Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Mose Gyidi

Suasua Mose Gyidi

“Gyidi nti bere a Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba.”—HEB. 11:24.

1, 2. (a) Bere a Mose dii mfe 40 no, gyinae bɛn na osii? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na Mose paw sɛ ɔne Onyankopɔn nkurɔfo behu amane?

NÁ Mose nim nea obetumi anya wɔ Egypt. Ohuu adan akɛse akɛse a asikafo tete mu. Ná ɔyɛ ɔdehye, na ‘wɔkyerɛɛ no Egyptfo nyansa nyinaa.’ Ebia nneɛma a osuae no bi ne abakɔsɛm, nsoromma ho nsɛm, akontaabu, ne abɔde ho nyansahu. (Aso. 7:22) Sɛ Mose pɛ sika, ahode, tumi, ne anuonyam wɔ Egypt a, anka ɔremmrɛ ho koraa. Eyinom yɛ nneɛma a ɛbɛyɛ den ama Egyptfo pii sɛ wɔn nsa bɛka.

2 Nanso bere a Mose dii mfe 40 no, osii gyinae bi, na ɛbɛyɛ sɛ Farao ne n’abusua ante ase. Na Mose mpɛ sɛ ɔtena ahemfie hɔ. Sɛ ahemfie asetena na ɔmpɛ a, ɛnde sɛ obetumi ayɛ sɛ Egyptni biara kɛkɛ? Dabi; ɛno nso na ɔmpɛ. Ɛnde, dɛn na na ɔpɛ? Ne gyidi nti, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ akoa! (Monkenkan Hebrifo 11:24-26.) Mose gyidi nti, na otumi hu tra nneɛma a atwa ne ho ahyia. Na ɔwɔ gyidi wɔ “Onii a wonhu no no” mu, na na onim sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ biara bɛbam.—Heb. 11:27.

3. Nsɛmmisa abiɛsa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ tra nea ani tumi hu. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ “nnipa a wɔwɔ gyidi.” (Heb. 10:38, 39) Ɛnde, momma yensusuw Mose ho asɛm a ɛwɔ Hebrifo 11:24-26 no ho. Eyi bɛhyɛ yɛn gyidi den. Bere a yɛresusuw ho no, yɛnhwɛ sɛ yebenya nsɛmmisa abiɛsa yi ho mmuae a: Ɔkwan bɛn so na Mose gyidi  boaa no ma ɔpoo honam akɔnnɔ? Bere a wɔbɔɔ no ahohora no, ɔkwan bɛn so na ne gyidi ma ohui sɛ hokwan a woanya resom Yehowa no som bo paa? Adɛn nti na Mose ‘gyen n’ani hwɛɛ akatua no’?

ƆPOO HONAM AKƆNNƆ

4. Ná Mose bu “bɔne mu anigye” sɛn?

4 Mose gyidi nti, ohui sɛ “bɔne mu anigye” yɛ bere tiaa mu ade. Ebetumi aba sɛ ebinom anhu no saa. Ebia wɔkae sɛ, ‘Hwɛ, Egypt a abosonsom ne ahonhonsɛmdi adonnɔn no mpo abɛyɛ wiase tumidi, bere a Yehowa ankasa nkurɔfo adan nkoa!’ Nanso, na Mose nim sɛ Onyankopɔn betumi ama nneɛma asesa. Ɛwom, nnipa ani so deɛ ɛbɛyɛ sɛ nea abɔnefo redi yiye, nanso na Mose gye di sɛ saafo no renni gyina. Enti wamma ‘bɔne mu anigye a obenya bere tiaa’ bi no annaadaa no.

5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati ‘bɔne mu anigye a yebenya bere tiaa bi’?

5 Wobɛyɛ dɛn akwati ‘bɔne mu anigye a wubenya bere tiaa bi’? Mma wo werɛ mfi sɛ “bɔne mu anigye” twam hwim. Wo gyidi bɛma woahu sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam.” (1 Yoh. 2:15-17) Gye bere susuw ho hwɛ: Dɛn na ɛda hɔ retwɛn abɔnefo a wonnu wɔn ho? Bible se ‘nea ɛhɔ yɛ toro na wogyina.’ Anokwa, abɔnefo awiei yɛ awerɛhow! (Dw. 73:18, 19) Sɛ bɔne bi regyigye wo a, bisa wo ho sɛ, ‘Mepɛ sɛ ewie me sɛn?’

6. (a) Adɛn nti na na Mose mpɛ sɛ “wɔfrɛ no Farao babea ba”? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Mose sii gyinae pa?

6 Mose gyidi nso kyerɛɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ n’asetenam. “Gyidi nti bere a Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba.” (Heb. 11:24) Mose anka sɛ, ‘Ma mentena ahemfie ha na menkɔ so ara nsom Onyankopɔn na sika ne hokwan a menya no, mede aboa me nuanom Israelfo.’ Mmom osii ne bo sɛ ɔde ne koma, ne kra, ne n’ahoɔden nyinaa bɛdɔ Yehowa. (Deut. 6:5) Gyinae a Mose sii no yii no fii amanehunu pii mu. Egypt ademude a Mose poe no, awiei koraa no ebedii Israelfo no nsam. Nokwasɛm ne sɛ “wɔwerɛw Egyptfo ho”! (Ex. 12:35, 36) Farao anim guu ase na owui wɔ Po Kɔkɔɔ no mu. (Dw. 136:15) Mose nso ɛ? Onyaa ni ti didii mu na Onyankopɔn ma odii Israel man no anim dwoodwoo. Esii no yiye paa.

7. (a) Sɛnea Mateo 6:19-21 ma yehu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛhyehyɛ ademude’ a ɛbɛtena hɔ daa? (b) Fa osuahu bi kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ honam fam ademude ne honhom fam ademude mu?

7 Sɛ woyɛ aberantewa anaa ababaa a, ɔkwan bɛn so na gyidi a wowɔ wɔ Yehowa mu no bɛboa wo ma woahu adwuma a wobɛyɛ daakye? Fi ase siesie wo ho ma daakye. Nya Nyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi na ‘hyehyɛ ademude’ a ɛbɛtena hɔ daa, ɛnyɛ ademude a ɛbɛtena hɔ bere tiaa bi. (Monkenkan Mateo 6:19-21.) Biribi a ɛte saa na Sophie yɛe. Na onim asaw yiye, enti nnwumakuw a ɛwɔ United States pii de sika taa n’akyi ma okosuaa asaw no ho nneɛma wɔ sukuu ahorow mu. Bio, wɔmaa no dibea kɛse wɔ adwumam. Ɔkae sɛ: “Wunnya sɛ nnipa bɛhoahoa wo saa. Na misusuw sɛ mesen me mfɛfo a aka no.” Nanso ɔkae sɛ ne nyinaa akyi no, na n’ani nnye. Afei da bi Sophie hwɛɛ video a wɔato din Young People Ask—What Will I Do With My Life? Sophie kae sɛ: “Mihui sɛ wiase no ama madi yiye na nkurɔfo hoahoa me. Nanso na mede biribi titiriw bi abɔ afɔre. Ɛno ne me som, kyerɛ sɛ me koma nyinaa a mede bɛsom Yehowa.” Enti Sophie bɔɔ mpae denneennen, na ogyaee asaw no koraa. Sɛ obu kɔmpɔ hwɛ n’akyi a, dɛn na ɔwɔ ka wɔ gyinae a osii no ho? Ɔkae sɛ: “Menhweree hwee. Sɛ mɛka a, nnɛ paa na mewɔ anigye. Me ne me kunu yɛ akwampaefo. Yennyee din wɔ baabiara, na yenni pii wɔ asetenam, nanso Yehowa wɔ yɛn afã. Na sɛ yɛto yɛn  ani hwɛ Bible asuafo a yɛwɔ ne botae a esi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu a, na yɛn ani agye kwa. Minnuu me ho da koro mpo.”

8. Bible mu afotu bɛn na ebetumi aboa mmabun ma wɔahu nea wɔbɛyɛ daakye?

8 Yehowa nim nea eye ma wo. Mose kae sɛ: “Dɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ sɛ wubesuro Yehowa wo Nyankopɔn na woanantew n’akwan nyinaa so na woadɔ no, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn, na woadi Yehowa ahyɛde ne ne mmara a mede rema wo nnɛ yi so, na asi wo yiye?” (Deut. 10:12, 13) Sɛ woyɛ ɔbabun a, hwehwɛ adwuma a ɛbɛboa wo ma wode “wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa” asom Yehowa. Nya awerɛhyem sɛ woyɛ saa a, ‘ebesi wo yiye.’

NÁ N’ANI SƆ NE SOM

9. Adɛn nti na na ɛnyɛ mmerɛw sɛ Mose bɛyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no?

9 Mose buu “Nea Wɔasra No no ahohorabɔ sɛ ahonyade kɛse sen Egypt ademude” nyinaa. (Heb. 11:26) Kyerɛwnsɛm no ka Mose ho asɛm sɛ “Nea Wɔasra No” anaa “Kristo.” Eyi kyerɛ sɛ Yehowa ankasa na ɔpaw no sɛ onni Israelfo no anim mfi Egypt. Ná Mose nim sɛ eyi nyɛ adwuma a ɛda fam, na na ebinom bɛbɔ no ahohora mpo. Wo deɛ hwɛ, bere bi ɔno ara ne nua Israelni bisaa no sɛ: “Hena na ɔpaw wo obirɛmpɔn ne ɔtemmufo wɔ yɛn so?” (Ex. 2:13, 14) Akyiri yi Mose ankasa bisaa Yehowa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Farao atie me?” (Ex. 6:12) Mose antena hɔ ammooboo asɛm no ho, na mmom ɔde too Yehowa anim. Dɛn na Yehowa de boaa Mose ma otumi yɛɛ adwumasono a ɔde hyɛɛ ne nsa no?

10. Dɛn na Yehowa de boaa Mose ma otumi yɛɛ adwuma a ɛhyɛ ne nsa no?

10 Nea edi kan, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Medi w’akyi.” (Ex. 3:12) Nea ɛto so abien, Yehowa ma ohuu ne din no ho biribi de hyɛɛ no den. Yehowa kae sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ.” * (Ex. 3:14) Nea ɛto so abiɛsa, Onyankopɔn maa no tumi a ɔde bɛyɛ anwonwade de akyerɛ sɛ ɔno na asoma no. (Ex. 4:2-5) Nea ɛto so anan, Yehowa paw Aaron kaa Mose ho sɛ ɔmmoa no na ɔnyɛ ne kyeame. (Ex. 4:14-16) Ansa na Mose rebewu no, na onim paa sɛ Onyankopɔn bɛbɔ ne nkoa kyidɔm ma wɔayɛ adwuma biara a ɔde ahyɛ wɔn nsa. Enti ɔka kyerɛɛ ne nanmusini Yosua pen sɛ: “Yehowa di w’anim. Ɔka wo ho, ɔrempo wo, na ɔrennyaw wo. Enti nsuro na mmɔ hu.”—Deut. 31:8.

11. Adɛn nti na na Mose bu dwumadi a ɛhyɛ ne nsa no sɛ biribi a ɛsom bo paa?

11 Yehowa boaa Mose ma ɔyɛɛ adwumasono a ɛhyɛ ne nsa no. Mose ankasa buu adwuma a Yehowa de ama no no sɛ “ahonyade kɛse sen Egypt ademude.” Wo deɛ hwɛ sɛ woanya hokwan resom ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn! Dɛn paa na ɛsen eyi? Egypt ɔdehye bɛn na obetumi de ne nsa asi ne bo sɛ ɔne obi a Yehowa ankasa asra no sɛ onni ne man anim yɛ pɛ? Ná Mose ani sɔ adwuma a ɛhyɛ ne nsa no, na Yehowa nso hyiraa no. Yehowa faa no sɛ n’adamfo, na bere a Mose di Israelfo anim rekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa maa no tumi de yɛɛ “ahoɔdenne ne ahude” pii.—Deut. 34:10-12.

12. Hokwan bɛn na Yehowa ama yɛanya a ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ?

12 Yɛn nso Yehowa de adwuma bi ahyɛ yɛn nsa. Ɛyɛ “ɔsom adwuma” a ɔde maa ɔsomafo Paulo ne afoforo no. (Monkenkan 1 Timoteo 1:12-14.) Yɛn nyinaa wɔ hokwan sɛ yɛka asɛmpa no. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yɛn mu bi yɛ bere nyinaa asomfo. Anuanom mmarima a wɔn ho akokwaw bi yɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Nanso ebia w’abusuafo a wonnye nni ne afoforo bɛka sɛ, ‘Mfaso bɛn koraa na ɛwɔ eyinom  nyinaa so?’ Ebi mpo a wɔbɛsɔre atia wo sɛ woresom Yehowa. (Mat. 10:34-37) Sɛ wotumi ka biribi de bu w’abam a, ebia w’adwenem bɛyɛ wo nãã na woabisa sɛ, ‘Ɔbrɛ bebrebe yi nyinaa, mfaso bɛn koraa na ɛwɔ so? Enti metumi ayɛ adwuma a ɛhyɛ me nsa yi ni?’ Biribi saa to wo a, ɔkwan bɛn so na gyidi bɛboa ma woakɔ so asom?

13. Dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn ma yetumi yɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no?

13 Fa wo werɛ hyɛ Yehowa mu na srɛ no sɛ ɔmmoa wo. Fa wo haw ne wo dadwen nyinaa to n’anim. Anyɛ hwee koraa no, Yehowa na ɔde adwuma no hyɛɛ wo nsa, enti ɔbɛboa ma asi wo yiye. Ɔkwan bɛn so? Ɔkwan a ɔfaa so boaa Mose no ara na ɔbɛfa so aboa wo. Nea edi kan, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” (Yes. 41:10) Nea ɛto so abien, ɔno ankasa ama wo awerɛhyem sɛ wubetumi de wo ho ato ne bɔhyɛ so. Ɔkae sɛ: “Makasa, na mɛma aba mu; mabɔ me tirim, na mɛyɛ.” (Yes. 46:11) Nea ɛto so abiɛsa, Yehowa ama wo “tumi a ɛboro onipa de so” a wode bɛyɛ asɛnka adwuma no. (2 Kor. 4:7) Nea ɛto so anan, Yehowa wɔ asomfo wɔ wiase nyinaa a wɔnam akwannuasa nyinaa so ‘kyekye wo werɛ na wɔhyɛ wo den’ ma wutumi yɛ adwuma a ɛhyɛ wo nsa no. (1 Tes. 5:11) Bere a Yehowa hyɛ wo mpamden ma woyɛ adwuma a ɔde ama wo no, wo gyidi bɛyɛ den na wubehu sɛ hokwan a woanya resom Yehowa no som bo sen ademude biara a wubetumi anya wɔ asase so.

MOSE ‘GYENEE N’ANI HWƐƐ AKATUA NO’

14. Dɛn na ɛmaa Mose gye dii sɛ ɔkwan biara so, ne nsa bɛka n’akatua?

14 Mose ‘gyenee n’ani hwɛɛ akatua no.’ (Heb. 11:26) Ɛwom, na Mose nnim biribiara a ebesi daakye, nanso kakra a onim no boaa no ma osii gyinae pa. Mose nyaa ne nana Abraham gyidi no bi, enti na ɔwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa benyan awufo. (Luka 20:37, 38; Heb. 11:17-19) Mose de mfe 40 kɔtenaa baabi bɔɔ ne ho aguaa, na ɔne Israelfo nso de mfe 40 nantenantew sare so. Nanso daakye nwonwaso bi a na ɛda n’anim nti, wammu eyi mu biara sɛ ɔbrɛgu. Ná onnim sɛnea Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ nyinaa abam, nanso gyidi nti na otumi hu n’akatua fann.

15, 16. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn akatua tena yɛn adwenem fann? (b) Nhyira bɛn na wohwɛ kwan sɛ wubenya wɔ Onyankopɔn Ahenni mu?

15 Wo nso ɛ? Ɛyɛ a ‘wogyen w’ani hwɛ’  w’akatua? Ampa, yennim ɔkwan pɔtee a Onyankopɔn bɔhyɛ bɛfa so abam sɛnea na Mose nnim no. Sɛ yɛhwɛ ahohiahia kɛse no sɛɛ a, ‘yennim bere a wɔahyɛ’ sɛ ɛbɛba. (Mar. 13:32, 33) Nanso yɛbɛka a, yenim Paradise a ɛreba no ho nsɛm pii sen Mose. Nneɛma a Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛyɛ wɔ n’Ahenni mu dɔɔso, enti yebetumi ‘agyen yɛn ani’ ahwɛ na yɛatwa ho mfonini wɔ yɛn adwenem. Sɛ yetumi twa wiase foforo no ho mfonini wɔ yɛn adwenem a, ɛbɛma yɛn ho apere yɛn sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan. Adɛn ntia? Wo deɛ susuw asɛm yi ho hwɛ: Sɛ obi retɔn dan bi na wunnim dan no ho hwee a, wobɛtɔ? Ebia wobɛka sɛ, ‘Dabida!’ Ɛnde, yɛn mu biara nni hɔ a obekum ne ho akodi anidaso hunu akyi. Ɛsɛ sɛ yɛn gyidi yɛ sɛ hann bi a ɛhyerɛn ma yehu nneɛma pa a ɛda hɔ retwɛn yɛn wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.

Ɛbɛyɛ anika sɛ yɛne Yehowa asomfo te sɛ Mose bɛbɔ nkɔmmɔ! (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16 Ɛnde, sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no tena w’adwenem fann a, ‘gyen w’ani’ na hwɛ nea wobɛyɛ wɔ Paradise. Nhwɛso bi ni: Nnipa pii tenaa ase tete a yɛhwɛ kwan sɛ wobenyan wɔn aba Paradise. Sɛ woresua saafo no ho nsɛm wɔ Bible mu a, dwinnwen ho hwɛ nsɛm a wubebisa wɔn bere a woahyia wɔn. Wugye di sɛ nsɛm bɛn na wɔn nso bebisa wo fa nna a edi akyiri no ho? Ebia wobebisa nea woyɛe wɔ awiei bere no mu. Fa no sɛ woahyia wo nana nananom a wɔtenaa ase teteete no. Hwɛ sɛ worekyerɛkyerɛ wɔn nea Onyankopɔn ayɛ ama wɔn! Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ! Afei hwɛ sɛ wo ne mmoa a wɔn ho yɛ hu te hɔ dwoodwoo. Anokwa, ɛbɛyɛ anika paa sɛ wubesua wɔn ho nsɛm pii. Bio, twa ho mfonini hwɛ sɛ nkakrankakra Yehowa ama woayɛ pɛ na wuhu paa wɔ wo mu sɛ woabɛn yɛn soro Agya no!

17. Sɛ yɛma akatua a yebenya daakye no tena yɛn adwenem a, mfaso bɛn na yebenya?

17 Sɛ yetwa wiase foforo no ho mfonini wɔ yɛn adwenem saa a, ɛbɛma yɛde anigye ne ahokeka asom Yehowa. Bio, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae a ɛkyerɛ sɛ yɛretwɛn wiase foforo a ɛbɛtena hɔ daa. Paulo kyerɛw Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛkɔ so ara de boasetɔ twɛn.” (Rom. 8:25) Ɛnyɛ wɔn a wɔasra wɔn nkutoo na asɛm yi fa wɔn ho, na mmom Kristofo a wɔretwɛn daa nkwa nyinaa. Ɛwom, yɛn nsa nnya nkaa akatua no, nanso yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ nea ebesi biara yɛn nsa bɛka, enti yɛde abotare retwɛn denneennen. Yemmu mfe dodow a yɛde asom Yehowa no sɛ ɔbrɛgu sɛnea Mose ammu ne som sɛ ɔbrɛgu no. Mmom yegye di sɛ “nneɛma a wohu no yɛ bere tiaa mu de, na nneɛma a wonhu no tena hɔ daa.”—Monkenkan 2 Korintofo 4:16-18.

18, 19. (a) Adɛn nti na ehia paa sɛ yemia yɛn ani na yɛatumi akura yɛn gyidi mu? (b) Dɛn na yebesua wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Sɛ yɛwɔ gyidi a, yebehu “nneɛma a yenhu” no pefee. (Heb. 11:1) Obi a odi n’akɔnnɔ akyi anaa oku ne ho hwehwɛ wiase nneɛma nnɛ no mmu Yehowa som sɛ biribi titiriw biara. Onipa a ɔte saa bu honhom mu ademude sɛ “nkwaseasɛm.” (1 Kor. 2:14) Yɛn deɛ yɛpɛ sɛ yɛtena hɔ daa, na yɛn anidaso ne sɛ yɛde yɛn ani behu owusɔre no. Eyi yɛ biribi a nnipa a wɔwɔ wiase ntumi ntwa ho mfonini mpo. Paulo bere so no, na nnipa bi frɛ no “kasatenten wura.” Ɛnnɛ nso nnipa pii bu anidaso a yɛka ho asɛm no sɛ nsɛnhunu bi.—Aso. 17:18.

19 Ade biako a abɔ wiase nnɛ ne gyidi, nanso nnipa a wɔwɔ wiase no ara na yɛne wɔn di akɔneaba. Enti mia w’ani kura wo gyidi mu na biribiara anhwim amfi wo nsam. Srɛ Yehowa ‘na wo gyidi ansa.’ (Luka 22:32) Kɔ so ara suasua Mose na ma nneɛma abiɛsa yi ntena w’adwenem: Sɛ bɔne bi regyigye wo a, susuw ho hwɛ ne nsunsuanso. Bio, hu sɛ Onyankopɔn som yɛ adenya kɛse. Afei ‘gyen w’ani hwɛ’ daa nkwa a ɛda w’anim no. Nanso gyidi maa Mose huu nneɛma pii sen nea yɛaka yi. Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛnea Mose gyidi boaa no ma ohuu “Onii a wonhu no no.”—Heb. 11:27.

^ nky. 10 Bible ho ɔbenfo bi kyerɛw Exodus 3:14 ho asɛm sɛ: “Nea ɔpɛ biara ɔbɛyɛ; biribiara ntumi nsianka no . . . Na edin [Yehowa] no yɛ Israel abannennen.Na ɛbɛma wɔanya anidaso ne awerɛkyekye a wohia biara.”