Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Boa Afoforo Ma Wontumi Nyɛ Pii

Boa Afoforo Ma Wontumi Nyɛ Pii

“M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.”DW. 32:8.

1, 2. Sɛn na Yehowa hu n’asomfo a wɔwɔ asase so?

SƐ NKWADAA redi agorɔ na wɔn awofo te hɔ rehwɛ wɔn a, wotumi hu nneɛma pii a nkwadaa no betumi ayɛ daakye. Ɛtɔ da a awofo no behu biribi ma wɔn ho adwiriw wɔn. Ebia woahyɛ biribi saa nsow. Abofra bi wɔ hɔ a wuhu sɛ, sɛ ɛba biribi te sɛ bɔɔlbɔ anaa mmirikatu a, ɔbɛyɛ ade paa. Obi nso wɔ hɔ a, ɛba adwinnidi anaa nneɛma adrɔdrɔ a, ɔwɔ ɔdom akyɛde. Ɔdom akyɛde a akwadaa biara wɔ no, awofo ani gye ho sɛ wɔbɛboa no ma wɔakwadare mu.

2 Yehowa nso ani gye ho sɛ obehu nea ne mma a wɔwɔ asase so tumi yɛ. Ohu n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no sɛ “aman nyinaa mu nnepa.” (Hag. 2:7) Nea ɛma wɔsom bo ma no koraa ne wɔn gyidi ne wɔn nokwaredi. Sɛ wode w’ani to fam a, wubehu sɛ yɛn nuanom Kristofo wɔ ɔdom akyɛde ahorow ahorow pii. Ebinom ma ɔkasa a, wuhu sɛ wonim nkyerɛkyerɛ yiye. Afoforo nso nim sɛnea yɛtoto nneɛma. Yɛn nuanom mmaa pii bɔ mmɔden wɔ kasasua ho. Wobɔɔ w’ani ara na wɔasua kasa bi de redi nkurɔfo adanse. Ebinom nso nim sɛnea yɛhwɛ ayarefo, na obi botow a, wobɛhwɛ na wɔadu ne nkyɛn rehyɛ no nkuran. (Rom. 16:1, 12) Sɛ anuanom sei wɔ asafo no mu a, yɛn ani nnye anaa?

3. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

 3 Nanso ebinom susuw sɛ wɔn ho nhia ahe biara wɔ asafo no mu. Ɛyɛ wɔn sɛ wɔwɔ mu a ɛnyɛ ma, wofi mu nso a ɛntɔ sin. Wɔn a ebia wobenya adwene a ɛte saa ne mmofra ne wɔn a wɔbɔɔ asu nkyɛe. Nanso sɛ saafo no hu sɛ wɔwɔ ɔdom akyɛde a ɛso bɛba asafo no mfaso a, ɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ pii. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn ama wɔahu ɔdom akyɛde a wɔwɔ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa na yɛhwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ yɛn nuanom ho?

YEHOWA HU NNEƐMA PA A ƐWƆ N’ASOMFO HO

4, 5. Dɛn na ɛwɔ Atemmufo 6:11-16 a ɛma yehu sɛ Yehowa hu ɔdom akyɛde a ɛwɔ n’asomfo ho?

4 Bible no ma yehu sɛ Yehowa hu su pa a ɛwɔ n’asomfo nyinaa ho. Nanso ɛnyɛ ɛno nko na ohu. Mmom ohu ɔdom akyɛde a asuma mpo. Yɛmfa Gideon nyɛ nhwɛso. Yehowa yii Gideon sɛ onnye Israelfo mfi Midianfo nsam. Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Ɔkatakyi kokodurufo, Yehowa ka wo ho.” Ebia ɔtee saa no ne ho dwiriw no, efisɛ ɔno deɛ, na onhu ne ho sɛ ɔyɛ “kokodurufo.” Na obu ne ho sɛ asukɔnoma bi a ɔrentumi nni Israelfo anim mpo na wagye wɔn afi wɔn atamfo nsam. Nanso Yehowa hu traa nea Gideon ankasa hu wɔ ne ho. Yehowa hui sɛ Gideon betumi ayɛ adwuma a ɔde ahyɛ ne nsa no.—Monkenkan Atemmufo 6:11-16.

5 Na Yehowa nim sɛ Gideon betumi agye Israelfo no, efisɛ na wahu nneɛma bi wɔ Gideon ho. Ɛho nhwɛso ni: Bere a Gideon reporow awi (ayuo) no, Yehowa bɔfo hui sɛ ɔde n’ahoɔden nyinaa na ɛreyɛ adwuma no. Ɔbɔfo no huu biribi foforo nso. Saa bere no sɛ akuafo reporow awi a, na wɔyɛ no petee mu na mframa atumi ahuw ntɛtɛ no. Nanso Gideon deɛ, ɔkɔhyɛɛ baabi a wokyi nsa sɛnea ɛbɛyɛ a Midianfo no renhu no na wɔabegye nnɔbae kakra a wɔanya no. Eyi kyerɛ sɛ na Gideon wɔ nhumu. Yehowa hui sɛ ɔnyɛ okuafo a onim n’adwuma kɛkɛ, na mmom ɔbarima badwemma a n’ani da hɔ. Yehowa huu Gideon dom akyɛde, na ɔde no yɛɛ adwuma.

6, 7. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa anhu Amos sɛnea na Israelfo bi hu no no? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Amos nyɛ obi a n’adwene awu a onim hwee?

6 Odiyifo Amos nso yɛ obi a na ɔhyɛ ne baabi komm. Ɛbɛyɛ sɛ na nnipa pii susuw sɛ, sɛ yɛreka nnipa a yɛto dwom frɛ wɔn a, Amos nka ho. Amos ankasa kae sɛ ɔyɛ oguanhwɛfo a ɔsan fitifiti sikamɔɔ nnuaba ho. Na nnipa bu sikamɔɔ nnuaba sɛ ahiafo aduan. Nanso sɛnea Yehowa ne Amos dii no ma yehu sɛ Yehowa huu ɔdom akyɛde bi wɔ ne ho. Enti ɔpaw no sɛ ɔnhyɛ Israel mmusuakuw du a wɔadan abosonsomfo no ho nkɔm. Ebia Israelfo bi kae sɛ, ‘Enti mmarima asa na Amos kwahweabaa yi na Onyankopɔn apaw no sɛ onkodi dwuma kɛse yi?’—Monkenkan Amos 7:14, 15.

7 Na Amos fi akuraase tuu, nanso na onim tebea a ɛrekɔ so wɔ Israel. Bio na onim ahemfo a wɔatwa ne ho ahyia no ho nsɛm ne wɔn amammerɛ yiye. Ebia na ɔne aguadifo a wɔba ne kurom no di nsawɔso, na ɛno ma ohuu aman horow so nsɛm. Enti na Amos nyɛ te-man-mu-hunu bi a onim hwee. (Amos 1:6, 9, 11, 13; 2:8; 6:4-6) Bible ho abenfo bi ka sɛ na Amos yɛ ɔkyerɛwfo mapa. Wokan ne nhoma no a, wuhu sɛ ne nsɛm mu da hɔ na tumi wom. Otumi yɛ ntotoho de kasakoa si ne nsɛm so dua ma ɛyɛ dɛ. Bio nso na Amos koko yɛ duru. Bere a ɔsɔfo huhuni Amasia pɛe sɛ osiw Amos kwan no, ɔkaa n’anim. Eyi nyinaa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa paw obi a ɔfata de no dii dwuma. Ohuu biribi wɔ Amos ho a ebia nnipa pii anhu.—Amos 7:12, 13, 16, 17.

8. (a) Dɛn na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama Dawid? (b) Sɛ obi bu ne ho abomfiaa a, adɛn nti na asɛm a ɛwɔ Dwom 32:8 betumi ahyɛ no nkuran?

 8 Enti Yehowa tumi hu ɔdom akyɛde a n’akoa biara wɔ. Ɔhyɛɛ Dawid bɔ sɛ obedi n’akyi daa na ‘wama n’ani aba ne so.’ (Monkenkan Dwom 32:8.) Adɛn nti na asɛm yi hyɛ nkuran? Ebia yebebu yɛn ho abomfiaa, nanso Yehowa tumi hu ɔdom akyɛde bi a asuma wɔ yɛn mu, na obetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nneɛma a yɛnna nnwenee ho da mpo. Sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo tumi boa osuani nkakrankakra ma ne ho kokwaw no, saa ara na Yehowa boa yɛn ma yɛde yɛn dom akyɛde di dwuma pii wɔ ne som mu. Bio nso Yehowa betumi ama yɛn nuanom Kristofo aboa yɛn ma yɛahu yɛn dom akyɛde na wɔapusuw yɛn ama yɛayɛ nnam wɔ asafo no mu. Ɔkwan bɛn so?

HWƐ SU PA A AFOFORO WƆ

9. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Paulo afotu no ayɛ adwuma na ‘yɛahwɛ’ nneɛma a ɛfa afoforo ho?

9 Paulo tuu Kristofo nyinaa fo sɛ ‘wɔnhwɛ’ nneɛma a ɛfa wɔn mfɛfo gyidifo ho. (Monkenkan Filipifo 2:3, 4.) Nea na Paulo repɛ akyerɛ ara ne sɛ yɛnhwɛ ɔdom akyɛde a afoforo wɔ na yɛnka ho asɛm. Wo deɛ hwɛ sɛ obi aba wo nkyɛn na wama woahu nneɛma a wobɔ mu mmɔden. Ɛbɛka wo sɛn? Ɛba saa a, ɛbɛka wo ma woayɛ pii. Enti sɛ yɛma yɛn nuanom hu sɛ wɔsom bo a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔanya nkɔso wɔ Yehowa som mu.

10. Henanom paa na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani ku wɔn ho?

10 Obiara pɛ sɛ ohu sɛ ne ho hia. Nanso sɛ yɛreka a, mmerante ne anuanom mmarima a wɔabɔ asu foforo na ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn na yɛma yɛn ani ku wɔn ho paa. Ɛbɛma wɔahu sɛ yennyaa wɔn mu, na mmom wɔn ho hia wɔ asafo no mu. Bible no hyɛ anuanom mmarima nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho na wɔatumi de asɛyɛde pii ahyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu. (1 Tim. 3:1) Nanso sɛ yɛamma wɔanhu sɛ wɔrebɔ mmɔden a, ebia wɔn abam bebu na wɔrenkeka wɔn ho sɛnea ɛsɛ.

11. (a) Dɛn na ɔpanyin bi yɛ de boaa aberante bi a na ɔfɛre ade? (b) Dɛn na wubetumi asua afi Julien asɛm no mu?

11 Asafo mu panyin bi a ɔde Ludovic kae sɛ bere a ɔyɛ abarimaa no, na anuanom ani ku ne ho, na eyi boaa no paa. Ɔkae sɛ: “Sɛ mema onuabarima bi hu sɛ m’ani ku ne ho a, ɛma onya nkɔso ntɛmtɛm.” Aberante baako a Ludovic boaa no ne Julien. Ludovic hui sɛ Julien yɛ obi a ɔfɛre ade, na sɛ ɛtɔ da na ɔpɛ sɛ ɔkeka ne ho yɛ pii a, na nneɛma ayɛ nwonworann. Nanso Ludovic kae sɛ: “Julien yam ye, na ɛnyɛ no den sɛ ɔbɛboa afoforo wɔ asafo no mu. Enti manka biribi a ɛbɛma n’abam abu. Mmom mehwɛɛ su pa a ɛwɔ ne ho, na mehyɛɛ no nkuran sɛ ɔnyere ne ho.” Akyiri yi wɔpaw Julien asafo mu somfo, na seesei ɔyɛ daa kwampaefo.

BOA WƆN MA WƆNYƐ PII

12. Dɛn na ehia na yɛatumi aboa yɛn nuanom ma wɔayɛ pii? Ma nhwɛso.

12 Sɛ yebetumi aboa yɛn nuanom ma wɔayɛ pii a, ehia sɛ yɛde yɛn ani to fam. Julien asɛm no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ tra wɔn mmerɛwyɛ, na yɛde yɛn ani si su pa a wokura ne ɔdom akyɛde a wɔwɔ so. Saa ara na Yesu yɛɛ ɔsomafo Petro. Ɛtɔ da a na Petro nsi pi, nanso Yesu huu su pa a ɔwɔ na ɔkae sɛ daakye obegyina pintinn sɛ ɔbotan.—Yoh. 1:42.

13, 14. (a) Sɛ yɛhwɛ Marko asɛm no a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Barnaba wɔ nhumu? (b) Mmoa bɛn na onua bi de maa Alexandre, na dɛn na efii mu bae? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

13 Sɛ yɛhwɛ Barnaba sɛɛ a, na ɔwɔ nhumu, enti otumi boaa Yohane a wɔsan frɛ no Marko no. (Aso. 12:25) Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan mu no, na ɔne  Barnaba na ɛnam, na na Marko som wɔn. Nanso bere a woduu Pamfilia no, Marko gyaw wɔn hɔ. Paulo ne Barnaba de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam toaa akwantu no so. Saa bere no na nsɛmmɔnedifo hyɛ pɔw mu hɔ, nanso wɔbɛyɛ dɛn? Wɔn nkutoo faa hɔ kɔe. (Aso. 13:5, 13) Ampa, Marko de wɔn sii mu, nanso Barnaba amfa n’ani ansi ne mmerɛwyɛ so. Mmom yebetumi aka sɛ ɔhwɛɛ adepa a ɛwɔ ne ho, na ebia ɔmaa Marko ntetee a ohia. (Aso. 15:37-39) Eyi boaa Marko ma ɔbɛyɛɛ Kristoni barima mua. Anikasɛm mpo ne sɛ, bere a Paulo da afiase wɔ Roma no, na Marko wɔ ne nkyɛn. Enti bere a Paulo rekyerɛw krataa akɔma Kristofo a wɔwɔ Kolose no, ɔde Marko nkyia kɔmaa wɔn. Nokwasɛm ne sɛ Paulo kaa ne ho asɛmpa wɔ krataa no mu. (Kol. 4:10) Sɛ wo ne Barnaba a, hwɛ sɛnea anka w’ani begye sɛ Paulo hyɛɛ da kae sɛ ohia Marko!—2 Tim. 4:11.

14 Onua bi a ɔde Alexandre yɛ asafo mu panyin seesei, na ɔkae mmoa a ɔpanyin bi de maa no. Tie n’anom asɛm: “Bere a meyɛ aberante no, ade baako a na misuro paa ne sɛ mɛbɔ mpae wɔ baguam. Ɔpanyin bi kyerɛɛ me nea mɛyɛ de asiesie me ho ansa na mabɔ mpae ne nea mɛyɛ a ehu nka me. Ɔpanyin no anka sɛ ɔremma memmɔ mpae bio. Nokwasɛm ne sɛ na ɔtaa ma mebɔ mpae wɔ asɛnka nhyiam ase. Afei nkakrankakra ehu no brɛɛ ase koraa.”

15. Dɛn na Paulo de kyerɛe sɛ n’ani sɔ nea ne nuanom yɛ?

15 Sɛ yehu su pa bi wɔ yɛn nua Kristoni bi ho a, yegye bere kamfo no anaa? Yɛhwɛ Romafo ti 16 a, yebehu sɛ Paulo kaa anuanom bɛboro 20 ho asɛm, na ɔkyerɛɛ nea ɛwɔ wɔn ho a n’ani gye ho. (Rom. 16:3-7, 13) Ɛho nhwɛso ni: Paulo kae sɛ Androniko ne Yunia ‘baa Kristo mu’ akyɛ sen no, kyerɛ sɛ na wɔwɔ boasetɔ. Bio nso Paulo de ne nkyia kɔmaa Rufu maame, na nea ɔka faa maame no ho ma yehu sɛ na ne yam yɛ na wantoto Paulo agyaagyaamu koraa.

Frédéric (benkum) hyɛɛ Rico nkuran ma osii ne bo sɛ ɔbɛsom Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Sɛ yɛkamfo mmofra a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

16 Sɛ yɛkamfo afoforo a, biribi pa betumi afi mu aba. Yɛnhwɛ abarimaa bi a ofi France a ɔde Rico. Ná ne papa nyɛ Yehowa Dansefo, enti na ɔmpene so sɛ ɔbɛbɔ asu. Eyi maa Rico werɛ howee, efisɛ na osuro sɛ anhwɛ a ɔbɛtena hɔ ara akosi sɛ obefuw abogyesɛ ansa na wabɔ asu. Rico kɔ sukuu nso a, ne mfɛfo mma ne ho ntɔ no; sɛ́ wɔredi ne ho fɛw ara ni. Na ɔpanyin bi a ɔde Frédéric ne Rico sua ade. Frédéric kae sɛ: “Mekamfoo Rico, na mema ohui sɛ ɔsɔretia a ɛte saa mma kwa; nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔwɔ akokoduru a ɔde ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo.” Asɛm yi hyɛɛ Rico mpamden maa ɔyeree ne ho sɛ obenya nkɔso, na ɔne ne papa ntam nso yɛɛ kama. Eyi nti bere a odii mfe 12 no, ɔbɔɔ asu.

Jérôme (nifa) boaa Ryan ma ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. (a) Yɛbɛyɛ dɛn aboa anuanom mmarima ma wɔanya nkɔso? (b) Mmoa bɛn na ɔsɛmpatrɛwfo bi de maa anuanom mmerante? Dɛn na efii mu bae?

17 Bere biara a onua bi bɛyɛ biribi a ɛsɔ  ani na yɛbɛkamfo no no, ɛkanyan no ma ɔyere ne ho sɛ ɔbɛsom Yehowa yiye. Sylvie * yɛ onuawa bi a watena France Betel mfe pii. Ɔkae sɛ anuanom mmaa nso betumi akamfo anuanom mmarima. Mpɛn pii no, mmaa tumi hu nneɛma nketenkete a mmarima nhu. Enti nkamfo a anuanom mmaa de bɛma no bɛhyɛ nea mmarima a wɔn ho akokwaw de ma no mu den. Onuawa yi kae sɛ: “Mede ayɛ m’asɛde sɛ mɛkamfo anuanom.” (Mmeb. 3:27) Jérôme yɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ French Guiana. Waboa mmerante pii ma wabɛyɛ asɛmpatrɛwfo. Ɔkae sɛ: “Sɛ mmerante bɔ biribi ho mmɔden wɔ asɛnka mu anaa wɔma mmuae a ɛtɔ asom a, mekamfo wɔn, na eyi pusuw wɔn ma wɔyɛ pii.”

18. Sɛ wo ne anuanom mmerante bom yɛ adwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

18 Sɛ yɛka yɛn nuanom ba yɛn ho anaa yɛne wɔn bom yɛ ade a, yenya hokwan hyɛ wɔn nkuran ma wɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Nhwɛso bi ni: Ɔpanyin bi betumi ama onua aberante bi atwe nsɛm bi afi jw.org a ebetumi aboa anuanom nkwakoraa ne mmerewa a wonni kɔmputa. Anaa sɛ worekɔyɛ adwuma bi wɔ Ahenni Asa so a, adɛn nti na womma onua aberante bi mmɛka wo ho? Woyɛ saa a, ɛbɛma woahu ɔdom akyɛde a yɛn nuanom nkumaa yi wɔ ne wɔn mmɔdenbɔ na woakamfo wɔn.—Mmeb. 15:23.

MONTETE WƆN MMA DAAKYE

19, 20. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo ma wonya nkɔso?

19 Bere a Yehowa yii Yosua sɛ onni Israelfo anim no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ‘ɔnhyɛ Yosua nkuran’ na ‘ɔnhyɛ no den.’ (Monkenkan Deuteronomium 3:28.) Ɛnnɛ, nnipa pii resen yuu ba Yehowa ahyehyɛde no mu, na ɛho hia sɛ yenya mmarima a wobetumi adi anim wɔ asafo ahorow mu. Enti ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa boa mmarimaa ne mmarima a wɔabɔ asu foforo ma wotumi keka wɔn ho na wɔyɛ pii. Sɛ yɛyɛ saa a, wɔn mu pii de wɔn ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu, na bebree nso ‘afata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo.’—2 Tim. 2:2.

20 Sɛ yɛwɔ asafo bi mu oo, sɛ nso yɛwɔ kuw bi a ennya nyɛɛ asafo mu oo, momma yɛn nyinaa ntete yɛn nuanom mma daakye. Ade baako a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa ne sɛ yebesuasua Yehowa na yɛahwɛ nneɛma pa a ɛwɔ yɛn nuanom ho.

^ nky. 17 Wɔasesa din no.