Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘M’aduan Ne sɛ Mɛyɛ Onyankopɔn Apɛde’

‘M’aduan Ne sɛ Mɛyɛ Onyankopɔn Apɛde’

Dɛn na ɛma w’ani gye paa? Ɛyɛ aware anaa abawo anaa adamfofa? Yebetumi aka sɛ, sɛ wo ne wo nnamfo anaa w’adɔfo to nsa didi a, w’ani gye. Nanso Yehowa akoa deɛ, akyinnye biara nni ho sɛ nea ɛma w’ani gye paa ne sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na woasua n’Asɛm, na woaka asɛmpa no.

Tete Israel hene Dawid too dwom kamfoo Yehowa sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn, na wo mmara wɔ me koma mu.” (Dw. 40:8) Dawid faa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii mu, nanso nea na ɛda ne koma so ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛnyɛ Dawid nkutoo na na n’ani gye ho sɛ ɔbɛsom nokware Nyankopɔn no.

Ɔsomafo Paulo twee asɛm a ɛwɔ Dwom 40:8 kaa Mesia anaa Kristo no ho asɛm. Ɔkyerɛw sɛ: “Bere a ɔba wiase no, ɔka sɛ: ‘“Afɔre ne ayɛyɛde de woampɛ, na mmom wusiesiee nipadua maa me. Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ansɔ w’ani.” Ɛnna mekae sɛ, “Hwɛ! Maba (wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu) sɛ merebɛyɛ w’apɛde, O Onyankopɔn.”’”—Heb. 10:5-7.

Bere a Yesu wɔ asase so no, na n’ani gye Yehowa abɔde ho, na sɛ ɔne ne nnamfo hyiam bom didi a, ne ho bae no. (Mat. 6:26-29; Yoh. 2:1, 2; 12:1, 2) Nanso ade a na ɛda ne koma so paa ne sɛ ɔbɛyɛ ne soro Agya no apɛde. Yesu kae sɛ: “M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde na mawie n’adwuma.” (Yoh. 4:34; 6:38) Yesu boaa n’asuafo no ma wohuu nea ɛma anigye ankasa. Enti wɔde anigye ne ahokeka kaa Ahenni ho asɛmpa no kyerɛɛ afoforo.—Luka 10:1, 8, 9, 17.

“MONKƆ NKƆYƐ AMAN NYINAA M’ASUAFO”

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:19, 20) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yewurawura baabiara kɔka asɛm no kyerɛ nkurɔfo, na yɛsan kɔsra wɔn a wɔn ani gye ho na yɛne wɔn yɛ Bible adesua. Woyɛ adwuma a ɛte saa a, wo koma tɔ wo yam.

Sɛ ebinom antie asɛm a yɛka no mpo a, ɔdɔ nti yɛmpa abaw

 Sɛ yɛreka asɛm no a, ebinom betie, afoforo nso rentie. Nanso nea ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ, sɛ yɛn ani begye wɔ asɛnka mu a egyina yɛn so. Yenim sɛ ɛnyɛ obiara na otie asɛm a yɛka no. Ɛnde, dɛn paa nti na yɛkɔ so ka asɛm no? Asɛm no ne sɛ, sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. Nokwasɛm ne sɛ nnipa nkwa da asiane mu; yɛn nkwa ne afoforo nkwa nyinaa da asiane mu. (Hes. 3:17-21; 1 Tim. 4:16) Ma yɛnhwɛ nea aboa yɛn nuanom Adansefo bi ma wɔakɔ so ayɛ asɛnka adwuma no wɔ mmeae a ɛhɔ asɛnka yɛ den.

HWEHWƐ HOKWAN BIARA DI ADANSE

Sɛ wotɔ wo bo ase bisa nkurɔfo nsɛm a, wubetumi anya hokwan adi wɔn adanse. Anɔpa bi, Amalia huu barima bi sɛ ɔte turom baabi rekan atesɛm krataa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn kobisaa no sɛ wahu asɛmpa bi wom anaa? Owura no kae sɛ asɛmpa biara nnim. Afei Amalia kae sɛ: “Ɛnde, mewɔ asɛmpa bi ma wo. Ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho.” Owura no ani gyee ho ma ɔne no fii ase suaa Bible. Nokwasɛm ne sɛ Amalia nyaa nnipa mmiɛnsa ne wɔn fii ase suaa Bible wɔ turom hɔ.

Yɛnhwɛ Janice nso. Ɔbɔɔ ne tirim sɛ hokwan biara a obenya no, obedi n’adwumamfo adanse. Bere bi awɛmfo baanu a wɔwɔ adwumam hɔ kae sɛ wɔakan asɛm bi wɔ Ɔwɛn-Aban mu ma wɔn ani agye ho. Enti Janice kae sɛ ɔbɛbrɛ wɔn nsɛmma nhoma no bi daa. Owura bi a ɔno nso wɔ adwumam hɔ kae sɛ n’ani gye nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no ho. Enti ɔbrɛɛ ɔno nso bi. Odwumayɛni foforo nso kae sɛ n’ani gye nsɛmma nhoma no ho. Ewiee ase no na wanya nnipa 11 a ɔma wɔn nsɛmma nhoma daa. Janice kae sɛ: “Eyi yɛ Yehowa nhyira!”

MMA W’ABAM MMU

Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ, sɛ adawurubɔfo redi obi adanse a, ɛnsɛ sɛ wɔka kyerɛ no kɛkɛ sɛ da foforo wɔbɛsan aba. Mmom wobetumi abisa no sɛ: “W’ani begye ho sɛ mɛba abɛkyerɛ wo sɛnea yesua Bible?” Anaa wobetumi abisa sɛ: “Bere bɛn na metumi asan aba na yɛatoa nkɔmmɔ no so?” Ɔmansin sohwɛfo no bɔɔ amanneɛ sɛ bere a ɔkɔsraa asafo bi no, anuanom de nyansahyɛ no yɛɛ adwuma, na wonyaa nnipa 44 ne wɔn fii Bible adesua ase nnawɔtwe baako pɛ mu.

Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye na yɛantwentwɛn yɛn nan ase na yɛsan kɔsra no nna kakra bi akyi a, etumi sow aba pa. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye ho paa sɛ yɛbɛboa nnipa ma wɔate Bible no ase. Bere bi anuanom bisaa ɔbea bi nea ɛyɛe a ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible. Ɔkae sɛ: “Nea enti a me ne wɔn suaa ade ne sɛ mihui sɛ wodwen me ho.”

Wubetumi abisa fiewura no sɛ: “W’ani begye ho sɛ mɛba abɛkyerɛ wo sɛnea yesua Bible?”

 Madaí nso yɛ ɔkwampaefo a ɔne nnipa 15 yɛ Bible adesua, na ɔde nnipa 5 nso ama adawurubɔfo foforo ne wɔn sua ade. Ne Bible asuafo pii afi ase reba asafo nhyiam. Dɛn na ɛboaa Madaí ma onyaa nnipa pii saa ne wɔn suaa ade? Onyaa hokwan kɔɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu. Sukuu no boaa no ma ohui sɛ, sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, ɛsɛ sɛ wokɔ so ara kɔ ne fie kosi sɛ wobɛto no. Enti ofi sukuu no bae ara na ofii ase de saa nyansahyɛ no yɛɛ adwuma. Ɔdansefo foforo nso aboa nnipa pii ma wɔahu nokware no. Dɛn na ɛboaa no? Ɔkae sɛ: “Mahu sɛ, sɛ wumia w’ani yɛ sankɔhwɛ daa a, wubetumi aboa nnipa pii ma wɔabehu Yehowa.”

Sɛ yɛne obi bɔ nkɔmmɔ na yɛsan kɔsra no ntɛm a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani gye ho sɛ ɔbɛte Bible ase

Egye animia na obi atumi ayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua. Nanso sɛ woampa abaw a, wubetwa wo brɛ so aba bere a ɛsɛ mu. Sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no a, yebetumi aboa nnipa pii ma wɔabenya “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” Eyi de wɔn besi nkwa kwan no so. (1 Tim. 2:3, 4) Yɛn nso yebenya akomatɔyam ne anigye a enni kabea.