Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yennya Tema Mma Yɛn Atiefo

Momma Yennya Tema Mma Yɛn Atiefo

“Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”MAT. 7:12.

1. Sɛ yenya tema ma yɛn atiefo a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Ma nhwɛso. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

NÁ ONUA bi ne ne yere nam asɛnka mu reto nsa afrɛ nkurɔfo aba Kristo wu Nkaedi no ase wɔ Fiji. Wohyiaa ɔbea bi wɔ kwan mu, na bere a wɔne no rekasa no, osu fii ase tɔe. Onua no de kyinii baako maa ɔbea no, ɛnna ɔne ne yere faa baako. Bere a Nkaedi no dui no, awarefo yi nkɔhwɛ a, ɔbea no anim ni! Ɛyɛɛ wɔn dɛ paa. Ɔbea no ara gye toom sɛ nsɛm a Adansefo no kae pii wɔ hɔ a ɔnkae. Nanso da a anuanom hyiaa no no, nea wɔyɛe no kaa ne koma paa, na ɛno na ɛma ɔbaa Nkaedi no. Adansefo no dii Yesu afotu no akyi nyaa tema maa ɔbea no.

2. Asɛm bɛn na Yesu kae, na yɛbɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma?

2 Asɛm bɛn na Yesu kae? Ɔkae sɛ: “Biribiara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mat. 7:12) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nea edi kan, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛn na mepɛ sɛ afoforo ne me di?’ Afei wo ne afoforo nni sɛnea wopɛ sɛ wɔne wo di.—1 Kor. 10:24.

3, 4. (a) Adɛn nti na Yesu asɛm no fa nnipa nyinaa ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

 3 Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo redi a, yɛtaa di Yesu asɛm no so. Nanso Yesu anka sɛ yɛn nuanom nko ara na ɛsɛ sɛ yenya tema ma wɔn. Nea na ɔrekyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya tema ma obi biara, yɛn atamfo mpo. (Monkenkan Luka 6:27, 28, 31, 35.) Sɛ yɛn atamfo mpo ɛsɛ sɛ yenya tema ma wɔn a, ɛnde wɔn a yedi wɔn adanse no nso ɛ? Kae sɛ saafo no pii betumi abegye nokware no na wɔanya “daa nkwa.”—Aso. 13:48.

4 Yɛrebesusuw nsɛmmisa nnan bi ho, na ma nsɛmmisa yi ntena w’adwenem bere a woreyɛ asɛnka adwuma no: Hena koraa na me ne no rekasa yi? Ɛhe na ɔwɔ? Bere bɛn na ɛfata sɛ mekɔ nkurɔfo nkyɛn? Sɛn na ɛsɛ sɛ me ne wɔn kasa? Nsɛmmisa yi bɛboa yɛn ma yɛanya tema ama wɔn a yedi wɔn adanse no na yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ne wɔn akasa.—1 Kor. 9:19-23.

HENA KORAA NA ME NE NO REKASA YI?

5. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

5 Obiara a yebehyia no wɔ asɛnka mu no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛsono ne su ne ne ban, baabi a wɔtetee no, ne ɔhaw a ɔrefa mu. (2 Be. 6:29) Sɛ wo ne obi rekasa a, bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ me na obi aba me nkyɛn rebedi me adanse a, anka sɛn na mɛpɛ sɛ ɔne me di? Anka ɛbɛyɛ me dɛ sɛ obenya me ho adwene bi bere mpo a onnim me nipaban? Anaa m’ani begye ho sɛ obehu me yiye?’ Sɛ yesusuw nsɛmmisa yi ho a, yebehu ɔkwan a yɛbɛfa so ne obiara adi.

6, 7. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no na yehyia obi a n’asɛm yɛ den a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ yɛka sɛ ɔyɛ “onipabɔne.” Wo deɛ yɛnhwɛ, Kristofo bɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛma wɔn kasa ho aba nyam’ bere nyinaa. (Kol. 4:6) Nanso yɛnyɛ pɛ, enti wobɛhwɛ na yɛaka biribi a yɛanhyɛ da. (Yak. 3:2) Sɛ biribi saa si a, yenyae a, anka afoforo ate yɛn ase sɛ nneɛma na ankɔ yiye, na mmom ɛnyɛ saa na yɛte. Yɛmpɛ sɛ obi bɛka sɛ “yennwen nnipa ho” anaa yɛyɛ “dwɛɛ.” Ɛnde, sɛ obi ka biribi a yɛn ani nnye ho a, wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛte no ase?

7 Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma na wuhyia obi a n’asɛm yɛ den a, mpere wo ho nsusuw sɛ saa na ɔte. Ebia biribi nti na ɔreyɛ saa. Adwumam haw anaa sukuu mu nhyɛso nti na ɔreyɛ saa? Yare dɛɛfoɔ bi na ɛreteetee no anaa? Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛkɔ obi nkyɛn na mfiase no wantew n’anim amma yɛn, na yɛde nidi ne obu ma no a, akyiri yi ɔyɛ aso tie yɛn.—Mmeb. 15:1; 1 Pet. 3:15.

8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ “nnipa ahorow nyinaa”?

8 Yɛka asɛm no kyerɛ obi biara; yenyi ɔtwe nyi adowa. Mfe kakra a abɛsen kɔ yi, yɛatintim osuahu bɛboro 60 wɔ Ɔwɛn-Aban no fã bi a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa.” Nnipa ahorow ahorow suahu apue hɔ: Wɔn a kan na wɔyɛ akorɔmfo, sadweam, ne nsɛmmɔnedifo; wɔn a kan na wɔde nnubɔne ayɛ wɔn aduan na ahuhubra afa wɔn dommum; amanyɔfo ne asɔfo. Ebinom deɛ, na wɔn adwuma adan wɔn nyame. Nanso bere a saa nnipa yi nyinaa tee asɛmpa no, wɔpenee so sɛ wobesua Bible. Afei wɔsesaa wɔn akwan, na wobegyee nokware no. Enti ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ ebinom ne nokware no abɔ nsianho. (Monkenkan 1 Korintofo 6:9-11.) Mmom ɛsɛ sɛ  yɛkae sɛ “nnipa ahorow nyinaa” betumi abegye nokware no.—1 Kor. 9:22.

ƐHE NA ME NE NKURƆFO REKASA?

9. Sɛ yɛkɔ obi fie a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye?

9 Yɛtaa ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo wɔ wɔn afie. (Mat. 10:11-13) Yɛn fie ne yɛn agyapade ho hia yɛn paa. Enti sɛ obi ba hɔ a, yɛmpɛ sɛ ɔbɛyɛ hɔ basabasa. Yɛba fie a, yɛpɛ yɛn asomdwoe; yɛmpɛ sɛ obiara bɛba abɛhaw yɛn anaa obehuahua yɛn fie nsɛm. Enti sɛ yɛredi adanse afie afie a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛhaw ofiewura no.—Aso. 5:42.

10. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ahwɛyiye bɛn na ehia na yɛanhaw afoforo?

10 Ɛnnɛ, nsɛmmɔnedi ne awudisɛm abu so wɔ baabiara, enti sɛ obi hu ɔhɔho sɛ ɔnenam n’afikyiri a, na ehu aka no. (2 Tim. 3:1-5) Sɛ yɛma eyi tena yɛn adwenem a, yɛbɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛma nkurɔfo yam ahyehye wɔn anaa wɔn adwenem ayɛ wɔn nãã. Fa no sɛ woakɔ fie bi mu, na wobɔɔ pon mu no, obiara annye so. Ɛba saa a, ebia wobɛtwe wo kɔn ahwɛ mpomma mu sɛ obi wɔ hɔ anaa. Anaa ebia wobɛnantenantew hɔ ahwɛ sɛ wubehu obi a. Ampa, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nnipa na yedi obiara adanse. (Aso. 10:42) Yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛma obi biara ate asɛmpa no. (Rom. 1:14, 15) Nanso sɛ ofiewura no hu sɛ wonenam hɔ a, ɛrenhaw no anaa? Na wɔn a wɔte mpɔtam hɔ nso ɛ? Wobebu wo sɛn? Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛhaw nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛnto hintidua biribiara mu, na wɔannya yɛn som adwuma no ho asɛm biara.” (2 Kor. 6:3) Sɛ yɛredi adanse na yɛkae sɛ afoforo fie ne wɔn agyapade ho hia wɔn, na yedi wɔn ni a, ebia wɔn kɔn bɛdɔ sɛ wobesua nokware no.—Monkenkan 1 Petro 2:12.

Sɛ yɛkɔ nkurɔfo fie a, momma yɛnkae sɛ ofie no yɛ wɔn agyapade, enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribiara a ɛbɛhaw wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 10)

BERE BƐN NA ƐFATA SƐ MEKƆ NKURƆFO NKYƐN?

11. Adɛn nti na yɛpɛ sɛ afoforo hu sɛ yɛahyehyɛ yɛn bere?

11 Yɛn mu dodow no ara nni adagyew koraa. Enti sɛ yebetumi ayɛ biribiara wɔano wɔano a, ehia sɛ yɛhyehyɛ yɛn bere yiye. (Efe. 5:16; Filip. 1:10) Sɛ biribi a yɛnhwɛ kwan betwitware yɛn nhyehyɛe mu a, ɛbɛhaw yɛn paa. Yɛpɛ sɛ afoforo hu sɛ yɛahyehyɛ yɛn bere, enti ɛnyɛ biribiara na yebenya bere ne wɔn ayɛ. Sɛ wɔte yɛn ase saa a, ɛyɛ yɛn dɛ. Sɛ yɛma Yesu asɛm no tena yɛn adwenem na ‘nea yɛpɛ sɛ nnipa yɛ ma yɛn no, yɛn nso yɛyɛ saa ara ma wɔn’ a, ɛnde yɛkɔ asɛnka a, yebedi nkurɔfo ni. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛyɛ saa?

12. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu bere a ɛfata sɛ yɛka asɛm no wɔ yɛn asasesin mu?

12 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ bere a ɛfata sɛ yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn. Bisa wo ho sɛ: ‘Yɛn asasesin mu ha yi, bere bɛn paa na nkurɔfo wɔ fie? Bere bɛn na wɔbɛyɛ aso atie yɛn? Ehia sɛ yɛtoto nneɛma yiye na yɛyɛ nsakrae a ɛfata na yɛatumi akɔ wɔn nkyɛn bere pa mu. Mmeae bi wɔ hɔ a, anuanom yɛ afie afie asɛnka adwuma no anwummere, efisɛ saa bere no na wɔto nkurɔfo. W’asasesin te sɛn? Sɛ anwummere na wubenya nnipa ma wɔatie wo a, ɛnde adɛn na wonsɔ nhwɛ na wonyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi anwummere anwummere? (Monkenkan 1 Korintofo 10:24.) Momma yennya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde yɛn ho bɔ afɔre na yɛka asɛm no bere a nkurɔfo betie a, Yehowa behyira yɛn dodo.

13. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yebu nkurɔfo a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no?

 13 Dɛn bio na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yebu nkurɔfo a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no? Sɛ yenya obi a n’ani gye asɛm no ho a, ɛsɛ sɛ yedi no adanse kama, nanso ɛnsɛ sɛ yɛtena no so kyɛ ma yɛn ho fono no. Ebia ofiewura no wɔ biribi yɛ. Enti sɛ ɔka sɛ onni adagyew a, yebetumi aka akyerɛ no sɛ yɛrenkyɛ, na ɛsɛ sɛ yedi yɛn asɛm so na yɛma nkɔmmɔ no yɛ tiaa. (Mat. 5:37) Sɛ yɛde nkɔmmɔbɔ no ba awiei a, momma yemmisa ofiewura no bere a ɔpɛ sɛ yɛsan bɛsra no. Adawurubɔfo bi ka sɛ: “Ɛbɛyɛ me dɛ sɛ mɛsan abɛsra wo bio. Wopɛ sɛ mefrɛ wo wɔ fon so anaa meto wo nkra ansa na maba?” Sɛ yesusuw afoforo ho na yɛkɔ wɔn nkyɛn bere a ɛfata a, na yɛresuasua Paulo. Ɔkae sɛ: “Menhwehwɛ nea ehia m’ankasa na mmom nnipa pii de, na ama wɔagye wɔn nkwa.”—1 Kor. 10:33.

SƐN NA ƐSƐ SƐ ME NE WƆN KASA?

14-16. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ofiewura no hu nea enti a yɛaba ne nkyɛn? Ma nhwɛso. (b) Dɛn na ɔhwɛfo kwantufo bi ahu sɛ ɛboa paa?

14 Fa no sɛ obi afrɛ wo tɛlɛfon so. Wunnim onipa no, nanso obisa wo sɛ, ‘Aduan bɛn na wopɛ?’ Ebia wobɛka wɔ wo tirim sɛ, ‘Onipa yi fi he, na dɛn na ɔrehwehwɛ afi me hɔ?’ Ebia wompɛ sɛ wutwiw fa no so, enti wubetie asɛm a ɔwɔ ka, nanso wubetwa nkɔmmɔ no so ntɛm. Ɛnde, fa no sɛ onii a ɔrefrɛ wo no bɔ ne din, na ɔkyerɛ baabi a ofi, na ɔka kyerɛ wo sɛ ɔboa nnipa ma wohu nnuan a ahoɔden wom. Afei ɔka kyerɛ  wo sɛ ɔwɔ asɛm bi a ɛso bɛba wo mfaso. Ebia wobɛyɛ aso atie. Adɛn ntia? Sɛ obi ne yɛn rekasa a, yɛpɛ sɛ ɔda ne ho adi na ɔma yehu n’amanneɛ. Ɛnde, sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛbɛyɛ dɛn adi nkurɔfo ni?

15 Mmeae pii wɔ hɔ a, sɛ yɛredi adanse a, ɛsɛ sɛ yɛma ofiewura no hu amanneɛ a yɛde nam. Ampa, yɛwɔ asɛnhia bi a yɛpɛ sɛ nkurɔfo te, nanso fa no sɛ wonnim baabi a yefi anaa nea enti a yɛaba wɔn nkyɛn; yeduu hɔ ara na yebisae sɛ: “Sɛ wowɔ tumi a wode beyi wiase haw afi hɔ a, emu nea ɛwɔ he na wubeyi afi hɔ?” Ebia yebebisa asɛm a ɛte saa de ahu n’adwene na yɛadan nkɔmmɔbɔ no akɔ Bible so. Nanso anhwɛ a ofiewura no bebisa sɛ: ‘Damfo yi fi he na ɔrebisa me asɛm a ɛte sɛɛ? Wei nyinaa kyerɛ sɛn?’ Enti ɛsɛ sɛ yɛka onipa no koma to ne yam, na n’ani gye nkɔmmɔ no ho. (Filip. 2:3, 4) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

16 Nea ɔhwɛfo kwantufo bi taa yɛ ni: Ɔkɔto obi a, odi kan kyia no. Afei ɔde kratawa a wɔato din, So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? ma no, na ɔka sɛ: “Yɛrekyekyɛ kratawa yi ama obiara a ɔwɔ mpɔtam ha. Nsɛmmisa nsia bi wɔ hɔ a nkurɔfo taa bisa, na ɛho asɛm wɔ kratawa yi mu. Wo deɛ ni.” Onua no kae sɛ, sɛ nkurɔfo hu nea enti a waba wɔn nkyɛn a, na wɔn bo atɔ wɔn yam. Ɛba saa a, ɛnyɛ den sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ. Afei obisa onii a ɔne no rebɔ nkɔmmɔ no sɛ: “Nsɛmmisa yi mu nea ɛwɔ he na aba wo tirim pɛn?” Sɛ oyi mu baako a, na onua no abue kratawa no mu ne no asusuw nea Bible ka fa saa asɛmmisa no ho. Anyɛ saa nso a, na onua no ankasa apaw asɛmmisa baako ne no asusuw ho. Ɔnyɛ biribiara mfa nhyɛ ofiewura no aniwu. Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ ɔkwan baako pɛ na yɛfa so fi nkɔmmɔbɔ ase. Mmeae bi wɔ hɔ a, wɔn amammerɛ hwehwɛ sɛ woyɛ nneɛma bi ansa na woabɔ w’amanneɛ. Asɛm no ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea nnipa a yɛredi wɔn adanse no te na yɛyɛ nea ɛbɛma wɔatie asɛm no.

KƆ SO ARA NYA TEMA MA W’ATIEFO

17. Sɛnea yɛahu no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ tema ma yɛn atiefo?

17 Ɛnde, dɛn na yɛasua a ɛbɛboa ma yɛadi Yesu afotu no akyi na yɛanya tema ama yɛn atiefo? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ obiara ne ne su ne ne ban. Afei ɛsɛ sɛ yehu sɛ afoforo fie ne wɔn agyapade ho hia wɔn, enti ehia sɛ yedi wɔn ni. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ bere a yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie ne bere a wobetumi ayɛ aso atie yɛn na yɛkɔ wɔn nkyɛn saa bere no. Bio, sɛ yɛrefi yɛn nkɔmmɔbɔ ase a, yɛnhwɛ kwan a yɛbɛfa so aka asɛm no ma aka nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no koma.

18. Sɛ yɛne nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu di sɛnea yɛpɛ sɛ wɔne yɛn di a, dɛn na ebefi mu ba?

18 Sɛ yɛne nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu di sɛnea yɛpɛ sɛ wɔne yɛn di a, nneɛma pa pii fi mu ba. Sɛ yenya tema ma afoforo a, na yɛn kanea rehyerɛn, na na yɛreda no adi sɛ yɛde Bible mu afotusɛm reyɛ adwuma. Eyi nyinaa hyɛ yɛn soro Agya no anuonyam. (Mat. 5:16) Sɛ yedi afoforo ni a, wɔn kɔn bɛdɔ sɛ wobesua nokware no. (1 Tim. 4:16) Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara nka asɛm no nkyerɛ nkurɔfo. Ɛba saa a, sɛ wotie oo, wɔantie oo, yɛn koma bɛtɔ yɛn yam. (2 Tim. 4:5) Momma yɛn mu biara nsua ɔsomafo Paulo. Ɔno na ɔkae sɛ: “Asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama me ne afoforo anya mu kyɛfa.” (1 Kor. 9:23) Enti momma yɛn nyinaa ntie Yesu afotu no na yennya tema mma wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no.