Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wuhu “Onii a Wonhu No no” Anaa?

Wuhu “Onii a Wonhu No no” Anaa?

“Ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.”—HEB. 11:27.

1, 2. (a) Dɛn nti na mfiase no na ɛte sɛ nea Mose wɔ asiane mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn nti na na Mose nsuro ɔhene no abufuw?

NÁ Farao yɛ ɔhene a ne tumi nni ano. Nokwasɛm ni, na Egyptfo bu no sɛ ɔyɛ onyame. Nhoma bi kae sɛ: “Na Egyptfo bu Farao sɛ obi a ɔwɔ nyansa ne tumi sen asase so abɔde biara.” (When Egypt Ruled the East) Nea ɛbɛyɛ na Egyptfo asuro Farao no, na wɔayɛ ɔprammiri ti da n’ahemmotiri anim—ɔprammiri a n’ani abere. Na saa mfonini yi bɛkae ɔhene no atamfo sɛ, sɛ wɔde wɔn asɛm ba ne so a, ɔbɛsɛe wɔn ntɛm. Ɛnde, wohwɛ a Mose bɛte nka sɛn bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra na mensoma wo Farao nkyɛn na koyi me man Israelfo no fi Egypt”?—Ex. 3:10.

2 Mose kɔɔ Egypt de Onyankopɔn asɛm kɔtoo Farao anim, na ɔhene no bu fuwii papa. Akyiri yi, bere a Onyankopɔn de ɔhaw akron baa Egyptfo so no, Farao ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ na woansi m’anim bio, efisɛ da a wubesi m’anim no, wubewu.” (Ex. 10:28) Nanso, ansa na Mose refi Farao anim akɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɔhene no abakan bewu. (Ex. 11:4-8) Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ abusua biara nkum abirekyi anaa odwennini  na wɔmfa ne mogya mpetepete wɔn apon ho. Ná Egyptfo no bu odwennini sɛ akronkronne a wɔde ma wɔn nyame Ra. (Ex. 12:5-7) Ɛnde, dɛn na Farao bɛyɛ? Ɛno deɛ, ɛyɛ ɔno ara n’asɛm. Nanso Mose deɛ na biribiara mmɔ ne hu. Dɛn ntia? Efisɛ na ne gyidi yɛ den na otiee Yehowa. “Wansuro ɔhene no abufuw, na ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.”—Monkenkan Hebrifo 11:27, 28.

3. Nsɛm bɛn na yebesusuw ho afa Mose gyidi ho?

3 Wo nso ɛ? Wo gyidi yɛ den ma enti, sɛ yɛbɛka a, wutumi ‘hu Onyankopɔn’? (Mat. 5:8) Ɛnde, momma yensusuw Mose nhwɛso no ho. Eyi bɛhyɛ yɛn gyidi den na yɛahu “Onii a wonhu no no.” Ɔkwan bɛn so na gyidi a Mose nyaa wɔ Yehowa mu no pam nnipa ho hu fii ne mu? Dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ ogye Onyankopɔn bɔhyɛ di? Mose huu “Onii a wonhu no no.” Ɔkwan bɛn so na eyi boaa no ma otintimii bere a ɔne ne nuanom Israelfo wɔ asiane mu no?

“WANSURO ƆHENE NO ABUFUW”

4. Nnipa ani so no, na Mose te sɛn wɔ Farao anim?

4 Obi nni gyidi a, ebia ɔbɛka sɛ Mose yɛ ntontom bi wɔ Farao ani so. Adeɛ yi yɛbɛka a, na Mose daakye ne ne nkwa nyinaa wɔ Farao nsam. Mose ankasa mpo bisaa Yehowa sɛ: “Mene hena a merekɔ Farao anim sɛ merekoyi Israelfo afi Egypt?” (Ex. 3:11) Saa bere yi na Mose aguan afi Egypt ma mfe 40 atwam. Enti, ebia obebisa ne ho sɛ, ‘Enti nyansa wom sɛ mɛsan akɔ Egypt akogyina ɔhene anim? Ɛnyɛ asɛm na merekɔpɛ ama me ho yi?’

5, 6. Dɛn nti na Mose ansuro Farao na mmom osuroo Yehowa?

5 Ansa na Mose resan akɔ Egypt no Onyankopɔn kyerɛɛ no ade titiriw bi. Ade koro no ara na Mose kyerɛw ho asɛm wɔ Hiob nhoma no mu. Ɔkae sɛ: “Yehowa suro—ɛno ne nyansa.” (Hiob 28:28) Nea ɛbɛyɛ na Mose anya osuro a ɛte saa na woayɛ n’ade nyansam no, Yehowa ma ohuu nsonsonoe a ɛwɔ nnipa ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ntam. Enti obisae sɛ: “Hena na ɔyɛɛ ano maa onipa, na hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo anaa nea ohu ade anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me Yehowa?”—Ex. 4:11.

6 Asuade bɛn na ɛwom? Yehowa na na ɔresoma Mose, enti ɛnsɛ sɛ osuro. Onyankopɔn no ara bɛma Mose biribiara a ohia na watumi de n’ano asɛm akɔto Farao anim. Na eyi nyɛ bere a edi kan a Onyankopɔn nkurɔfo adi amia wɔ Egypt. Ebia Mose kaee sɛnea Yehowa gyee Abraham, Yosef, ne Mose no ankasa fii Egypt ahemfo bi nsam. Enti biribiara kyerɛ sɛ Farao ntumi nnyina Yehowa anim simma koro mpo. (Gen. 12:17-19; 41:14, 39-41; Ex. 1:22–2:10) Mose de ne werɛ hyɛɛ “Onii a wonhu no no” mu, na onyaa akokoduru kɔɔ Farao anim kɔkaa nea Yehowa se ɔnka nyinaa.

7. Ɔkwan bɛn so na gyidi a onuawa bi nyae wɔ Yehowa mu no bɔɔ ne ho ban?

7 Onuawa bi a wɔfrɛ no Ella nso nyaa Yehowa mu gyidi, na eyi hyɛɛ no mpamden ma wansuro nnipa. Afe 1949 no, Soviet polisifo a wɔfrɛ wɔn KGB kyeree Ella wɔ Estonia, na wɔbɔɔ no adagyaw. Afei wɔhwɛɛ no hãã dii ne ho fɛw. Ella kae sɛ: “M’ani wui papa. Nanso mebɔɔ mpae, na ɛno akyi no mihui sɛ me ho atɔ me fɔmm.” Afei wɔde Ella nko ara kɔtoo afiase dan ketewa bi mu nnansa. Polisifo no teɛteɛm guu Ella so sɛ: “Yɛbɛhwɛ sɛ obi biara renkae edin Yehowa no mpo na wabɔ wɔ Estonia ha! Yɛde wo rekɔ nneduaban mu, na yɛde wɔn a aka akɔ Siberia!” Afei wodii ne ho fɛw kae sɛ: “Wo Yehowa no wɔ he?” Ella bɔɔ hu, anaa ɔde ne werɛ hyɛɛ Yehowa mu? Bere a wobisabisaa no nsɛm no wammɔ hu, na mmom ɔde akokoduru ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Magye bere asusuw asɛm yi ho, na masi gyinae sɛ mɛkɔ so afa Onyankopɔn adamfo na makɔda afiase  sen sɛ mɛto ne mmara na moagyae me.” Na Ella hu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa te sɛ mmarima a wogyina n’anim no. Ne gyidi bɔɔ no kyidɔm maa odii Yehowa nokware.

8, 9. (a) Dɛn na ɛbɛboa wo na nnipa ho suro anni wo so? (b) Sɛ nnipa ho suro reyɛ akyekyere wo a, hena na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si no so?

8 Sɛ wowɔ Yehowa mu gyidi a, nnipa ho suro rentumi mfa wo dommum. Sɛ atumfoɔ de wɔn ani si wo so na wɔmpɛ sɛ wosom Yehowa a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ wo daakye ne wo nkwa nyinaa wɔ wɔn nsam. Ebia wubebisa wo ho sɛ: ‘Enti nyansa wom sɛ mekɔ so som Yehowa de hyɛ atumfoɔ no abufuw na wɔde me to tankuruwa mu?’ Kae sɛ, sɛ wowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu a, nnipa ho suro renni wo so. (Monkenkan Mmebusɛm 29:25.) Bere bi Yehowa bisae sɛ: “Dɛn nti na wusuro ɔdesani a obewu ne onipa ba a wɔbɛma wayɛ sɛ wura momono?”—Yes. 51:12, 13.

9 Fa w’adwene si W’agya Otumfoɔ Pumpuni no so. Onim wɔn a ne din nti wɔrehu amane nyinaa; ne yam hyehye no ma wɔn, na ɔboa wɔn. (Ex. 3:7-10) Sɛ wo gyidi nti wɔde wo kogyina wiase atumfoɔ anim a, ma Bible mu asɛm yi nhyɛ wo den: “Munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaasɛ nea mobɛka ho; wɔde nea mobɛka bɛma mo dɔn no mu.” (Mat. 10:18-20) Atumfoɔ ne aban mpanyimfo ntumi nnyina Yehowa anim. Enti yɛ nea wubetumi biara fa hyɛ wo gyidi den nnɛ. Woyɛ saa a, wubehu paa sɛ Yehowa wɔ hɔ na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo.

ƆDE NE WERƐ HYƐƐ ONYANKOPƆN BƆHYƐ MU

10. (a) Afe 1513 A.Y.B., Nisan mu no, ahyɛde bɛn na Yehowa de maa Israelfo no? (b) Dɛn na ɛmaa Mose dii ahyɛde a Onyankopɔn de mae no so?

10 Afe 1513 A.Y.B., ɔsram Nisan mu no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ Israelfo no sɛ wɔmpɛ odwennini anaa abirekyi na wonkum no na wɔmfa ne mogya mpetepete wɔn apon ho. (Ex. 12:3-7) Na eyi yɛ biribi foforo koraa ma Israelfo no. Nanso dɛn na Mose yɛe? Akyiri yi ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ Mose “gyidi nti odii twam no de mogya petepetee apongua ho sɛnea ɛbɛyɛ na ɔsɛefo no mfa ne nsa nka wɔn mmakan.” (Heb. 11:28) Na Mose nim paa sɛ nea Yehowa aka biara bɛbam, enti na ogye di sɛ Yehowa bekunkum Egyptfo mmakan nyinaa.

11. Adɛn nti na Mose bɔɔ Israelfo no kɔkɔ?

11 Saa bere no nyinaa ɛbɛyɛ sɛ na Mose mma wɔ Midian. Enti yɛbɛka a, na wɔn ho sɔnn, efisɛ na “ɔsɛefo” no mmɛn wɔn. * (Ex. 18:1-6) Nanso Mose anka sɛ ne mma mmɛn hɔ enti nea ebesi biara nyɛ no asɛm. Otiee Onyankopɔn asɛm, na ɔbɔɔ ne mfɛfo Israelfo kɔkɔ efisɛ na wɔn mmakan da asiane mu. Na Mose dɔ ne yɔnko nnipa, enti wantwentwɛn ne nan ase koraa na ɔfrɛɛ “Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: . . . ‘Munkum twam aboa no.’”—Ex. 12:21.

12. Asɛm bɛn na Onyankopɔn ahyɛ sɛ yɛmpae mu nka?

12 Yehowa de n’abɔfo bɔ yɛn kyidɔm, na yɛde anibere pae mu ka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu, enti monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nsuti no.” (Adi. 14:7) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛma nnipa te saa asɛm no. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ nnipa nyinaa kɔkɔ ma wofi Babilon Kɛse no mu na ‘wɔannya ne haw no bi.’ (Adi. 18:4) “Nguan foforo” no ne Kristofo a wɔasra wɔn di nsawɔso wɔ adwuma titiriw yi mu, na wɔresrɛ nnipa a wonnim Onyankopɔn sɛ wɔmfa Onyankopɔn adamfo.—Yoh. 10:16; 2 Kor. 5:20.

Sɛ wode wo werɛ hyɛ Yehowa bɔhyɛ mu a, ɛbɛma wo kɔn adɔ sɛ wobɛka asɛmpa no daa (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Dɛn na ɛbɛka wo ma wode ahotoso aka asɛmpa no daa?

 13 Yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka sɛ ‘atemmu dɔn’ no adu. Enti yegye di paa sɛ nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no sɛnea Yehowa ankasa aka no. Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi, na eyi ma yehu aniberesɛm a ɛwɔ asɛm no mu. Ohuu “abɔfo baanan sɛ wogyinagyina asase afanan kurakura asase so mframa anan no mu denneennen.” (Adi. 7:1) Wowɔ gyidi a ɛma wutumi hu abɔfo baanan yi? Wutumi hu paa sɛ wɔayɛ krado sɛ wɔrebegyae mframa no mu ma ahohiahia kɛse no apae agu Satan wiase yi so? Sɛ wowɔ gyidi a ɛte saa a, ɛbɛma wode ahotoso aka asɛmpa no daa.

14. Dɛn na ɛka yɛn ma ‘yɛbɔ abɔnefo kɔkɔ sɛ womfi wɔn kwammɔne so’?

14 Nokware Kristofo afa Yehowa adamfo dedaw, na wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa. Nanso ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm yi tom: Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ ‘yɛbɔ abɔnefo kɔkɔ ma wofi wɔn kwammɔne so na wonya nkwa.’ (Monkenkan Hesekiel 3:17-19.) Ampa, yɛmpɛ sɛ yedi mogya ho fɔ, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo nti na yɛka asɛm no. Yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nipa; eyi paa na ɛka yɛn ma yɛka asɛm no. Yesu de Samariani mmɔborɔhunufo bi yɛɛ mfatoho, na eyi ma yehu nea ɔdɔ ne mmɔborɔhunu kyerɛ ankasa. Yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘Mete sɛ Samariani no anaa ɔsɔfo no anaa Lewini no? Nnipa asɛm “yɛ me mmɔbɔ” te sɛ Samariani no ma enti mepɛ sɛ meka asɛm no kyerɛ wɔn? Anaa mede biribi yi me ho ano te sɛ ɔsɔfo ne Lewini a wɔfaa “ɔkwan no fã baabi kɔe” no?’ (Luka 10:25-37) Sɛ yegye  Onyankopɔn bɔhyɛ di na yɛdɔ yɛn yɔnko nipa a, ɛbɛhyɛ yɛn mpamden ma yɛayɛ nea yebetumi biara aka asɛm no ansa na da no adu.

“WƆFAA PO KƆKƆƆ NO MU”

15. Adɛn nti na ɛyɛɛ Israelfo no sɛ wɔaka aguaa mu?

15 Mose nyaa “Onii a wonhu no no” mu gyidi, na bere a Israelfo fii Egypt a wɔn ani so tan wɔn no, saa gyidi no na ɛboaa no. Bible ka sɛ bere a “Israelfo no maa wɔn ani so hui sɛ Egyptfo no di wɔn akyi no, wɔbɔɔ hu na wofii ase su frɛɛ Yehowa.” (Ex. 14:10-12) Na ɛsɛ sɛ Israelfo no hu sɛ biribi saa na ɛbɛba efisɛ na Yehowa aka sɛ: “Mɛma Farao koma apirim na obetiw wɔn, na mede Farao ne n’asraafodɔm bɛhyɛ me ho anuonyam na Egyptfo ahu sɛ mene Yehowa.” (Ex. 14:4) Nanso Israelfo no amfa wɔn adwene ankɔ biribiara so sɛ nea wɔn ani hu. Ná Ɛpo Kɔkɔɔ no da wɔn anim kakrakaa, na Farao ne n’asraafodɔm ne wɔn nteaseɛnam taa wɔn so, na na nea odi wɔn anim de wɔn rekɔ yɛ akwakoraa guanhwɛfo a wadi mfe 80! Enti ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔaka aguaa mu.

16. Ɔkwan bɛn so na gyidi hyɛɛ Mose den wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho?

16 Nanso Mose gyidi anhinhim. Adɛn ntia? Ne gyidi ma ohuu biribi a ɛsen ɛpo ne asraafodɔm koraa. Ohuu ‘sɛnea Yehowa begye wɔn nkwa.’ Na onim paa sɛ Yehowa bɛko ama Israelfo no. (Monkenkan Exodus 14:13, 14.) Mose gyidi hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran. Bible ka sɛ: “Gyidi nti wɔfaa Po Kɔkɔɔ no mu te sɛ nea wɔnam asase kesee so, na bere a Egyptfo yɛe sɛ wɔrefa mu no, ɛmenee wɔn.” (Heb. 11:29) Afei “ɔman no suroo Yehowa, na wogyee Yehowa ne n’akoa Mose dii.”—Ex. 14:31.

17. Dɛn na ɛbɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ daakye?

17 Ɛrenkyɛ yɛbɛkɔ tebea koro no ara mu, na ɛbɛyɛ te sɛ nea ahobammɔ nni baabiara. Ansa na Harmagedon befi ase no, na wiase nniso asɛe nyamesom ahyehyɛde akɛse a wɔn ho yɛ den sen yɛn koraa no. (Adi. 17:16) Enti ebia wɔbɛka sɛ, ‘Dawuro no mpo yɛamene na n’abaa.’ Yɛbɛyɛ sɛ ntontom bi wɔ wɔn ani so. Yehowa ankasa hyɛɛ nkɔm bi a ɛkyerɛ sɛ yɛn tebea bɛyɛ te sɛ nea yɛte ‘asase a ɛho da hɔ so a enni ɔfasu, adaban, anaa apon mpo.’ (Hes. 38:10-12, 14-16) Nnipa ani so no, ɛbɛyɛ sɛ nea nkwagye nni baabiara. Ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ?

18. Adɛn nti na yebetumi atintim wɔ ahohiahia kɛse no mu?

18 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu koraa. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa ankasa aka sɛ atumfoɔ no bɛtow ahyɛ ne nkurɔfo so, nanso wakyerɛ nea ebefi mu aba: “Ɛda a Gog bɛba Israel asase so no, m’abufuw bɛdɛw wɔ me hwenem. M’abufuhyew mu, m’anibere gya mu na mɛkasa.” (Hes. 38:18-23) Afei Onyankopɔn bɛsɛe wɔn a wɔatu wɔn ani asi ne nkurɔfo so nyinaa. Sɛ wowɔ gyidi sɛ Yehowa bɛbɔ wo ho ban wɔ ne “da kɛse a ɛyɛ hu” no mu a, wubehu ‘sɛnea Yehowa begye wo nkwa.’ Eyi bɛboa wo ma woakɔ so ara atintim.—Yoel 2:31, 32.

19. (a) Na Yehowa ne Mose adamfofa te sɛn? (b) Sɛ wuhu Yehowa “w’akwan nyinaa mu” a, nhyira bɛn na wubenya?

19 Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho ama nneɛma a ɛda yɛn anim no? Ɛno ara ne sɛ wobɛkɔ so ‘atintim te sɛ nea wuhu Onii a wonhu no no’! Sua ade na bɔ mpae daa na ama wo ne Yehowa Nyankopɔn adamfofa mu ayɛ den. Na Mose bɛn Yehowa paa, na Yehowa de no yɛɛ nneɛma akɛse pii, enti Bible ka sɛ na onim Mose “anim ne anim.” (Deut. 34:10) Ampa, dwuma a Yehowa de Mose dii da nsow koraa. Nanso sɛ wowɔ gyidi a, wo nso wubetumi abɛn Yehowa na ayɛ sɛ nea wuhu no ankasa. Sɛ wuhu Yehowa “w’akwan nyinaa mu” a, wahyɛ bɔ sɛ “ɔbɛma w’akwan ateɛ.”—Mmeb. 3:6.

^ nky. 11 Adanse kyerɛ sɛ abɔfo na Yehowa ma wokokunkum Egyptfo mmakan.—Dw. 78:49-51.