Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ahyehyɛde no Rekɔ N’anim—Wo ne no Rebɔ Anan?

Yehowa Ahyehyɛde no Rekɔ N’anim—Wo ne no Rebɔ Anan?

“Yehowa ani wɔ treneefo so.”1 PET. 3:12.

1. Ahyehyɛde bɛn na Yehowa de sii Israel man no ananmu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YEHOWA na ɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no wɔ asomafo no bere so, na wahwɛ ama nokware som agyina ne nan so wɔ yɛn bere yi so. Adesua a edi eyi anim no, yehui sɛ Israel man no anni Yehowa nokware, enti ɔde ahyehyɛde foforo sii ananmu. Kristo akyidifo na na wɔwɔ saa ahyehyɛde no mu, na Yehowa de wɔn yɛɛ ne man. Bere mpo a wɔsɛee Yerusalem 70 Y.B. no, ahyehyɛde foforo yi ansɛe, efisɛ na ɛda Yehowa koma so. (Luka 21:20, 21) Nsɛm a esisii wɔ asomafo no bere so no boa yɛn ma yehu biribi fa Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho. Ɛrenkyɛ Satan wiase yi bɛba awiei, nanso Onyankopɔn ahyehyɛde no bɛtena hɔ. (2 Tim. 3:1) Yɛyɛ dɛn hu saa?

2. Dɛn na Yesu ka faa “ahohiahia kɛse” no ho? Ebefi ase sɛn?

2 Yesu kaa biribi a ebesi wɔ nna a edi akyiri no mu. Ɔkae sɛ: “Ahohiahia kɛse a, efi wiase mfitiase besi mprempren ebi nsii, na ebi nso nsi bio bɛba.” (Mat. 24:3,  21) Yehowa bɛma wiase atumfoɔ asɛe atoro som ahemman anaa “Babilon Kɛse” no. Eyi na ebefi ahohiahia kɛse no ase. (Adi. 17:3-5, 16) Ɛno akyi, dɛn na ebesi?

SATAN BƐTOW TWƐDEKANE MA AKOWIE HARMAGEDON

3. Atoro som sɛe akyi no, dɛn na ɛbɛto Yehowa nkurɔfo?

3 Atoro som sɛe akyi no, Satan ne n’apamfo a wɔwɔ wiase bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so. Bible ka “Gog a ofi Magog asase so” ho asɛm sɛ: “Wobɛba sɛ ahum, te sɛ omununkum abɛkata asase no so, wo ne w’asraafokuw nyinaa ne aman pii a wɔka wo ho.” Yehowa Adansefo mpɛ wɔn ho asɛm na wonni asraafo biara a wɔbɔ wɔn ho ban. Enti atamfo besusuw sɛ wɔanya wɔn awie. Nanso wɔbɛtow twɛdekane anu wɔn ho.—Hes. 38:1, 2, 9-12.

4, 5. Sɛ Satan tow hyɛ Yehowa asomfo so a, dɛn na Yehowa bɛyɛ?

4 Sɛ Satan ne n’apamfo tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔretow ahyɛ Yehowa ankasa so. (Monkenkan Sakaria 2:8.) Dɛn na Yehowa bɛyɛ? Ɔbɛma ne homene so ma wɔahu sɛ ɔno ne Otumfoɔ Pumpuni no. Yɛn soro Agya no rentwentwɛn ne nan ase koraa; obegye yɛn ntɛm! Nokwasɛm ni, “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no” bɛsɛe Satan wiase no pasaa. Ɔko yi na Bible frɛ no Harmagedon no.—Adi. 16:14, 16.

5 Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa ankasa ne amanaman no bɛko wɔ Harmagedon. Ɔkae sɛ: “‘Ɔno na ɔne ɔhonam nyinaa bɛham. Nnebɔneyɛfo de, ɔde wɔn bɛma nkrante,’ Yehowa asɛm ni. Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, mmusu befi ɔman so akɔ ɔman so, na ahum kɛse betu afi asase ano nohoa. Na wɔn a Yehowa bekunkum wɔn saa da no begugu hɔ fi asase ano akɔpem asase ano. Wɔrenyɛ wɔn ayi, wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn nso. Wɔbɛyɛ sɛ sumina wɔ asase ani.’” (Yer. 25:31-33) Harmagedon bɛsɛe wiase bɔne yi pasaa. Satan wiase no befi hɔ, nanso Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no bɛtena hɔ.

NEA ENTI A YEHOWA AHYEHYƐDE NO RENYA NKƆSO NNƐ

6, 7. (a) Ɛhe na “nnipakuw kɛse no” fi? (b) Nkɔso bɛn na aba nnansa yi?

6 Onyankopɔn ahyehyɛde no renya nkɔso nnɛ efisɛ wɔn a wɔwom no anya Yehowa anim dom. Bible ka sɛ: “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ.” (1 Pet. 3:12) Treneefo yi mu bi ne “nnipakuw kɛse” a wobetwa “ahohiahia kɛse no.” (Adi. 7:9, 14) Saa nkurɔfo yi nyɛ nnipakuw bi kɛkɛ, na mmom wɔyɛ “nnipakuw kɛse,” nnipadɔm ankasa. Hwɛ sɛ wo ne saafo yi atwa “ahohiahia kɛse” no! Ɛbɛka wo sɛn?

7 Ɛhe na nnipakuw kɛse no fi? Wofi amanaman nyinaa mu. Adwuma bi a Yesu kae sɛ ɛbɛkɔ so wɔ awiei bere no mu na akɔtwe wɔn aba. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) Eyi ne adwuma titiriw a Onyankopɔn ahyehyɛde no reyɛ nnɛ. Yehowa Adansefo reyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi wɔ wiase nyinaa, enti nnipa mpempem pii resom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu.” (Yoh. 4:23, 24) Nhwɛso bi ni: Efi 2003 kosi 2012 no, nnipa bɛboro 2,707,000 ahyira wɔn ho so ama  Onyankopɔn abɔ asu. Nnipa dodow yi nyinaa bae wɔ mfe du pɛ mu. Seesei Adansefo bɛboro 7,900,000 na wɔwɔ wiase nyinaa, na nnipa mpempem ba wɔn nhyiam ahorow, ɛnkanka Nkaedi no. Ɛnyɛ nnipadɔm na yɛde hoahoa yɛn ho; yɛreka yi koraa ‘Onyankopɔn na ɔma enyin.’ (1 Kor. 3:5-7) Nanso sɛ yehu sɛ nnipakuw kɛse no redɔɔso saa a, na ɛyɛ yɛn dɛ.

8. Dɛn na ama Yehowa ahyehyɛde no renya nkɔso ntɛmntɛm saa?

8 Yehowa ankasa na ɔbɔ n’ahyehyɛde no kyidɔm, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ n’asomfo redɔɔso ntɛmntɛm saa. (Monkenkan Yesaia 43:10-12.) Yesaia hyɛɛ eyi ho nkɔm, na ɔkae sɛ: “Nea ɔyɛ ketewa koraa no bɛdan apem na nea osua adan ɔman kɛse. Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.” (Yes. 60:22) Bere bi na nkaefo a wɔasra wɔn no te sɛ “nea ɔyɛ ketewa koraa,” nanso honhom fam Israelfo pii baa Onyankopɔn ahyehyɛde no mu maa wɔn dodow kɔɔ anim. (Gal. 6:16) Nnipakuw kɛse no nso abɛka wɔn ho, na kɔ ara na wɔrekɔ wɔn anim efisɛ Yehowa ahyira n’ahyehyɛde no.

DƐN NA YEHOWA PƐ SƐ YƐYƐ?

9. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya daakye nwonwaso a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Kristofo a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no nyinaa betumi anya daakye nwonwaso bi. Yehowa ankasa na ahyɛ eyi ho bɔ wɔ n’Asɛm mu. Nanso Yehowa hwehwɛ biribi fi yɛn hɔ: Ɛsɛ sɛ yedi n’ahyɛde so. (Yes. 48:17, 18) Yɛnhwɛ Israelfo no sɛɛ. Yehowa de Mose Mmara no maa wɔn sɛ wonni so na ɛmmɔ wɔn ho ban. Mmara no boaa wɔn ma wohuu sɛnea wɔbɛtwe wɔn ho afi ɔbrasɛe ho, sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn mmusua na wɔanya nnamfo pa, sɛnea wobedi nokware wɔ wɔn nnwumam, sɛnea wɔne afoforo bɛtena dwoodwoo, ne nea ɛkeka ho. (Ex. 20:14; Lev. 19:18, 35-37; Deut. 6:6-9) Yɛn nso sɛ yedi Onyankopɔn ahyɛde so a, ɛboa yɛn, na n’ahyɛde nso nyɛ den. (Monkenkan 1 Yohane 5:3.) Sɛnea Mmara no bɔɔ Israelfo ho ban no, saa ara na Yehowa Nyankopɔn ahyɛde bɔ yɛn ho ban. Bio, ɛma yɛyɛ “den wɔ gyidi no mu.”—Tito 1:13.

10. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da yi bere si hɔ sua Bible na yɛyɛ Abusua Som nnawɔtwe biara?

10 Sɛ yɛhwɛ nifa oo, yɛhwɛ benkum oo, yehu sɛ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no rekɔ n’anim. Ade baako ne sɛ daa yenya biribi a ɛboa yɛn ma yɛte Bible mu nokware ase yiye. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ Bible hyɛɛ nkɔm sɛ: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.” (Mmeb. 4:18) Nanso ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Minim nokware no ho ntease a yɛwɔ seesei no? Mekenkan Bible da biara da? Me ho pere me sɛ mɛkenkan yɛn nhoma biara a ɛbɛba? Me ne m’abusua ayi anwummere bi asi hɔ nnawɔtwe biara a yɛde yɛ Abusua Som?’ Eyi nyɛ biribi a ne yɛ yɛ den; nea ehia ne sɛ yɛbɛhyɛ da ayi bere asi hɔ ayɛ. Ɛho hia paa sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm na yɛde yɛ adwuma, na yɛne Onyankopɔn ahyehyɛde no bɔ anan. Yɛrekasa yi, aka to na borɔ na ahohiahia kɛse no aba, enti ɛsɛ sɛ yɛfa asɛm yi aniberesɛm!

11. Sɛ yɛhwɛ nhyiam a Yehowa nkurɔfo yɛe tete mmere mu ne asafo nhyiam ne ɔmansin ne ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no nnɛ a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

11 Yehowa ahyehyɛde no hyɛ yɛn  nkuran sɛ yentie Paulo afotu yi: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Heb. 10:24, 25) Tete no na Israelfo hyiam som Yehowa. Afahyɛ ne nhyiam ahorow a ɛte saa no hyɛɛ wɔn den. Bio nso na nhyiam a ɛte saa ma wɔn ani gye. Ɛho nhwɛso ne Asese Afahyɛ bi a wodii wɔ Nehemia bere so no. (Ex. 23:15, 16; Neh. 8:9-18) Ɛnnɛ nso yɛkɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam a, ɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛma yɛn ani gye nso. Enti sɛ asafo no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ a, yɛnkae sɛ yɛn ara yɛn yiyedi nti na ɛka saa. Enti mommma nhyiam yi mu biara mmpa yɛn ti so.—Tito 2:2.

12. Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu Ahenni ho asɛmpaka adwuma no?

12 Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛabɛka Onyankopɔn ahyehyɛde no ho na yɛanya hokwan reyɛ asɛmpaka adwuma no. Ɛyɛ akwannya kɛse efisɛ Bible frɛ no “adwuma kronkron.” (Rom. 15:16) Sɛ yɛka asɛmpa no a, momma yɛnkae sɛ yɛne “Ɔkronkronni” Yehowa no ankasa na ɛreyɛ adwuma no. (1 Kor. 3:9; 1 Pet. 1:15) Bio, sɛ yɛka asɛmpa no a, na yɛretew Yehowa din kronkron no ho. Ɛyɛ hokwan a ɛso bi nni sɛ “anigye Nyankopɔn no” de “anuonyam asɛmpa” no bɛhyɛ yɛn nsa.—1 Tim. 1:11.

13. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛn gyidi ayɛ den na yɛanya nkwa?

13 Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde yɛn ho fam ne ho na yɛne n’ahyehyɛde no bɔ denneennen. Eyi bɛma yɛn gyidi ayɛ den na asi yɛn yiye. Mose ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ wonni mo ho adanse: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome, asi w’anim; enti fa nkwa na wo ne w’asefo anya nkwa. Na dɔ Yehowa wo Nyankopɔn na tie n’asɛm na fa wo ho fam ne ho, efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa ne nna tenten. Woyɛ saa a, wobɛtena asase a Yehowa kaa w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.” (Deut. 30:19, 20) Enti sɛ yebenya nkwa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde, yɛdɔ no, yetie no, na yɛde yɛn ho fam ne ho.

14. Dɛn na onua bi ka faa Yehowa ahyehyɛde no ho?

14 Onua Pryce Hughes yɛ obi a osuaa nokware no ansa na 1914 reba. Bere bi ɔkyerɛw sɛ: “Ade a ɛho hia me sen biara ne sɛ mede me ho bɛbata Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no ho. Osuahu a minyae bere bi no ama mahu sɛ nyansa nnim sɛ obi de ne ho bɛto nnipa nsusuwii so. Bere a mihuu saa no, misii me bo sɛ mɛbata nokware ahyehyɛde no ho denneennen. Sɛ woanyɛ saa a, ɔkwan bɛn bio na wobɛfa so anya Yehowa anim dom ne ne nhyira?”

KƆ SO NE YEHOWA AHYEHYƐDE NO MMƆ ANAN

15. Bible mu asɛm bɛn na ɛboa yɛn ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a ahyehyɛde no ayɛ nsakrae bi?

15 Sɛ yɛpɛ sɛ yenya Yehowa anim dom na ohyira yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de ne ho bata n’ahyehyɛde no ho, na sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ wɔ Bible mu nsɛm bi ho a, ɛsɛ sɛ yegye tom ntɛm. Nhwɛso bi ni: Yesu wuo akyi no, na Yudafo Kristofo mpempem wɔ hɔ a wokura Mmara no mu denneennen. (Aso. 21:17-20)  Nanso bere a Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Hebrifo no, wohui sɛ ɛnyɛ afɔre a na wɔbɔ wɔ Mmara no ase na atew wɔn ho, na mmom “wɔnam Yesu Kristo nipadua a wɔde mae prɛko no so” na atew wɔn ho. (Heb. 10:5-10) Yudafo Kristofo pii tiee afotu no na wɔsesaa wɔn adwene na wɔne asafo no bɔɔ anan. Yɛn nso ɛsɛ sɛ yegye bere sua ade na sɛ Yehowa ahyehyɛde no yɛ nsakrae bi nso a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yegye tom.

16. (a) Nhyira bɛn na ɛbɛma wiase foforo no mu ayɛ dɛ? (b) Dɛn na wohwɛ kwan wɔ wiase foforo no mu?

16 Obiara a ɔde ne ho fam Yehowa ho na ɔne n’ahyehyɛde no bɔ anan no bɛkɔ so anya ne nhyira. Wɔn a wɔasra wɔn no benya hokwan ne Kristo adi ade wɔ soro. (Rom. 8:16, 17) Sɛ nso yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena asase so a, hwɛ sɛnea Paradise asetena bɛyɛ anika afa! Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa ani gye ho sɛ wɔbɛka Onyankopɔn wiase foforo no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. (2 Pet. 3:13) Dwom 37:11 ka sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Nnipa ‘besisi adan atena mu’ na wɔadi “wɔn nsa ano adwuma.” (Yes. 65:21, 22) Nhyɛso, ohia ne ɔkɔm befi hɔ. (Dw. 72:13-16) Babilon Kɛse no rentena hɔ bio na anya obi adaadaa no. (Adi. 18:8, 21) Onyankopɔn benyan awufo na wama wɔatena asase so daa. (Yes. 25:8; Aso. 24:15) Anokwa, anidaso nwonwaso bi da hɔ retwɛn nnipa mpempem pii a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Nanso sɛ anidaso yi nyinaa bɛbam ma yɛde yɛn ani ahu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den, na yɛne Onyankopɔn ahyehyɛde no bɔ anan.

Ɛyɛ a wutwa mfonini wɔ w’adwenem sɛ wowɔ Paradise? (Hwɛ nkyekyɛm 16)

17. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ Yehowa som ne n’ahyehyɛde ho?

17 Satan wiase bɔne yi da owupa so; ɛrenkyɛ ebefi hɔ. Enti momma yɛnhyɛ yɛn gyidi den na yɛne Yehowa ahyehyɛde no mmom nsom yɛn soro Agya no. Ná odwontofo Dawid kura adwene a ɛte saa, na ɔkae sɛ: “Ade biako na mesrɛ Yehowa—ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ mɛtena Yehowa fie me nkwa nna nyinaa, na mahwɛ Yehowa papayɛ, na mede anisɔ ahwɛ n’asɔrefie.” (Dw. 27:4) Ɛnde, momma yɛn mu biara mfa ne ho mfam Onyankopɔn ho, na bere a Yehowa ahyehyɛde no rekɔ n’anim no, momma yɛne no mmɔ anan.