Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Pa Wo Ho Akyi’

‘Pa Wo Ho Akyi’

“Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi.”MAT. 16:24.

1. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔpaa ne ho akyi koraa?

BERE a Yesu wɔ asase so no, na ɔnyɛ obi a ɔyɛ ahodɔ. Yesu pɛ sɛ odwudwo ne ho a, anka obetumi, nanso ɔde nea n’ani gye ho too nkyɛn yɛɛ nea Onyankopɔn pɛ. (Yoh. 5:30) Odii nokware kosii sɛ wokum no asɛndua so. Eyi ma yehu paa sɛ ɔpaa ne ho akyi koraa.Filip. 2:8.

2. Dɛn na yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛapa yɛn ho akyi, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

2 Yɛyɛ Yesu akyidifo, enti ehia sɛ yɛn nso yɛpa yɛn ho akyi. Ɛnde, sɛ yɛka sɛ obi apa ne ho akyi a, ɛkyerɛ sɛn? Yebetwa no tiawa a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ onii no de n’akɔnnɔde anaa n’apɛde ato nkyɛn, na watu ne ho reboa afoforo. Enti yɛbɛka a, obi a wapa ne ho akyi nyɛ ahopɛ anaa pɛsɛmenkominya. (Monkenkan Mateo 16:24.) Sɛ obi yi pɛsɛmenkominya akwa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ ɔde n’apɛde bɛto nkyɛn na wadi kan ahwɛ nea afoforo hia. (Filip. 2:3, 4) Yesu kyerɛkyerɛe sɛ eyi yɛ biribi a yɛrentumi nkɔ nnyaw hɔ koraa wɔ yɛn som mu. Adɛn ntia? Yesu akyidifo paa de, wɔn agyiraehyɛde titiriw ne ɔdɔ. Na saa ɔdɔ yi ara na ɛma obi pa ne ho akyi na otu ne ho boa afoforo. (Yoh. 13:34, 35) Wo de hwɛ, yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa da saa su no adi! Eyi nyinaa nti hwɛ nhyira ara a yɛanya!

3. Dɛn na ɛko tia yɛn?

3 Nanso bere a yɛpɛ sɛ yɛpa yɛn ho akyi na yetu yɛn ho  boa afoforo no, ɔtamfo bi wɔ hɔ a ɔko tia yɛn nkakrankakra. Saa tamfo no ne ahopɛ anaa pɛsɛmenkominya. Kae sɛ Adam ne Hawa daa saa subammɔne yi adi. Pɛsɛmenkominya nti, na Hawa pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Pɛsɛmenkominya koro yi ara na ɛmaa ne kunu kɔkaa ne ho dii aduaba no. (Gen. 3:5, 6) Bere a Ɔbonsam wae Adam ne Hawa fii nokware som ho no, wamma anso hɔ ara. Mmom ɔkɔɔ so ara duaa pɛsɛmenkominya wɔ nnipa mu. Ɔde n’asɛm kɔɔ Yesu mpo so kɔsɔɔ no hwɛe. (Mat. 4:1-9) Ɛnnɛ, Satan de pɛsɛmenkominya afa nnipa pii dommum. Pɛsɛmenkominya ayɛ sɛ mframa a ɛrebɔ fa baabiara, enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanhome bi.Efe. 2:2.

4. (a) Seesei yebetumi atu pɛsɛmenkominya ase anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

4 Ahopɛ anaa pɛsɛmenkominya ayɛ sɛ nkannare a ɛwewe dade. Sɛ osu tɔ gu dade so na awia bɔ so a, ebetumi afi ase awe nkannare. Nkannare no deɛ ebetumi aba, nanso sɛ yɛanyɛ ho biribi ntɛm a, ɛbɛwewe dekode no nkakrankakra kosi sɛ ɛbɛgyerega koraa. Saa ara na seesei yɛrentumi ntu yɛn sintɔ ne ahopɛ ase. Nanso ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho so na yehu sɛ ebetumi adi yɛn awu, enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara ko tia. (1 Kor. 9:26, 27) Ɛnde, yemmisa sɛ, ‘Sɛ yɛhwɛ yɛn ho a, nneɛma nketenkete bɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛapa yɛn ho akyi koraa?’

FA BIBLE PƐƐPƐƐ WO MU

5. (a) Adɛn nti na Bible te sɛ ahwehwɛ? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Sɛ yɛde Bible repɛɛpɛɛ yɛn mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

5 Bible te sɛ ahwehwɛ. Sɛnea yetumi hwɛ yɛn ho wɔ ahwehwɛ mu hu sɛnea yɛte no, saa ara na yebetumi de Bible apɛɛpɛɛ yɛn mu na yɛasiesie biribiara a atɔ kyima wɔ yɛn ho. (Monkenkan Yakobo 1:22-25.) Nanso sɛ yɛamfa ahwehwɛ anni dwuma yiye a, ɛso remma yɛn mfaso ahe biara. Fa no sɛ woakogyina ahwehwɛ anim, nanso wohwɛɛ w’anim ara na wokɔɔ wo baabi. Sɛ biribi atɔ kyima wɔ wo ho a, worenhu. Ebia na ɛyɛ ade ketewa bi nanso ebetumi aka w’ahosiesie. Anaa fa no sɛ wugyina nkyɛn baabi na worehwɛ ahwehwɛ mu. Ebia worenhu wo ho, mmom obi foforo na wubehu no. Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Bible pɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ sɛ su te sɛ pɛsɛmenkominya wɔ yɛn mu a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkwati. Ɛnsɛ sɛ yɛkan Bible biarabiara kɛkɛ anaa yɛkan de hwɛ obi mfomso.

6. Yɛbɛyɛ dɛn ‘atena’ mmara a ɛyɛ pɛ no mu?

6 Ebetumi aba sɛ yɛkan Bible daa, nanso ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ, sɛ pɛsɛmenkominya reyi ne ti a, yebehu no ntɛm. Adɛn ntia? Yɛnhwɛ Yakobo mfatoho no bio. Wanka sɛ ɔbarima no antɔ ne bo ase anhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ mu. Mmom Yakobo kae sɛ ɔbarima no ‘hwɛɛ ne ho.’ Hela asɛmfua a Yakobo de yɛɛ adwuma no kyerɛ sɛ obi bɛtɔ ne bo ase anaa ɔbɛgyen n’ani ahwɛ biribi. Ɛnde, na ɔbarima no haw paa ne sɛn? Yakobo toaa so sɛ, sɛ ɔbarima no hwɛ n’anim wie a, “ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi onipa ko a ɔyɛ.” Eyi kyerɛ sɛ ɔdan ne ho fi ahwehwɛ no anim; ɔnyɛ nea ohui no ho hwee. Yakobo kae sɛ ebesi obi yiye a, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ “mmara a ɛyɛ pɛ no mu,” nanso ɛnsɛ sɛ ɛso hɔ ara. Mmom ɛsɛ sɛ “ɔtena mu.” Onipa a ɔte saa nnyaw Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ pɛ no nto hɔ, mmom ɔtena mu, kyerɛ sɛ ɔde bɔ ne bra. Bere bi Yesu kaa asɛm koro no ara. Ɔkae sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa.”Yoh. 8:31.

7. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Bible pɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ sɛ pɛsɛmenkominya wɔ yɛn ho a, yɛbɛyɛ no sɛn?

7 Sɛ yebetumi adi pɛsɛmenkominya so nkonim a, nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn  bo ase kenkan Onyankopɔn Asɛm no. Ebetumi ama yɛahu nneɛma bi a ɛnkɔ yiye wɔ yɛn ho. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛso hɔ ara; mmom ɛsɛ sɛ yɛdɔ mu asukɔ na yegye bere yɛ nhwehwɛmu. Sɛ worekan obi ho asɛm wɔ Bible mu a, fa no sɛ wone saa nipa no na bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ me na tebea a ɛte saa too me a, anka mɛyɛ dɛn? Anka mɛyɛ nea ɛteɛ anaa?’ Nanso biribi wɔ hɔ a ehia koraa sen saa. Ɛne sɛ wubedwinnwen nea worekan no ho na woayere wo ho de abɔ wo bra. (Mat. 7:24, 25) Afei momma yɛnkɔ Ɔhene Saul ne ɔsomafo Petro asetena mu kakra na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi wɔn hɔ. Eyi bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛbɛpa yɛn ho akyi.

ƆHENE SAUL ASƐM NO YƐ KƆKƆBƆ MA YƐN

8. Bere a Saul fii n’ahenni ase no, na ne suban te sɛn? Dɛn na ɔde kyerɛɛ saa?

8 Sɛ yɛpɛ sɛ yeyi pɛsɛmenkominya akwa na yɛpa yɛn ho akyi a, yebetumi asua biribi afi Israel hene Saul asɛm no mu. Bere a Saul fii n’ahenni ase no, na ɔbrɛ ne ho ase. (1 Sam. 9:21) Bere bi Israelfo bi kasa tiaa n’ahenni. Ɔpɛ a anka obetumi atwe wɔn aso efisɛ Onyankopɔn na na wapaw no, nanso wanyɛ saa. (1 Sam. 10:27) Bere bi na Israelfo ne Ammonfo rekɔko, na Ɔhene Saul maa Onyankopɔn honhom bɔɔ no kyidɔm ma odii wɔn so nkonim. Ɔko no akyi no, ɔde anuonyam no nyinaa maa Yehowa.1 Sam. 11:6, 11-13.

9. Dɛn na ɛmaa Saul bɛyɛɛ ahopɛ?

9 Nanso eduu baabi no, Saul maa ahopɛ ne ahantan didii ne mu te sɛ nkannare. Bere a odii Amalekfo so no, ɔde Yehowa asɛm too nkyɛn yɛɛ nea ne koma pɛ. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔkɔ ko no a ɔnsɛe asade no nyinaa, nanso anibere bɔne nti ɔfaa bi. Nea ɛbɛtɔɔ mu koraa ne sɛ Saul sii nkaedum maa ne ho. (1 Sam. 15:3, 9, 12) Bere a odiyifo Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ Yehowa bo nnwo so no, Saul pɛɛ biribi yii ne ho ano. Ná ɛyɛ no sɛ wadi Onyankopɔn mmara no bi so, enti ɛno ara ye. Ne mfomso mpo, ɔprɛw too ɔman no so. (1 Sam. 15:16-21) Bio, ahantan nti na Saul anuonyam hia no sen sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn. (1 Sam. 15:30) Sɛ yɛde Saul asɛm no yɛ ahwehwɛ a, yehu yɛn ho sɛn? Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati ne nhwɛso bɔne no na yɛapa yɛn ho akyi?

10, 11. (a) Dɛn na Saul asɛm no ma yehu? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛansuasua Saul kwammɔne no?

10 Nea edi kan, Saul asɛm no ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo na yesusuw sɛ yɛpa yɛn ho akyi nnɛ a, ɛbɛtoa so daa. (1 Tim. 4:10) Kae sɛ mfiase no na Saul bɔ ne ho mmɔden enti na ɔne Onyankopɔn ntam yɛ kama paa, nanso ewiee ase no ɔmaa pɛsɛmenkominya didii ne mu. Afei ɔyɛɛ asoɔden, na Yehowa poo no.

11 Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛanka sɛ yɛbɔ nneɛma bi mu mmɔden nti yebetumi abu yɛn ani gu nea yɛtɔ mu sin so. Woyɛ saa a, na ayɛ sɛ obi a wahyɛ atade foforo akogyina ahwehwɛ anim; atade no ara na ɛyɛ no fɛ, na efĩ a ɛwɔ n’anim deɛ onhu. Ebia yɛbɛka sɛ yɛnyɛ ahopɛ te sɛ Saul. Sɛ saa mpo a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na biribi antwetwe yɛn amma yɛamfa Saul kwammɔne no so. Sɛ obi tu yɛn fo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛampɛ biribi anyi yɛn ho ano anaa mpo yɛamprɛw asɛm no anto afoforo so. Mommma yɛnyɛ sɛ Saul; mmom momma yentie afotu ngu aso pa mu.Monkenkan Dwom 141:5.

12. Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ ɛnyɛ yɛn anuonyam na ehia yɛn?

12 Na sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru  nso ɛ? Ná Saul pɛ sɛ n’anim ba nyam wɔ nnipa anim, enti biribiara ampusuw no sɛ onsiesie ɔne Yehowa ntam. Nanso sɛ yɛannwen yɛn anuonyam ho a, yɛde fɛre ne aniwu bɛto nkyɛn na yɛapɛ mmoa. (Mmeb. 28:13; Yak. 5:14-16) Nhwɛso bi ni: Onuabarima bi dii mfe 12 na ofii ase hwɛɛ aguamansɛm. Owiaa ne ho hwɛe saa ara bɛboro mfe du. Ɔkae sɛ: “Ná ɛyɛ den paa sɛ mebue m’ano aka akyerɛ me yere ne asafo mu mpanyimfo. Nanso bere a minyaa akokoduru kae no, ɛyɛɛ sɛ nea yɛayi adesoa bi afi me so. Ná meyɛ asafo mu somfo; eyi nti efii me nsa. Asɛm no haw me nnamfo bi. Nanso minim sɛ nnɛ Yehowa ani gye me som ho paa sen kan a na mehwɛ aguamansɛm no. Seesei ade a ehia me paa ne sɛnea Yehowa bu me.”

PETRO TWAA ƐSA PA

13, 14. Dɛn na Petro yɛe a ɛkyerɛ sɛ na odwen ɔno nko ara ho?

13 Bere a Yesu de ɔsomafo Petro refa ntetee mu no, Petro yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ onnwen ɔno nko ara ho. (Luka 5:3-11) Nanso na ɛsɛ sɛ ɔne pɛsɛmenkominya di apere. Ɛho nhwɛso ni: Bere bi ɔsomafo Yakobo ne ɔsomafo Yohane kɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea kɛse wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Petro tee no, ne bo annwo so koraa. Adɛn ntia? Ná Yesu aka sɛ ɔde adwuma titiriw bi bɛhyɛ Petro nsa, enti ɛbɛyɛ sɛ onyaa adwene sɛ, sɛ obi benya saa dibea no a, ɛyɛ ɔno. (Mat. 16:18, 19) Enti Yesu bɔɔ Yakobo ne Yohane ne Petro ne asomafo aka no kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ pɛsɛmenkominya ho na ɛnsɛ sɛ ‘wodi wɔn nuanom so bakoma.’Mar. 10:35-45.

14 Nea Yesu yɛ de teɛɛ Petro adwene nyinaa, na ɔda so ara bu ne ho tra so. Bere bi Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ wobeyi no ama, nanso Petro kae sɛ, sɛ wɔn nyinaa beyi no ama mpo a, ɔno deɛ ɔrenyi no mma da; ɔbɛkɔ so ara abata ne ho. (Mat. 26:31-33) Anka ɛnsɛ sɛ ogye ne ho di dodo saa, efisɛ saa anadwo no ara Petro yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ odwen ɔno nko ara ho; oyii Yesu mae. Ná ne nkwa ho hia no, enti ɔpaa Yesu mprɛnsa.Mat. 26:69-75.

15. Adɛn nti na Petro nhwɛso no ka koma?

 15 Ɛwom, na Petro bɔ ne ho mmɔden nanso ɛtɔ da a na agye agu. Ne nyinaa mu no, wante anna; otwaa ɛsa pa a yebetumi adi akyi. Petro ankasa bɔɔ ne ho mmɔden na Onyankopɔn honhom nso bɔɔ no kyidɔm ma otumi yii pɛsɛmenkominya akwa. Akyiri yi osuaa ahosodi ne ahofama. (Gal. 5:22, 23) Sɔhwɛ a emu yɛ den pempem Petro nanso odii so. Sɛ kan no a, anka ebia ɔrentumi nni so. Nhwɛso bi ni: Bere bi ɔsomafo Paulo kaa Petro anim wɔ afoforo anim, nanso ɔde ahobrɛase gye toom. (Gal. 2:11-14) Nkaanim no akyi no, Petro amfa Paulo ho tirimka. Saa ara nso na wannya adwene sɛ Paulo de n’anim atwitwi fam. Petro kɔɔ so ara kyerɛe sɛ ɔdɔ Paulo. (2 Pet. 3:15) Sɛ yedi ɛsa a Petro twae yi akyi a, ɛbɛboa yɛn na yɛanhwehwɛ nea yɛn nko ara yɛpɛ.

Bere a Paulo kaa Petro anim no, ɔyɛɛ n’ade sɛn? Saa na yɛn nso yɛbɛyɛ anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

16. Sɛ yehyia tebea a ɛyɛ den a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yennwen yɛn nko ara ho?

16 Sɛ wuhyia tebea a ɛyɛ den a, woyɛ w’ade sɛn? Bere bi, asɛnka adwuma no nti wɔkyeree Petro ne asomafo no guu afiase twaa wɔn mmaa. Nanso wodii ahurusi efisɛ na “wɔabu wɔn sɛ [Yesu] din nti wɔfata sɛ wogu wɔn anim ase.” (Aso. 5:41) Wo nso wuhyia ɔtaa a, fa no sɛ hokwan a wode besuasua Petro na woadi Yesu anammɔn akyi na woada no adi sɛ wonhwehwɛ wo nko ara wo de. (Monkenkan 1 Petro 2:20, 21.) Sɛ mpo mpanyimfo teɛ wo so na wusuasua Petro a, ɛbɛboa wo ma woagye atom; wo bo remfuw.Ɔsɛnk. 7:9.

17, 18. (a) Sɛ yɛde botae sisi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho? (b) Sɛ yehu pɛsɛmenkominya bi wɔ yɛn komam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Sɛ wopɛ sɛ wode botae bi sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu a, wubetumi asua biribi afi Petro nhwɛso no mu. Sɛ wode botae a ɛte saa si w’ani so a, yi wo yam yɛ. Nanso hwɛ yiye na woamfa ampɛ nnipa anim anuonyam. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Adɛn nti na mepɛ sɛ mitu me ho yɛ pii wɔ Yehowa som mu? Merepɛ nnipa anim anuonyam anaa dibea te sɛ Yakobo ne Yohane?’

18 Sɛ wuhu pɛsɛmenkominya bi wɔ wo komam a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na teɛteɛ w’adwene ne wo nsusuwii. Afei yere wo ho sɛ wobɛyɛ biribiara ahyɛ Yehowa anuonyam, na womfa mpɛ w’ankasa anuonyam. (Dw. 86:11) Fa biribi si w’ani so wɔ asafo no mu, nanso hwɛ na anyɛ nea wode repɛ anuonyam ama wo ho. Wo deɛ hwɛ, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛda honhom aba no fã bi adi a, fa si w’ani so sɛ wobɛyɛ no kɛse. Anaa fa no sɛ wobɔ mmɔden siesie ɔkasa bɛma no kama wɔ adesua ase, nanso ɛba Ahenni Asa so asiesie a, na woayera mu. Sɛ saa a, bɔ mmɔden sɛ wubetie afotu a ɛwɔ Romafo 12:16.—Monkenkan.

19. Sɛ yɛhwɛ yɛn ho wɔ Onyankopɔn Asɛm mu na yehu sɛ biribi atɔ kyima a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛn abam ammu?

19 Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm yɛ ahwehwɛ na yegyen yɛn ani hwɛ mu a, ebia yebehu sintɔ anaa pɛsɛmenkominya bi wɔ yɛn ho. Anhwɛ a ebebu yɛn abam. Sɛ biribi a ɛte saa to wo a, kae ɔbarima a esii no yiye wɔ Yakobo mfatoho no mu no. Yakobo anka sɛ ɔbarima no siesiee nea atɔ kyima no amonom hɔ ara, na saa ara nso na wanka sɛ otumi siesiee nea atɔ kyima biara. Mmom nea Yakobo kae ne sɛ ɔbarima no ‘tenaa mmara a ɛyɛ pɛ no mu.’ (Yak. 1:25) Ɔbarima no kaee nea ohui wɔ ahwehwɛ no mu, na ɔyeree ne ho ara siesiei. Enti mma w’abam mmu; kae sɛ obiara wɔ sintɔ. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:20.) Kɔ so ara hwehwɛ mmara a ɛyɛ pɛ no mu na pa wo ho akyi. Kae sɛ Yehowa aboa wo nuanom pii a wɔtɔ sin sɛ wo ara, na ɔpɛ sɛ ɔboa wo nso ma wunya n’anim dom ne ne nhyira.