Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛbɛyɛ Dɛn De Anigye Asom Yehowa?

Yɛbɛyɛ Dɛn De Anigye Asom Yehowa?

“Sɛ onipa di mfe pii mpo a, ma n’ani nnye ne nyinaa mu.”ƆSƐNK. 11:8.

1. Nneɛma bɛn na Yehowa de ama yɛn a ebetumi ama yɛn ani gye?

YEHOWA pɛ sɛ yɛn ani gye, enti wama yɛn nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛn ani agye ankasa. Anyɛ hwee koraa no wama yɛn nkwa. Bio, Yehowa atwe yɛn aba nokware som mu enti yebetumi de nkwa a yɛwɔ ayi no ayɛ. (Dw. 144:15; Yoh. 6:44) Yehowa ama yɛahu sɛ ɔdɔ yɛn na ɔbɔ yɛn kyidɔm ma yetumi som no. (Yer. 31:3; 2 Kor. 4:16) Seesei yɛwɔ honhom fam paradise mu, baabi a asomdwoe ne biakoyɛ di akoten. Bio, yɛda abusua kɛse bi mu, abusua a ɔdɔ ne honhom fam aduan abu so wom. Eyi nyinaa nka mfua, anidaso papa bi nso da yɛn anim.

2. Dɛn nti na Onyankopɔn asomfo bi ani nnye?

2 Nea Onyankopɔn de ama yɛn nyinaa akyi no, ɛtɔ da a ɛyɛ den ma n’asomfo bi sɛ wɔde anigye bɛsom no. Ebia wobesusuw sɛ wɔnsɛ hwee wɔ Yehowa ani so na wɔn som nsɔ n’ani. Sɛ obi ka kyerɛ saafo no sɛ wobetumi asom Yehowa “mfe pii” ma wɔn ani agye a, ebia wɔbɛka sɛ ɛyɛ daeso. Wɔn ani so no, ɛte sɛ nea esum kabii aduru wɔn a wonhu hann wɔ baabiara.Ɔsɛnk. 11:8.

3. Dɛn na ebetumi ama obi abam abu?

3 Sɛ onua bi ani da biribi so na amma mu anaa yare bi  bɛtena ne so anaa mpanyinyɛ teetee no a, n’abam betumi abu. (Dw. 71:9; Mmeb. 13:12; Ɔsɛnk. 7:7) Nokwasɛm bi nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Kristoni biara gye tom. Ɛne sɛ koma no yɛ okontomponi na ebetumi abu yɛn fɔ bere mpo a Onyankopɔn abu yɛn bem. (Yer. 17:9; 1 Yoh. 3:20) Ɔbonsam kyinkyim nsɛm to Onyankopɔn asomfo so. Nnipa a wokura Satan adwene bɛpɛ sɛ yenya adwene a Elifas nyae no bi. Hiob bere so no, Elifas kae sɛ Onyankopɔn mfa n’asomfo nyɛ hwee. Ná eyi yɛ atosɛm, na ɛda so ara yɛ atosɛm nnɛ.Hiob 4:18, 19.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔn a ‘wɔnam esum kabii bon mu’ no, Yehowa ka wɔn ho. (Dw. 23:4) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ka yɛn ho? Ɔnam n’Asɛm no so bɔ yɛn kyidɔm. Tumi wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu, enti “yetumi de tutu nneɛma a agye ntini gu.” Nneɛma a agye ntini a Bible tumi tutu gu no bi ne atosɛm ne nsusuwii bɔne. (2 Kor. 10:4, 5) Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea ɛbɛyɛ a Bible bɛboa yɛn ma yɛde anigye asom Yehowa. Ɛnyɛ wo nkutoo na wubenya eyi so mfaso, na mmom wubetumi de aboa afoforo nso.

BIBLE BETUMI ABOA WO MA WODE ANIGYE ASOM

5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde anigye asom?

5 Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nneɛma bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya anigye wɔ yɛn som mu. Otuu Korinto asafo no fo sɛ: “Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa.” (2 Kor. 13:5) “Gyidi” a ɔreka ho asɛm no ne nokware nkyerɛkyerɛ a Kristofo gye tom a wɔada no adi wɔ Bible mu no. Sɛ nea yɛka ne nea yɛyɛ ne Bible nkyerɛkyerɛ hyia a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛwɔ gyidi no mu.’ Yebedi Kristofo nkyerɛkyerɛ nyinaa so; yɛrempaw bi nnyaw bi.Yak. 2:10, 11.

6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsɔ yɛn ho hwɛ sɛ ‘yɛwɔ gyidi no mu anaa’? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛsɔ wo ho ahwɛ sɛ wowɔ gyidi no mu anaa. Nanso nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ sɛnea Yehowa bu yɛn na ehia na ɛnyɛ sɛnea yebu yɛn ho, efisɛ n’adwene korɔn sen yɛn adwene. (Yes. 55:8, 9) Sɛ Yehowa pɛɛpɛɛ n’asomfo mu a, ɛnyɛ n’adwene ne sɛ obenya wɔn ho mfomso, na mmom nea ɔrehwehwɛ ne sɛ obehu biribi pa bi wɔ wɔn ho na waboa wɔn ma wɔatumi asom no. Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm sɔ hwɛ sɛ ‘yɛwɔ gyidi no mu’ a, yebehu yɛn ho sɛnea Onyankopɔn hu yɛn. Ɛba saa a, yɛrennya adwene da sɛ yɛnsɛ hwee wɔ Onyankopɔn ani so, na mmom yebehu Yehowa adwene. Yebehu sɛ yɛsom bo wɔ n’ani so. Sɛ yɛkae saa nokwasɛm yi a, ɛbɛyɛ te sɛ sum wɔ dan bi mu na yɛabue mpomma ma hann aba dan no mu.

7. Sɛ yesusuw anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho a, mfaso bɛn na yebenya?

7 Sɛ yebetumi asɔ yɛn ho ahwɛ yiye a, ade biako a ebetumi aboa yɛn ne sɛ yebesusuw Yehowa asomfo anokwafo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no ho. Hwɛ tebea a wɔkɔɔ mu na bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ ɛyɛ me a, anka dɛn na mɛyɛ?’ Momma yɛnhwɛ nnipa abiɛsa bi ho asɛm wɔ Bible mu, na yɛnhwɛ sɛnea ebetumi aboa yɛn ma yɛasɔ yɛn ho ahwɛ sɛ ‘yɛwɔ gyidi no mu anaa.’ Eyi bɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so de anigye asom.

OKUNAFO HIANI NO

8, 9. (a) Tebea bɛn na na okunafo hiani no wom? (b) Bere a okunafo no wɔ asɔrefie hɔ no, nsɛm bɛn na ebia osusuw ho?

8 Bere a Yesu wɔ asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem no, ohuu okunafo hiani bi. Sɛ nnɛ  yentumi nyɛ pii mpo a, ɔbea no nhwɛso betumi aboa yɛn ma yɛde anigye asom. (Monkenkan Luka 21:1-4.) Ma yɛnhwɛ tebea a na okunafo no wom: Nea edi kan, na ne kunu aka baabi, na ebia na ɔda so ara redi ho yaw. Afei na nyamesom akannifo no yɛ apoobɔfo a ahiafo asɛm nyɛ wɔn mmɔbɔ, na mmom “wɔmemene akunafo afie.” (Luka 20:47) Ná okunafo no di hia buburoo, enti ntoboa a na obetumi ayi aboa asɔrefie no ara ne sika a anka ɔpaani begye simma kakraa bi.

9 Afei twa tebea no ho mfonini: Okunafo yi aba asɔrefie adiwo hɔ a nkaprɛ mma abien kura no. Ebia ɔde nkaprɛ mma abien no toto ntoboa a na otumi yi bere a ne kunu te ase ho a, obu no sɛ esua dodo. Sɛ ɔhwɛ sɛnea wɔn a wodi n’anim reyi ntoboa akɛse akɛse a, ebia ɔbɛka sɛ ne sika no nnu hwee, enti ɔbɛfɛre wɔ ne tirim. Yennim ara, nanso sɛ saa na na osusuw mpo a, ɔyɛɛ nea obetumi de boaa nokware som.

10. Dɛn na Yesu de kyerɛe sɛ okunafo no som bo wɔ Onyankopɔn ani so?

10 Yesu maa yehui sɛ okunafo no ntoboa no som bo Yehowa ani so. Ɔkae sɛ ‘nea okunafo no de guu mu no sen’ asikafo no nyinaa de. Wɔn a wɔhwɛ sika so no de sika a ɔbea kunafo no yii ne nea afoforo de bae nyinaa bɛbom, nanso Yesu hyɛɛ da kamfoo ɔbea kunafo no. Sɛ wɔrekan sika no a, ɛbɛyɛ den sɛ wobehu sɛ okunafo no som bo wɔ Yehowa ani so na n’ani sɔ nkaprɛ mma abien no nso. Nanso asɛm no ne sɛ sɛnea Onyankopɔn hu tebea no na ehia na ɛnyɛ sɛnea afoforo anaa okunafo no mpo hu no. Wubetumi de okunafo no asɛm yi akari ahwɛ sɛ wowɔ gyidi no mu anaa?

Dɛn na wusua fi okunafo hiani no asɛm mu? (Hwɛ nkyekyɛm 8-10)

11. Dɛn na wubetumi asua afi okunafo no asɛm mu?

11 Wo nsɛm tebea na ɛbɛkyerɛ nea wubetumi de ama Yehowa. Onyin anaa yare nti, ebinom ntumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛnde, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛka sɛ esua sɛ wobu ho akontaa  anaa? Ebia wo ho yɛ den, nanso ɛno mpo no, sɛ wode nnɔnhwerew a wode yɛ asɛnka adwuma no toto nea Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa yɛ ho a, anhwɛ a wubesusuw sɛ ennu baabiara. Nanso okunafo hiani no asɛm ma yehu sɛ Yehowa ani sɔ nea yetumi yɛ ma no biara, ɛnkanka bere a nneɛma mu ayɛ den. Wo deɛ bu kɔmpɔ hwɛ nea wutumi yɛ maa Yehowa afe a etwaam no. Wokae dɔnhwerew biako bi a wosam w’anim fifiri ansa na woretumi ayɛ asɛnka adwuma no? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ nea wutumi yɛe saa dɔnhwerew no mu. Sɛ wusuasua ɔbea kunafo no na woyɛ nea wubetumi biara wɔ Yehowa som mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ ‘wowɔ gyidi no mu.’

“GYE ME KRA FI ME NSAM”

12-14. (a) Adwene bɛn na Elia nyae? (b) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Elia susuw saa?

12 Ma yɛnhwɛ odiyifo Elia nso. Na ɔyɛ Yehowa somfo a ne gyidi yɛ den. Nanso eduu bere bi no, n’abam bui koraa, na ɔsrɛɛ Yehowa mpo sɛ ontwa ne nkwa so. Ɔkae sɛ: “Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra fi me nsam.” (1 Ahe. 19:4) Sɛ tebea a ɛte saa ntoo obi a, ebia ɔbɛka sɛ Elia mpae no ‘yɛ hatuhatu.’ (Hiob 6:3) Nanso nea ɔda ne gya na onim sɛnea ɛhyehye no. Hyɛ no nsow sɛ Yehowa anka Elia anim, mmom ɔboaa no.

13 Adɛn nti na Elia nyaa adwene a ɛte saa? Ná Elia ayɛ anwonwade bi ama Israelfo nyinaa ahu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn. Eyi akyi no, okunkum Baal adiyifo 450. (1 Ahe. 18:37-40) Ebia na Elia hwɛ kwan sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛsan de nokware som asi hɔ, nanso amma saa. Ɔhemmaa tirimɔdenfo Yesebel soma ma wɔkɔka kyerɛɛ Elia sɛ obeyi no afi hɔ. Ehu kaa Elia ma oguan fii Israel kɔɔ anafo fam wɔ Yuda, na ɔkɔtenaa sare so baabi.1 Ahe. 19:2-4.

14 Bere a Elia hyɛ sare so hɔ no, ɛyɛɛ no sɛ n’adwuma nyinaa yɛ ɔbrɛgu ara kwa. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Minye mensen m’agyanom.” Nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ ɔte sɛ ne nananom a wɔawuwu nnompe ne ɛho dɔte. Ɔno ara de n’adwene karii ne ho, na ohui sɛ ɔnsɛ hwee wɔ nnipa ani so na kampɛsɛ Yehowa ani so.

15. Dɛn na Onyankopɔn yɛ maa Elia hui sɛ ɔda so ara som bo ma no?

15 Nanso ɛnyɛ saa na ade nyinaa so Tumfoɔ no huu Elia. Ná Yehowa bu no sɛ ɔsom bo, na ɔyɛɛ biribi ma ohuu saa. Onyankopɔn somaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ Elia den. Bio, adaduanan a Elia de twaa kwan kɔɔ Bepɔw Horeb so nyinaa, Yehowa maa no aduan ne nsu. Mfiase no na Elia susuw sɛ Israelni biara nni hɔ a odi Yehowa nokware, nanso Yehowa ma ohui sɛ ɛnte saa. Nokwasɛm mpo ne sɛ Onyankopɔn de adwuma foforo hyɛɛ Elia nsa. Yehowa boaa Elia na ɛno maa onyaa ahoɔden foforo san toaa n’adwuma so sɛ odiyifo.1 Ahe. 19:5-8, 15-19.

16. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn afa so ahyɛ wo den?

16 Elia asɛm no bɛma woahu sɛ woda so ara wɔ gyidi no mu, na ɛbɛboa wo ma wode anigye asom. Nea edi kan koraa no, kaakae nneɛma a Yehowa ayɛ ama wo. Wobɛkae bere bi a wo ho kyeree wo a ɔpanyin anaa onua foforo bi yɛɛ wo mmoa? (Gal. 6:2) Bible ne asafo nhoma ahorow ne Kristofo nhyiam mmaa wunhui sɛ Yehowa dwen wo ho anaa? Bere biara a wubenya mmoa a ɛte saa no, hu sɛ Yehowa na ɔreboa wo na da no ase.Dw. 121:1, 2.

17. Dɛn na Yehowa hu wɔ ne nkoa ho a n’ani sɔ?

17 Nea ɛto so abien, kae sɛ sɛ obi ka sɛ ɔnsom bo wɔ Yehowa ani so a,  na n’adwene na ɛredaadaa no. Sɛnea Onyankopɔn hu yɛn ne asɛm no na ɛnyɛ sɛnea yehu yɛn ho. (Monkenkan Romafo 14:4.) Yehowa ani sɔ yɛn som ne yɛn nokwaredi, na ɛnyɛ nneɛma akɛse akɛse a yetumi yɛ. Ebia Yehowa ani so no, woayɛ pii ama no sen nea wususuw. Saa na ohuu Elia. Ebia woaboa asafo no mufo bi wɔ akwan horow so a wunnim. Saa ara nso na ebia w’adwumaden ama nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu ate asɛmpa no.

18. Dwumadi a Yehowa de ahyɛ wo nsa no kyerɛ sɛn?

18 Afei kae sɛ bere biara a Yehowa de dwumadi bi bɛhyɛ wo nsa no, ɛkyerɛ sɛ n’ani sɔ nea woreyɛ. (Yer. 20:11) Sɛ ɛyɛ wo sɛ wo som adwuma nsow aba biara anaa ɛyɛ den sɛ wubedu botae bi ho wɔ Yehowa som mu a, ebia w’abam bebu te sɛ Elia. Nanso kae sɛ yɛn nyinaa wɔ hokwan kɛse bi a ɛso bi nni. Ɛno ne Ahenni ho asɛmpaka adwuma a yɛreyɛ ne Onyankopɔn din a ɛda yɛn so no. Enti kɔ so bata Yehowa ho. Woyɛ saa a, sɛnea Yesu kae wɔ ne mfatoho bi mu no, wo nso wubetumi anya “wo wura anigye no bi.”Mat. 25:23.

“MMƆBORƆNI MPAEBƆ”

19. Tebea bɛn na odwontofo a ɔkyerɛw Dwom 102 no kɔɔ mu?

19 Afei yɛnhwɛ odwontofo a ɔkyerɛw Dwom 102 no. Ná n’ani so atan no, efisɛ na ne mu nsu nyinaa atwe ma “wayɛ hahaaha.” (Dw. 102, atifi asɛm) Nsɛm a ɔkae no ma yehu sɛ na osusuw sɛ ɔyɛ ankonam a ɛyaw ne awerɛhow amene no. (Dw. 102:3, 4, 6, 11) Onyaa adwene sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔtow no kyene mpo.Dw. 102:10.

20. Sɛ obi ani so tan no a, ɔkwan bɛn so na mpaebɔ bɛboa no ma woahu sɛ ɔsom bo wɔ Yehowa ani so?

20 Ne nyinaa mu no, na odwontofo no wɔ ahoɔden kakra a obetumi de ayi Yehowa ayɛ. (Monkenkan Dwom 102:19-21.) Dwom 102 ma yehu sɛ wɔn a ‘wɔwɔ gyidi no mu’ mpo, ɛtɔ da a wɔbɛfa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu ma agye wɔn adwene nyinaa. Odwontofo no kae sɛ wayɛ “sɛ anomaa koro a osi ɔdan atifi”; otwa n’ani hwɛ benkum oo, nifa oo, ne haw nko ara na ohu. (Dw. 102:7) Sɛ biribi saa to wo a, hwie wo komam asɛm gu Yehowa anim sɛnea odwontofo no yɛe no. Mpaebɔ bɛboa wo ma woahu sɛ woda so ara som bo wɔ Yehowa ani so. Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ aso atie onnibie mpaebɔ; “ɔremmu wɔn mpaebɔ animtiaa.” (Dw. 102:17) Gye Yehowa di; ɔbɛyɛ nea waka no.

21. Dɛn na ɛbɛboa obi a wakɔ ahokyere mu ma ɔde anigye asom Yehowa?

21 Bio nso Dwom 102 ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛde anigye asom Yehowa daa. Saa na odwontofo no yɛe; odwen ɔne Yehowa adamfofa ho. (Dw. 102:12, 27) Ohui sɛ Yehowa boa ne nkurɔfo bere a wɔakɔ ahokyere mu, na eyi kyekyee ne werɛ. Sɛ ɔhaw bi nti, wuntumi nyɛ pii seesei wɔ Onyankopɔn som mu a, bɔ ho mpae. Ɛnyɛ wo haw no ano aduru nko na ɛsɛ sɛ wosrɛ Yehowa, na mmom srɛ no sɛ ɔmmoa ma ‘wontumi mmɔ ne din’ nso.Dw. 102:20, 21.

22.  Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ na yɛanya Yehowa anim dom?

22 Nea yɛasusuw ho yi kyerɛ sɛ Bible betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛ ‘yɛwɔ gyidi no mu’ na yɛsom bo Yehowa ani so. Nokwasɛm ne sɛ Satan wiase yi mu deɛ, yɛrennya yɛn ho tɔtorɔtɔɔ. Ɛtɔ da a, yɛn abam bebu ma yɛayɛ hahaaha. Nanso sɛ yɛamma biribiara annye yɛn asabawmu na yɛn mu biara kɔ so tena Yehowa som mu a, yebenya n’anim dom na wama yɛn daa nkwa.Mat. 24:13.