nsɛm ho, na ebia ebegye bere na wo ne wo mma adwene ahyia.

8 Ɛsɛ sɛ obiara gye tom sɛ, sɛ mugye bere susuw nsɛm ho na musi gyinae a ɛfata a, mubetumi akwati ɔhaw pii. (Mmeb. 15:22) Ade biako a ehia sɛ wo ne w’abusuafo susuw ho ne nea wopɛ sɛ wɔyɛ ma wo bere a woyare. Ehia sɛ wo ne wɔn susuw krataa a Yehowa Adansefo ayɛ a ɛma obi kyerɛ ayaresa a ɔpɛ no ho. (Wɔfrɛ eyi “Durable Power of Attorney” anaa “Health Care Proxy” wɔ aman bi so.) Obiara wɔ hokwan sɛ ohu dekode a wɔpɛ sɛ wɔde sa no yare na ɔkyerɛ sɛ ɔpɛ anaasɛ ɔmpɛ. Wubetumi ayɛ eyi ho krataa de akyerɛ nea wopɛ. Ehia sɛ wunya obi a wugye no di a sɛ biribi nti wuntumi nkasa a, obegyina w’ananmu ahwɛ sɛ ayaresafo bɛyɛ w’apɛde ama wo. Daakye asɛm nti, ɛsɛ sɛ obiara a ne ho wɔ asɛm yi mu nya krataa yi bi. Ebinom de ka wɔn will, nsiakyibaa (insurance), sikakorabea nkrataa ne aban nkrataa ahorow ho.

BERE A TEBEA NO ASESA

9, 10. Bere bɛn na ebehia sɛ mma ma wɔn ani ku wɔn awofo ho paa?

9 Sɛ abusua biara benya a, anka nkwakoraa ne mmerewa no ankasa tumi yɛ nneɛma nketenkete bi. Sɛ awofo no tumi nua aduan, siesie fie, nom wɔn nnuru, na wotumi kasa kama a, ebia nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛho nhia sɛ mma no haw wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ biribiara ama wɔn. Nanso ebedu bere bi no, na awofo ntumi nnantew papa na wɔakodi gua mpo. Anaa wobɛhwɛ na onyin agyaw wɔn awerɛfiri. Ɛba saa a, ebehia sɛ mma no yɛ tebea no ho biribi.

10 Ampa, sɛ obi bɔ akwakoraa anaa aberewa a, ebia ɔbɛyɛ nneɛma bi a n’adwene nni so, n’asom bɛyɛ den, ɔrenhu ade yiye, onyin begyaw no awerɛfiri, anaa wobɛhwɛ mpo na wasɛe ne ho. Nanso eyi nkyerɛ sɛ ano aduru nni hɔ koraa. Enti sɛ biribi saa si a, ntɛmpa ara mma no betumi de wɔn akɔ ayaresabea. Edu bere a ɛte saa a, ebia ebehia  sɛ mma no hwɛ yɛ nneɛma nketenkete bi ma wɔn awofo. Ebia awofo no ntumi nkasa yiye, enti mma yi ara na wɔbɛkasa ama wɔn, ayɛ nkrataasɛm ama wɔn, na wɔde kar afa wɔn adi akɔneaba.Mmeb. 3:27.

11. Sɛ ehia sɛ moyɛ nsakrae bi a, dɛn na mobɛyɛ na obiara ani so antan no?

11 Sɛ muhu sɛ baabi a mo awofo tebea adu no, nneɛma rentumi nyɛ yiye a, ebehia sɛ mohwɛ baabi a wɔbɛtena ne ɔkwan a mobɛfa so ahwɛ wɔn. Nanso nsakrae biara a mobɛyɛ no, monyɛ no nkakrankakra na obiara ani so antan no. Sɛ wonte mmɛn w’awofo a, ebia wubetumi ne onua anaa obi foforo asusuw ho na ne nan ayɛ ntiantia wɔ hɔ. Nea obehu biara obetumi abɔ mma no amanneɛ. Ebia nea w’awofo no hia ara ne sɛ obi bɛnoa aduan anaa obesiesie fie hɔ ama wɔn. Ɛnde, ofie hɔ ne aguare te sɛn? Biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ moyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwe ase? Ebia nea nkwakoraa ne mmerewa no hia ara ne obi a ɔbɛyɛ nneɛma nketenkete bi ama wɔn wɔ fie hɔ. Nanso sɛ muhu sɛ mo awofo nko ara ntumi ntena a, ɛnde monyɛ nhyehyɛe bi a ebetumi aboa wɔn. Monhwɛ sɛ aban no wɔ nhyehyɛe bi anaa biribi wɔ mpɔtam hɔ a ebetumi aboa wɔn anaa. *Monkenkan Mmebusɛm 21:5.

NEA EBINOM YƐ

12, 13. Sɛ mma bi nte mmɛn wɔn awofo a, dɛn na wobetumi ayɛ de adi wɔn ni?

12 Yɛpɛ yɛn awofo asɛm, enti yɛpɛ sɛ wɔn ho tɔ wɔn. Sɛ yɛn awofo nya nea wohia a, yɛn asom dwo yɛn. Nanso adwumasɛm ne nneɛma foforo nti, yɛn mu pii nte mmɛn yɛn awofo. Enti nea ebinom yɛ ne sɛ bere biara a wobegye “lif” anaa wobenya bere kakra no na wɔakɔhwɛ wɔn awofo ayɛ fie nnwuma kakra ama wɔn. Sɛ wotaa frɛ w’awofo wɔ telefon so anaa wokyerɛw wɔn krataa a, wobehu sɛ wodɔ wɔn. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a ma wɔnte wo nka daa.Mmeb. 23:24, 25.

13 Sɛ wote bɛn w’awofo oo, sɛ wonte mmɛn wɔn oo, bɔ mmɔden hwɛ sɛ wobenya mmoa a wohia daa. Sɛ w’awofo yɛ Adansefo na wommɛn wɔn a, wubetumi ne wɔn asafo mu mpanyimfo asusuw asɛm no ho na woatie nea wɔwɔ ka. Afei bɔ asɛm no ho mpae. (Monkenkan Mmebusɛm 11:14.) Sɛ w’awofo nyɛ Adansefo mpo a, kae nea Bible ka yi: “Di wo papa ne wo maame ni.” (Ex. 20:12; Mmeb. 23:22) Ɛsono gyinae a abusua biara besi wɔ asɛm no ho. Ebinom ma wɔn awofo a wɔanyinyin bɛtena wɔn nkyɛn anaa wɔma wɔbɛtena baabi a wɔn nan betumi ayɛ ntiantia wɔ hɔ. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na eyi bɛyɛ yiye. Awofo bi mpɛ sɛ wɔne wɔn mma ne wɔn abusua bɛtena; wɔpɛ sɛ wɔn nko ara tena na wɔammɛyɛ adesoa amma wɔn mma no. Ebia awofo no ankasa bɛpɛ sɛ wɔfa obi tua no ka ma ɔhwɛ wɔn wɔ wɔn fie.Ɔsɛnk. 7:12.

14. Sɛ awofo no hwɛ bɛtɔ obiakofo so a, ɔhaw bɛn na ɛde bɛba?

14 Ɛtɔ da a, wobɛhwɛ na awofo no hwɛ abɛda onipa biako so. Mpɛn pii no wɔn ba a ɔte bɛn wɔn na adesoa no kɛse no ara bɛda ne so. Nanso ebia saafo no nso wɔ mmusua a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn. Ɛnyɛ biribiara na nipa biako betumi ayɛ. Ɛtɔ da a wobɛhwɛ na nea ɔrehwɛ n’awofo no koraa tebea asesa. Eyi nyinaa nti ebehia sɛ abusua no san susuw asɛm no ho. Wobetumi abisa sɛ, ‘Adwuma no akɔtɔ nipa biako so? Mma a aka no betumi aso mu na obiara ahwɛ awofo no bi anaa?’

15. Dɛn na ɛbɛboa obi a ɔrehwɛ n’awofo na wanyɛ hahaaha?

 15 Sɛ awofo no hia mmoa bere biara a, ebetumi ama nea ɔhwɛ no no ayɛ hahaaha. (Ɔsɛnk. 4:6) Mma dɔ wɔn awofo, enti wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi biara ma wɔn, nanso awofo hwɛ nna fam. Sɛ obi wɔ tebea a ɛte saa mu a, ɛsɛ sɛ ɔma obi boa no. Ɛba saa a, nneɛma mu bɛyɛ hare ma watumi ahwɛ n’awofo, na ɛho renhia sɛ ɔde wɔn kɔtena baabi a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa.

16, 17. Sɛ obi rehwɛ n’akora anaa n’aberewa a, nsɛnnennen bɛn na obetumi ahyia, na dɛn na ebetumi aboa no? (Hwɛ adaka a wɔato din “Ɔkyerɛe sɛ N’ani Sɔ N’awofo.”)

16 Ade a ɛyɛ yaw biako ne sɛ yebehu sɛ yɛn awofo abɔ nkwakoraa ne mmerewa a wontumi nyɛ wɔn ho hwee. Obi te n’awofo ho rehwɛ no a, tebea pii na ɔfa mu. Sɛ ɛnyɛ awerɛhow na ɔredi a, na ne yam na ɛhyehye no; sɛ ɛnyɛ n’adwene na atu afra a, na ne bo na afuw. Ebia obebu ne ho fɔ mpo. Ɛtɔ da a w’akora anaa w’aberewa bɛka asɛm bi ma atwa wo nsono mu. Ebi mpo a nea woyɛ ma no biara nsɔ n’ani. Sɛ ɛba saa a, mma wo bo mfuw. Adwene ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Sɛ asɛm haw yɛn a, yennye ntom sɛ ɛhaw yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛka hyɛ anaa yebu yɛn ho fɔ dodo.” Wo ne wo kunu anaa wo yere anaa wo busuani anaa w’adamfo bi mmɔ ho nkɔmmɔ. Eyi bɛboa wo ma woahu nneɛma ani so yiye na woanteetee pii.

17 Ebedu baabi no ebia mubehu sɛ mo ankasa muntumi nhwɛ akwakoraa anaa aberewa no wɔ fie. Ebia ebehia sɛ dɔkotafo anaa animdefo bi ba mu na wɔhwɛ no nnɔnhwerew 24 da biara. Onuawa bi de ne maame kɔtoo baabi a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa, na ɛkame ayɛ sɛ da biara na ɔkɔsra no. Ɔkae sɛ: “Yehui sɛ ehia sɛ dɔnhwerew biara obi tena ne ho hwɛ no. Ná ɛyɛ den sɛ yebetumi ahwɛ no sɛnea ɛsɛ, enti yesii gyinae sɛ yɛde no bɛkɔ baabi a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa. Ná ɛhaw yɛn paa sɛ yebesi gyinae a ɛte saa. Nanso ɔno ankasa gye toom, na yɛhwɛ ne nkwa nna kakra a na aka no a, eyi na ɛboaa no paa.”

18. Awerɛhyem bɛn na wɔn a wɔrehwɛ wɔn awofo betumi anya?

18 Awofo renyin a, na wɔn hwɛ nso reyɛ den. Yɛrentumi nka sɛ ɔkwan pɔtee bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛfa so hwɛ yɛn awofo. Nanso sɛ yegye bere susuw asɛm no ho na yɛyɛ nhyehyɛ pa na obiara de ne ho gye mu bi a, yebetumi ahwɛ yɛn awofo yiye. Nea ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da ne sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae. Sɛ yɛyɛ eyi nyinaa a, yɛn koma bɛtɔ yɛn yam efisɛ yɛn ankasa behu sɛ yɛde nidi a ɛsɛ rema yɛn awofo. (Monkenkan 1 Korintofo 13:4-8.) Nea ɛyɛ anigye koraa no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn na wama yɛn asom adwo yɛn.Filip. 4:7.

^ nky. 3 Aman bi so no, awofo ne wɔn mma ne wɔn mmanana taa bom tena faako. Ebia saa na wɔpɛ no.

^ nky. 11 Sɛ w’awofo nko ara na ɛte a, ma wɔn a wɔhwɛ wɔn a mugye wɔn di nnya wɔn dan safoa no bi sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ biribi si a, wobetumi akɔ hɔ ntɛm.