Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Aboa Kristofo a Wɔn Aware Agu?

Wobɛyɛ Dɛn Aboa Kristofo a Wɔn Aware Agu?

Ebia wunim obi a n’aware agu. Yɛreka yi mpo ebia wunim nnipa pii a biribi saa ato wɔn. Ɛnnɛ awaregyae ayɛ sɛ yare a atu atese. Nhwɛso bi ni: Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Poland kyerɛ sɛ wɔn a wɔadi mfe 30 a wɔn aware adi mfe mmiɛnsa kosi nsia no aware keka; enya a, ebegu. Nanso ɛnyɛ saafo no nko ara na wɔanya asɛm.

Ekuw bi a ɛwɔ Spain a ɛhwɛ aware nsɛm so kae sɛ nhwehwɛmu kyerɛ sɛ awarefo a wɔwɔ Europa no mu fã begyae wɔn hokafo. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wokɔ aman a wɔanya nkɔso pii so a, asɛnkoro no ara na wobɛte.

ƐYƐ A NA WƆN ADWENE NYINAA ATU AFRA

Dɛn na ɛde eyi nyinaa ba? Maame bi a waben awaresɛm mu wɔ Europa apuei kae sɛ: “Ansa na wobetwa aware mu wɔ mmara mu no, na nsɛm bebree asisi. Wobɛhwɛ na aware no mu atetew ma obiara te ne baabi, nkitahodi nni hɔ na wɔasusuw nsɛm ho. Eyi nyinaa yɛ asɛm a ɛte koma.” Ɔka kaa ho sɛ: “Ɛba saa a, abufuw, huammɔdi, awerɛhow, ne aniwu” hyɛ wo so. Ɛtɔ da a, obi adwene bɛyɛ no sɛ onkum ne ho mpo. “Sɛ kɔɔto twa aware no mu a, na aka nea aka. Nea ne hokafo agyaa no no bɛyɛ hahaaha, na ebia obebisa ne ho sɛ: ‘Seesei a m’aware agu yi, mekɔe anaa mebae? Dɛn paa na meregye wɔ wiase?’”

Onuawa bi a ɔde Ewa kae sɛ bere a n’aware gui no, n’ani wui efisɛ ne mpɔtam hɔfo hu no a, wɔde wɔn nsa tenetene ne so sɛ, ‘ne kunu agyaa no.’ Ɔkae sɛ: “Me bo fuwii paa. Na nkwadaa mmienu abɛda me so. Prɛko pɛ mabɛyɛ maame ne papa.” * Yɛnhwɛ onua bi nso a yɛfrɛ no Adam. Na ɔde mfe 12 asom sɛ ɔpanyin, na ɔkae sɛ: “M’ani awu ara ma edu baabi mpo a, na adan abufuw. Ɛtɔ da a mempɛ obiara anim ahwɛ.”

ƐNYƐ MMERƐW SƐ WƆBƐSAN AGYINA WƆN NAN SO

Ebinom wɔ hɔ a, awaregyae no akyi mfe pii mpo na wontumi nyaa nan nnyinaa so yiye. Wonnim nea daakye bɛyɛ. Ebia wɔbɛka sɛ wɔn asɛm mfa obiara ho. Ɔbaa bi a ɔkyerɛw nsɛm ba atesɛm krataa mu kae sɛ, sɛ obi aware gu a, “ɛsɛ sɛ ohu sɛ nneɛma nte sɛ kan no, enti sɛ asɛm bi si a gye ɔno ara.”

Stanisław nso aware gui, na akyiri yi ɔkae sɛ: “Bere a me ne me yere gyae aware no, yɛn mma mmaayewa mmienu no mpo, ɔbaa no amma kwan sɛ mede m’ani behu wɔn. Afei deɛ na ɛyɛ me sɛ obiara nnwen me ho, na Yehowa mpo apo me. Na wiase mpo afono me. Nanso akyiri yi mihui sɛ adwene a ɛte saa mfata.” Ɔbaa baako nso a n’aware gui ne Wanda. Na n’ani so atan no; onnim nea ebesi daakye. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ, sɛ  bere kakra begu mu a, me nuanom Kristofo mpo werɛ befi me ne me mma. Nanso mahu sɛ ɛnte saa koraa. Nokwasɛm ni, anuanom gyinaa yɛn akyi, na wɔsɔɔ m’asen ma metetee mmofra no ma wɔsom Yehowa.”

Ebesi ha no, ebia woahu sɛ obi aware gu a, otumi dwen nsɛm ho tra so. Ebia saafo no besusuw sɛ wɔn ho nni mfaso na obi ahaw ne ho wɔ wɔn ho. Ɛtɔ da nso a na wɔayɛ katee; biribi ketewaa bi a na ɔde ayɛ asɛm. Ɛba saa a, ebia wobenya adwene mpo sɛ asafo no mufo nni tema na n’asɛm nhia obiara. Nanso wɔn a wɔn aware agu te sɛ Stanisław ne Wanda di adanse sɛ wɔn nuanom Kristofo dwen wɔn ho paa. Nokwasɛm ne sɛ anuanom mmarima ne mmaa ayɛ saafo no mmoa pii. Sɛ mfiase no wɔanhu saa mpo a, akyiri yi wohu.

WOSUSUW SƐ WƆAYƐ ANKONAM NA NNIPA APO WƆN

Kae sɛ yɛbɛbɔ mmɔden aboa yɛn nuanom a wɔn aware agu no deɛ, nanso ɛtɔ da a, wobesusuw sɛ wɔayɛ ankonam. Anuanom mmaa paa na asɛm no tumi ka wɔn kɛse. Sɛ wɔn aware gu a, ɛnyɛ den sɛ wobesusuw sɛ wɔn asɛm nhia obiara. Alicja kae sɛ: “Mfe nwɔtwe ni a m’aware gui. Nanso ebesi nnɛ nyinaa, ɛtɔ da a ɛyɛ me sɛ me so nni mfaso biara. Ɛba saa a, menka me ho nkɔ nnipa ho; mitumi kɔhyɛ baabi su saa.”

Ampa, sɛ obi aware gu a obetumi akɔ tebea a yɛaka ho asɛm yi mu, nanso Bible ma yehu sɛ ɛmfata sɛ ɔbɛtew ne ho. Sɛ obi antie afotu yi a, ebewie ase no na ‘wɔatwe ne ho afi nyansa nyinaa ho.’ (Mmeb. 18:1) Sɛ obi susuw sɛ wayɛ ankonam na ohia afotu anaa awerɛkyekye a, ehia sɛ ɔma n’ani da hɔ. Sɛ ɔyɛ barima a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na ankɔyɛ sɛ daa ɔbaa bi hɔ na ɔkɔhwehwɛ awerɛkyekye. Saa ara nso na ɛnyɛ papa sɛ ɔbaa bɛma ne nan ayɛ ntiatia wɔ ɔbarima bi nkyɛn akɔpɛ mmoa. Eyi bɛboa na obiara annya akɔnnɔ a ɛmfata amma ne yɔnko.

Ebia yɛn nuanom a wɔn aware agu adwene bɛyɛ bebree. Sɛ ɛnnɛ ɛnyɛ awerɛhow a, na ɛyɛ abufuw; sɛ ɔkyena ɛnyɛ ankonamyɛ a, na wosuro nea ɛbɛba daakye. Ɛtɔ da mpo a, na ɛyɛ wɔn sɛ obiara apo wɔn. Momma yennye ntom sɛ awaregyae de tebea a ɛte saa ba, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi begyina ano. Ne saa nti momma yensuasua Yehowa na yenso yɛn nuanom a wɔadi amia yi mu. (Dw. 55:22; 1 Pet. 5:6, 7) Momma yennya awerɛhyem sɛ mmoa biara a yebetumi de ama wɔn no, wɔn ani bɛsɔ. Wobehu sɛ anokwa, wɔwɔ nnamfo wɔ asafo no mu a wɔayi wɔn yam reboa wɔn.—Mmeb. 17:17; 18:24.

^ nky. 6 Wɔasesa edin ahorow no bi.