Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛn na ‘Ɛsɛ sɛ Yebua Obiara’?

Sɛn na ‘Ɛsɛ sɛ Yebua Obiara’?

“Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa . . . na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”KOL. 4:6.

1, 2. (a) Osuahu bɛn na ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛfa kwan pa so bisa nsɛm a, ebetumi aka nkurɔfo koma? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛne nkurɔfo besusuw nsɛm bi ho?

BERE bi na onuawa bi ne ne kunu resusuw Bible ho. Ná ne kunu nyɛ Yehowa Dansefo, na ɔkae sɛ ogye Baasakoro di. Nanso onuawa no hui sɛ ɛbɛyɛ sɛ ne kunu nte Baasakoro nkyerɛkyerɛ a n’asɔre kyerɛkyerɛ no ase. Enti ɔtoo ne bo ase bisaa no sɛ, “Wugye di sɛ Onyankopɔn, ɔno ara ne Onyankopɔn, na Yesu nso yɛ Onyankopɔn, na honhom kronkron nso yɛ Onyankopɔn, nanso wɔnyɛ Onyankopɔn mmiɛnsa na mmom Onyankopɔn baako?” Ne kunu ho dwiriw no na ɔkae sɛ: “Dabi, minnye nni saa!” Afei, ɔne ne kunu bɔɔ nkɔmmɔ ma ohuu onii ko a Onyankopɔn yɛ ankasa.

2 Saa asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ yɛne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a, ɛho hia sɛ yetumi fa kwan bi so bisa nsɛm a ɛbɛka wɔn koma. Ɛma yehu biribi foforo nso: Ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛne afoforo besusuw nsɛm te sɛ Baasakoro anaa Ɔbonsam gya (anaa hellgya) ho. Afei nso ɛsɛ sɛ yetumi nya akokoduru boa nkurɔfo ma wohu sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Sɛ yɛde yɛn  ho to Yehowa so na yɛde ntetee a ɔde ma yɛn no yɛ adwuma a, yebetumi ama nkurɔfo anya mmuae a ɛtɔ asom na aka wɔn koma. (Kol. 4:6) Afei momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Yɛbɛhwɛ (1) sɛnea yebebisa nkurɔfo nsɛm na yɛahu nea ɛwɔ wɔn komam, (2) sɛnea yɛne afoforo besusuw Kyerɛwnsɛm no ho, ne (3) sɛnea yɛde mfatoho besi yɛn asɛm so dua.

BISA NKURƆFO NSƐM NA HU NEA ƐWƆ WƆN KOMAM

3, 4. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea obi gye di a, adɛn nti na ɛho hia sɛ yebisa no nsɛm? Ma nhwɛso.

3 Sɛ yebisa nkurɔfo nsɛm a, ɛbɛma yɛahu nea wogye di. Adɛn nti na eyi ho hia? Mmebusɛm 18:13 ka sɛ: “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.” Enti sɛ yɛne obi rebɔ Bible mu nkɔmmɔ a, ɛsɛ sɛ yedi kan hu nea ogye di na yɛahu baabi a yɛde asɛm no bɛfa. Anyɛ saa a yɛbɛsɛe bere de abɔ atoro nkyerɛkyerɛ bi agu, nanso wobɛhwɛ no na ɔno ara mpo nnye nni.—1 Kor. 9:26.

4 Fa no sɛ yɛne obi resusuw Ɔbonsam gya ho. Ɛnyɛ obiara na ogye di sɛ Ɔbonsam gya bi wɔ hɔ a wɔyɛ abɔnefo ayayade wɔ hɔ. Nnipa pii susuw sɛ, yɛka sɛ obi kɔ hell anaa Ɔbonsam gya mu a, ɛyɛ kasakoa a ɛkyerɛ sɛ ɔne Onyankopɔn ntam atetew. Enti yebetumi aka biribi sei: “Sɛ yɛka Ɔbonsam gya a, ɛsono sɛnea obiara te ase; wo nso w’adwene ne sɛn wɔ ho?” Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase tie nea onii no wɔ ka a, yebetumi aboa no ma wate nea Bible ka ase.

5. Ɔkwan bɛn so na nsɛmmisa bɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a obi gye biribi di?

5 Bio, yebetumi afa kwan bi so abisa nkurɔfo nsɛm de ahu nea enti a wogye biribi di anaa wonnye nni. Yɛmfa no sɛ yɛahyia obi wɔ asɛnka mu, na ɔka sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Dɛn na yɛbɛyɛ? Anhwɛ a, onya kaa saa ara pɛ na yɛanya adwene sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ na adaadaa no. (Dw. 10:4) Nanso nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, sɛ ebinom hwɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a wɔrefa mu ne nea afoforo nso refa mu a, nea wodwen kosi ara ne sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Wosusuw sɛ, sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔdɔ yɛn a, anka ɔrenyɛ nhwɛhãã saa. Enti sɛ obi ka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ a, yebetumi abisa no sɛ, “Mesrɛ wo, daa nyinaa saa na wugye di?” Sɛ ɔka sɛ dabi a, yebetumi abisa no nea ɛma onyaa adwene sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Mmuae a ɔbɛma no bɛma yɛahu ɔkwan pa a yɛbɛfa so aboa no ma wate nneɛma ase.—Monkenkan Mmebusɛm 20:5.

6. Sɛ yebisa obi asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Sɛ yebisa obi asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie mmuae a ɔde bɛma na yɛkamfo no mpo. Ebia obi bɛka sɛ akwanhyia bi too no, na efi hɔ na onyaa adwene sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ. Sɛ ɔka saa a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho kyerɛ no sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Mmom ɛsɛ sɛ yenya tema ma no na yɛma ohu sɛ amanehunu ma nnipa bisa nsɛm pii, enti sɛ obisa nea enti a yɛrehu amane a, onnii mfomso. (Hab. 1:2, 3) Ɛno akyi no yebetumi akyerɛ no nea enti a yegye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Sɛ yenya ne ho abotare saa a, ebia ɛbɛka no ma wasua pii. *

WO NE WƆN NSUSUW KYERƐWNSƐM NO HO

Dɛn paa na ɛboa yɛn ma yetu mpɔn wɔ asɛnka mu? (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛatu mpɔn wɔ asɛnka mu?

7 Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yɛne afoforo besusuw Kyerɛwnsɛm no ho.  Akyinnye biara nni ho sɛ Bible ne ade titiriw a yɛde yɛ asɛnka adwuma no. Esiesie yɛn yiye ma yetumi yɛ “adwuma pa biara.” (2 Tim. 3:16, 17) Ɛnyɛ kyerɛwsɛm dodow a yɛbɛkan wɔ asɛnka mu na ɛbɛkyerɛ sɛ yetu mpɔn, na mmom ɔkwan a yɛbɛfa so ne obi asusuw kyerɛwsɛm no ho na yɛakyerɛkyerɛ mu ne asɛm no. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 17:2, 3.) Ma yɛmfa nhwɛso mmiɛnsa nkyerɛ asɛm no mu.

8, 9. (a) Sɛ yehyia obi a ogye di sɛ Yesu ne Onyankopɔn yɛ pɛ a, ɔkwan baako bɛn na yebetumi afa so ne no asusuw nsɛm ho? (b) Ɔkwan bɛn na w’ankasa woafa so ne obi asusuw asɛnkoro yi ara ho?

8 Nhwɛso 1: Yɛahyia obi wɔ asɛnka mu a ogye di sɛ Yesu ne Onyankopɔn yɛ pɛ. Kyerɛw nsɛm bɛn na yɛne no besusuw ho? Yebetumi ama wakan Yohane 6:38. Yesu kae wɔ hɔ sɛ: “Mifi soro aba sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, ɛnyɛ m’ankasa m’apɛde.” Sɛ ɔkenkan wie a, yebetumi abisa no sɛ: “Sɛ Yesu no ara ne Onyankopɔn a, ɛnde hena na ɔsomaa no fii soro? Wunnye nni sɛ onii no bɛyɛ kɛse asen Yesu? Ɔpanyin na ɔsoma abofra, meboa?”

9 Yebetumi nso ne no akenkan Filipifo 2:9. Ɔsomafo Paulo kaa nea Onyankopɔn yɛe bere a Yesu wui na onyanee no. Kyerɛwsɛm no ka sɛ Onyankopɔn pagyaw Yesu maa no “gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara.” Yɛbɛyɛ dɛn aboa onii no ma wasusuw kyerɛwsɛm yi ho? Yebetumi aka sɛ: “Yɛhwɛ w’asɛm yi a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ansa na Yesu rewu no na ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Nanso kyerɛwsɛm a yɛakenkan yi ka sɛ Yesu wusɔre akyi no, Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn. Ɛnde, seesei a Yesu abenya gyinabea a ɛkorɔn yi, wunnye nni sɛ ɛno bɛma wayɛ kɛse asen Onyankopɔn? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ayɛ kɛse asen Onyankopɔn?” Sɛ onii no bu Onyankopɔn Asɛm na ɔpɛ sɛ ohu emu nokwasɛm a, nkɔmmɔbɔ a ɛte saa bɛka no ma wasua pii.—Aso. 17:11.

10. (a) Sɛ yehyia obi a ogye di sɛ wɔbɛyɛ nnipa ayayade wɔ Ɔbonsam gya mu a, yɛbɛyɛ dɛn ne no asusuw asɛm no ho? (b) Sɛ wo ne obi abɔ nkɔmmɔ a ɛte saa pɛn a, woyɛɛ no sɛn?

10 Nhwɛso 2: Yɛahyia obi a ogye di denneennen sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade daa wɔ Ɔbonsam gya mu. Ebia nea enti a ogye di saa ne sɛ, ɔpɛ sɛ abɔnefo nya wɔn bɔne so akatua. Yɛbɛyɛ dɛn ne obi a ɔte saa asusuw nsɛm ho? Nea edi kan, yebetumi ama no awerɛhyem sɛ abɔnefo benya asotwe. (2 Tes. 1:9) Afei yebetumi ama wakenkan Genesis 2:16, 17. Ɛhɔ kyerɛ sɛ bɔne akatua ne owuo. Afei  yebetumi ama wahu sɛ Adam bɔne no kaa n’asefo nyinaa. (Rom. 5:12) Nanso Onyankopɔn anka hellgya anaa Ɔbonsam gya biara ho asɛm. Afei yebetumi asan akan Genesis 3:19. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam sɛ ne bɔne nti ‘ɔbɛsan akɔ dɔte mu.’ Ɛno akyi no, yebebisa no sɛ: “Sɛ Onyankopɔn bɛtwe Adam ne Hawa aso wɔ gya mu a, wugye di sɛ anka ɛbɛyɛ papa sɛ ɔde besuma wɔn na mmom waka akyerɛ wɔn sɛ wɔbɛsan akɔ dɔte mu?” Sɛ onipa no repɛ biribi ahu a, asɛmmisa yi bɛma wadwen asɛm no ho akɔ akyiri.

11. (a) Sɛ obi ka sɛ nnipa pa nyinaa kɔ soro a, ɔkwan baako bɛn na yɛbɛfa so ne no asusuw nsɛm ho? (b) Sɛ wo ne obi abɔ nkɔmmɔ a ɛte saa pɛn a, kyerɛɛ sɛnea woyɛɛ no?

11 Nhwɛso 3: Yɛahyia obi a ogye di sɛ nnipa pa nyinaa kɔ soro. Gyidi a ɛte saa betumi aka ntease a ɔwɔ wɔ Bible mu nsɛm bi ho. Yɛmfa no sɛ yɛne no akenkan Adiyisɛm 21:4. (Monkenkan.) Ebia ɔbɛka sɛ saa asɛm no fa ɔsoro asetena ho. Yɛbɛyɛ dɛn ne no asusuw ho? Ɛho nhia sɛ yɛkenkan kyerɛwsɛm foforo biara, mmom yebetumi anya biribi wɔ Adiyisɛm 21:4 hɔ ara de akyerɛkyerɛ asɛm no mu. Ɛka sɛ “owu nni hɔ bio.” Enti yebetumi abisa no sɛ: “Wugye tom sɛ, sɛ yɛka sɛ biribi nni hɔ bio a, ɛkyerɛ sɛ bere bi na ɛwɔ hɔ?” Ebia ɔbɛka sɛ aane. Sɛ saa a, yebetumi aka sɛ obiara nwui wɔ soro da; asase so ha na nnipa wu. Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Adiyisɛm 21:4 reka nhyira a yebenya wɔ asase so daakye.—Dw. 37:29.

FA MFATOHO KYERƐKYERƐ ASƐM NO MU

12. Adɛn nti na Yesu de mfatoho dii dwuma?

12 Ade foforo a Yesu de yɛɛ adwuma wɔ asɛnka mu ne mfatoho. (Monkenkan Mateo 13:34, 35.) Mfatoho maa Yesu huu nea ɛwɔ nnipa komam. (Mat. 13:10-15) Afei nso mfatoho maa Yesu nkyerɛkyerɛɛ yɛɛ nkurɔfo dɛ, na na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkae. Ɛnde, sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, yɛbɛyɛ dɛn de mfatoho adi dwuma?

13. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ obi sɛ Onyankopɔn korɔn sen Yesu a, dɛn na yebetumi de ayɛ mfatoho?

13 Sɛ yɛka sɛ mfatoho bi yɛ papa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛnyɛ den sɛ wobɛte ase. Fa no sɛ wopɛ sɛ woboa obi ma ohu sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse sen Yesu. Ebia wubetumi de mfatoho adi dwuma. Wubetumi aka sɛ Onyankopɔn ne Yesu nyinaa gye tom sɛ baako yɛ agya ɛnna baako yɛ ɔba. Onyankopɔn frɛɛ Yesu sɛ ne Ba, ɛnna Yesu nso frɛɛ Onyankopɔn sɛ n’Agya. (Luka 3:21, 22; Yoh. 14:28) Afei wubetumi abisa no sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ me sɛ obi ne obi yɛ pɛ a, anka wobɛka sɛ wɔte sɛ obi ne ne papa, anaa obi ne ne nua?” Ebia ɔbɛka sɛ wɔte sɛ obi ne ne nua anaa ntafo mpo. Sɛ ɔka saa a, wubetumi aka sɛ ntease wom. Afei bisa no sɛ: “Sɛ me ne wo mpo atumi anya biribi saa de ayɛ mfatoho a, wunnye ntom sɛ anka Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no benya mfatoho a ɛte saa? Nanso wanka sɛ Onyankopɔn yɛ ne nua na mmom n’Agya. Enti Yesu gye toom sɛ Onyankopɔn korɔn na ɔwɔ tumi sen no.”

14. Mfatoho bɛn na ɛkyerɛ sɛ ntease nnim sɛ obi bɛka sɛ Onyankopɔn abɔ Ɔbonsam paa sɛ ɔnyɛ nkurɔfo ayayade wɔ gya mu?

14 Yɛmfa nhwɛso foforo. Ebinom gye di sɛ Satan na ɔhwɛ ma wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ Ɔbonsam gya mu. Yɛbɛyɛ dɛn aboa agya anaa ɛna bi ma wahu sɛ ntease nnim sɛ obi bɛka sɛ Onyankopɔn na wabɔ Ɔbonsam paa sɛ ɔnyɛ nkurɔfo ayayade wɔ gya mu? Yebetumi aka sɛ: “Fa no sɛ wo ba yɛ otuatewfo, na nsɛmmɔne ara na odi. Dɛn na anka  wobɛyɛ?” Ebia ɔbɛka sɛ ɔbɛkasa akyerɛ abofra no. Ebia obenya no kasakyerɛ kosi sɛ obegyae bɔne a ɔreyɛ no. (Mmeb. 22:15) Yebetumi abisa no sɛ, “Ɛnde sɛ abofra no sen ne kɔn na wansesa ne suban a, dɛn na wobɛyɛ?” Ebia agya anaa ɛna biara bɛka sɛ ɔbɛtwe abofra no aso. Ɔka saa a, yebetumi aka sɛ: “Sɛ wuhu sɛ nipabɔnefo bi na ɔrepiapia wo ba no ma ɔyɛ nneɛma bɔne a, anka wobɛyɛ dɛn?” Ebia ɔbɛka sɛ ne bo befuw saa nipabɔnefo no. Afei wubetumi abisa no sɛ: “Sɛ wunim paa sɛ onipabɔnefo bi na opiapia wo ba no ma ɔyɛ bɔne a, wobɛbɔ nipa koro yi ara paa ma watwe wo ba no aso ama wo?” Nea ɔbɛka ara ne sɛ dabi. Sɛ saa a, ɛnde Onyankopɔn remmɔ Satan paa sɛ ɔntwe nkurɔfo aso bere a Satan koro yi ara na opiapia saafo no ma wɔyɛ nneɛma bɔne!

MPA ABAW, YƐ NEA WUBETUMI BIARA

15, 16. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ obiara a yɛka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ no no betie? (b) Sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ano atew anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Nea Ɛbɛboa Ma Yɛabua Obiara.”)

15 Sɛ yɛde nsɛmmisa a ɛfata yɛ adwuma, na yɛtɔ yɛn bo ase ne nkurɔfo susuw nsɛm ho, na yɛde mfatoho a ɛtɔ asom di dwuma mpo a, ɛnyɛ obiara na obetie Ahenni ho asɛmpa no agu aso pa mu. (Mat. 10:11-14) Yesu ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watena asase so pɛn, nanso ɔno mpo nnipa kakraa bi na wotiee no.—Yoh. 6:66; 7:45-48.

16 Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛn ano ntewee na yennim nkyerɛkyerɛ yiye. Sɛ saa na yesusuw mpo a, yebetumi atu mpɔn wɔ asɛnka mu. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 4:13.) Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa” bɛyɛ aso atie asɛmpa no. (Aso. 13:48) Enti sɛ wɔn a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no antie a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu. Mmom ɛsɛ sɛ yɛde ntetee a Yehowa de ma yɛn yɛ adwuma na yenya awerɛhyem sɛ ɛbɛboa yɛne wɔn a wotie yɛn nyinaa. (1 Tim. 4:16) Yehowa bɛboa yɛn ma yɛahu ‘sɛnea ɛsɛ sɛ yebua obiara.’ Ɛnde ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 7:12 no nso bɛboa yɛn ma yɛatu mpɔn wɔ asɛnka mu? Adesua a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.

^ nky. 6 Hwɛ asɛm a ɛbaa January 1, 2010, Ɔwɛn-Aban mu a wɔato din “So Yebetumi Anya Ɔbɔadeɛ Bi Mu Gyidi?