Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa wɔ Nhyehyɛe wɔ Biribiara Ho

Yehowa wɔ Nhyehyɛe wɔ Biribiara Ho

“Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.”—1 KOR. 14:33.

1, 2. (a) Hena ne Onyankopɔn abɔde mu abakan, na dwuma bɛn na Yehowa de no dii? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wahyehyɛ abɔfo no fɛfɛɛfɛ?

YEHOWA yɛ Ɔbɔadeɛ a wahyehyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Yehowa abɔ nneɛma pii; nea edi kan ne ne Ba Yesu. Bible frɛ no “Asɛm no” efisɛ ɔno ne Onyankopɔn kasamafo titiriw. Asɛm no de mfe a enni ano asom Yehowa. Bible ka sɛ: “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.” Ɛtoa so sɛ: “Nneɛma nyinaa nam [Asɛm] no so na ɛbae, na ade biako mpo ankwati no amma.” Bɛboro mfe 2,000 ni na Onyankopɔn somaa Asɛm no baa asase so. Ná sintɔ biara nni Yesu Kristo ho, na ɔyɛɛ n’Agya apɛde a wannyaw biribiara wom.—Yoh. 1:1-3, 14.

2 Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔyɛ Onyankopɔn ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw.’ (Mmeb. 8:30) Yehowa nam Yesu so bɔɔ abɔfo mpempem pii wɔ soro. (Kol. 1:16) Bible ka sɛ abɔfo ‘mpempem som Yehowa, na mpem du ahorow mpem du gyinagyina n’anim.’ (Dan. 7:10) Bible frɛ abɔfo yi “asafodɔm.” Eyi kyerɛ sɛ wɔahyehyɛ wɔn fɛfɛɛfɛ.—Dw. 103:21.

3. Sɛ yɛka sɛ yɛrebu nsoromma ne okyinnsoromma ano a, dɛn na yɛbɛka? Sɛn na wɔahyehyɛ ne nyinaa?

3 Yehowa bɔɔ nsoromma ne okyinnsoromma a enni ano.  Atesɛm krataa bi a wɔato din Chronicle a wotintim wɔ Houston, Texas, kae sɛ abɔde ho nyansahufo yɛɛ nhwehwɛmu bi, na wohui sɛ nsoromma ne okyinnsoromma a ɛwɔ hɔ bɛyɛ ɔpepepem mmɔho mpempem. Ɛte sɛ woakyerɛw 3 na wode 0 mmaako mmaako 23 aka ho. Wɔahyehyɛ nsoromma ayɛ no nsoromma akuwakuw. Nsoromma ne okyinnsoromma ɔpepepem mmɔho mpempem na ɛwɔ nsorommakuw biara mu. Wɔahyehyɛ nsorommakuw no nso ayɛ no akuwakuw pii.

4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ ne nkoa wɔ asase so?

4 Enti sɛnea wɔahyehyɛ abɔfo wɔ soro no, saa ara na wɔahyehyɛ nsoromma ne okyinnsoromma nso fɛfɛɛfɛ. (Yes. 40:26) Sɛ yɛhwɛ eyi nyinaa a, yebetumi aka sɛ asase so ha nso, Yehowa ahyehyɛ ne nkoa fɛfɛɛfɛ. Yehowa pɛ sɛ ne nkoa yɛ biribiara wɔanowɔano na wɔatumi ayɛ adwumasono a ɛhyɛ wɔn nsa no. Sɛ yɛhwɛ dwuma a Yehowa de n’asomfo adi fi tete besi nnɛ a, yebetumi aka ampa sɛ Yehowa ka wɔn ho. Bio nso, ɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.”—Monkenkan 1 Korintofo 14:33, 40.

ONYANKOPƆN HYEHYƐƐ NE NKOA TETE MMERE MU

5. Ɛyɛɛ dɛn na nneɛma ankɔ so wɔ asase so sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no?

5 Bere a Yehowa bɔɔ nnipa a wodi kan no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asase so mã na munni so, na ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne mmoa a wɔnenam asase so nyinaa, munni wɔn so.” (Gen. 1:28) Yehowa ammɔ nnipa mpempem prɛko pɛ. Mmom na Adam ne Hawa bɛwo mma na wɔn mma nso awo mma kosi sɛ nkakrankakra asase nyinaa bɛdan paradise ma nnipa ahyɛ so ma. Nanso Adam ne Hawa asoɔden twee saa nhyehyɛe no sanee. (Gen. 3:1-6) Akyiri yi “Yehowa hui sɛ onipa de abɔnefosɛm ahyɛ asase so mã, na ne komam nsusuwii nyinaa yɛ bɔne bere nyinaa.” Eyi nti “na asase asɛe wɔ nokware Nyankopɔn no ani so, na na amumɔyɛ ahyɛ so mã.” Enti Onyankopɔn yɛe sɛ ɔde nsuyiri bɛsɛe abɔnefo nyinaa afi asase so.—Gen. 6:5, 11-13, 17.

6, 7. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Noa nyaa Yehowa anim dom? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na ɛtoo abɔnefo a na wɔwɔ Noa bere so no?

6 Nanso ebinom nyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu. Bible ka sɛ “Noa nyaa Yehowa anim dom,” efisɛ na ɔyɛ “ɔtreneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo mu,” na ɔne “nokware Nyankopɔn nantewee.” Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi, na ɔmaa no ho akwankyerɛ nyinaa. (Gen. 6:8, 9, 14-16) Noa ne n’abusua tiee Yehowa na wɔyɛɛ nea Yehowa hyɛɛ wɔn nyinaa. Enti nkakrankakra wɔyɛɛ adaka no, na wɔde mmoa kɔɔ mu. Ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ adaka no nti, na ebetumi akora nnipa ne mmoa so. Afei bere a wɔn nyinaa kɔɔ mu no, “Yehowa too ɔpon no mu.”—Gen. 7:5, 16.

7 Aka bɛyɛ mfe 2,370 ma Kristo aba no na Nsuyiri no bae, na Yehowa popaa “biribiara a ɛte ase fii asase so.” Nanso ɔkoraa Noa ne n’abusua so wɔ adaka no mu. (Gen. 7:23) Nnipa a wɔwɔ asase so nnɛ nyinaa yɛ Noa ne n’abusua asefo. Wɔn a wɔankɔ adaka no mu nyinaa wuwui, efisɛ wɔantie Noa, “trenee sɛnkafo” no.—2 Pet. 2:5.

Nhyehyɛe pa boaa nnipa nwɔtwe ma wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu (Hwɛ nkyekyɛm 6, 7)

8. Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnkɔ Bɔhyɛ Asase no so no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ na wahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ?

8 Nsuyiri no akyi bɛboro mfe 800 no,  Onyankopɔn yɛɛ Israelfo no ɔman kɛse. Onyankopɔn de nneɛma guu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn abrabɔ ne wɔn som nyinaa bedi mu. Nokwasɛm ne sɛ ɔhwɛe sɛ biribiara rensɛe wɔn som. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔmaa ebinom yɛɛ asɔfo, na na Lewifo pii nso wɔ hɔ. Bio nso, wɔmaa mmea ‘somee wɔ ahyiae ntamadan no ano.’ (Ex. 38:8) Bere a Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnkɔ Kaanan asase so no, wɔn mu pii yɛɛ asoɔden. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nan rensi asase a memaa me nsa so kaa ntam sɛ me ne mo bɛtena so no so, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.” Bere a mmarima bi kɔhwɛɛ Bɔhyɛ Asase no, Yosua ne Kaleb nko ara na wɔde asɛmpa bae. (Num. 14:30, 37, 38) Akyiri yi Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa Yosua nsi n’ananmu. (Num. 27:18-23) Aka kakra ma Yosua de Israelfo akɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔmma ne bo nyɛ duru na ne ho nyɛ den.’ Ɔtoaa so sɛ: “Nsuro na mmɔ hu, efisɛ baabi a wobɛkɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”—Yos. 1:9.

9. Rahab huu Yehowa ne ne nkurɔfo sɛn?

9 Ampa-ne-ampa ara baabiara a Yosua kɔe biara Yehowa Nyankopɔn dii n’akyi. Wo deɛ yɛnhwɛ nea esii bere a Israelfo bɔɔ dɔmpem wɔ Kanaan kurow Yeriko kurotia bɛyɛ mfe 1,473 ansa na Kristo reba no. Yosua somaa mmarima mmienu sɛ wɔnkɔhwɛ sɛnea Yeriko kurow no te. Woduu hɔ no, wohuu tuutuuni bea bi a ɔde Rahab. Afei bere a Yeriko hene tee sɛ mmarima no aba kurom hɔ no, ɔsomae sɛ wɔnkɔkyere wɔn, nanso Rahab de wɔn siee ne dan atifi. Rahab ka kyerɛɛ Israelfo mmarima a wɔbɛhwɛɛ kurow no sɛ: ‘Minim sɛ ɔkwan biara so Yehowa de asase yi bɛma mo, na yɛate sɛnea mufi Egypt reba no Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no yowee wɔ mo anim ne nea mode yɛɛ Amorifo ahene baanu no.’ Rahab san kae sɛ: “Yehowa mo Nyankopɔn yɛ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asase  a ɛwɔ fam yi Nyankopɔn.” (Yos. 2:9-11) Rahab de ne ho fam Yehowa ahyehyɛde a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho, na bere a Israelfo tow hyɛɛ Yeriko so no, Yehowa gyee Rahab ne ne fiefo nkwa. (Yos. 6:25) Rahab nyaa gyidi a emu yɛ den, na ɔde nidi ne obu maa Yehowa ne ne nkurɔfo.

AHYEHYƐDE FOFORO WƆ ASOMAFO NO BERE SO

10. Asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo no? Adɛn nti na ɔkaa saa?

10 Yosua dii Israelfo no anim ma wɔko faa Kanaan asase ne ne nkurow pii. Nanso bere rekɔ so no, dɛn na esii? Eduu baabi no, na Israelfo ntie Onyankopɔn mmara mpo na wadi so. Bere a Yehowa somaa ne ba no baa asase so deɛ, na nneɛma agye nsam koraa. Na wommu Onyankopɔn mpo na wɔabu n’adiyifo, enti Yesu kae sɛ Yerusalem ‘kum adiyifo.’ (Monkenkan Mateo 23:37, 38.) Yudafo nyamesom akannifo no anni Onyankopɔn nokware, enti ɔpoo wɔn. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.”—Mat. 21:43.

11, 12. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa yii ne nhyira fii Yuda man no so kɔɔ ahyehyɛde foforo so? (b) Henanom na wɔbɛkaa ahyehyɛde foforo no ho?

11 Bere a Yesu baa asase so no, ankyɛ na Yehowa poo Israel man no. Nanso na Yehowa wɔ asomfo anokwafo bi wɔ asase so a wotie Yesu Kristo na wodi ne nkyerɛkyerɛ akyi. Pentekoste afe 33 Y.B. no, Yehowa hwiee ne nhyira guu ahyehyɛde foforo bi so. Saa bere no na Yesu asuafo bɛyɛ 120 ahyia wɔ Yerusalem baabi, na ‘mpofirim ara wɔtee dede bi fii soro te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen, na egyigyei wɔ ofie no mu nyinaa.’ Afei ‘wohuu tɛkrɛma bebree a ɛte sɛ ogya a ayiyi mmaako mmaako, na ebi besii wɔn mu biara so, na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã na wofii ase kaa kasa horow, sɛnea honhom no maa wɔn hokwan sɛ wɔnkasa no.’ (Aso. 2:1-4) Saa anwonwasɛm yi kyerɛɛ pefee sɛ na Yehowa taa Kristo asuafo no akyi. Eyi ne ahyehyɛde foforo a na Yehowa de reyɛ adwuma.

12 Saa da no, ‘wɔde akra bɛyɛ 3,000 bɛkaa’ Yesu akyidifo no ho. Afei “Yehowa kɔɔ so de wɔn a ɔregye wɔn nkwa kaa wɔn ho daa.” (Aso. 2:41, 47) Yesu asuafo no kum wɔn ho yɛɛ asɛnka adwuma no, enti “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛwee, na asuafo no dodow bu bɔɔ ho pii wɔ Yerusalem.” Asɔfo pii mpo “fii ase yɛɛ aso maa gyidi no.” (Aso. 6:7) Enti nnipa a wogyee nokware no bɛkaa ahyehyɛde foforo no ho. Akyiri yi Yehowa yɛɛ biribi foforo de dii adanse sɛ ɔtaa ahyehyɛde foforo no akyi. Ɔde “amanaman mufo” bɛkaa Kristofo asafo no ho.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 10:44, 45.

13. Adwuma bɛn na Onyankopɔn de maa n’ahyehyɛde foforo no?

13 Ná Kristo akyidifo nim adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔno ankasa twaa ɛsa bi too hɔ maa n’akyidifo huu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. N’asubɔ akyi pɛɛ no, ofii ase kaa “ɔsoro ahenni” no ho asɛm. (Mat. 4:17) Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ saa adwuma no bi. Ɔkae sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Ná Kristo asuafo no nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ anaa? Yebetumi aka sɛ na wonim. Wo deɛ hwɛ, da bi Paulo ne Barnaba kaa no pen kyerɛ Yudafo a wɔwɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia sɛ: “Ná  ɛho hia sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm kyerɛ mo kan. Nanso esiane sɛ mupia to nkyɛn na mummu mo ho sɛ mofata daa nkwa nti, hwɛ! yɛredan akɔ amanaman no nkyɛn. Nokwarem no, Yehowa ama yɛn ahyɛde sɛ, ‘Mapaw wo sɛ amanaman no hann, na woayɛ nkwagye de akɔpem asase ano.’” (Aso. 13:14, 45-47) Efi asomafo no bere so tɔnn, Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no de asi n’ani so sɛ ɛbɛma nkurɔfo ahu nea Yehowa ayɛ a ɔde begye nnipa nkwa.

NNIPA PII WUWUI, NANSO ONYANKOPƆN ASOMFO NYAA NKWA

14. Dɛn na ɛtoo Yerusalem, na hefo na wonyaa wɔn ti didii mu?

14 Yudafo dodow no ara antie asɛmpa no, enti na amanehunu da hɔ retwɛn wɔn. Na Yesu aka akyerɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ muhu sɛ asraafodɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ n’amamfoyɛ abɛn. Afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so, na momma wɔn a wɔwɔ kurow no mu no mfi mu nkɔ, na mommma wɔn a wɔwɔ nkuraase no mmma mu.” (Luka 21:20, 21) Nea Yesu kae no baa mu pɛpɛɛpɛ. Yudafo sɔre tiaa Romafo no, na afe 66 Y.B. no, Cestius Gallus dii Roma asraafo anim kotwaa Yerusalem ho hyiae. Nanso obiara anhu nea ɛyɛe, asraafo no san wɔn akyi kɔɔ wɔn kurom. Eyi maa Yesu akyidifo no nyaa kwan guan fii Yerusalem ne Yudea. Abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius kae sɛ nnipa pii twaa Yordan Asubɔnten kɔɔ Pella a ɛwɔ Perea. Afe 70 Y.B. no, Ɔsahene Titus dii Roma asraafo no anim san baa Yerusalem bɛsɛe kurow no. Nanso Kristofo anokwafo nyaa wɔn ti didii mu efisɛ wotiee Yesu kɔkɔbɔ no.

15. Tebea bɛn na ɛtoo Kristo akyidifo, nanso ɛyɛɛ dɛn na Kristosom nyaa nkɔso?

15 Ahokyere, ɔtaa, ne sɔhwɛ a Kristo akyidifo hyiae nyinaa akyi no, Kristosom nyaa nkɔso wɔ asomafo no bere so. (Aso. 11:19-21; 19:1, 19, 20) Adɛn nti na ɛbaa saa? Asɛm no ara ne sɛ Onyankopɔn hyiraa Kristofo asafo no.—Mmeb. 10:22.

16. Dɛn na na ehia sɛ Kristoni biara yɛ na ne gyidi ayɛ den?

16 Ná ɛsɛ sɛ Kristoni biara hu sɛ egye mmɔdenbɔ na ne gyidi ayɛ den. Na ehia sɛ wosua Kyerɛwnsɛm no na wohyiam daa, na wɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Saa bere no na eyi nyinaa hia na Yehowa nkurɔfo atim gyidi no mu, na baakoyɛ atena wɔn ntam. Ná nhyehyɛe fɛfɛɛfɛ da asafo no dwumadi nyinaa ho. Na mpanyimfo ne asomfo wɔ hɔ a woyi wɔn yam boa asafo no mufo. (Filip. 1:1; 1 Pet. 5:1-4) Wo deɛ hwɛ sɛ mpanyimfo te sɛ Paulo atu kwan akɔsrasra asafo no! Anigye ne dɛn! (Aso. 15:36, 40, 41) Sɛ wohwɛ ɔkwan a tete Kristofo no faa so somee ne ɔkwan a yɛfa so som nnɛ a, wuhu nsɛdi paa bi wom. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yebehu sɛ efi tete besi nnɛ nyinaa Yehowa wɔ nhyehyɛe fɛfɛɛfɛ a ne nkoa fa so som no! *

17. Dɛn na yebesua wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Yɛte awiei bere mu, na Satan wiase no regye nna awu. Nanso Yehowa ahyehyɛde no de mmirikatɛntɛ rekɔ n’anim daa. Ɛnde, wo ne ahyehyɛde no abɔ anan rekɔ anaa? Worenya nkɔso wo Yehowa som mu? Adesua a edi hɔ no bɛma woahu nea ɛbɛboa wo ma woayɛ saa.

^ nky. 16 Hwɛ asɛm a wɔato din “Kristofo Som Wɔ Honhom ne Nokware Mu” ne “Wɔkɔ So Nantew Nokware no Mu” wɔ Ɔwɛn-Aban July 15, 2002 mu. Afei nso, wohwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no mu a, wubehu Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so nnɛ no ho nsɛm pii wɔ hɔ.