Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASETENAM NSƐM

Yehowa Aboa Me Paa

Yehowa Aboa Me Paa

Ná mewaree me yere Evelyn nkyɛe koraa na me ne no buu yɛn kɛtɛ mu kɔɔ Hornepayne. Ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛwɔ Ontario atifi fam wɔ Canada. Bere a keteke de yɛn duu hɔ anɔpa no, na ewim ayɛ nwini ma awɔw wom paa. Onua bi bɛfaa yɛn wɔ keteke gyinabea hɔ de yɛn kɔɔ fie. Bere a yɛne onua no ne ne yere ne ne ba didi wiei anɔpa no, yesiim kɔyɛɛ afie afie asɛnka adwuma no. Merekasa yi na asukɔtweaa atɔ. Afei koraa na na mafi ase resom sɛ ɔmansin sohwɛfo, na da no awia, memaa me baguam kasa a edi kan. Obiara amma gye yɛn baanum pɛ.

ASƐM a mereka yi sii 1957. Nokwasɛm ni, anhaw me sɛ nnipa kakraa bi na ɛbaa nhyiam no, efisɛ efi me mmofraase nyinaa na meyɛ obi a mefɛre ade paa. Bere a misua no, sɛ ɔhɔho ba yɛn fie na minim no mpo a, na makɔtɛw.

Nanso wunim, dwumadi a manya wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu dodow no ara ama me ne nnipa pii adi nsawɔso. Saafo yi bi yɛ me nnamfo; ebi nso yɛ ahɔho a minnim wɔn baabiara. Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na obi a mefɛre ade sei, mitumi ne nnipa ahorow ahorow bɔe saa? Ne tiatwa mu no, ɛyɛ Yehowa na ɔmaa me ahoɔden ne akokoduru yɛɛ saa. Mahu sɛ Yehowa adi ne bɔhyɛ yi so: “Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” (Yes. 41:10) Sɛ mɛka a, Yehowa nam me mfɛfo Kristofo so aboa me paa. Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so?’ Ma mimfi ase mfi me nkɔdaaberem.

ƆDE BIBLE NE NHOMA KETEWA TUNTUM BI BAE

Mewɔ yɛn abusua fie wɔ Ontario anafo fam

Kwasida anɔpa bi a awia ayi ne ti no, Elsie Huntingford baa yɛn fie wɔ Ontario anafo fam. Na  ɛyɛ bɛyɛ 1944. Bere a ɔbɔɔ pon mu no, me maame na okobuei, efisɛ na me papa te sɛ me ara—na ɔfɛre ade. Enti na yɛte dan mu retie nea ɛrekɔ so. Na me papa susuw sɛ Onuawa Huntingford tɔn ade, na anhwɛ a eno akɔtɔ biribi a yenhia. Enti opinii hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ yɛrentɔ bi. Onuawa Huntingford bisae sɛ: “Mo ani nnye Bible ho?” Me papa buae sɛ: “Oh, ɛno deɛ, yɛn ani gye ho.”

Onuawa Huntingford baa bere pa mu. Na m’awofo kɔ asɔre a wɔfrɛ no United Church of Canada, nanso na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobegyae. Adɛn ntia? Na ɔsɔfo no akyerɛkyerɛw asɔremma a wɔayi ntoboa no din abɔ dan ho baabi a obiara ani tua. Nea oyii sika kɛse paa no din wɔ soro, na edidi so saa besi fam. Na m’awofo yɛ ahiafo, enti na wɔn din wɔ ase hɔ baabi. Daa na asɔre mpanyimfo no ano gu wɔn so sɛ wɔmma wɔn sika mu nyɛ duru. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ ɔsɔfo baako kae sɛ nneɛma a ogye di no, ɛnyɛ ɛno na ɔkyerɛkyerɛ, efisɛ anhwɛ a na n’adwuma abɔ no. Enti yegyaee asɔre no, nanso yɛn komam deɛ na yɛpɛ sɛ yesua Onyankopɔn ho nsɛm.

Saa bere no na aban abara asɛnka adwuma no wɔ Canada, enti sɛ Onuawa Huntingford ne yɛn rebesua ade a, ɔde Bible ne nhoma ketewa tuntum bi a wɔakyerɛkyerɛw nsɛm wom na ɛba. Akyiri yi a ohui sɛ yɛn ho nyɛ hu no, ɔbrɛɛ yɛn Adansefo no nhoma ahorow bi. Sɛ yesua ade wie pɛ, na yɛde nhoma no asie. *

M’awofo gyee nokware no, na wɔbɔɔ wɔn asu 1948

Onuawa Huntingford hyiaa ɔtaa ne nsɛnnennen pii, nanso ɔkɔɔ so de nsi ne ahokeka kaa asɛmpa no. Ne gyidi kaa me paa, na misii gyinae sɛ mɛsom Yehowa. Wɔbɔɔ m’awofo asu 1948. Afe a edi hɔ no, February 27, 1949, me nso mebɔɔ asu de kyerɛe sɛ mahyira me ho so ama Onyankopɔn. Wɔbɔɔ me asu wɔ atam bi mu, nea mmoa nom mu. Saa bere no na madi mfe 17, na nea na esi m’ani so ne sɛ mɛyɛ akwampae adwuma.

YEHOWA BOAA ME MA MINYAA AKOKODURU

Bere a wɔfrɛɛ me kɔɔ Betel 1952 no, me ho dwiriw me

Metwentwɛn akwampae adwuma no so kakra, efisɛ na mepɛ sɛ minya sika kakra to me ho ansa. Minyaa adwuma mmienu; minyaa baako  wɔ bank bi na baako nso wɔ ɔfese. Nanso mmerantesɛm, sika tɔɔ me nsam ara pɛ na asa. Onua bi a ɔde Ted Sargent hyɛɛ me nkuran sɛ minnya akokoduru na memfa me werɛ nhyɛ Yehowa mu. (1 Be. 28:10) Asɛm no hyɛɛ me den, enti mifii akwampae adwuma ase November 1951. Saa bere no nea na mewɔ ara ne dɔla 40, sakre dedaw, ne bag foforo bi. Nanso Yehowa maa me nea mihia biara. Meda Ted ase paa sɛ ɔhyɛɛ me nkuran ma mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu. Nhyira pii dii akyiri bae.

August 1952 anwummere bi, obi frɛɛ me wɔ tɛlɛfon so fii Toronto. Na onii no wɔ Canada Betel, na ɔkae sɛ asafo no pɛ sɛ meba Betel September befi adwuma ase wɔ hɔ. Hwɛ obi a menkɔɔ Betel da na mesan fɛre ade! Nanso na m’ani agye, efisɛ na akwampaefo bi aka Betel ho nsɛm pii akyerɛ me. Miduu hɔ ara na me ho gyee hɔ.

“MA ANUANOM NHU SƐ WUDWEN WƆN HO”

Miduu Betel no, mfe mmienu akyi na wɔyɛɛ me asafo somfo wɔ Toronto asafo bi mu. (Asafo somfo na nnɛ yɛfrɛ no mpanyimfo ntam nkitahodifo no.) Mikosii onua Bill Yacos anan. Saa bere no, aberante a madi mfe 23 pɛ, dɛn na minim? Nanso Onua Yacos kyerɛɛ me nea mɛyɛ, na Yehowa nso boaa me.

Onua Yacos yɛ ɔbarima a ɔbɔ si. Ɔyɛ obi a na ɔpɛ nnipa, na bere nyinaa na ɔreserew. Na ɔdɔ anuanom, na anuanom nso pɛ n’asɛm paa. Daa na Onua Yacos kɔsrasra anuanom; ɔntwɛn mma asɛm bi nsi ansa. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ me nso menyɛ saa, na me ne anuanom mmea ne mmarima mmom nyɛ asɛnka adwuma no. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ken, ma anuanom nhu sɛ wudwen wɔn ho.” Ɔsan kae sɛ, sɛ wuhu anuanom yiye a, ɛnyɛ den sɛ wɔde wo mfomso befiri wo.

ME YERE DƆ YEHOWA NA ƆDƆ ME NSO

Yehowa aboa me paa, ɛnkanka efi January 1957 reba. Saa bosome no na mewaree Evelyn. Ná ɔka Gilead adesuakuw a ɛto so 14 ho. Ansa na yɛreware no, na ɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ Quebec. Ɛyɛ ɔmantam a wɔka French kasa wɔ hɔ. Saa bere no, na Roma Katolek Asɔre no agye Quebec abɔ so, enti Evelyn anya no ahogono koraa. Nanso Yehowa ho dɔ nti, okuraa asɛnka adwuma no mu denneennen.

Mewaree Evelyn 1957

Bio nso Evelyn de ne ho afam me ho denneennen. (Efe. 5:31) Yɛwaree no ara na biribi sii, na ɛsɔɔ ɔdɔ a ɔwɔ ma me no hwɛe. Ná yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛware wie ara pɛ a, yɛbɛkɔ akogye yɛn ani wɔ Florida, U. S. A. Nanso yɛwaree no, n’adekyee ara pɛ na wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ nhyiam bi wɔ Canada Betel. Na ebegye nnawɔtwe. Enti nhyehyɛe a na yɛayɛ sɛ yɛbɛkɔ akogye yɛn ani no amma so, nanso na me ne Evelyn asi yɛn bo sɛ nea Yehowa aka biara yɛbɛyɛ. Saa nnawɔtwe no, Evelyn yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Betel nkyɛn hɔ baabi. Na ɛhɔ adwuma nte sɛ Quebec, nanso ogyinaa mu.

Yewiee nhyiam no, wunim, wɔkaa sɛ menkɔ Ontario atifi fam nkɔyɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ hɔ! Na menhwɛ kwan koraa. Wo deɛ hwɛ obi  a madi mfe 25 pɛ a afei ara na maware! Osuahu bɛn na mewɔ? Nanso yɛde yɛn ho too Yehowa so, na yebuu yɛn kɛtɛ mu. Saa bere no na Canada awɔw gyina mu denneennen, na yɛfaa keteke a etu anadwo. Na amansin so ahwɛfo bi a wɔayɛ adwuma no akyɛ ka yɛn ho wɔ keteke no mu. Na wɔrekɔtoa wɔn adwuma so wɔ amansin ahorow mu. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran paa! Onua baako mpo deɛ, na ɔmpɛ sɛ yɛbɛtena ase saa ma ade akye. Na wanya keteke no fã baabi a mpa si, nanso ɔde hɔ maa yɛn. Adekyee ara pɛ na yɛkɔɔ Hornepayne kɔsraa kuw bi wɔ hɔ. Ɛho asɛm na mekaa no mfiase no. Na yɛaware nnafua 15 pɛ.

Na nsakrae foforo pii da hɔ retwɛn me ne Evelyn. Bere a 1960 rekɔ awiei no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Brooklyn, New York mmɛka Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 36 ho. Saa bere no na meyɛ ɔmantam sohwɛfo. Na sukuu no befi ase February 1961, na na ebegye abosome du. Ɛyɛɛ me dɛ sɛ manya hokwan a ɛte saa, nanso nea na ɛhaw me ne sɛ wɔamfrɛ Evelyn anka ho. Saa na ɛtoo anuanom mmea pii. Wɔmaa Evelyn kyerɛw krataa de kyerɛe sɛ ɔbɛpene so ma makɔ sukuu no aba. Evelyn sui sɛ merekɔ agyaw ne hɔ, nanso yɛn nyinaa adwene hyiae sɛ menkɔ sukuu no. Na ɛyɛ no dɛ sɛ merekonya ntetee a ɛso bi nni saa wɔ Gilead.

Bere a mekɔɔ Brooklyn no, Evelyn yɛɛ adwuma wɔ Canada Betel. Ɔne onuawa bi a wɔfrɛ no Margaret Lovell na ɛtenaa dan baako mu. Na Margaret ka wɔn a wɔasra wɔn no ho. Daa na mafe Evelyn; na ɔno nso ani gyina me. Nanso Yehowa boaa yɛn maa yɛde yɛn adwene sii dwumadi a ɛhyɛ yɛn nsa no so. Na Evelyn mpɛ sɛ ɔde biribiara kame Yehowa ne n’ahyehyɛde no, na ɛno kaa me paa.

Bere a midii abosome mmiɛnsa pɛ wɔ Gilead no, Onua Nathan Knorr a saa bere no na odi asɛnka adwuma no anim wɔ wiase nyinaa no, de asɛm bi too m’anim. Obisaa me sɛ metumi asan akɔ Canada akɔkyerɛ ade wɔ Ahenni Som Sukuu anaa. Onua Knorr kae sɛ ɛnyɛ nhyɛ; sɛ mempɛ sɛ mɛkɔ a, metumi atoa sukuu no so na miwie a makɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɔde kaa ho sɛ, sɛ mekɔ Canada kɔkyerɛ ade a, ebia merennya kwan mma Gilead sukuu no bio, na mmom mɛka Canada hɔ ara. Ogyaw maa me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ me yere na minsi gyinae.

Na minim adwene a Evelyn kura wɔ nsɛm a ɛte saa ho, enti mibuaa Onua Knorr amonom hɔ ara sɛ: “Biribiara a Yehowa ahyehyɛde no pɛ sɛ yɛyɛ no, yɛn ani begye sɛ yɛbɛyɛ.” Bere a yɛyɛ nnipa yi deɛ, yɛwɔ nea yɛpɛ, nanso daa adwene a yekura ne sɛ baabiara a Yehowa ahyehyɛde no bɛka sɛ yɛnkɔ no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ.

Enti mifii Brooklyn April 1961 san kɔɔ Canada kɔkyerɛɛ ade wɔ Ahenni Som Sukuu. Akyiri yi yenyaa hokwan kɔsom wɔ Betel. Afei anwonwasɛm mu anwonwasɛm—wɔtoo nsa frɛɛ me  bio sɛ menkɔ Gilead Sukuu a ɛto so 40 no bi wɔ 1965 mu. Saa bere no nso na ehia sɛ Evelyn kyerɛw krataa de kyerɛ sɛ wapene so sɛ metumi agyaw ne hɔ akɔ. Nanso nea ɛyɛ anigye wɔ asɛm no mu ne sɛ adapɛn kakra bi akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ Evelyn sɛ ɔno nso mmra sukuu no bi.

Bere a yeduu Gilead sukuu mu hɔ no, Onua Knorr kae sɛ yɛn a yɛwɔ adesuakuw a ɛka French kasa mu nyinaa bɛkɔ Afrika. Nanso bere a yewiee sukuu no, ɔde me ne Evelyn san kɔɔ Canada, na ɔpaw me sɛ menhwɛ Canada Betel so (nea seesei yɛfrɛ no Baa Boayikuw nsɛm ho dwumadifo no). Saa bere no, na madi mfe 34 pɛ, enti meka kyerɛɛ Onua Knorr sɛ, “Minyinii koraa.” Nanso ɔhyɛɛ me den. Bere a mifii adwuma no ase ara na meyɛɛ m’adwene sɛ, sɛ mesi gyinae kɛse biara a, metie anuanom a wɔakyɛ wɔ Betel a wɔwɔ suahu ansa.

BETEL YƐ BAABI A YESUA ADE NA YƐKYERƐ ADE

Wowɔ Betel a wunya hokwan sua nneɛma pii fi afoforo hɔ. Mewɔ obu kɛse ma me nuanom mpanyimfo a wɔka me ho wɔ Baa Boayikuw no mu. Bere a yɛresom asafo ahorow no, yehyiaa anuanom pii, mmea ne mmarima, mpanyin ne mmofra, na Betel ha sei nso yɛne anuanom bebree adi nsawɔso. Yɛasua nneɛma pii afi wɔn hɔ.

Yɛreyɛ daa asɛm wɔ Canada Betel

Bio nso Betel aboa ma manya hokwan akyerɛkyerɛ nkurɔfo de ahyɛ wɔn gyidi den. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: ‘Tena nea woasua no mu.’ Ɔkae nso sɛ: “Nea wote fii m’anom, a nnipa pii adi ho adanse no, ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafo nsa na ama wɔn nso wɔafata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo.” (2 Tim. 2:2; 3:14) Mede mfe 57 na atena Betel. Ɛtɔ da a, anuanom bisa me nea masua afi Betel. Mmuae tiaa a mede ma wɔn ne sɛ: “Biribiara a Yehowa ahyehyɛde no pɛ sɛ woyɛ no, yi wo yam yɛ no ntɛm, na nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo.”

Meda so kae bere a edi kan a mekɔɔ Betel. Na meyɛ asukɔnoma a mefɛre ade. Nanso Yehowa akurakura me saa ara abesi nnɛ. Ɔnam anuanom mmarima ne mmea so agye me taataa afa tebea ahorow pii mu. Enti daa Yehowa ka kyerɛ me sɛ: “Nsuro, na me ara mɛboa wo.”—Yes. 41:13.

^ nky. 10 May 22, 1945 na Canada aban no yii ne nsa fii yɛn adwuma no so.