Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wuhu Nnipa Mmerɛwyɛ Sɛnea Yehowa Hu No?

Wuhu Nnipa Mmerɛwyɛ Sɛnea Yehowa Hu No?

“Nipadua mu akwaa a ayɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw no na ɛho hia.”—1 KOR. 12:22.

1, 2. Adɛn nti na Paulo nyaa tema maa wɔn a wɔayɛ mmerɛw?

YƐN mu biara tumi yɛ mmerɛw; ɛnyɛ nnɛ a, ɛbɛyɛ ɔkyena. Wobɛhwɛ na atiridii anaa ɔpapu bi akyere wo ma wugye wo ho a ennye. Wo deɛ hwɛ sɛ woayɛ mmerɛw da hɔ; nnawɔtwe atwam wo ho ntɔɔ wo, nnawɔtwe mmienu akyi woda so da hɔ. Bosome baako, abosome mmienu, nanso wo ho mmae wo. Wowɔ tebea a ɛte saa mu a, wobɛte nka sɛn? Ɛrenyɛ wo dɛ sɛ afoforo benya tema ama wo anaa?

2 Ɔsomafo Paulo mpo, asafo no mu haw ne nhyɛso a ɛwɔ abɔnten nti, ɛtɔ da a na wayɛ mmerɛw. Edu baabi mpo a na ɔreyɛ apa abaw. (2 Kor. 1:8; 7:5) Ahokyere bebrebe a Paulo faa mu nti, ɔkae sɛ: “Hena na ɔyɛ mmerɛw a menyɛ mmerɛw bi?” (2 Kor. 11:29) Paulo de Kristofo asafo no totoo nipadua akwaa ho, na ɔkae sɛ nea “ayɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw no na ɛho hia.” (1 Kor. 12:22) Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Sɛ yɛn ani so no obi ayɛ mmerɛw mpo a, Yehowa hu no sɛn? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na yɛanya saafo no ho adwempa? Yɛyɛ saa a, mfaso bɛn na yebenya?

 YEHOWA ADWENE WƆ NNIPA MMERƐWYƐ HO

3. Yɛanhwɛ yiye a, dɛn na ɛbɛma yɛn nuanom ho ayɛ yɛn ahi?

3 Ɛnnɛ wiase a yɛwom yi, sɛ obi gow anaa ɔyɛ mmerɛw a, obiara pɛ sɛ osisi no. Nkurɔfo adwene yɛ wɔn sɛ mmabun anaa nkurɔfo a wɔwɔ ahoɔden na ebesi wɔn yiye. Yɛne saafo no nyɛ adwene, nanso yɛanhwɛ yiye a, saa su yi bɛka yɛn. Nnipa bi wɔ hɔ a tebea bi nti, daa gye sɛ obi boa wɔn. Ebia saafo no ho bɛyɛ yɛn ahi. Sɛ wɔyɛ yɛn nuanom Kristofo mpo a, ebia yebenya wɔn ho adwene a ɛmfata. Yɛbɛyɛ dɛn ahu saafo no sɛnea Yehowa hu wɔn?

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na mfatoho a ɛwɔ 1 Korintofo 12:21-23 no boa yɛn ma yehu Yehowa adwene wɔ nnipa mmerɛwyɛ ho? (b) Sɛ yɛboa wɔn a wɔyɛ mmerɛw a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?

4 Obi biara a ɔwɔ asafo no mu ho hia Yehowa. Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no, ɔde asafo no totoo nipadua ho wɔ ti 12. Ɔkae sɛ akwaa a yesusuw sɛ ɛyɛ mmerɛw anaa ɛnyɛ fɛ no, ɛno mpo ho hia. (Monkenkan 1 Korintofo 12:12, 18, 21-23.) Wɔn a adannandi agye wɔn ti no ka sɛ Paulo asɛm no nyɛ nokware. Wɔka sɛ akwaa bi wɔ hɔ a mfaso nni so. Nanso nyansahufo ayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ nipadua akwaa a na wosusuw sɛ ɛho nhia no, sɛɛ edi dwuma titiriw bi. * Nhwɛso bi ne nansoaa no mu nea esua paa no. Bere bi na nyansahufo susuw sɛ mfaso biara nni so, nanso seesei wɔahu sɛ saa nansoaa no boa ma yetumi gyina ntenten a yɛnhwe ase.

5 Paulo mfatoho no ma yehu sɛ Kristofo asafo no muni biara ho hia. Satan pɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛn so nni mfaso, nanso Yehowa bu n’asomfo nyinaa sɛ ‘wɔn ho hia.’ Wɔn a ɛyɛ yɛn sɛ wɔyɛ mmerɛw mpo ho hia. (Hiob 4:18, 19) Ɛsɛ sɛ saa asɛm no kyekye yɛn werɛ na yehu sɛ yɛn mu biara ho hia wɔ n’asafo mu. Nokwasɛm ni, sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa a, obi biara som bo. Kaakae wo tirim hwɛ ɛda a wosoo akwakoraa anaa aberewa bi mu. Wotoo wo bo ase ne no nantewee nkakrankakra. Woboaa no, nanso wunim? Ɔno nso boaa wo. Wo deɛ hwɛ, biribi kakra a woyɛ maa no no amma w’ani annye? Ampa, sɛ yɛboa afoforo a, yɛn ani gye na yesua abotare. Bio, ɛka yɛn bɛn yɛn nuanom na yenyin wɔ honhom mu. (Efe. 4:15, 16) Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ yɛn nuanom nyinaa ho hia. Sɛ wɔwɔ mmerɛwyɛ bi mpo a, wɔn ho da so ara hia. Adwene a ɛte saa bɛma yɛanya yɛn nuanom ho abotare na ɔdɔ atena asafo no mu.

6. Ɛtɔ bere bi na Paulo de nsɛmfua “mmerɛw” ne “den” di dwuma a, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

6 Bere a Paulo rekyerɛw Korintofo no, ɔde nsɛmfua “mmerɛw” ne “mmerɛwyɛ” dii dwuma. Ná ebinom a wonni asafo no mu bu Kristofo sɛ wɔyɛ mmerɛw. Bio, ɛtɔ da a na Paulo ka sɛ ɔno ankasa yɛ mmerɛw. (1 Kor. 1:26, 27; 2:3) Afei Paulo kae sɛ Kristofo bi ‘yɛ den.’ Nanso na ɛnyɛ nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ ebinom ho hia sen afoforo. (Rom. 15:1) Mmom nea na ɔreka ne sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw no nya wɔn a wɔn ase ntimii no ho abotare.

EHIA SƐ YƐSESA YƐN NSUSUWII ANAA?

7. Adɛn nti na ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu?

7 Sɛ yɛboa “ɔbrɛfo” a, na yɛresuasua Yehowa, na eyi ma yenya n’anim dom. (Dw. 41:1; Efe. 5:1) Nanso ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔn ho akyere wɔn. Adɛn ntia? Ebia yɛwɔ wɔn ho adwene bi a ɛmfata. Anaa ebia yɛbɛtwetwe yɛn ho efisɛ yehyia wɔn a,  yɛrenhu nea yɛbɛka. Yɛnhwɛ onuawa bi a ɔde Cynthia * a ne kunu gyaw ne hɔ. Ɔkae sɛ: “Sɛ anuanom twe wɔn ho fi wo ho anaa wɔanyɛ nea ɛsɛ sɛ adamfo yɛ a, ebetumi ahye wo paa. Sɛ worefa ɔhaw mu a, wuhia nnipa wɔ wo nkyɛn.” Bere bi na Ɔhene Dawid ho hiahia no, na nea ɔkae ma yehu sɛ, sɛ wo nnamfo yi wo baako ma wo a, ɛyɛ yaw paa.—Dw. 31:12.

8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya tema ama yɛn nuanom?

8 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya tema ama yɛn nuanom a wohia mmoa? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ‘ɛnyɛ nea adwene pɛ ne sɛ ɔhow gya so.’ Yɛn nuanom bi wɔ hɔ a yare anaa adwenemhaw bi reteetee wɔn. Ebinom nso abusuafo nni asafo no mu. Yennim da a yɛn nso yɛbɛkɔ tebea a ɛte saa mu. Yɛnhwɛ Israelfo no. Wohuu amane paa wɔ Egyptfo nsam. Enti bere a aka kakra ma wɔadu Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa kaee wɔn sɛ ‘wɔmmma wɔn koma anaa wɔn nsam nnyɛ den’ wɔ wɔn nuanom so. Ná Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔbɛboa ahiafo ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw.—Deut. 15:7, 11; Lev. 25:35-38.

9. Sɛ yɛreboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ? Ma mfatoho?

9 Sɛ biribi nti yɛn nuanom ho kyere wɔn a, ɛnsɛ sɛ yɛpere yɛn ho bu wɔn atɛn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛkyekye wɔn werɛ na wɔde anigye som Yehowa. (Hiob 33:6, 7; Mat. 7:1) Mfatoho bi ni: Fa no sɛ obi de moto akonya akwanhyia ma wakɔ ayaresabea. Sɛ odu hɔ a, afei na dɔkotafo ne nɛɛsefo no rebedi n’asɛm ahwɛ sɛ ɔno na ɔmaa akwanhyia no bae anaa? Dabi. Onipa no nkwa da asiane mu, enti ntɛm ara wɔbɛhwɛ no ama no aduru. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Sɛ ɔhaw bi ama yɛn nua Kristoni bi abotow anaa wayɛ mmerɛw a, ɛsɛ sɛ yedi kan boa no ma ɔsɔre gyina ne nan so.—Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:14.

10. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛn nuanom bi yɛ mmerɛw mpo a, ɔkwan bɛn so na wɔyɛ “adefo wɔ gyidi mu”?

10 Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwɛ tebea a yɛn nuanom wom a, ebia yebehu sɛ sɛɛ wɔnyɛ mmerɛw saa. Wo deɛ yɛnhwɛ anuanom mmaa a wɔn kununom nni asafo no mu. Wotumi hyia ɔsɔretia a ano yɛ den. Ampa ebia ebinom asɛm bɛyɛ mmɔbɔ na wohwɛ wɔn a wutumi hu sɛ wɔrebrɛ. Nanso wunhu sɛ egye akokoduru ne gyidi na obi atumi agyina tebea a ɛte saa ano? Afei hwɛ ɔbaatankoro bi a daa ɔne ne mma ba adesua. Ne gyidi ne n’ahokeka no mpusuw wo anaa? Na mmabun a nneɛma bɔne atwa wɔn ho ahyia wɔ sukuu, nanso ne nyinaa akyi no wokura nokware no mu nso ɛ? Sɛ yegye bere susuw yɛn nuanom ho na yɛhwɛ tebea a wɔrefa mu a, yebehu sɛ wɔyɛ “adefo wɔ gyidi mu” te sɛ yɛn a yesusuw sɛ yɛn ho yɛ den no.—Yak. 2:5.

SUASUA YEHOWA

11, 12. (a) Sɛ yɛn nuanom di mfomso a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasuasua Yehowa? (b) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Aaron dii a, dɛn na yesua fi mu?

11 Ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa na yenya abotare na sɛ yɛn nuanom di mfomso mpo a, anhaw yɛn dodoodo. Ade baako a ɛbɛboa yɛn ne sɛ yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa ne n’asomfo bi dii. (Monkenkan Dwom 130:3.) Bere bi Aaron de sika yɛɛ nantwi ba honi. Wo deɛ fa no sɛ wo ne Mose na ɛwɔ hɔ na Aaron rekyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa. Anka adwene bɛn na wubenya wɔ Aaron ho? (Ex. 32:21-24) Bere a Mose waree ɔbaa nanani no, Aaron kodii ne nuabaa Miriam akyi kasa tiaa Mose. Sɛ wowɔ hɔ a, anka dɛn na wobɛka afa Aaron ho? (Num. 12:1, 2) Afei hwɛ nea esii bere a Yehowa maa Israelfo nyaa  nsu wɔ Meriba no. Aaron ne Mose amfa ɛho anuonyam amma Yehowa. Sɛ wowɔ hɔ a anka dɛn na wobɛyɛ?—Num. 20:10-13.

12 Sɛ Yehowa pɛ a, anka ɔbɛtwe Aaron aso wɔ hɔ ara. Nanso ohui sɛ Aaron nyɛ nipabɔne saa, na mpo wohwɛ asɛm no mu a, mfomso no nyinaa mfi no. Ebia na tebea no amene Aaron, na ogyaa ne ho mu maa afoforo kɛntɛn ne so. Nanso Aaron gyee ne mfomso toom na ɔbrɛɛ ne ho ase maa Yehowa. (Ex. 32:26; Num. 12:11; 20:23-27) Aaron nuu ne ho na ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi. Eyi na Yehowa de n’ani toe na ɔde Aaron bɔne firii no. Mfe pii akyi mpo, Kyerɛwnsɛm no kae sɛ Aaron ne n’asefo yɛ nnipa a na wosuro Yehowa.—Dw. 115:10-12; 135:19, 20.

13. Sɛ yesusuw sɛ yɛn nuanom wɔ mmerɛwyɛ bi a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya wɔn ho koma?

13 Sɛ yesusuw sɛ yɛn nua bi wɔ mmerɛwyɛ bi a, dɛn na ɛbɛboa ma yɛasuasua Yehowa na yɛanya ne ho abotare? Ade baako a ɛbɛboa yɛn ne sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn ho mu ahu adwene a yɛwɔ wɔ onii no ho. (1 Sam. 16:7) Hwɛ aberante anaa ababaa bi a yesusuw sɛ ne nneyɛe mfa kwan mu. Ebia anigyede biara ɔde ne ho hyem, na hwee mfa ne ho. Sɛn na yɛyɛ yɛn ade wɔ obi a ɔte saa ho? Yɛpere yɛn ho bu no atɛn sɛ onni suban? Adɛn nti na yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ de aboa no mmom? Yebetumi aka no aba yɛn ho na yɛaboa no ma wahu sɛnea obesi gyinae pa. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya yɛn nuanom ho koma na ebewie ase no na wɔabɛyɛ yɛn nnamfo a yenni wɔn ho agorɔ koraa.

14, 15. (a) Bere a ehu kaa Elia no, dɛn na Yehowa yɛe? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Elia asɛm no mu?

14 Ade foforo nso wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya afoforo ho adwempa.  Ɛne sɛ yɛbɛhwɛ nea Yehowa yɛ maa n’asomfo a wɔabotow. Wɔn mu baako ne Elia. Elia de akokoduru gyinaa Baal adiyifo 450 anim ne wɔn dii asi. Nanso bere a ɔtee sɛ Ɔhemmaa Yesebel repɛ no akum no no, ehu kaa no ma obuu ne kɛtɛ mu de n’ani kyerɛɛ Beer-Seba. Otwaa kwan kilomita 150 kɔhyɛɛ sare so baabi. Oduu hɔ no na owia anoa no ma wayɛ hataa. Afei ogyaa ne ho tenaa dua bi ase, na “ɔsrɛe sɛ ne kra nwu.”—1 Ahe. 18:19; 19:1-4.

Na Yehowa nim sɛ Elia yɛ nipa a ɔyɛ mmerɛw, enti ɔsomaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ no den (Hwɛ nkyekyɛm 14, 15)

15 Bere a Yehowa wɔ soro na ohui sɛ ne diyifo nokwafo no abotow no, dɛn na ɔyɛe? Ɔpoo Elia kae sɛ onni akokoduru anaa? Dabida! Na Yehowa nim sɛ Elia yɛ nipa a ɔyɛ mmerɛw, enti ɔsomaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ no den. Ɔbɔfo no kɔɔ ne nkyɛn mprenu kɔmaa no aduan dii sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ahoɔden atoa n’akwantu so. (Monkenkan 1 Ahene 19:5-8.) Wo deɛ hwɛ, Yehowa yɛɛ aso tiee Elia na ɔboa no ansa na ɔrekyerɛ no nea ɔnyɛ.

16, 17. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn nuanom sɛnea Yehowa boaa Elia no?

16 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Onyankopɔn? Mpere wo ho nka nkyerɛ onua bi sɛ ‘yɛ sɛɛ anaa sɛɛ.’ (Mmeb. 18:13) Sɛ onua bi adwene yɛ no sɛ ne ho nhia anaa ‘onni nidi’ biara a, dɛn na wobɛyɛ? Nea edi kan no, yɛ aso tie no na ma onhu sɛ wudwen ne ho. (1 Kor. 12:23) Afei wubehu ne haw no ani so na woahu sɛnea wobɛboa no.

17 Yɛnsan mfa yɛn adwene nkɔ Cynthia so. Bere a ne kunu gyaw ɔne ne mma mmaa baanu hɔ no, na wɔn asɛm ayɛ mmɔbɔ. Dɛn na anuanom bi yɛe? Tie Cynthia anom asɛm: “Bere a yɛfrɛɛ anuanom wɔ fon so kaa nea asi kyerɛɛ wɔn no, simma 45 ntam na wɔadu yɛn fie. Wosui. Nnanu anaa nnansa a edi hɔ no deɛ, wɔannyaw yɛn hɔ koraa. Awerɛhow nti na yɛn anom ato ma yentumi nnidi. Enti anuanom de yɛn kɔɔ wɔn fie kɔtenaa hɔ kakra.” Eyi ma yɛkae asɛm bi a Yakobo kyerɛwee. Ɔkae sɛ: “Sɛ onuabarima anaa onuabea bi da adagyaw na onni aduan a ɛbɛso no da no mpo, na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: ‘Fa asomdwoe kɔ, na wo ho nyɛ wo hyew na mee,’ na moamma no nea nipadua no hia a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa ara na gyidi nso sɛ nnwuma nka ho a, na awu.” (Yak. 2:15-17) Mmoa a anuanom de maa Cynthia ne ne mma no hyɛɛ wɔn den. Ɛno ara ne ade a na wohia. Abosome nsia akyi no, wɔsan gyinaa wɔn nan so, na wɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi.—2 Kor. 12:10.

MFASO PII WƆ SO

18, 19. (a) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw? (b) Sɛ yɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw a, henanom na enya so mfaso?

18 Yare aka wo ato hɔ pɛn? Ebia egyee bere ansa na wo ho retɔ wo. Saa ara na ahokyere betumi ama yɛn nua bi ayɛ mmerɛw. Ɛba saa a, ebia ebegye bere na wasan agyina ne nan so bio. Ampa, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho sua ade, ɔbɔ mpae, na ɔde ne ho hyɛ Kristofo dwumadi nyinaa mu. Eyi na ɛbɛhyɛ ne gyidi den. Nanso bere a ɔreyere ne ho sɛ obesi ne dedaw mu no, ehia sɛ yenya ne ho abotare na yɛkyerɛ yɛn dɔ. Sɛ yɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw saa a, ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn ho hia na wɔda yɛn koma so.—2 Kor. 8:8.

19 Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ bere a yɛreboa yɛn nuanom no, yɛn nso yɛn ani gye. Afei nso ɛma yenya tema ne abotare. Anigyesɛm ne sɛ ɛnyɛ yɛn nkutoo na yenya so mfaso. Ɛka asafo mũ no nyinaa ma wɔkyerɛ wɔn dɔ. Nea ɛsen saa no, yɛyɛ saa a na yɛresuasua Yehowa. Yɛn soro Agya no bu obiara sɛ ɔsom bo, enti momma yɛnkɔ so ‘mmoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw’ nyinaa.—Aso. 20:35.

^ nky. 4 Charles Darwin kyerɛwee sɛ nipadua akwaa no pii wɔ hɔ a ɛso nni mfaso. (The Descent of Man) Onipa foforo a adannandi agye ne ti nso kae sɛ nipadua akwaa no pii wɔ hɔ a ɛho nhia, ɛwɔ hɔ kwa. Wɔkyerɛ sɛ akwaa yi bi ne nsono dua (appendix).

^ nky. 7 Wɔasesa din no.